Mark 16 (BOATCB)

1 Adeɛ kyeeɛ a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo maame Maria kɔtɔɔ nnuhwam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no. 2 Ɛda a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan anɔpahema no, ansa na owia bɛpue no, wɔde nnuhwam no baa ɛda no so. 3 Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, na wɔredwene deɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛpire ɛboɔ no afiri ɛda no ano no ho. 4 Nanso, wɔreyɛ aduru hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hunuu sɛ, obi apire ɛboɔ kokuroko no afiri ɛda no ano. 5 Wɔkɔɔ ɛda no mu kɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔhyɛ atadeɛ fitaa te nifa so hɔ. Wɔhunuu no no, wɔbɔɔ birim. 6 Nanso, aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na morehwehwɛ no no? Ɔnni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ hɔ! 7 Afei, monkɔ na monkɔka yei nkyerɛ nʼasuafoɔ no ne Petro sɛ, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mobɛhunu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ” 8 Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa. 9 Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no. 10 Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu. 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahunu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni. 12 Akyire yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam firi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wɔhunuu no no, ahyɛaseɛ no, wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno, ɛfiri sɛ, na wasesa. 13 Akyire no a wɔhunuu onipa ko a ɔyɛ no, wɔtuu mmirika sane baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no, nanso obiara annye wɔn anni. 14 Akyire no a asuafoɔ dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidie a wɔnni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho. 15 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ ewiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. 16 Na obiara a ɔgye di na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa. Na obiara a ɔnnye nni no, wɔbɛbu no fɔ. 17 Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔaka kasa foforɔ. 18 Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.” 19 Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so. 20 Yei akyi no, asuafoɔ no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ahodoɔ nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no mu den.

In Other Versions

Mark 16 in the ANGEFD

Mark 16 in the ANTPNG2D

Mark 16 in the AS21

Mark 16 in the BAGH

Mark 16 in the BBPNG

Mark 16 in the BBT1E

Mark 16 in the BDS

Mark 16 in the BEV

Mark 16 in the BHAD

Mark 16 in the BIB

Mark 16 in the BLPT

Mark 16 in the BNT

Mark 16 in the BNTABOOT

Mark 16 in the BNTLV

Mark 16 in the BOATCB2

Mark 16 in the BOBCV

Mark 16 in the BOCNT

Mark 16 in the BOECS

Mark 16 in the BOGWICC

Mark 16 in the BOHCB

Mark 16 in the BOHCV

Mark 16 in the BOHLNT

Mark 16 in the BOHNTLTAL

Mark 16 in the BOICB

Mark 16 in the BOILNTAP

Mark 16 in the BOITCV

Mark 16 in the BOKCV

Mark 16 in the BOKCV2

Mark 16 in the BOKHWOG

Mark 16 in the BOKSSV

Mark 16 in the BOLCB

Mark 16 in the BOLCB2

Mark 16 in the BOMCV

Mark 16 in the BONAV

Mark 16 in the BONCB

Mark 16 in the BONLT

Mark 16 in the BONUT2

Mark 16 in the BOPLNT

Mark 16 in the BOSCB

Mark 16 in the BOSNC

Mark 16 in the BOTLNT

Mark 16 in the BOVCB

Mark 16 in the BOYCB

Mark 16 in the BPBB

Mark 16 in the BPH

Mark 16 in the BSB

Mark 16 in the CCB

Mark 16 in the CUV

Mark 16 in the CUVS

Mark 16 in the DBT

Mark 16 in the DGDNT

Mark 16 in the DHNT

Mark 16 in the DNT

Mark 16 in the ELBE

Mark 16 in the EMTV

Mark 16 in the ESV

Mark 16 in the FBV

Mark 16 in the FEB

Mark 16 in the GGMNT

Mark 16 in the GNT

Mark 16 in the HARY

Mark 16 in the HNT

Mark 16 in the IRVA

Mark 16 in the IRVB

Mark 16 in the IRVG

Mark 16 in the IRVH

Mark 16 in the IRVK

Mark 16 in the IRVM

Mark 16 in the IRVM2

Mark 16 in the IRVO

Mark 16 in the IRVP

Mark 16 in the IRVT

Mark 16 in the IRVT2

Mark 16 in the IRVU

Mark 16 in the ISVN

Mark 16 in the JSNT

Mark 16 in the KAPI

Mark 16 in the KBT1ETNIK

Mark 16 in the KBV

Mark 16 in the KJV

Mark 16 in the KNFD

Mark 16 in the LBA

Mark 16 in the LBLA

Mark 16 in the LNT

Mark 16 in the LSV

Mark 16 in the MAAL

Mark 16 in the MBV

Mark 16 in the MBV2

Mark 16 in the MHNT

Mark 16 in the MKNFD

Mark 16 in the MNG

Mark 16 in the MNT

Mark 16 in the MNT2

Mark 16 in the MRS1T

Mark 16 in the NAA

Mark 16 in the NASB

Mark 16 in the NBLA

Mark 16 in the NBS

Mark 16 in the NBVTP

Mark 16 in the NET2

Mark 16 in the NIV11

Mark 16 in the NNT

Mark 16 in the NNT2

Mark 16 in the NNT3

Mark 16 in the PDDPT

Mark 16 in the PFNT

Mark 16 in the RMNT

Mark 16 in the SBIAS

Mark 16 in the SBIBS

Mark 16 in the SBIBS2

Mark 16 in the SBICS

Mark 16 in the SBIDS

Mark 16 in the SBIGS

Mark 16 in the SBIHS

Mark 16 in the SBIIS

Mark 16 in the SBIIS2

Mark 16 in the SBIIS3

Mark 16 in the SBIKS

Mark 16 in the SBIKS2

Mark 16 in the SBIMS

Mark 16 in the SBIOS

Mark 16 in the SBIPS

Mark 16 in the SBISS

Mark 16 in the SBITS

Mark 16 in the SBITS2

Mark 16 in the SBITS3

Mark 16 in the SBITS4

Mark 16 in the SBIUS

Mark 16 in the SBIVS

Mark 16 in the SBT

Mark 16 in the SBT1E

Mark 16 in the SCHL

Mark 16 in the SNT

Mark 16 in the SUSU

Mark 16 in the SUSU2

Mark 16 in the SYNO

Mark 16 in the TBIAOTANT

Mark 16 in the TBT1E

Mark 16 in the TBT1E2

Mark 16 in the TFTIP

Mark 16 in the TFTU

Mark 16 in the TGNTATF3T

Mark 16 in the THAI

Mark 16 in the TNFD

Mark 16 in the TNT

Mark 16 in the TNTIK

Mark 16 in the TNTIL

Mark 16 in the TNTIN

Mark 16 in the TNTIP

Mark 16 in the TNTIZ

Mark 16 in the TOMA

Mark 16 in the TTENT

Mark 16 in the UBG

Mark 16 in the UGV

Mark 16 in the UGV2

Mark 16 in the UGV3

Mark 16 in the VBL

Mark 16 in the VDCC

Mark 16 in the YALU

Mark 16 in the YAPE

Mark 16 in the YBVTP

Mark 16 in the ZBP