Numbers 18 (BOATCB)

1 AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ, “Wo, wo mmammarima ne wʼabusuafoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, mfomsoɔ biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodie bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yie wɔ asɔfodwuma no mu a, wɔbɛbisa wo ne wo mmammarima ho asɛm. 2 Fa wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ Lewi abusuakuo no mu ma wɔmmoa wo mmammarima wɔ dwumadie kronkron no a wɔyɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan no anim. 3 Ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no hwɛ yie na wɔansɔ biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔrebukyia no so mu. Sɛ wɔyɛ saa a, mɛsɛe wo ne wɔn. 4 Obiara a ɔmfiri Lewi abusua mu nni ho kwan sɛ ɔboa wo ɛkwan biara so. 5 “Kae sɛ asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdi dwuma a ɛho te wɔ kronkronbea hɔ ne afɔrebukyia no so. Sɛ wodi saa mmara yi so a, Onyankopɔn abufuo no remma Israelfoɔ no so bio sɛ wɔabu mmara yi so. 6 Meka bio sɛ, Lewifoɔ a wɔyɛ wo nkurɔfoɔ no na wɔmmoa wo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu dwumadie no. Wɔyɛ akyɛdeɛ firi AWURADE hɔ ma wo. 7 Nanso, wo ne wo mmammarima asɔfoɔ no ankasa na mobɛdi dwuma a ɛho te wɔ afɔrebukyia no so ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no mu, na asɔfodwuma no deɛ, ɛyɛ mo ara mo dom akyɛdeɛ dwumadie. Onipa foforɔ biara a ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛdi dwuma no bi no bɛwu.” 8 AWURADE sane ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Mede akyɛdeɛ a nkurɔfoɔ de abrɛ AWURADE no nyinaa ama asɔfoɔ no; saa akyɛdeɛ yi a wɔhim no Awurade anim nam so de kyɛɛ no wɔ afɔrebukyia no anim no no, daa daa mmara enti, ɛyɛ mo ne mo mmammarima dea. 9 Aduane afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbuo afɔrebɔ nyinaa yɛ mo dea, agye emu bi a wɔhye no wɔ afɔrebukyia so de kyɛ AWURADE no nko ara. Yeinom nyinaa yɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ kronkron pa ara. 10 Ɛsɛ sɛ wɔdi no baabi a ɛyɛ kronkron pa ara. Na mmarima nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdie. 11 “Akyɛdeɛ afoforɔ a wɔnam him a wɔbɛhim wɔ afɔrebukyia no so de bɛkyɛ me no yɛ wo ne wʼabusuafoɔ, wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa dea. Na wʼabusuafoɔ nyinaa tumi di bi, agye obi a saa ɛberɛ no na ne ho nte. 12 “Otwa berɛ a ɛdi ɛkan mu akyɛdeɛ a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde rebrɛ AWURADE no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburoo ne afudeɛ biara no, ne nyinaa yɛ mo dea. 13 Sɛ mo abusuafoɔ hwɛ na wɔn ho te a, wɔtumi di yeinom nyinaa bi. 14 “Deɛ wɔde bɛma AWURADE biara yɛ mo dea. 15 Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ AWURADE yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan sɛ wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan. 16 Sɛ abakan no di bosome a, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔgye boɔ a ɛyɛ dwetɛ gram aduonum nsia sɛdeɛ kronkronbea hɔ nkariboɔ a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no teɛ no ba. 17 “Nanso anantwie, nnwan ne mpɔnkye mmakan deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgye wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ ma AWURADE. Wɔn mogya na ɛsɛ sɛ wɔde pete afɔrebukyia no so na wɔhye wɔn sradeɛ no sɛ ogya afɔdeɛ. Ɛyɛ adeɛ a AWURADE ani sɔ. 18 Saa mmoa yi nyinaa ɛnam bɛyɛ mo dea. Ne yan ne ne srɛ nifa a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ wɔde ama AWURADE no nso, mobɛfa. 19 Mede afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de bɛbrɛ AWURADE a wɔbɛhim no no nyinaa ma mo ne mo abusuafoɔ. Mo ne mo abusuafoɔ mfa na monni. Yei yɛ bɔhyɛ a ɛda mo ne AWURADE ne mo asefoɔ ntam daa nyinaa.” 20 AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Mo asɔfoɔ no nso, ɛnsɛ sɛ mopɛ agyapadeɛ ne akatua foforɔ biara. Na me ara na me ho hia mo. 21 “Na Lewi abusuakuo deɛ, wɔfiri Israel asase so ho adwumadeɛ ntotosoɔ dudu no mu na ɛbɛtua wɔn ka. 22 Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, Israelfoɔ a wɔnyɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nni ho kwan sɛ wɔkɔ kronkron mu kronkron hɔ. Wɔyɛ saa a, wɔbɛbu wɔn fɔ na wɔawuwu. 23 Lewifoɔ no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ. Sɛ wɔanyɛ a, wɔbɛbu wɔn fɔ. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ sɛ ɛnsɛ sɛ Lewini biara nya agyapadeɛ wɔ Israelman mu. 24 Mmom, ntotosoɔ dudu a ɔmanfoɔ de ba ma wɔhim no afɔrebukyia no anim de ma AWURADE no na ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no fa. Yei yɛ agyapadeɛ, enti ɛho nhia sɛ wɔpɛ agyapadeɛ foforɔ bi bio.” 25 AWURADE sane ka kyerɛɛ Mose sɛ, 26 “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ntotosoɔ dudu a wɔnya no, wɔmfa nkyɛmu edu mu baako mma AWURADE. Ɛbɛyɛ ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu a wɔnam him a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama AWURADE no so. 27 Na AWURADE bɛgye no sɛ mo afɔrebɔdeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ aduane ne nsã a mode rema no sɛdeɛ ɛfiri mo ara mo agyapadeɛ mu. 28 Saa ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu yi a mobɛnya yi mu na mode bɛma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ AWURADE kyɛfa. 29 Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu deɛ ɛyɛ pa ara na ɛyɛ kronkron no mma AWURADE. 30 “Na wɔbɛfa no sɛ deɛ ɛfiri mo ankasa mo ayuporobea ne mo nsakyibea hɔ. 31 Aaron ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ bɛtumi adi no wɔ wɔn fie anaa baabiara a wɔpɛ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wɔn adwuma a wɔyɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no ho akatua. 32 Mo Lewifoɔ no, sɛ mogye AWURADE ntotosoɔ dudu no na mode emu nkyɛmu edu a ɛsɔ ani mu baako ma asɔfoɔ no a, monni afɔbuo biara. Nanso, monhwɛ yie na akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, moammu no ade teta bi. Sɛ moyɛ saa a, mobɛwuwu.”

In Other Versions

Numbers 18 in the ANGEFD

Numbers 18 in the ANTPNG2D

Numbers 18 in the AS21

Numbers 18 in the BAGH

Numbers 18 in the BBPNG

Numbers 18 in the BBT1E

Numbers 18 in the BDS

Numbers 18 in the BEV

Numbers 18 in the BHAD

Numbers 18 in the BIB

Numbers 18 in the BLPT

Numbers 18 in the BNT

Numbers 18 in the BNTABOOT

Numbers 18 in the BNTLV

Numbers 18 in the BOATCB2

Numbers 18 in the BOBCV

Numbers 18 in the BOCNT

Numbers 18 in the BOECS

Numbers 18 in the BOGWICC

Numbers 18 in the BOHCB

Numbers 18 in the BOHCV

Numbers 18 in the BOHLNT

Numbers 18 in the BOHNTLTAL

Numbers 18 in the BOICB

Numbers 18 in the BOILNTAP

Numbers 18 in the BOITCV

Numbers 18 in the BOKCV

Numbers 18 in the BOKCV2

Numbers 18 in the BOKHWOG

Numbers 18 in the BOKSSV

Numbers 18 in the BOLCB

Numbers 18 in the BOLCB2

Numbers 18 in the BOMCV

Numbers 18 in the BONAV

Numbers 18 in the BONCB

Numbers 18 in the BONLT

Numbers 18 in the BONUT2

Numbers 18 in the BOPLNT

Numbers 18 in the BOSCB

Numbers 18 in the BOSNC

Numbers 18 in the BOTLNT

Numbers 18 in the BOVCB

Numbers 18 in the BOYCB

Numbers 18 in the BPBB

Numbers 18 in the BPH

Numbers 18 in the BSB

Numbers 18 in the CCB

Numbers 18 in the CUV

Numbers 18 in the CUVS

Numbers 18 in the DBT

Numbers 18 in the DGDNT

Numbers 18 in the DHNT

Numbers 18 in the DNT

Numbers 18 in the ELBE

Numbers 18 in the EMTV

Numbers 18 in the ESV

Numbers 18 in the FBV

Numbers 18 in the FEB

Numbers 18 in the GGMNT

Numbers 18 in the GNT

Numbers 18 in the HARY

Numbers 18 in the HNT

Numbers 18 in the IRVA

Numbers 18 in the IRVB

Numbers 18 in the IRVG

Numbers 18 in the IRVH

Numbers 18 in the IRVK

Numbers 18 in the IRVM

Numbers 18 in the IRVM2

Numbers 18 in the IRVO

Numbers 18 in the IRVP

Numbers 18 in the IRVT

Numbers 18 in the IRVT2

Numbers 18 in the IRVU

Numbers 18 in the ISVN

Numbers 18 in the JSNT

Numbers 18 in the KAPI

Numbers 18 in the KBT1ETNIK

Numbers 18 in the KBV

Numbers 18 in the KJV

Numbers 18 in the KNFD

Numbers 18 in the LBA

Numbers 18 in the LBLA

Numbers 18 in the LNT

Numbers 18 in the LSV

Numbers 18 in the MAAL

Numbers 18 in the MBV

Numbers 18 in the MBV2

Numbers 18 in the MHNT

Numbers 18 in the MKNFD

Numbers 18 in the MNG

Numbers 18 in the MNT

Numbers 18 in the MNT2

Numbers 18 in the MRS1T

Numbers 18 in the NAA

Numbers 18 in the NASB

Numbers 18 in the NBLA

Numbers 18 in the NBS

Numbers 18 in the NBVTP

Numbers 18 in the NET2

Numbers 18 in the NIV11

Numbers 18 in the NNT

Numbers 18 in the NNT2

Numbers 18 in the NNT3

Numbers 18 in the PDDPT

Numbers 18 in the PFNT

Numbers 18 in the RMNT

Numbers 18 in the SBIAS

Numbers 18 in the SBIBS

Numbers 18 in the SBIBS2

Numbers 18 in the SBICS

Numbers 18 in the SBIDS

Numbers 18 in the SBIGS

Numbers 18 in the SBIHS

Numbers 18 in the SBIIS

Numbers 18 in the SBIIS2

Numbers 18 in the SBIIS3

Numbers 18 in the SBIKS

Numbers 18 in the SBIKS2

Numbers 18 in the SBIMS

Numbers 18 in the SBIOS

Numbers 18 in the SBIPS

Numbers 18 in the SBISS

Numbers 18 in the SBITS

Numbers 18 in the SBITS2

Numbers 18 in the SBITS3

Numbers 18 in the SBITS4

Numbers 18 in the SBIUS

Numbers 18 in the SBIVS

Numbers 18 in the SBT

Numbers 18 in the SBT1E

Numbers 18 in the SCHL

Numbers 18 in the SNT

Numbers 18 in the SUSU

Numbers 18 in the SUSU2

Numbers 18 in the SYNO

Numbers 18 in the TBIAOTANT

Numbers 18 in the TBT1E

Numbers 18 in the TBT1E2

Numbers 18 in the TFTIP

Numbers 18 in the TFTU

Numbers 18 in the TGNTATF3T

Numbers 18 in the THAI

Numbers 18 in the TNFD

Numbers 18 in the TNT

Numbers 18 in the TNTIK

Numbers 18 in the TNTIL

Numbers 18 in the TNTIN

Numbers 18 in the TNTIP

Numbers 18 in the TNTIZ

Numbers 18 in the TOMA

Numbers 18 in the TTENT

Numbers 18 in the UBG

Numbers 18 in the UGV

Numbers 18 in the UGV2

Numbers 18 in the UGV3

Numbers 18 in the VBL

Numbers 18 in the VDCC

Numbers 18 in the YALU

Numbers 18 in the YAPE

Numbers 18 in the YBVTP

Numbers 18 in the ZBP