Numbers 28 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, afɔrebɔdeɛ a mohye no wɔ afɔrebukyia so no yɛ mʼaduane a mʼani gye ho. ‘Enti, hwɛ na wɔmfa mmra wɔ ɛberɛ-ano-berɛ-ano na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mahyɛ no. 3 Sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, momfa nnwennini mma a wɔadi afe a wɔnni dɛm biara na ɛmmɔ AWURADE afɔdeɛ no. Ɛda biara, momfa mmienu mmɔ afɔdeɛ. Mommɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ ano. 4 Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ anɔpa na momfa baako mmɔ anwummerɛ. 5 Sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa aburoo lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo afra nka ho. 6 Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ Sinai Bepɔ so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano ma ɛyi hwa. Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ de ma AWURADE. 7 Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ nsã a apae lita baako a odwammaa ka ho ka afɔrebɔdeɛ no ho a wɔbɛhwie agu beaeɛ bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ AWURADE anim. 8 Momfa odwammaa a ɔtɔ so mmienu no mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ a aburoo ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. Ɛno nso yɛ AWURADE hwam. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ. 9 “ ‘Sɛ ɛduru homeda a, momfa nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ aburoo afɔrebɔdeɛ lita ɛnan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsã ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔdeɛ no. 10 Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda biara de ka ɛberɛ ano ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔrebɔ ho no. 11 “ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma AWURADE. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara. 12 Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho; 13 na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ AWURADE ani. 14 Afɔrebɔdeɛ biara no, nsã afɔrebɔ ka ho. Nantwie biara, nsã ntoa nsia ka ho. Odwennini biara, nsã ntoa ɛnan ka ho. Odwammaa biara nso, nsã ntoa mmiɛnsa ka ho. Afe mu no nyinaa mu, yei na ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bosome biara mu. 15 Afei, bosome biara mu ɛda a ɛdi ɛkan no, mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama AWURADE. Mobɛbɔ saa afɔdeɛ yi de aka ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ a mobɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano no ho. 16 “ ‘Afe biara bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no nso, mobɛdi AWURADE Twam Afahyɛ no. 17 Ɛda a ɛdi so no, mobɛfiti aseɛ adi dapɔnna a wɔde anigyeɛ di no nnanson no, nanso, morenni burodo a mmɔreka wɔ mu. 18 Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahoteɛ dwa na obiara renyɛ adwuma biara. 19 Mode nantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE. 20 Mode esiam lita nson a mode ngo afra bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode esiam lita enum bɛka odwennini no ho, 21 na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho. 22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ma mo ho. 23 Mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛka deɛ daadaa mobɔ no ho. 24 Nna nson no mu ɛda biara adidie mu no, mobɛbɔ saa afɔdeɛ korɔ yi ara bi. Ɛbɛyɛ AWURADE anisɔ yie. 25 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛbɛyɛ ɛda kronkron bio a nnipa no nyinaa bɛhyia mu na saa ɛda no, obiara renyɛ adwuma biara. 26 “ ‘Aduanekan ɛda no a wɔfrɛ no Nnawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa bɔ nhyiamu kronkron ho dawuro de di Otwa berɛ Afahyɛ no. Ɛda no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuo mu nnɔbaeɛ foforɔ bɛbɔ AWURADE aduane afɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara yɛ adwuma saa ɛda no. 27 Ɔhyeɛ afɔdeɛ sononko a ɛsɔ ani na ɛsɛ sɛ saa ɛda no, mobɔ ma AWURADE. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ anantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa anini a wɔadi mfeɛ nson. 28 Mode mo aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwie baako ho. Mode lita ɛnan bɛka odwennini no ho; 29 na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho. 30 Afei, momfa ɔpapo baako nyɛ mpatadeɛ mma mo ho. 31 Saa afɔdeɛ ahodoɔ sononko yi ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, aburoo afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn rekɔbɔ saa afɔdeɛ no nnii dɛm biara ansa na mode wɔn abɔ saa afɔdeɛ no.

In Other Versions

Numbers 28 in the ANGEFD

Numbers 28 in the ANTPNG2D

Numbers 28 in the AS21

Numbers 28 in the BAGH

Numbers 28 in the BBPNG

Numbers 28 in the BBT1E

Numbers 28 in the BDS

Numbers 28 in the BEV

Numbers 28 in the BHAD

Numbers 28 in the BIB

Numbers 28 in the BLPT

Numbers 28 in the BNT

Numbers 28 in the BNTABOOT

Numbers 28 in the BNTLV

Numbers 28 in the BOATCB2

Numbers 28 in the BOBCV

Numbers 28 in the BOCNT

Numbers 28 in the BOECS

Numbers 28 in the BOGWICC

Numbers 28 in the BOHCB

Numbers 28 in the BOHCV

Numbers 28 in the BOHLNT

Numbers 28 in the BOHNTLTAL

Numbers 28 in the BOICB

Numbers 28 in the BOILNTAP

Numbers 28 in the BOITCV

Numbers 28 in the BOKCV

Numbers 28 in the BOKCV2

Numbers 28 in the BOKHWOG

Numbers 28 in the BOKSSV

Numbers 28 in the BOLCB

Numbers 28 in the BOLCB2

Numbers 28 in the BOMCV

Numbers 28 in the BONAV

Numbers 28 in the BONCB

Numbers 28 in the BONLT

Numbers 28 in the BONUT2

Numbers 28 in the BOPLNT

Numbers 28 in the BOSCB

Numbers 28 in the BOSNC

Numbers 28 in the BOTLNT

Numbers 28 in the BOVCB

Numbers 28 in the BOYCB

Numbers 28 in the BPBB

Numbers 28 in the BPH

Numbers 28 in the BSB

Numbers 28 in the CCB

Numbers 28 in the CUV

Numbers 28 in the CUVS

Numbers 28 in the DBT

Numbers 28 in the DGDNT

Numbers 28 in the DHNT

Numbers 28 in the DNT

Numbers 28 in the ELBE

Numbers 28 in the EMTV

Numbers 28 in the ESV

Numbers 28 in the FBV

Numbers 28 in the FEB

Numbers 28 in the GGMNT

Numbers 28 in the GNT

Numbers 28 in the HARY

Numbers 28 in the HNT

Numbers 28 in the IRVA

Numbers 28 in the IRVB

Numbers 28 in the IRVG

Numbers 28 in the IRVH

Numbers 28 in the IRVK

Numbers 28 in the IRVM

Numbers 28 in the IRVM2

Numbers 28 in the IRVO

Numbers 28 in the IRVP

Numbers 28 in the IRVT

Numbers 28 in the IRVT2

Numbers 28 in the IRVU

Numbers 28 in the ISVN

Numbers 28 in the JSNT

Numbers 28 in the KAPI

Numbers 28 in the KBT1ETNIK

Numbers 28 in the KBV

Numbers 28 in the KJV

Numbers 28 in the KNFD

Numbers 28 in the LBA

Numbers 28 in the LBLA

Numbers 28 in the LNT

Numbers 28 in the LSV

Numbers 28 in the MAAL

Numbers 28 in the MBV

Numbers 28 in the MBV2

Numbers 28 in the MHNT

Numbers 28 in the MKNFD

Numbers 28 in the MNG

Numbers 28 in the MNT

Numbers 28 in the MNT2

Numbers 28 in the MRS1T

Numbers 28 in the NAA

Numbers 28 in the NASB

Numbers 28 in the NBLA

Numbers 28 in the NBS

Numbers 28 in the NBVTP

Numbers 28 in the NET2

Numbers 28 in the NIV11

Numbers 28 in the NNT

Numbers 28 in the NNT2

Numbers 28 in the NNT3

Numbers 28 in the PDDPT

Numbers 28 in the PFNT

Numbers 28 in the RMNT

Numbers 28 in the SBIAS

Numbers 28 in the SBIBS

Numbers 28 in the SBIBS2

Numbers 28 in the SBICS

Numbers 28 in the SBIDS

Numbers 28 in the SBIGS

Numbers 28 in the SBIHS

Numbers 28 in the SBIIS

Numbers 28 in the SBIIS2

Numbers 28 in the SBIIS3

Numbers 28 in the SBIKS

Numbers 28 in the SBIKS2

Numbers 28 in the SBIMS

Numbers 28 in the SBIOS

Numbers 28 in the SBIPS

Numbers 28 in the SBISS

Numbers 28 in the SBITS

Numbers 28 in the SBITS2

Numbers 28 in the SBITS3

Numbers 28 in the SBITS4

Numbers 28 in the SBIUS

Numbers 28 in the SBIVS

Numbers 28 in the SBT

Numbers 28 in the SBT1E

Numbers 28 in the SCHL

Numbers 28 in the SNT

Numbers 28 in the SUSU

Numbers 28 in the SUSU2

Numbers 28 in the SYNO

Numbers 28 in the TBIAOTANT

Numbers 28 in the TBT1E

Numbers 28 in the TBT1E2

Numbers 28 in the TFTIP

Numbers 28 in the TFTU

Numbers 28 in the TGNTATF3T

Numbers 28 in the THAI

Numbers 28 in the TNFD

Numbers 28 in the TNT

Numbers 28 in the TNTIK

Numbers 28 in the TNTIL

Numbers 28 in the TNTIN

Numbers 28 in the TNTIP

Numbers 28 in the TNTIZ

Numbers 28 in the TOMA

Numbers 28 in the TTENT

Numbers 28 in the UBG

Numbers 28 in the UGV

Numbers 28 in the UGV2

Numbers 28 in the UGV3

Numbers 28 in the VBL

Numbers 28 in the VDCC

Numbers 28 in the YALU

Numbers 28 in the YAPE

Numbers 28 in the YBVTP

Numbers 28 in the ZBP