Numbers 28 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Monhwɛ na momfa mʼaduan afɔre mmrɛ me wɔ ne bere ano sɛ ehua a ɛsɔ mʼani.’ 3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne aduan afɔre a ɛsɛ sɛ mode brɛ AWURADE: nguamma abien a wɔadi afe a dɛm nni wɔn ho; momfa mmra sɛ daa ɔhyew afɔre. 4 Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre anɔpa na momfa ɔbaako mmɔ anwummere, 5 na momfa aburow lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo lita baako afra nka ho. 6 Eyi ne ɔhyew afɔre a wofii ase wɔ Sinai Bepɔw so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no bere ano bere ano ma eyi hua. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ ma AWURADE. 7 Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔde a ɛyɛ nsa a apae lita baako a oguamma ka ho ka afɔrebɔde no ho a wobehwie agu beae bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ AWURADE anim. 8 Momfa oguamma a ɔto so abien no mmɔ afɔre anwummere a atoko ne nsa afɔrebɔ ka ho. Ɛno nso yɛ AWURADE huam. Ɛyɛ ɔhyew afɔre.’  9 “ ‘Sɛ edu homeda a, momfa nguantenmma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara ne afɔrebɔde ahorow a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ atoko afɔrebɔde lita anan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsa ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔre no. 10 Eyi ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no homeda biara de ka bere ano ɔhyew afɔre ne nsa afɔre ho no. 11 “ ‘Saa ara nso na da a edi kan wɔ ɔsram biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre foforo bi ka ho de ma AWURADE. Afɔrebɔde no bɛyɛ nantwinini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm biara. 12 Nantwinini biara no, ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikresiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Afei, mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita anan ne fa a wɔde ngo afra bɛbɔ aburow afɔre a Odwennini no ka ho; 13 na oguamma biara nso, mode asikresiam lita abiɛsa. Eyi bɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma AWURADE. 14 Nantwi biara, nsa afɔrebɔde lita abien ka ho. Odwennini biara, nsa afɔrebɔde lita baako ne fa ka ho. Oguamma biara nso, nsa afɔrebɔde lita baako ka ho. Afe mu no, eyi na ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre wɔ ɔsram biara mu. 15 Mo bere ano bere ano ɔhyew ne nsa afɔrebɔ akyi no, ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔre ma AWURADE. 16 “ ‘Ɛsɛ sɛ mudi AWURADE Twam Afahyɛ no afe biara sram a edi kan no da a ɛto so dunan no so. 17 Da a edi so no, mubefi ase adi afahyɛ; munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson. 18 Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 19 Momfa nantwimma anini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre ama AWURADE. 20 Mode esiam muhumuhu lita ason a wɔde ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Afei, mode esiam lita anum bɛka odwennini no ho, 21 na nguanten ason no biara nso, mode esiam lita abiɛsa aka ho. 22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre sɛ mpata ma mo ho. 23 Momfa saa afɔrebɔde yi nka nea daadaa mobɔ no ho. 24 Momfa saa kwan yi so mmɔ aduan afɔre da biara saa ara nnanson sɛ ehua a ɛsɔ AWURADE ani; ɛsɛ sɛ mobɔ ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ daa no ho. 25 Da a ɛto so ason no, monyɛ nhyiamu kronkron na monnyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 26 “ ‘Aduankan da no a wɔfrɛ no Nnaawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa de kronkronyɛ sononko hyia, de di Otwabere Afahyɛ no. Da no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuw mu nnɔbae foforo bɛbɔ AWURADE aduan afɔre. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 27 Momfa nantwimma anini abien, odwennini baako ne nguantenmma anini ason mmɛbɔ ɔhyew afɔre sɛ ehua a ɛsɔ AWURADE ani. 28 Mode mo aburow lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Mode lita anan bɛka Odwennini no ho; 29 na mode lita abiɛsa bɛka nguantenmma ason no biara ho. 30 Momfa ɔpapo baako na wɔmfa nyɛ mpata mma mo. 31 Saa afɔre ahorow yi ka daa ɔhyew afɔre, aburow afɔre ne nsa afɔre no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn bɛbɔ saa afɔre no nnii dɛm biara ɛ.

In Other Versions

Numbers 28 in the ANGEFD

Numbers 28 in the ANTPNG2D

Numbers 28 in the AS21

Numbers 28 in the BAGH

Numbers 28 in the BBPNG

Numbers 28 in the BBT1E

Numbers 28 in the BDS

Numbers 28 in the BEV

Numbers 28 in the BHAD

Numbers 28 in the BIB

Numbers 28 in the BLPT

Numbers 28 in the BNT

Numbers 28 in the BNTABOOT

Numbers 28 in the BNTLV

Numbers 28 in the BOATCB

Numbers 28 in the BOBCV

Numbers 28 in the BOCNT

Numbers 28 in the BOECS

Numbers 28 in the BOGWICC

Numbers 28 in the BOHCB

Numbers 28 in the BOHCV

Numbers 28 in the BOHLNT

Numbers 28 in the BOHNTLTAL

Numbers 28 in the BOICB

Numbers 28 in the BOILNTAP

Numbers 28 in the BOITCV

Numbers 28 in the BOKCV

Numbers 28 in the BOKCV2

Numbers 28 in the BOKHWOG

Numbers 28 in the BOKSSV

Numbers 28 in the BOLCB

Numbers 28 in the BOLCB2

Numbers 28 in the BOMCV

Numbers 28 in the BONAV

Numbers 28 in the BONCB

Numbers 28 in the BONLT

Numbers 28 in the BONUT2

Numbers 28 in the BOPLNT

Numbers 28 in the BOSCB

Numbers 28 in the BOSNC

Numbers 28 in the BOTLNT

Numbers 28 in the BOVCB

Numbers 28 in the BOYCB

Numbers 28 in the BPBB

Numbers 28 in the BPH

Numbers 28 in the BSB

Numbers 28 in the CCB

Numbers 28 in the CUV

Numbers 28 in the CUVS

Numbers 28 in the DBT

Numbers 28 in the DGDNT

Numbers 28 in the DHNT

Numbers 28 in the DNT

Numbers 28 in the ELBE

Numbers 28 in the EMTV

Numbers 28 in the ESV

Numbers 28 in the FBV

Numbers 28 in the FEB

Numbers 28 in the GGMNT

Numbers 28 in the GNT

Numbers 28 in the HARY

Numbers 28 in the HNT

Numbers 28 in the IRVA

Numbers 28 in the IRVB

Numbers 28 in the IRVG

Numbers 28 in the IRVH

Numbers 28 in the IRVK

Numbers 28 in the IRVM

Numbers 28 in the IRVM2

Numbers 28 in the IRVO

Numbers 28 in the IRVP

Numbers 28 in the IRVT

Numbers 28 in the IRVT2

Numbers 28 in the IRVU

Numbers 28 in the ISVN

Numbers 28 in the JSNT

Numbers 28 in the KAPI

Numbers 28 in the KBT1ETNIK

Numbers 28 in the KBV

Numbers 28 in the KJV

Numbers 28 in the KNFD

Numbers 28 in the LBA

Numbers 28 in the LBLA

Numbers 28 in the LNT

Numbers 28 in the LSV

Numbers 28 in the MAAL

Numbers 28 in the MBV

Numbers 28 in the MBV2

Numbers 28 in the MHNT

Numbers 28 in the MKNFD

Numbers 28 in the MNG

Numbers 28 in the MNT

Numbers 28 in the MNT2

Numbers 28 in the MRS1T

Numbers 28 in the NAA

Numbers 28 in the NASB

Numbers 28 in the NBLA

Numbers 28 in the NBS

Numbers 28 in the NBVTP

Numbers 28 in the NET2

Numbers 28 in the NIV11

Numbers 28 in the NNT

Numbers 28 in the NNT2

Numbers 28 in the NNT3

Numbers 28 in the PDDPT

Numbers 28 in the PFNT

Numbers 28 in the RMNT

Numbers 28 in the SBIAS

Numbers 28 in the SBIBS

Numbers 28 in the SBIBS2

Numbers 28 in the SBICS

Numbers 28 in the SBIDS

Numbers 28 in the SBIGS

Numbers 28 in the SBIHS

Numbers 28 in the SBIIS

Numbers 28 in the SBIIS2

Numbers 28 in the SBIIS3

Numbers 28 in the SBIKS

Numbers 28 in the SBIKS2

Numbers 28 in the SBIMS

Numbers 28 in the SBIOS

Numbers 28 in the SBIPS

Numbers 28 in the SBISS

Numbers 28 in the SBITS

Numbers 28 in the SBITS2

Numbers 28 in the SBITS3

Numbers 28 in the SBITS4

Numbers 28 in the SBIUS

Numbers 28 in the SBIVS

Numbers 28 in the SBT

Numbers 28 in the SBT1E

Numbers 28 in the SCHL

Numbers 28 in the SNT

Numbers 28 in the SUSU

Numbers 28 in the SUSU2

Numbers 28 in the SYNO

Numbers 28 in the TBIAOTANT

Numbers 28 in the TBT1E

Numbers 28 in the TBT1E2

Numbers 28 in the TFTIP

Numbers 28 in the TFTU

Numbers 28 in the TGNTATF3T

Numbers 28 in the THAI

Numbers 28 in the TNFD

Numbers 28 in the TNT

Numbers 28 in the TNTIK

Numbers 28 in the TNTIL

Numbers 28 in the TNTIN

Numbers 28 in the TNTIP

Numbers 28 in the TNTIZ

Numbers 28 in the TOMA

Numbers 28 in the TTENT

Numbers 28 in the UBG

Numbers 28 in the UGV

Numbers 28 in the UGV2

Numbers 28 in the UGV3

Numbers 28 in the VBL

Numbers 28 in the VDCC

Numbers 28 in the YALU

Numbers 28 in the YAPE

Numbers 28 in the YBVTP

Numbers 28 in the ZBP