Matthew 25 (BOATCB)

1 “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmabaawa edu bi a wɔfaa wɔn nkanea sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu. 2 Na mmabaawa no mu baanum yɛ anyansafoɔ ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafoɔ. 3 Wɔn mu nkwaseafoɔ no rekɔ no, wɔfaa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho. 4 Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa ngo kaa wɔn nkanea ho de kɔeɛ. 5 Ayeforɔkunu no amma ntɛm, enti wɔhyɛɛ aseɛ totɔɔ nko dedaeɛ. 6 “Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’ 7 “Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn nkanea no. 8 Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn nkanea no mu na ɛredum.’ 9 “Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’ 10 “Wɔrekɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu. 11 “Akyire yi a baanum no sane baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ sɛ, ‘Owura, hini yɛn!’ 12 “Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri hɔ nkɔ. Mennim mo!’ 13 “Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsane aba. 14 “Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔretu ɛkwan akɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ nʼapaafoɔ baasa, maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma. 15 Ɔmaa ɔbaako dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Ɔmaa deɛ ɔdi hɔ no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe ɛnna ɔmaa deɛ ɔtwa toɔ no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan. 16 Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho. 17 Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso de sika no kɔyɛɛ adwuma nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe kaa ne sika no ho. 18 Nanso, ɔpaani a ne wura maa no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no deɛ, ɔkɔtuu fam de sika no siee hɔ. 19 “Mmerɛ bi akyi, wɔn wura no firi akwantuo mu baeɛ. Ɔfrɛɛ apaafoɔ baasa yi sɛ wɔmmɛbu nkonta nkyerɛ no. 20 Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho baeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Hwɛ, manya dwetɛ kilogram ɔha aduɔson aka ho.’ 21 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’ 22 “Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Mede yɛɛ adwuma, na manya dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe aka ho.’ 23 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’ 24 “Ɔpaani a ɔnyaa dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a wʼasɛm yɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ; 25 enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ nie!’ 26 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ! Wonim sɛ metumi twa wɔ deɛ mennuaeɛ, na metumi boaboa ano wɔ deɛ mempeteeɛ a, 27 anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me. 28 “ ‘Monnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ahasa aduanan no. 29 Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɛ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. 30 Monto akoa a ne ho nni mfasoɔ yi ntwene esum kabii mu: ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.’ 31 “Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so. 32 Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu; 33 na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so. 34 “Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔgyina ne nifa so no sɛ, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi ewiase ahyɛaseɛ no nni! 35 Ɛkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie. 36 Medaa adagya na mofiraa me ntoma. Meyareeɛ, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’ 37 “Saa ɛberɛ no mu na ateneneefoɔ bɛbisa sɛ, ‘Owura, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de wo a, yɛmaa wo aduane, na sukɔm de wo a yɛmaa wo nsuo nomeeɛ? 38 Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ a, yɛde wo kɔɔ yɛn fie, anaasɛ wodaa adagya a, yɛfiraa wo ntoma? 39 Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’ 40 “Na Ɔhene no, bɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’ 41 “Afei, mɛdane mʼani akyerɛ wɔn a wɔgyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkɔgu ogyatannaa a ɛnnum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼahokafoɔ no mu. 42 Na ɛkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom. 43 Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, moamfa me ankɔ mo fie. Medaa adagya, moamfira me ntoma. Meyareeɛ, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’ 44 “Wɔn nso bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ amma wo?’ 45 “Na mɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako enti, moanyɛ amma me.’ 46 “Na wɔbɛkɔ ahoyera a ɛtoɔ ntwa da mu, na ateneneefoɔ akɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu.”

In Other Versions

Matthew 25 in the ANGEFD

Matthew 25 in the ANTPNG2D

Matthew 25 in the AS21

Matthew 25 in the BAGH

Matthew 25 in the BBPNG

Matthew 25 in the BBT1E

Matthew 25 in the BDS

Matthew 25 in the BEV

Matthew 25 in the BHAD

Matthew 25 in the BIB

Matthew 25 in the BLPT

Matthew 25 in the BNT

Matthew 25 in the BNTABOOT

Matthew 25 in the BNTLV

Matthew 25 in the BOATCB2

Matthew 25 in the BOBCV

Matthew 25 in the BOCNT

Matthew 25 in the BOECS

Matthew 25 in the BOGWICC

Matthew 25 in the BOHCB

Matthew 25 in the BOHCV

Matthew 25 in the BOHLNT

Matthew 25 in the BOHNTLTAL

Matthew 25 in the BOICB

Matthew 25 in the BOILNTAP

Matthew 25 in the BOITCV

Matthew 25 in the BOKCV

Matthew 25 in the BOKCV2

Matthew 25 in the BOKHWOG

Matthew 25 in the BOKSSV

Matthew 25 in the BOLCB

Matthew 25 in the BOLCB2

Matthew 25 in the BOMCV

Matthew 25 in the BONAV

Matthew 25 in the BONCB

Matthew 25 in the BONLT

Matthew 25 in the BONUT2

Matthew 25 in the BOPLNT

Matthew 25 in the BOSCB

Matthew 25 in the BOSNC

Matthew 25 in the BOTLNT

Matthew 25 in the BOVCB

Matthew 25 in the BOYCB

Matthew 25 in the BPBB

Matthew 25 in the BPH

Matthew 25 in the BSB

Matthew 25 in the CCB

Matthew 25 in the CUV

Matthew 25 in the CUVS

Matthew 25 in the DBT

Matthew 25 in the DGDNT

Matthew 25 in the DHNT

Matthew 25 in the DNT

Matthew 25 in the ELBE

Matthew 25 in the EMTV

Matthew 25 in the ESV

Matthew 25 in the FBV

Matthew 25 in the FEB

Matthew 25 in the GGMNT

Matthew 25 in the GNT

Matthew 25 in the HARY

Matthew 25 in the HNT

Matthew 25 in the IRVA

Matthew 25 in the IRVB

Matthew 25 in the IRVG

Matthew 25 in the IRVH

Matthew 25 in the IRVK

Matthew 25 in the IRVM

Matthew 25 in the IRVM2

Matthew 25 in the IRVO

Matthew 25 in the IRVP

Matthew 25 in the IRVT

Matthew 25 in the IRVT2

Matthew 25 in the IRVU

Matthew 25 in the ISVN

Matthew 25 in the JSNT

Matthew 25 in the KAPI

Matthew 25 in the KBT1ETNIK

Matthew 25 in the KBV

Matthew 25 in the KJV

Matthew 25 in the KNFD

Matthew 25 in the LBA

Matthew 25 in the LBLA

Matthew 25 in the LNT

Matthew 25 in the LSV

Matthew 25 in the MAAL

Matthew 25 in the MBV

Matthew 25 in the MBV2

Matthew 25 in the MHNT

Matthew 25 in the MKNFD

Matthew 25 in the MNG

Matthew 25 in the MNT

Matthew 25 in the MNT2

Matthew 25 in the MRS1T

Matthew 25 in the NAA

Matthew 25 in the NASB

Matthew 25 in the NBLA

Matthew 25 in the NBS

Matthew 25 in the NBVTP

Matthew 25 in the NET2

Matthew 25 in the NIV11

Matthew 25 in the NNT

Matthew 25 in the NNT2

Matthew 25 in the NNT3

Matthew 25 in the PDDPT

Matthew 25 in the PFNT

Matthew 25 in the RMNT

Matthew 25 in the SBIAS

Matthew 25 in the SBIBS

Matthew 25 in the SBIBS2

Matthew 25 in the SBICS

Matthew 25 in the SBIDS

Matthew 25 in the SBIGS

Matthew 25 in the SBIHS

Matthew 25 in the SBIIS

Matthew 25 in the SBIIS2

Matthew 25 in the SBIIS3

Matthew 25 in the SBIKS

Matthew 25 in the SBIKS2

Matthew 25 in the SBIMS

Matthew 25 in the SBIOS

Matthew 25 in the SBIPS

Matthew 25 in the SBISS

Matthew 25 in the SBITS

Matthew 25 in the SBITS2

Matthew 25 in the SBITS3

Matthew 25 in the SBITS4

Matthew 25 in the SBIUS

Matthew 25 in the SBIVS

Matthew 25 in the SBT

Matthew 25 in the SBT1E

Matthew 25 in the SCHL

Matthew 25 in the SNT

Matthew 25 in the SUSU

Matthew 25 in the SUSU2

Matthew 25 in the SYNO

Matthew 25 in the TBIAOTANT

Matthew 25 in the TBT1E

Matthew 25 in the TBT1E2

Matthew 25 in the TFTIP

Matthew 25 in the TFTU

Matthew 25 in the TGNTATF3T

Matthew 25 in the THAI

Matthew 25 in the TNFD

Matthew 25 in the TNT

Matthew 25 in the TNTIK

Matthew 25 in the TNTIL

Matthew 25 in the TNTIN

Matthew 25 in the TNTIP

Matthew 25 in the TNTIZ

Matthew 25 in the TOMA

Matthew 25 in the TTENT

Matthew 25 in the UBG

Matthew 25 in the UGV

Matthew 25 in the UGV2

Matthew 25 in the UGV3

Matthew 25 in the VBL

Matthew 25 in the VDCC

Matthew 25 in the YALU

Matthew 25 in the YAPE

Matthew 25 in the YBVTP

Matthew 25 in the ZBP