Joshua 6 (BOATCB2)

1 Wɔtotoo Yeriko apon mu papee, efisɛ na wosuro Israelfo no. Wɔamma obiara kwan ma wankɔ mu anaa wamfi adi. 2 AWURADE ka kyerɛɛ Yosua se, “Mede Yeriko, ɛhɔ hene ne ɛhɔ akofo nyinaa ahyɛ wo nsa. 3 Ma wo nsraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkoro da biara nnansia. 4 Asɔfo baason a wokurakura adwennini mmɛn abɛn bedi Adaka no anim. Da a ɛto so ason no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mpɛn ason, a asɔfo no rehyɛn mmɛn no. 5 Sɛ mote sɛ asɔfo no hyɛn mmɛn no denneennen ma ɛkyɛ a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasu nyinaa bedwiriw agu fam, na nnipa no betumi atow ahyɛ kuropɔn no so.” 6 Na Yosua frɛɛ asɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa Apam Adaka no na mo mu baason nni anim a wokurakura mmɛn.” 7 Enti, ɔhyɛɛ nnipa no se, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wokurakura akode no bedi AWURADE adaka no anim.” 8 Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wiei no, asɔfo baason a wokurakura mmɛn no fii ase bɔɔ nsra wɔ AWURADE anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfo a wɔso AWURADE Apam Adaka no dii wɔn akyi. 9 Wɔn a wokurakura akode no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfo no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wɔso Adaka no akyi, bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no. 10 Yosua hyɛe se, “Monnteɛ mu na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfi mo anum, kosi sɛ mɛka akyerɛ mo se monteɛ mu na moateɛ mu.” 11 Enti, da no, wɔsoaa AWURADE Adaka no twaa kuropɔn no ho pɛnkoro. Na afei obiara san kɔɔ atenae hɔ kɔhomee anadwo no. 12 Ade kyee no Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa AWURADE Adaka no bio. 13 Asɔfo baason a wokurakura adwennimmɛn mmɛn no bɔɔ nsra wɔ AWURADE Adaka no anim, a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wokurakura akode no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wokurakura mmɛn no anim ne AWURADE Adaka no akyi. Saa bere no nyinaa na asɔfo no rehyɛn wɔn mmɛn no. 14 Da a ɛto so abien no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ atenae hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia. 15 Da a ɛto so ason no, Israelfo no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiae, sɛnea wɔayɛ dedaw no. Nanso, saa bere yi de, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mpɛn ason. 16 Ne mpɛn ason so no, bere a asɔfo no hyɛn wɔn mmɛn denneennen ma ɛkyɛe no, Yosua hyɛɛ ɔmanfo no se, “Monteɛteɛ mu! Na AWURADE de kuropɔn no ama mo! 17 Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔde ma AWURADE. Oguamanfo Rahab ne ne fifo nko na ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn, efisɛ ɔbɔɔ akwansrafo no ho ban. 18 Mommmfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa. 19 Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ no yɛ kronkron ma AWURADE, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekorabea hɔ.” 20 Bere a nnipa no tee mmɛn no nnyigyei no, wɔteɛteɛɛ mu denneennen sɛnea wobetumi. Prɛko pɛ Yeriko afasu no dwiriw guu fam maa Israelfo no fi afanan nyinaa tow hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfae. 21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi, nguan, mfurum ne biribiara. 22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafo baanu no se, “Munni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ oguamanfo no fi na monkɔfa no ne nʼabusuafo nyinaa mmra.” 23 Mmerante no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne na, ne nuabarimanom ne abusuafo a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa bae. Wɔde abusuafo no nyinaa kosiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfo atenae. 24 Afei, Israelfo no hyew kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhyew no yɛ nea wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ. Wɔde ne nyinaa kosiee AWURADE fi adekoradan mu. 25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka oguamanfo Rahab ne nʼabusuafo a na wɔka ne ho wɔ fie no, efisɛ ɔde akwansrafo a Yosua somaa wɔn Yeriko no siei. Enti ɔte Israelfo mu besi nnɛ. 26 Saa bere no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “AWURADE nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio.“Ɔde nʼabakan na ebefi ase,na ɔde nʼakumaa na ebesisi ano apon.” 27 Na AWURADE kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.

In Other Versions

Joshua 6 in the ANGEFD

Joshua 6 in the ANTPNG2D

Joshua 6 in the AS21

Joshua 6 in the BAGH

Joshua 6 in the BBPNG

Joshua 6 in the BBT1E

Joshua 6 in the BDS

Joshua 6 in the BEV

Joshua 6 in the BHAD

Joshua 6 in the BIB

Joshua 6 in the BLPT

Joshua 6 in the BNT

Joshua 6 in the BNTABOOT

Joshua 6 in the BNTLV

Joshua 6 in the BOATCB

Joshua 6 in the BOBCV

Joshua 6 in the BOCNT

Joshua 6 in the BOECS

Joshua 6 in the BOGWICC

Joshua 6 in the BOHCB

Joshua 6 in the BOHCV

Joshua 6 in the BOHLNT

Joshua 6 in the BOHNTLTAL

Joshua 6 in the BOICB

Joshua 6 in the BOILNTAP

Joshua 6 in the BOITCV

Joshua 6 in the BOKCV

Joshua 6 in the BOKCV2

Joshua 6 in the BOKHWOG

Joshua 6 in the BOKSSV

Joshua 6 in the BOLCB

Joshua 6 in the BOLCB2

Joshua 6 in the BOMCV

Joshua 6 in the BONAV

Joshua 6 in the BONCB

Joshua 6 in the BONLT

Joshua 6 in the BONUT2

Joshua 6 in the BOPLNT

Joshua 6 in the BOSCB

Joshua 6 in the BOSNC

Joshua 6 in the BOTLNT

Joshua 6 in the BOVCB

Joshua 6 in the BOYCB

Joshua 6 in the BPBB

Joshua 6 in the BPH

Joshua 6 in the BSB

Joshua 6 in the CCB

Joshua 6 in the CUV

Joshua 6 in the CUVS

Joshua 6 in the DBT

Joshua 6 in the DGDNT

Joshua 6 in the DHNT

Joshua 6 in the DNT

Joshua 6 in the ELBE

Joshua 6 in the EMTV

Joshua 6 in the ESV

Joshua 6 in the FBV

Joshua 6 in the FEB

Joshua 6 in the GGMNT

Joshua 6 in the GNT

Joshua 6 in the HARY

Joshua 6 in the HNT

Joshua 6 in the IRVA

Joshua 6 in the IRVB

Joshua 6 in the IRVG

Joshua 6 in the IRVH

Joshua 6 in the IRVK

Joshua 6 in the IRVM

Joshua 6 in the IRVM2

Joshua 6 in the IRVO

Joshua 6 in the IRVP

Joshua 6 in the IRVT

Joshua 6 in the IRVT2

Joshua 6 in the IRVU

Joshua 6 in the ISVN

Joshua 6 in the JSNT

Joshua 6 in the KAPI

Joshua 6 in the KBT1ETNIK

Joshua 6 in the KBV

Joshua 6 in the KJV

Joshua 6 in the KNFD

Joshua 6 in the LBA

Joshua 6 in the LBLA

Joshua 6 in the LNT

Joshua 6 in the LSV

Joshua 6 in the MAAL

Joshua 6 in the MBV

Joshua 6 in the MBV2

Joshua 6 in the MHNT

Joshua 6 in the MKNFD

Joshua 6 in the MNG

Joshua 6 in the MNT

Joshua 6 in the MNT2

Joshua 6 in the MRS1T

Joshua 6 in the NAA

Joshua 6 in the NASB

Joshua 6 in the NBLA

Joshua 6 in the NBS

Joshua 6 in the NBVTP

Joshua 6 in the NET2

Joshua 6 in the NIV11

Joshua 6 in the NNT

Joshua 6 in the NNT2

Joshua 6 in the NNT3

Joshua 6 in the PDDPT

Joshua 6 in the PFNT

Joshua 6 in the RMNT

Joshua 6 in the SBIAS

Joshua 6 in the SBIBS

Joshua 6 in the SBIBS2

Joshua 6 in the SBICS

Joshua 6 in the SBIDS

Joshua 6 in the SBIGS

Joshua 6 in the SBIHS

Joshua 6 in the SBIIS

Joshua 6 in the SBIIS2

Joshua 6 in the SBIIS3

Joshua 6 in the SBIKS

Joshua 6 in the SBIKS2

Joshua 6 in the SBIMS

Joshua 6 in the SBIOS

Joshua 6 in the SBIPS

Joshua 6 in the SBISS

Joshua 6 in the SBITS

Joshua 6 in the SBITS2

Joshua 6 in the SBITS3

Joshua 6 in the SBITS4

Joshua 6 in the SBIUS

Joshua 6 in the SBIVS

Joshua 6 in the SBT

Joshua 6 in the SBT1E

Joshua 6 in the SCHL

Joshua 6 in the SNT

Joshua 6 in the SUSU

Joshua 6 in the SUSU2

Joshua 6 in the SYNO

Joshua 6 in the TBIAOTANT

Joshua 6 in the TBT1E

Joshua 6 in the TBT1E2

Joshua 6 in the TFTIP

Joshua 6 in the TFTU

Joshua 6 in the TGNTATF3T

Joshua 6 in the THAI

Joshua 6 in the TNFD

Joshua 6 in the TNT

Joshua 6 in the TNTIK

Joshua 6 in the TNTIL

Joshua 6 in the TNTIN

Joshua 6 in the TNTIP

Joshua 6 in the TNTIZ

Joshua 6 in the TOMA

Joshua 6 in the TTENT

Joshua 6 in the UBG

Joshua 6 in the UGV

Joshua 6 in the UGV2

Joshua 6 in the UGV3

Joshua 6 in the VBL

Joshua 6 in the VDCC

Joshua 6 in the YALU

Joshua 6 in the YAPE

Joshua 6 in the YBVTP

Joshua 6 in the ZBP