Leviticus 5 (BOATCB)
1 “ ‘Obiara a ɔnka bɔne bi a ɔnim ho biribi ho hwee no di ho fɔ. 2 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka adeɛ bi a amanneɛ kwan so, ɛho nte, te sɛ aboa bi a ne ho nteɛ no funu, sɛ ɔyɛ wiram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea fam no, mpo sɛ wɔnnim sɛ wɔn ho agu fi a, wɔbɛfa no sɛ wɔn ho nte na wɔdi fɔ. 3 Sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a ɛfiri onipa mu a ɛho nte na ɔte ne ho ase sɛ wayɛ saa adeɛ no a, ɔdi ho fɔ. 4 Sɛ obi ka ntam a, sɛ ntam no yɛ anaa ɛyɛ ntanhunu no, sɛ ɔhunu sɛ ɛyɛ ntanhunu a, ɔdi ho fɔ. 5 Sɛ obi di yeinom bi ho fɔ a, ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne no mu nokorɛ 6 na ɔde odwanbereɛ anaa abirekyibereɛ bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔsɔfoɔ na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔdeɛ ama no. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no. 7 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa mfa mma AWURADE a, ɔmfa nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔdeɛ na ɔbaako ayɛ ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ. 8 Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no na ɔde anomaa a ɔdi ɛkan no abɔ bɔne afɔdeɛ no. Ɔbɛkyinsa aboa no kɔn nanso ɔrente ne ti mfiri so, 9 na wapete ne mogya no bi agu afɔrebukyia no ho. Mogya no nkaeɛ no, ɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase. Yei ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne. 10 Ɔde anomaa a ɔtɔ so mmienu no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ ɔbɔɔ afɔdeɛ a ɛdi ɛkan no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama deɛ wayɛ bɔne no, na ɛnam so ma wɔde ne bɔne akyɛ no. 11 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ a, ɔde asikyiresiam papa lita mmienu ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhwam nso gu so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ bɔne afɔdeɛ. 12 Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no asa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no afɔrebukyia no so ama AWURADE sɛ afɔrebɔdeɛ biara. Yei bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ. 13 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikyiresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no te sɛ afudeɛ afɔrebɔdeɛ no ara pɛ.’ ” 14 AWURADE hyɛɛ mmara maa Mose sɛ, 15 “Sɛ obi anhyɛ da na ɔgu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpatadeɛ wɔ ne fɔ no ho bɛba abɛbɔ AWURADE afɔdeɛ. 16 Ade kronkron a onipa no guu ho fi no nso, ɔde foforɔ bɛsi anan na watua dekodeɛ no boɔ ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfoɔ na ɔde odwennini no abɔ bɔne afɔdeɛ no na wɔde ne bɔne akyɛ no. 17 “Sɛ obi anhyɛ da na ɔbu AWURADE mmara no bi so a, ɔdi fɔ enti ɛsɛ sɛ ɔtua afɔbudeɛ a Mose bɛhyɛ no. 18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a ɔnni dɛm brɛ ɔsɔfoɔ sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no de ayɛ mpatadeɛ ama no sɛdeɛ bɔne biara a ɔyɛeɛ a wanhyɛ da no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. 19 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔdeɛ no sɛ afɔdie afɔrebɔ, ɛfiri sɛ, ɔdi fɔ pefee wɔ AWURADE anim.”
In Other Versions
Leviticus 5 in the ANGEFD
Leviticus 5 in the ANTPNG2D
Leviticus 5 in the AS21
Leviticus 5 in the BAGH
Leviticus 5 in the BBPNG
Leviticus 5 in the BBT1E
Leviticus 5 in the BDS
Leviticus 5 in the BEV
Leviticus 5 in the BHAD
Leviticus 5 in the BIB
Leviticus 5 in the BLPT
Leviticus 5 in the BNT
Leviticus 5 in the BNTABOOT
Leviticus 5 in the BNTLV
Leviticus 5 in the BOATCB2
Leviticus 5 in the BOBCV
Leviticus 5 in the BOCNT
Leviticus 5 in the BOECS
Leviticus 5 in the BOGWICC
Leviticus 5 in the BOHCB
Leviticus 5 in the BOHCV
Leviticus 5 in the BOHLNT
Leviticus 5 in the BOHNTLTAL
Leviticus 5 in the BOICB
Leviticus 5 in the BOILNTAP
Leviticus 5 in the BOITCV
Leviticus 5 in the BOKCV
Leviticus 5 in the BOKCV2
Leviticus 5 in the BOKHWOG
Leviticus 5 in the BOKSSV
Leviticus 5 in the BOLCB
Leviticus 5 in the BOLCB2
Leviticus 5 in the BOMCV
Leviticus 5 in the BONAV
Leviticus 5 in the BONCB
Leviticus 5 in the BONLT
Leviticus 5 in the BONUT2
Leviticus 5 in the BOPLNT
Leviticus 5 in the BOSCB
Leviticus 5 in the BOSNC
Leviticus 5 in the BOTLNT
Leviticus 5 in the BOVCB
Leviticus 5 in the BOYCB
Leviticus 5 in the BPBB
Leviticus 5 in the BPH
Leviticus 5 in the BSB
Leviticus 5 in the CCB
Leviticus 5 in the CUV
Leviticus 5 in the CUVS
Leviticus 5 in the DBT
Leviticus 5 in the DGDNT
Leviticus 5 in the DHNT
Leviticus 5 in the DNT
Leviticus 5 in the ELBE
Leviticus 5 in the EMTV
Leviticus 5 in the ESV
Leviticus 5 in the FBV
Leviticus 5 in the FEB
Leviticus 5 in the GGMNT
Leviticus 5 in the GNT
Leviticus 5 in the HARY
Leviticus 5 in the HNT
Leviticus 5 in the IRVA
Leviticus 5 in the IRVB
Leviticus 5 in the IRVG
Leviticus 5 in the IRVH
Leviticus 5 in the IRVK
Leviticus 5 in the IRVM
Leviticus 5 in the IRVM2
Leviticus 5 in the IRVO
Leviticus 5 in the IRVP
Leviticus 5 in the IRVT
Leviticus 5 in the IRVT2
Leviticus 5 in the IRVU
Leviticus 5 in the ISVN
Leviticus 5 in the JSNT
Leviticus 5 in the KAPI
Leviticus 5 in the KBT1ETNIK
Leviticus 5 in the KBV
Leviticus 5 in the KJV
Leviticus 5 in the KNFD
Leviticus 5 in the LBA
Leviticus 5 in the LBLA
Leviticus 5 in the LNT
Leviticus 5 in the LSV
Leviticus 5 in the MAAL
Leviticus 5 in the MBV
Leviticus 5 in the MBV2
Leviticus 5 in the MHNT
Leviticus 5 in the MKNFD
Leviticus 5 in the MNG
Leviticus 5 in the MNT
Leviticus 5 in the MNT2
Leviticus 5 in the MRS1T
Leviticus 5 in the NAA
Leviticus 5 in the NASB
Leviticus 5 in the NBLA
Leviticus 5 in the NBS
Leviticus 5 in the NBVTP
Leviticus 5 in the NET2
Leviticus 5 in the NIV11
Leviticus 5 in the NNT
Leviticus 5 in the NNT2
Leviticus 5 in the NNT3
Leviticus 5 in the PDDPT
Leviticus 5 in the PFNT
Leviticus 5 in the RMNT
Leviticus 5 in the SBIAS
Leviticus 5 in the SBIBS
Leviticus 5 in the SBIBS2
Leviticus 5 in the SBICS
Leviticus 5 in the SBIDS
Leviticus 5 in the SBIGS
Leviticus 5 in the SBIHS
Leviticus 5 in the SBIIS
Leviticus 5 in the SBIIS2
Leviticus 5 in the SBIIS3
Leviticus 5 in the SBIKS
Leviticus 5 in the SBIKS2
Leviticus 5 in the SBIMS
Leviticus 5 in the SBIOS
Leviticus 5 in the SBIPS
Leviticus 5 in the SBISS
Leviticus 5 in the SBITS
Leviticus 5 in the SBITS2
Leviticus 5 in the SBITS3
Leviticus 5 in the SBITS4
Leviticus 5 in the SBIUS
Leviticus 5 in the SBIVS
Leviticus 5 in the SBT
Leviticus 5 in the SBT1E
Leviticus 5 in the SCHL
Leviticus 5 in the SNT
Leviticus 5 in the SUSU
Leviticus 5 in the SUSU2
Leviticus 5 in the SYNO
Leviticus 5 in the TBIAOTANT
Leviticus 5 in the TBT1E
Leviticus 5 in the TBT1E2
Leviticus 5 in the TFTIP
Leviticus 5 in the TFTU
Leviticus 5 in the TGNTATF3T
Leviticus 5 in the THAI
Leviticus 5 in the TNFD
Leviticus 5 in the TNT
Leviticus 5 in the TNTIK
Leviticus 5 in the TNTIL
Leviticus 5 in the TNTIN
Leviticus 5 in the TNTIP
Leviticus 5 in the TNTIZ
Leviticus 5 in the TOMA
Leviticus 5 in the TTENT
Leviticus 5 in the UBG
Leviticus 5 in the UGV
Leviticus 5 in the UGV2
Leviticus 5 in the UGV3
Leviticus 5 in the VBL
Leviticus 5 in the VDCC
Leviticus 5 in the YALU
Leviticus 5 in the YAPE
Leviticus 5 in the YBVTP
Leviticus 5 in the ZBP