Joshua 6 (BOATCB)

1 Wɔtotoo Yeriko apono mu pampee, ɛfiri sɛ na wɔsuro Israelfoɔ no. Wɔamma obiara ɛkwan ma wankɔ mu anaa wamfiri adi. 2 AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Mede Yeriko, ɛhɔ ɔhene ne ɛhɔ akofoɔ nyinaa ahyɛ wo nsa. 3 Ma wʼasraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkorɔ ɛda biara nna nsia. 4 Asɔfoɔ baason a obiara kura nnwennini abɛn bɛdi Adaka no anim. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mprɛnson, a asɔfoɔ no rehyɛn nnwennini mmɛn no. 5 Sɛ mote sɛ asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no dendeenden ma ɛkyɛre a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasuo nyinaa bɛdwiri agu fam, na nnipa no bɛtumi ato ahyɛ kuropɔn no so.” 6 Na Yosua frɛɛ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa AWURADE Apam Adaka no na mo mu baason nni animu a obiara kura nnwennini abɛn.” 7 Enti, ɔhyɛɛ nnipa no sɛ, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bɛdi AWURADE adaka no anim.” 8 Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wieeɛ no, asɔfoɔ baason a wɔkura nnwennini mmɛn no hyɛɛ aseɛ bɔɔ nsra wɔ AWURADE anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfoɔ a wɔso AWURADE Apam Adaka no dii wɔn akyi. 9 Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na ebi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔso Adaka no akyi wɔ ɛberɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no. 10 Yosua hyɛɛ sɛ, “Monnteam na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfiri mo anom, kɔsi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ monteam na moateam.” 11 Enti, ɛda no, wɔsoaa AWURADE Adaka no twaa kuropɔn no ho prɛko. Na afei obiara sane kɔɔ atenaeɛ hɔ kɔhomee anadwo no. 12 Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa AWURADE Adaka no bio. 13 Asɔfoɔ baason a wɔkurakura nnwennini mmɛn no bɔɔ nsra wɔ AWURADE Adaka no anim wɔ ɛberɛ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔkurakura mmɛn no anim ne AWURADE Adaka no akyi. Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ no rehyɛne wɔn mmɛn no. 14 Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho prɛko, na wɔsane kɔɔ atenaeɛ hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia. 15 Ɛda a ɛtɔ so nson no, Israelfoɔ no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiaeɛ, sɛdeɛ wɔayɛ dada no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mprɛnson. 16 Ne mprɛnson so no, ɛberɛ a asɔfoɔ no hyɛnee wɔn mmɛn dendeenden ma ɛkyɛreeɛ no, Yosua hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monteateam! Na AWURADE de kuropɔn no ama mo! 17 Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔdeɛ ma AWURADE. Odwamanfoɔ Rahab ne nʼafifoɔ nko na ɛsɛ sɛ wɔgyaa wɔn, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ akwansrafoɔ no ho ban. 18 Mommfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa. 19 Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ no yɛ kronkron ma AWURADE, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekoradan mu.” 20 Ɛberɛ a nnipa no tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, wɔteateaam dendeenden sɛdeɛ wɔbɛtumi. Prɛko pɛ Yeriko afasuo no dwiri guu fam maa Israelfoɔ no firi afanan nyinaa to hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfaeɛ. 21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie, nnwan, mfunumu ne biribiara. 22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafoɔ baanu no sɛ, “Monni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ odwamanfoɔ no fie na monkɔfa no ne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra.” 23 Mmeranteɛ no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne maame, ne nuammarima ne abusuafoɔ a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa baeɛ. Wɔde abusuafoɔ no nyinaa kɔsiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfoɔ atenaeɛ. 24 Afei, Israelfoɔ no hyee kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhye no yɛ deɛ wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ. Wɔde ne nyinaa kɔsiee AWURADE fie adekoradan mu. 25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka odwamanfoɔ Rahab ne nʼabusuafoɔ a na wɔka ne ho wɔ efie no, ɛfiri sɛ, ɔde akwansrafoɔ a Yosua somaa wɔn Yeriko no sieeɛ. Enti, ɔte Israelfoɔ mu bɛsi ɛnnɛ. 26 Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “AWURADE nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio.“Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ,na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.” 27 Na AWURADE kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.

In Other Versions

Joshua 6 in the ANGEFD

Joshua 6 in the ANTPNG2D

Joshua 6 in the AS21

Joshua 6 in the BAGH

Joshua 6 in the BBPNG

Joshua 6 in the BBT1E

Joshua 6 in the BDS

Joshua 6 in the BEV

Joshua 6 in the BHAD

Joshua 6 in the BIB

Joshua 6 in the BLPT

Joshua 6 in the BNT

Joshua 6 in the BNTABOOT

Joshua 6 in the BNTLV

Joshua 6 in the BOATCB2

Joshua 6 in the BOBCV

Joshua 6 in the BOCNT

Joshua 6 in the BOECS

Joshua 6 in the BOGWICC

Joshua 6 in the BOHCB

Joshua 6 in the BOHCV

Joshua 6 in the BOHLNT

Joshua 6 in the BOHNTLTAL

Joshua 6 in the BOICB

Joshua 6 in the BOILNTAP

Joshua 6 in the BOITCV

Joshua 6 in the BOKCV

Joshua 6 in the BOKCV2

Joshua 6 in the BOKHWOG

Joshua 6 in the BOKSSV

Joshua 6 in the BOLCB

Joshua 6 in the BOLCB2

Joshua 6 in the BOMCV

Joshua 6 in the BONAV

Joshua 6 in the BONCB

Joshua 6 in the BONLT

Joshua 6 in the BONUT2

Joshua 6 in the BOPLNT

Joshua 6 in the BOSCB

Joshua 6 in the BOSNC

Joshua 6 in the BOTLNT

Joshua 6 in the BOVCB

Joshua 6 in the BOYCB

Joshua 6 in the BPBB

Joshua 6 in the BPH

Joshua 6 in the BSB

Joshua 6 in the CCB

Joshua 6 in the CUV

Joshua 6 in the CUVS

Joshua 6 in the DBT

Joshua 6 in the DGDNT

Joshua 6 in the DHNT

Joshua 6 in the DNT

Joshua 6 in the ELBE

Joshua 6 in the EMTV

Joshua 6 in the ESV

Joshua 6 in the FBV

Joshua 6 in the FEB

Joshua 6 in the GGMNT

Joshua 6 in the GNT

Joshua 6 in the HARY

Joshua 6 in the HNT

Joshua 6 in the IRVA

Joshua 6 in the IRVB

Joshua 6 in the IRVG

Joshua 6 in the IRVH

Joshua 6 in the IRVK

Joshua 6 in the IRVM

Joshua 6 in the IRVM2

Joshua 6 in the IRVO

Joshua 6 in the IRVP

Joshua 6 in the IRVT

Joshua 6 in the IRVT2

Joshua 6 in the IRVU

Joshua 6 in the ISVN

Joshua 6 in the JSNT

Joshua 6 in the KAPI

Joshua 6 in the KBT1ETNIK

Joshua 6 in the KBV

Joshua 6 in the KJV

Joshua 6 in the KNFD

Joshua 6 in the LBA

Joshua 6 in the LBLA

Joshua 6 in the LNT

Joshua 6 in the LSV

Joshua 6 in the MAAL

Joshua 6 in the MBV

Joshua 6 in the MBV2

Joshua 6 in the MHNT

Joshua 6 in the MKNFD

Joshua 6 in the MNG

Joshua 6 in the MNT

Joshua 6 in the MNT2

Joshua 6 in the MRS1T

Joshua 6 in the NAA

Joshua 6 in the NASB

Joshua 6 in the NBLA

Joshua 6 in the NBS

Joshua 6 in the NBVTP

Joshua 6 in the NET2

Joshua 6 in the NIV11

Joshua 6 in the NNT

Joshua 6 in the NNT2

Joshua 6 in the NNT3

Joshua 6 in the PDDPT

Joshua 6 in the PFNT

Joshua 6 in the RMNT

Joshua 6 in the SBIAS

Joshua 6 in the SBIBS

Joshua 6 in the SBIBS2

Joshua 6 in the SBICS

Joshua 6 in the SBIDS

Joshua 6 in the SBIGS

Joshua 6 in the SBIHS

Joshua 6 in the SBIIS

Joshua 6 in the SBIIS2

Joshua 6 in the SBIIS3

Joshua 6 in the SBIKS

Joshua 6 in the SBIKS2

Joshua 6 in the SBIMS

Joshua 6 in the SBIOS

Joshua 6 in the SBIPS

Joshua 6 in the SBISS

Joshua 6 in the SBITS

Joshua 6 in the SBITS2

Joshua 6 in the SBITS3

Joshua 6 in the SBITS4

Joshua 6 in the SBIUS

Joshua 6 in the SBIVS

Joshua 6 in the SBT

Joshua 6 in the SBT1E

Joshua 6 in the SCHL

Joshua 6 in the SNT

Joshua 6 in the SUSU

Joshua 6 in the SUSU2

Joshua 6 in the SYNO

Joshua 6 in the TBIAOTANT

Joshua 6 in the TBT1E

Joshua 6 in the TBT1E2

Joshua 6 in the TFTIP

Joshua 6 in the TFTU

Joshua 6 in the TGNTATF3T

Joshua 6 in the THAI

Joshua 6 in the TNFD

Joshua 6 in the TNT

Joshua 6 in the TNTIK

Joshua 6 in the TNTIL

Joshua 6 in the TNTIN

Joshua 6 in the TNTIP

Joshua 6 in the TNTIZ

Joshua 6 in the TOMA

Joshua 6 in the TTENT

Joshua 6 in the UBG

Joshua 6 in the UGV

Joshua 6 in the UGV2

Joshua 6 in the UGV3

Joshua 6 in the VBL

Joshua 6 in the VDCC

Joshua 6 in the YALU

Joshua 6 in the YAPE

Joshua 6 in the YBVTP

Joshua 6 in the ZBP