Luke 16 (BOATCB)

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ efie sohwɛfoɔ bi. Ɔdefoɔ yi tetee sɛ ne efie sohwɛfoɔ no resɛe ne nneɛma. 2 Ɔtee saa asɛm yi no, ɔfrɛɛ ne efie sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na metete fa wo ho yi? Bɛbu wʼadwuma ho nkonta kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’ 3 “Efie sohwɛfoɔ no kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afiri efie ha yi, ɛhe na mɛfa? Menni ahoɔden a mede bɛdɔ, ɛnna mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. 4 Menim deɛ mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no bɛhunu me mmɔbɔ.’ 5 “Enti, ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Ɔbisaa deɛ ɔdi ɛkan no sɛ, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’ 6 “Ɔbuaa sɛ, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’ “Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode ngo nhina edu ka.’ 7 “Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforɔ bi nso bisaa no sɛ, ‘Na wo nso, ɛka ahe na wode me wura?’ “Ɔno nso buaa sɛ, ‘Mede aburoo nkotokuo ɔha ka.’ “Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode nkotokuo aduonum ka!’ 8 “Ɔdefoɔ no hunuu deɛ efie sohwɛfoɔ no yɛeɛ no akyi, nanso ɔnam fɛdie so kamfoo no wɔ nʼanifire no ho. Saa ara nso na ewiase yi mma susu sɛ wɔnim nyansa sene wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ no. 9 Na me nso mese mo sɛ, momfa ewiase ahonyadeɛ no bi nyɛ nnamfoɔ, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo. 10 “Nanso deɛ ɔdi nokorɛ wɔ kakra bi ho no bɛdi nokorɛ wɔ pii ho; na deɛ ɔnni nokorɛ wɔ kakra bi ho no, rentumi nni nokorɛ wɔ pii ho. 11 Sɛ moantumi anni nokorɛ wɔ ewiase nneɛma ho a, hwan na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? 12 Sɛ moanni nokorɛ wɔ obi adeɛ bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde deɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo? 13 “Ɔsomfoɔ biara rentumi nsom awuranom baanu, ɛfiri sɛ, ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yie na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.” 14 Farisifoɔ sikaniberefoɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdii ne ho fɛw. 15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa a mobu mo ho ateneneefoɔ wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu. Na deɛ ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn anim. 16 “Ansa na Yohane Osubɔni bɛba no, na Mose mmara ne adiyifoɔ no nsɛm no na modi so. Na Yohane Osubɔni baeɛ no, ɔbɛkaa Onyankopɔn Ahennie ho nsɛm kyerɛɛ mo, enti, nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa Ahennie no mu. 17 Ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no mu nsensaneɛ ketewa baako mpo bɛyera. 18 “Obiara a ɔgyaa ne yere awadeɛ na ɔware ɔfoforɔ no bɔ adwaman; na deɛ ɔware ɔbaa biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ adwaman.” 19 Yesu toaa so kaa sɛ, “Ɔdefoɔ bi tenaa ase a na daa ɔfira ntoma pa na ɔgye nʼani yie nso. 20 Na ɔbarima hiani bi a akuro atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼaboboano. 21 Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a ɔdefoɔ no adi ama aka no bi adi. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na nkraman ba baabi a na ohiani no da hɔ no bɛtaferetafere nʼakuro no mu. 22 “Ohiani no wuiɛ maa abɔfoɔ bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no nso wuiɛ ma wɔsiee no. 23 Ɔdefoɔ no wɔ asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. 24 Ɔdefoɔ no teaam sɛ, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo, hunu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so, na me ho yera me.’ 25 “Abraham buaa no sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ewiase no, wodii dɛ na Lasaro dii yea, nanso afei na ɔredi dɛ ɛnna wo nso woredi yea. 26 Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’ 27 “Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya efie, 28 ɛfiri sɛ, mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.’ 29 “Abraham buaa no sɛ, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka enti ma wɔntie na wɔnni so.’ 30 “Ɔdefoɔ yi kaa bio sɛ, ‘Agya Abraham, deɛ woreka yi wom deɛ, nanso sɛ obi firi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ deɛ a, wɔbɛnu wɔn ho.’ 31 “Abraham buaa sɛ, ‘Sɛ wɔantie deɛ Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi firi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no ara no no.’ ”

In Other Versions

Luke 16 in the ANGEFD

Luke 16 in the ANTPNG2D

Luke 16 in the AS21

Luke 16 in the BAGH

Luke 16 in the BBPNG

Luke 16 in the BBT1E

Luke 16 in the BDS

Luke 16 in the BEV

Luke 16 in the BHAD

Luke 16 in the BIB

Luke 16 in the BLPT

Luke 16 in the BNT

Luke 16 in the BNTABOOT

Luke 16 in the BNTLV

Luke 16 in the BOATCB2

Luke 16 in the BOBCV

Luke 16 in the BOCNT

Luke 16 in the BOECS

Luke 16 in the BOGWICC

Luke 16 in the BOHCB

Luke 16 in the BOHCV

Luke 16 in the BOHLNT

Luke 16 in the BOHNTLTAL

Luke 16 in the BOICB

Luke 16 in the BOILNTAP

Luke 16 in the BOITCV

Luke 16 in the BOKCV

Luke 16 in the BOKCV2

Luke 16 in the BOKHWOG

Luke 16 in the BOKSSV

Luke 16 in the BOLCB

Luke 16 in the BOLCB2

Luke 16 in the BOMCV

Luke 16 in the BONAV

Luke 16 in the BONCB

Luke 16 in the BONLT

Luke 16 in the BONUT2

Luke 16 in the BOPLNT

Luke 16 in the BOSCB

Luke 16 in the BOSNC

Luke 16 in the BOTLNT

Luke 16 in the BOVCB

Luke 16 in the BOYCB

Luke 16 in the BPBB

Luke 16 in the BPH

Luke 16 in the BSB

Luke 16 in the CCB

Luke 16 in the CUV

Luke 16 in the CUVS

Luke 16 in the DBT

Luke 16 in the DGDNT

Luke 16 in the DHNT

Luke 16 in the DNT

Luke 16 in the ELBE

Luke 16 in the EMTV

Luke 16 in the ESV

Luke 16 in the FBV

Luke 16 in the FEB

Luke 16 in the GGMNT

Luke 16 in the GNT

Luke 16 in the HARY

Luke 16 in the HNT

Luke 16 in the IRVA

Luke 16 in the IRVB

Luke 16 in the IRVG

Luke 16 in the IRVH

Luke 16 in the IRVK

Luke 16 in the IRVM

Luke 16 in the IRVM2

Luke 16 in the IRVO

Luke 16 in the IRVP

Luke 16 in the IRVT

Luke 16 in the IRVT2

Luke 16 in the IRVU

Luke 16 in the ISVN

Luke 16 in the JSNT

Luke 16 in the KAPI

Luke 16 in the KBT1ETNIK

Luke 16 in the KBV

Luke 16 in the KJV

Luke 16 in the KNFD

Luke 16 in the LBA

Luke 16 in the LBLA

Luke 16 in the LNT

Luke 16 in the LSV

Luke 16 in the MAAL

Luke 16 in the MBV

Luke 16 in the MBV2

Luke 16 in the MHNT

Luke 16 in the MKNFD

Luke 16 in the MNG

Luke 16 in the MNT

Luke 16 in the MNT2

Luke 16 in the MRS1T

Luke 16 in the NAA

Luke 16 in the NASB

Luke 16 in the NBLA

Luke 16 in the NBS

Luke 16 in the NBVTP

Luke 16 in the NET2

Luke 16 in the NIV11

Luke 16 in the NNT

Luke 16 in the NNT2

Luke 16 in the NNT3

Luke 16 in the PDDPT

Luke 16 in the PFNT

Luke 16 in the RMNT

Luke 16 in the SBIAS

Luke 16 in the SBIBS

Luke 16 in the SBIBS2

Luke 16 in the SBICS

Luke 16 in the SBIDS

Luke 16 in the SBIGS

Luke 16 in the SBIHS

Luke 16 in the SBIIS

Luke 16 in the SBIIS2

Luke 16 in the SBIIS3

Luke 16 in the SBIKS

Luke 16 in the SBIKS2

Luke 16 in the SBIMS

Luke 16 in the SBIOS

Luke 16 in the SBIPS

Luke 16 in the SBISS

Luke 16 in the SBITS

Luke 16 in the SBITS2

Luke 16 in the SBITS3

Luke 16 in the SBITS4

Luke 16 in the SBIUS

Luke 16 in the SBIVS

Luke 16 in the SBT

Luke 16 in the SBT1E

Luke 16 in the SCHL

Luke 16 in the SNT

Luke 16 in the SUSU

Luke 16 in the SUSU2

Luke 16 in the SYNO

Luke 16 in the TBIAOTANT

Luke 16 in the TBT1E

Luke 16 in the TBT1E2

Luke 16 in the TFTIP

Luke 16 in the TFTU

Luke 16 in the TGNTATF3T

Luke 16 in the THAI

Luke 16 in the TNFD

Luke 16 in the TNT

Luke 16 in the TNTIK

Luke 16 in the TNTIL

Luke 16 in the TNTIN

Luke 16 in the TNTIP

Luke 16 in the TNTIZ

Luke 16 in the TOMA

Luke 16 in the TTENT

Luke 16 in the UBG

Luke 16 in the UGV

Luke 16 in the UGV2

Luke 16 in the UGV3

Luke 16 in the VBL

Luke 16 in the VDCC

Luke 16 in the YALU

Luke 16 in the YAPE

Luke 16 in the YBVTP

Luke 16 in the ZBP