Joshua 9 (BOATCB)
1 Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. (Yeinom ne Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ahemfo a na wɔtete mmepɔ nsase a ɛwɔ atɔeɛ fam mmepɔ ayaase ne Ɛpo Kɛseɛ no mpoano kɔsi Lebanon atifi fam mmepɔ so tɔnn.) 2 Saa ahemfo yi boaa wɔn akodɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfoɔ. 3 Nanso Gibeonfoɔ tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, 4 wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotokuo a atete ne mmoa nwoma nsã nkotokuo a ayɛ dada na wɔatetɛ mu soaa wɔn mfunumu. 5 Wɔhyehyɛɛ ntadeɛ dada ne mpaboa a akyɛre na wɔapempam. Afei wɔfaa burodo a abɔ ntu sɛ wɔn aduane. 6 Wɔduruu Israelfoɔ atenaeɛ wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarimma no sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri ɔman bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoeɛ apam.” 7 Israelfoɔ no buaa saa Hewifoɔ yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu sɛ monnte mmɛn ha? Ɛfiri sɛ, sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.” 8 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”Yosua bisaa wɔn sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ na mofiri he?” 9 Wɔbuaa sɛ, “Yɛfiri akyirikyiri asase bi so. Yɛate AWURADE, mo Onyankopɔn no kɛseyɛ ne deɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. 10 Afei yɛate deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no). 11 Ɛno enti, yɛn mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Monsiesie mo ho mma akwantuo tenten. Monkɔhyia Israelfoɔ na mompae mu nka sɛ, “Yɛn nkurɔfoɔ bɛyɛ wɔn asomfoɔ na mompere asomdwoeɛ.” ’ 12 Yɛresi mu no, na burodo yi yɛ hyeehyeehye a ɛfiri fononoo mu. Nanso sɛdeɛ mohunu no, akyenkyene na abɔ ntu. 13 Saa mmoa nwoma nsã nkotokuo yi, ɛberɛ a yɛde nsã guu mu no na ɛyɛ foforɔ, nanso seesei, apaapae ayɛ dada. Na yɛn ntadeɛ ne mpaboa nso, ɛsiane akwantuo tenten enti, atete.” 14 Enti, Israelfoɔ no hwehwɛɛ wɔn burodo no ho nanso wɔammisa AWURADE. 15 Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam no na Israel mpanimfoɔ no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu. 16 Nnansa akyi no, nokorɛ no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfoɔ no te bɛn. 17 Enti, Israelfoɔ no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no wɔduruu wɔn nkuro no so. Saa nkuro no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. 18 Nanso, Israelfoɔ no anto anhyɛ nkuro no so, ɛfiri sɛ, na wɔn mpanimfoɔ aka ntam akyerɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn.Esiane Apam no enti, Israelfoɔ no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanimfoɔ no. 19 Na mpanimfoɔ no buaa sɛ, “Yɛaka ntam wɔ AWURADE, Israel Onyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. 20 Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yɛbu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo bɛfu yɛn. 21 Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asuo ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfoɔ no dii ɛbɔ a wɔahyɛ Gibeonfoɔ no so. 22 Na Yosua frɛɛ Gibeonfoɔ mpanimfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na motwaa atorɔ kyerɛɛ yɛn? Adɛn enti na mokaa sɛ mote akyirikyiri asase so wɔ ɛberɛ a mote yɛn mu pɛɛ? 23 Nnome mmra mo so! Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, mobɛbu nnua, atwe nsuo de akɔ me Onyankopɔn fie.” 24 Wɔbuaa Yosua sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, AWURADE, mo Onyankopɔn hyɛɛ ne ɔsomfoɔ Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yɛsuroo sɛ mobɛkum yɛn. Ɛno enti na ɛma yɛyɛɛ saa. 25 Seesei yɛdan mo. Deɛ mosusu sɛ ɛyɛ ma mo biara no, monyɛ.” 26 Yosua amma Israelfoɔ no ankum wɔn. 27 Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfoɔ no yɛɛ nnuabufoɔ ne asukɔfoɔ maa Israelfoɔ ne Awurade afɔrebukyia no wɔ baabiara a AWURADE bɛka sɛ wɔnsi no no. Saa nhyehyɛeɛ no wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
In Other Versions
Joshua 9 in the ANGEFD
Joshua 9 in the ANTPNG2D
Joshua 9 in the AS21
Joshua 9 in the BAGH
Joshua 9 in the BBPNG
Joshua 9 in the BBT1E
Joshua 9 in the BDS
Joshua 9 in the BEV
Joshua 9 in the BHAD
Joshua 9 in the BIB
Joshua 9 in the BLPT
Joshua 9 in the BNT
Joshua 9 in the BNTABOOT
Joshua 9 in the BNTLV
Joshua 9 in the BOATCB2
Joshua 9 in the BOBCV
Joshua 9 in the BOCNT
Joshua 9 in the BOECS
Joshua 9 in the BOGWICC
Joshua 9 in the BOHCB
Joshua 9 in the BOHCV
Joshua 9 in the BOHLNT
Joshua 9 in the BOHNTLTAL
Joshua 9 in the BOICB
Joshua 9 in the BOILNTAP
Joshua 9 in the BOITCV
Joshua 9 in the BOKCV
Joshua 9 in the BOKCV2
Joshua 9 in the BOKHWOG
Joshua 9 in the BOKSSV
Joshua 9 in the BOLCB
Joshua 9 in the BOLCB2
Joshua 9 in the BOMCV
Joshua 9 in the BONAV
Joshua 9 in the BONCB
Joshua 9 in the BONLT
Joshua 9 in the BONUT2
Joshua 9 in the BOPLNT
Joshua 9 in the BOSCB
Joshua 9 in the BOSNC
Joshua 9 in the BOTLNT
Joshua 9 in the BOVCB
Joshua 9 in the BOYCB
Joshua 9 in the BPBB
Joshua 9 in the BPH
Joshua 9 in the BSB
Joshua 9 in the CCB
Joshua 9 in the CUV
Joshua 9 in the CUVS
Joshua 9 in the DBT
Joshua 9 in the DGDNT
Joshua 9 in the DHNT
Joshua 9 in the DNT
Joshua 9 in the ELBE
Joshua 9 in the EMTV
Joshua 9 in the ESV
Joshua 9 in the FBV
Joshua 9 in the FEB
Joshua 9 in the GGMNT
Joshua 9 in the GNT
Joshua 9 in the HARY
Joshua 9 in the HNT
Joshua 9 in the IRVA
Joshua 9 in the IRVB
Joshua 9 in the IRVG
Joshua 9 in the IRVH
Joshua 9 in the IRVK
Joshua 9 in the IRVM
Joshua 9 in the IRVM2
Joshua 9 in the IRVO
Joshua 9 in the IRVP
Joshua 9 in the IRVT
Joshua 9 in the IRVT2
Joshua 9 in the IRVU
Joshua 9 in the ISVN
Joshua 9 in the JSNT
Joshua 9 in the KAPI
Joshua 9 in the KBT1ETNIK
Joshua 9 in the KBV
Joshua 9 in the KJV
Joshua 9 in the KNFD
Joshua 9 in the LBA
Joshua 9 in the LBLA
Joshua 9 in the LNT
Joshua 9 in the LSV
Joshua 9 in the MAAL
Joshua 9 in the MBV
Joshua 9 in the MBV2
Joshua 9 in the MHNT
Joshua 9 in the MKNFD
Joshua 9 in the MNG
Joshua 9 in the MNT
Joshua 9 in the MNT2
Joshua 9 in the MRS1T
Joshua 9 in the NAA
Joshua 9 in the NASB
Joshua 9 in the NBLA
Joshua 9 in the NBS
Joshua 9 in the NBVTP
Joshua 9 in the NET2
Joshua 9 in the NIV11
Joshua 9 in the NNT
Joshua 9 in the NNT2
Joshua 9 in the NNT3
Joshua 9 in the PDDPT
Joshua 9 in the PFNT
Joshua 9 in the RMNT
Joshua 9 in the SBIAS
Joshua 9 in the SBIBS
Joshua 9 in the SBIBS2
Joshua 9 in the SBICS
Joshua 9 in the SBIDS
Joshua 9 in the SBIGS
Joshua 9 in the SBIHS
Joshua 9 in the SBIIS
Joshua 9 in the SBIIS2
Joshua 9 in the SBIIS3
Joshua 9 in the SBIKS
Joshua 9 in the SBIKS2
Joshua 9 in the SBIMS
Joshua 9 in the SBIOS
Joshua 9 in the SBIPS
Joshua 9 in the SBISS
Joshua 9 in the SBITS
Joshua 9 in the SBITS2
Joshua 9 in the SBITS3
Joshua 9 in the SBITS4
Joshua 9 in the SBIUS
Joshua 9 in the SBIVS
Joshua 9 in the SBT
Joshua 9 in the SBT1E
Joshua 9 in the SCHL
Joshua 9 in the SNT
Joshua 9 in the SUSU
Joshua 9 in the SUSU2
Joshua 9 in the SYNO
Joshua 9 in the TBIAOTANT
Joshua 9 in the TBT1E
Joshua 9 in the TBT1E2
Joshua 9 in the TFTIP
Joshua 9 in the TFTU
Joshua 9 in the TGNTATF3T
Joshua 9 in the THAI
Joshua 9 in the TNFD
Joshua 9 in the TNT
Joshua 9 in the TNTIK
Joshua 9 in the TNTIL
Joshua 9 in the TNTIN
Joshua 9 in the TNTIP
Joshua 9 in the TNTIZ
Joshua 9 in the TOMA
Joshua 9 in the TTENT
Joshua 9 in the UBG
Joshua 9 in the UGV
Joshua 9 in the UGV2
Joshua 9 in the UGV3
Joshua 9 in the VBL
Joshua 9 in the VDCC
Joshua 9 in the YALU
Joshua 9 in the YAPE
Joshua 9 in the YBVTP
Joshua 9 in the ZBP