Numbers 18 (BOATCB2)

1 AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron se, “Wo, wo mmabarima ne wʼabusuafo a wofi Lewi abusuakuw mu no, mfomso biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodi bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yiye wɔ asɔfodwuma no mu a, wobebisa wo ne wo mmabarima ho asɛm. 2 Fa wo nkurɔfo a wɔwɔ Lewi abusuakuw no mu na wɔmmoa wo mmabarima no wɔ dwuma kronkron a wodi no Ahyiae Ntamadan no anim no ho. 3 Ɛsɛ sɛ Lewifo no hwɛ yiye na wɔammɛn biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔremuka no so. Sɛ wɔyɛ saa a, wo ne wɔn bewuwu. 4 Ɛsɛ sɛ wɔka mo ho na mohwɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ; ɛhɔ nnwuma nyinaa. Ɛnsɛ sɛ onipa foforo biara bɛn beae a wowɔ no. 5 “Wo na ɛsɛ sɛ wohwɛ kronkronbea hɔ ne afɔremuka no so, na mʼabufuwhyew amma Israelfo no so bio. 6 Mʼankasa na mapaw wo nkurɔfo Lewifo afi Israelfo mu sɛ akyɛde ama wo, atew wɔ ho ama AWURADE sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 7 Nanso wo ne wo mmabarima nkutoo na na mubedi dwuma sɛ asɔfo wɔ nea ɛfa afɔremuka ne nea ɛwɔ ntwamtam no mu no ho. Mede asɔfodwuma ɔsom rema mo sɛ akyɛde. Ɛsɛ sɛ wokum onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no.” 8 AWURADE san ka kyerɛɛ Aaron se: “Mʼankasa na mede akyɛde a nkurɔfo de abrɛ AWURADE no ahyɛ wo nsa; afɔrebɔde a Israelfo no de ma me no nyinaa no mede ma wo ne wo mmabarima sɛ mo kyɛfa; ɛyɛ mo kyɛfa afebɔɔ. 9 Aduan afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbu afɔrebɔ nyinaa mowɔ mu kyɛfa. Eyinom nyinaa yɛ afɔrebɔde a ɛyɛ kronkron pa ara. 10 Munni no sɛ ade a ɛyɛ kronkron pa ara; ɔbarima biara nni bi. Mummu no sɛ ade kronkron. 11 “Eyi nso yɛ mo de: nea wobeyi agu nkyɛn afi Israelfo ohim afɔrebɔde mu no. Mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea nyinaa sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi. 12 “Aba a edi kan mu akyɛde a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔde a wɔde rebrɛ AWURADE no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburow ne nnɔbae biara no, mede ma mo. 13 Asase no so aba a edi kan a wɔde bɛbrɛ AWURADE no bɛyɛ mo de. Obiara a ɔwɔ wo fi na ne ho tew no tumi di bi. 14 “Biribiara a ɛwɔ Israel a wɔde bɛma AWURADE no yɛ mo de. 15 Israelfo abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde bɛma AWURADE no yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo kwan sɛ wɔnwe wɔn nam no de, munnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wotua sika kakra de si abakan biara anan. 16 Sɛ abakan no di ɔsram a, na ɛsɛ sɛ wɔde ogye bo a ɛyɛ dwetɛ nkaribo gram aduonum asia sɛnea kronkronbea hɔ nkaribo a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no te no ba. 17 “Nanso anantwi, nguan ne mmirekyi mmakan de, ɛnsɛ sɛ wogye wɔn; wɔyɛ kronkron. Fa wɔn mogya pete afɔremuka no so na hyew wɔn srade no sɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ AWURADE ani. 18 Saa mmoa yi nyinaa nam bɛyɛ mo de te sɛnea ohim afɔrebɔde koko ne ne srɛ nifa yɛ mo de no. 19 Biribiara a Israelfo de bɛbrɛ AWURADE a wobefi afɔrebɔ kronkron mu ayi ato hɔ no, mede ma wo ne wo mmabarima ne wo mmabea sɛ mo kyɛfa afebɔɔ. Ɛyɛ ahyɛde a ɛda mo ne AWURADE ne mo asefo ntam daa nyinaa.” 20 AWURADE ka kyerɛɛ Aaron se, “Morennya agyapade biara mfi wɔn asase mu, na morennya kyɛfa biara mfi wɔn mu; mene mo kyɛfa ne mo agyapade wɔ Israelfo no mu. 21 “Mede Israel ntotoso du du no nyinaa ma Lewifo no sɛ wɔn agyapade de retua wɔ som a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no so ka. 22 Efi nnɛ rekɔ, Israelfo no nni ho kwan sɛ wɔbɛn Ahyiae Ntamadan no mu; anyɛ saa a, wobɛsoa wɔn bɔne ho asodi ama wɔawuwu. 23 Lewifo no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ, na wɔasoa mfomso biara a wɔbɛyɛ no ho asodi. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no. Wɔrennya agyapade biara wɔ Israelfo no mu. 24 Mmom, ntotoso du du a Israelfo no de ba sɛ AWURADE afɔrebɔde no na mede rema Lewifo no. Ɛno nti na meka faa wɔn ho se: ‘Wɔrennya agyapade wɔ Israelfo no mu no.’ ” 25 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 26 “Ka kyerɛ Lewifo no se, ‘Sɛ munya ntotoso du du a mede rema mo sɛ mo agyapade no fi Israelfo no nkyɛn a, momfa nkyɛmu du mu baako mmrɛ AWURADE sɛ nʼafɔrebɔde. 27 Na AWURADE begye no sɛ mo afɔrebɔde a efi mo awiporowbea anaa nsa a efi mo nsakyi amoa mu. 28 Saa ɔkwan yi so na mobɛfa de mo afɔrebɔ a efi ntotoso du du a mubenya afi Israelfo no nkyɛn no abrɛ AWURADE. Mumfi ntotoso du du yi mu mfa AWURADE kyɛfa no mma ɔsɔfo Aaron. 29 Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu nea eye pa ara na ɛyɛ kronkron no mma AWURADE.’ 30 “Ka kyerɛ Lewifo no se: ‘Sɛ mode emu nea eye pa ara no ba a, wɔbɛfa no sɛ nea efi mo ankasa mo awiporowbea anaa mo nsakyibea hɔ. 31 Mo ne mo fifo betumi adi nkae no wɔ baabiara a mopɛ, efisɛ ɛyɛ mo adwuma a moyɛ no wɔ Ahyiae Ntamadan mu no so akatua. 32 Sɛ mode emu nea ɛsɔ ani no ba a, munni eyi ho afɔbu; saayɛ remma mungu Israelfo no afɔrebɔ kronkron no ho fi, na morenwuwu.’ ”

In Other Versions

Numbers 18 in the ANGEFD

Numbers 18 in the ANTPNG2D

Numbers 18 in the AS21

Numbers 18 in the BAGH

Numbers 18 in the BBPNG

Numbers 18 in the BBT1E

Numbers 18 in the BDS

Numbers 18 in the BEV

Numbers 18 in the BHAD

Numbers 18 in the BIB

Numbers 18 in the BLPT

Numbers 18 in the BNT

Numbers 18 in the BNTABOOT

Numbers 18 in the BNTLV

Numbers 18 in the BOATCB

Numbers 18 in the BOBCV

Numbers 18 in the BOCNT

Numbers 18 in the BOECS

Numbers 18 in the BOGWICC

Numbers 18 in the BOHCB

Numbers 18 in the BOHCV

Numbers 18 in the BOHLNT

Numbers 18 in the BOHNTLTAL

Numbers 18 in the BOICB

Numbers 18 in the BOILNTAP

Numbers 18 in the BOITCV

Numbers 18 in the BOKCV

Numbers 18 in the BOKCV2

Numbers 18 in the BOKHWOG

Numbers 18 in the BOKSSV

Numbers 18 in the BOLCB

Numbers 18 in the BOLCB2

Numbers 18 in the BOMCV

Numbers 18 in the BONAV

Numbers 18 in the BONCB

Numbers 18 in the BONLT

Numbers 18 in the BONUT2

Numbers 18 in the BOPLNT

Numbers 18 in the BOSCB

Numbers 18 in the BOSNC

Numbers 18 in the BOTLNT

Numbers 18 in the BOVCB

Numbers 18 in the BOYCB

Numbers 18 in the BPBB

Numbers 18 in the BPH

Numbers 18 in the BSB

Numbers 18 in the CCB

Numbers 18 in the CUV

Numbers 18 in the CUVS

Numbers 18 in the DBT

Numbers 18 in the DGDNT

Numbers 18 in the DHNT

Numbers 18 in the DNT

Numbers 18 in the ELBE

Numbers 18 in the EMTV

Numbers 18 in the ESV

Numbers 18 in the FBV

Numbers 18 in the FEB

Numbers 18 in the GGMNT

Numbers 18 in the GNT

Numbers 18 in the HARY

Numbers 18 in the HNT

Numbers 18 in the IRVA

Numbers 18 in the IRVB

Numbers 18 in the IRVG

Numbers 18 in the IRVH

Numbers 18 in the IRVK

Numbers 18 in the IRVM

Numbers 18 in the IRVM2

Numbers 18 in the IRVO

Numbers 18 in the IRVP

Numbers 18 in the IRVT

Numbers 18 in the IRVT2

Numbers 18 in the IRVU

Numbers 18 in the ISVN

Numbers 18 in the JSNT

Numbers 18 in the KAPI

Numbers 18 in the KBT1ETNIK

Numbers 18 in the KBV

Numbers 18 in the KJV

Numbers 18 in the KNFD

Numbers 18 in the LBA

Numbers 18 in the LBLA

Numbers 18 in the LNT

Numbers 18 in the LSV

Numbers 18 in the MAAL

Numbers 18 in the MBV

Numbers 18 in the MBV2

Numbers 18 in the MHNT

Numbers 18 in the MKNFD

Numbers 18 in the MNG

Numbers 18 in the MNT

Numbers 18 in the MNT2

Numbers 18 in the MRS1T

Numbers 18 in the NAA

Numbers 18 in the NASB

Numbers 18 in the NBLA

Numbers 18 in the NBS

Numbers 18 in the NBVTP

Numbers 18 in the NET2

Numbers 18 in the NIV11

Numbers 18 in the NNT

Numbers 18 in the NNT2

Numbers 18 in the NNT3

Numbers 18 in the PDDPT

Numbers 18 in the PFNT

Numbers 18 in the RMNT

Numbers 18 in the SBIAS

Numbers 18 in the SBIBS

Numbers 18 in the SBIBS2

Numbers 18 in the SBICS

Numbers 18 in the SBIDS

Numbers 18 in the SBIGS

Numbers 18 in the SBIHS

Numbers 18 in the SBIIS

Numbers 18 in the SBIIS2

Numbers 18 in the SBIIS3

Numbers 18 in the SBIKS

Numbers 18 in the SBIKS2

Numbers 18 in the SBIMS

Numbers 18 in the SBIOS

Numbers 18 in the SBIPS

Numbers 18 in the SBISS

Numbers 18 in the SBITS

Numbers 18 in the SBITS2

Numbers 18 in the SBITS3

Numbers 18 in the SBITS4

Numbers 18 in the SBIUS

Numbers 18 in the SBIVS

Numbers 18 in the SBT

Numbers 18 in the SBT1E

Numbers 18 in the SCHL

Numbers 18 in the SNT

Numbers 18 in the SUSU

Numbers 18 in the SUSU2

Numbers 18 in the SYNO

Numbers 18 in the TBIAOTANT

Numbers 18 in the TBT1E

Numbers 18 in the TBT1E2

Numbers 18 in the TFTIP

Numbers 18 in the TFTU

Numbers 18 in the TGNTATF3T

Numbers 18 in the THAI

Numbers 18 in the TNFD

Numbers 18 in the TNT

Numbers 18 in the TNTIK

Numbers 18 in the TNTIL

Numbers 18 in the TNTIN

Numbers 18 in the TNTIP

Numbers 18 in the TNTIZ

Numbers 18 in the TOMA

Numbers 18 in the TTENT

Numbers 18 in the UBG

Numbers 18 in the UGV

Numbers 18 in the UGV2

Numbers 18 in the UGV3

Numbers 18 in the VBL

Numbers 18 in the VDCC

Numbers 18 in the YALU

Numbers 18 in the YAPE

Numbers 18 in the YBVTP

Numbers 18 in the ZBP