Numbers 4 (BOATCB)

1 Afei AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 2 “Kan Kohatfoɔ no dodoɔ a wɔwɔ Lewifoɔ no abusua mu. 3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu. 4 “Kohat mma no dwumadie ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronneɛ no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 5 Sɛ wɔretu afiri atenaeɛ hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wɔbɛdi ɛkan akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu akɔfa nkatanimu no de akata adaka no ho. 6 Afei, wɔde abirekyie nwoma bɛkata nkatanimu no ho na wɔde ntoma tuntum akata abirekyie nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkawa no mu. 7 “Afei, wɔmfa ntoma tuntum nsɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no da so no so, na wɔmfa nyowaa, ntere, dwaresɛn akɛseɛ, nkuruwa ne Burodo no ngu ntoma no so. 8 Wɔde ntoma kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasane de abirekyie nhoma akata ntoma kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɛpono no mu. 9 “Afei, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata kaneadua no, nkanea no, adaawa no, nkukuo apaawa no ne ngo toa no ho. 10 Saa nneɛma yi nyinaa nso, wɔde abirekyie nhoma bɛkata ho na wɔde nkyekyereeɛ yi nyinaa abɛgu ɛpono so. 11 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntoma tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔrebukyia no so na wɔsane de abirekyie nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔrebukyia no mu. 12 “Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntoma bibire kyekyere ho a wɔde abirekyie nhoma asane akyekyere ho na wɔde to mpata a wɔde soa no so. 13 “Ɛsɛ sɛ wɔtu nsõ no nyinaa firi afɔrebukyia no mu guo, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bibire kyekyere ho. 14 Ɛsɛ sɛ wɔde afɔrebukyia no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntoma no so. Saa nneɛma no ne nkyɛnsee a wɔnoa mu, nsosɔmu, sofi, kyɛnsee kɛseɛ ne nneɛma a wɔkora mu nneɛma gu ntoma no so na wɔde abirekyie nhoma kata ne nyinaa so. Na afei, wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde guo. 15 “Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafoɔ bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wɔnni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho te no bi. Wɔyɛ saa a, wɔbɛwuwu. Kohat mma na ɛsɛ sɛ wɔsoa nneɛma a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 16 “Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.” 17 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 18 “Monntwa Kohatfoɔ abusuakuo no mfiri Lewifoɔ mu. 19 Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho te no a, deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu nie: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn adeɛ a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa. 20 Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wɔkɔ kronkronbea hɔ koraa. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛhunu nneɛma a ɛho te no na ɛrenkyɛre koraa wɔawuwu.” 21 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 22 “Kan Gerson asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no, 23 firi mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ so. 24 “Gerson mmusua no dwuma a wɔbɛdie nie: 25 Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne deɛ ɛkata ho, abirekyie nhoma nkurusoɔ ne ntoma a ɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no. 26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa. 27 Aaron anaa ne mmammarima no bi tumi ma Gerson asefoɔ no bi dwuma di. 28 Nanso Gersonfoɔ no bɛhyɛ Aaron Itamar ase. 29 “Afei, kan Merari asefoɔ a wɔfra Lewifoɔ abusua mu no 30 ɛfiri mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum so a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. 31 Sɛ wɔpagya Ahyiaeɛ Ntomadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinasoɔ, nnua a ɛsisi mu, ne nsisisoɔ 32 mpunan a wɔde yɛɛ adihɔ hɔ afasuo no ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ntampehoma ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadie ahodoɔ no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn edin nsa. 33 Merari asefoɔ no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.” 34 Enti Mose ne Aaron ne mpanimfoɔ no bi kɔkan Kohatfoɔ 35 a mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum nyinaa a wɔbɛtumi ayɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma ka ho, 36 na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem mmienu ne ahanson aduonum. 37 Wɔyɛɛ yeinom nyinaa de dii AWURADE ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ Mose no so. 38 Wɔkan Gersonfoɔ no mmusua ne wɔn mmusuakuo. 39 Wɔkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔbɛtumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 40 Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmienu ahansia ne aduasa. 41 Enti na Gersonfoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no. 42 Merarifoɔ no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuo. 43 Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfeɛ aduasa kɔsi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 44 Wɔn nyinaa dodoɔ yɛɛ mpem mmiɛnsa ne ahanu. 45 Enti Merarifoɔ a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nyinaa dodoɔ ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanimfoɔ nam Lewifoɔ no mmusua ne wɔn afie so kan wɔn nyinaa. 47 Mmarima a na wɔadi firi mfeɛ aduasa kɔsi mfeɛ aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no 48 dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe ahanum ne aduɔwɔtwe. 49 AWURADE hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no enti na wɔnam so kanee nnipa no.

In Other Versions

Numbers 4 in the ANGEFD

Numbers 4 in the ANTPNG2D

Numbers 4 in the AS21

Numbers 4 in the BAGH

Numbers 4 in the BBPNG

Numbers 4 in the BBT1E

Numbers 4 in the BDS

Numbers 4 in the BEV

Numbers 4 in the BHAD

Numbers 4 in the BIB

Numbers 4 in the BLPT

Numbers 4 in the BNT

Numbers 4 in the BNTABOOT

Numbers 4 in the BNTLV

Numbers 4 in the BOATCB2

Numbers 4 in the BOBCV

Numbers 4 in the BOCNT

Numbers 4 in the BOECS

Numbers 4 in the BOGWICC

Numbers 4 in the BOHCB

Numbers 4 in the BOHCV

Numbers 4 in the BOHLNT

Numbers 4 in the BOHNTLTAL

Numbers 4 in the BOICB

Numbers 4 in the BOILNTAP

Numbers 4 in the BOITCV

Numbers 4 in the BOKCV

Numbers 4 in the BOKCV2

Numbers 4 in the BOKHWOG

Numbers 4 in the BOKSSV

Numbers 4 in the BOLCB

Numbers 4 in the BOLCB2

Numbers 4 in the BOMCV

Numbers 4 in the BONAV

Numbers 4 in the BONCB

Numbers 4 in the BONLT

Numbers 4 in the BONUT2

Numbers 4 in the BOPLNT

Numbers 4 in the BOSCB

Numbers 4 in the BOSNC

Numbers 4 in the BOTLNT

Numbers 4 in the BOVCB

Numbers 4 in the BOYCB

Numbers 4 in the BPBB

Numbers 4 in the BPH

Numbers 4 in the BSB

Numbers 4 in the CCB

Numbers 4 in the CUV

Numbers 4 in the CUVS

Numbers 4 in the DBT

Numbers 4 in the DGDNT

Numbers 4 in the DHNT

Numbers 4 in the DNT

Numbers 4 in the ELBE

Numbers 4 in the EMTV

Numbers 4 in the ESV

Numbers 4 in the FBV

Numbers 4 in the FEB

Numbers 4 in the GGMNT

Numbers 4 in the GNT

Numbers 4 in the HARY

Numbers 4 in the HNT

Numbers 4 in the IRVA

Numbers 4 in the IRVB

Numbers 4 in the IRVG

Numbers 4 in the IRVH

Numbers 4 in the IRVK

Numbers 4 in the IRVM

Numbers 4 in the IRVM2

Numbers 4 in the IRVO

Numbers 4 in the IRVP

Numbers 4 in the IRVT

Numbers 4 in the IRVT2

Numbers 4 in the IRVU

Numbers 4 in the ISVN

Numbers 4 in the JSNT

Numbers 4 in the KAPI

Numbers 4 in the KBT1ETNIK

Numbers 4 in the KBV

Numbers 4 in the KJV

Numbers 4 in the KNFD

Numbers 4 in the LBA

Numbers 4 in the LBLA

Numbers 4 in the LNT

Numbers 4 in the LSV

Numbers 4 in the MAAL

Numbers 4 in the MBV

Numbers 4 in the MBV2

Numbers 4 in the MHNT

Numbers 4 in the MKNFD

Numbers 4 in the MNG

Numbers 4 in the MNT

Numbers 4 in the MNT2

Numbers 4 in the MRS1T

Numbers 4 in the NAA

Numbers 4 in the NASB

Numbers 4 in the NBLA

Numbers 4 in the NBS

Numbers 4 in the NBVTP

Numbers 4 in the NET2

Numbers 4 in the NIV11

Numbers 4 in the NNT

Numbers 4 in the NNT2

Numbers 4 in the NNT3

Numbers 4 in the PDDPT

Numbers 4 in the PFNT

Numbers 4 in the RMNT

Numbers 4 in the SBIAS

Numbers 4 in the SBIBS

Numbers 4 in the SBIBS2

Numbers 4 in the SBICS

Numbers 4 in the SBIDS

Numbers 4 in the SBIGS

Numbers 4 in the SBIHS

Numbers 4 in the SBIIS

Numbers 4 in the SBIIS2

Numbers 4 in the SBIIS3

Numbers 4 in the SBIKS

Numbers 4 in the SBIKS2

Numbers 4 in the SBIMS

Numbers 4 in the SBIOS

Numbers 4 in the SBIPS

Numbers 4 in the SBISS

Numbers 4 in the SBITS

Numbers 4 in the SBITS2

Numbers 4 in the SBITS3

Numbers 4 in the SBITS4

Numbers 4 in the SBIUS

Numbers 4 in the SBIVS

Numbers 4 in the SBT

Numbers 4 in the SBT1E

Numbers 4 in the SCHL

Numbers 4 in the SNT

Numbers 4 in the SUSU

Numbers 4 in the SUSU2

Numbers 4 in the SYNO

Numbers 4 in the TBIAOTANT

Numbers 4 in the TBT1E

Numbers 4 in the TBT1E2

Numbers 4 in the TFTIP

Numbers 4 in the TFTU

Numbers 4 in the TGNTATF3T

Numbers 4 in the THAI

Numbers 4 in the TNFD

Numbers 4 in the TNT

Numbers 4 in the TNTIK

Numbers 4 in the TNTIL

Numbers 4 in the TNTIN

Numbers 4 in the TNTIP

Numbers 4 in the TNTIZ

Numbers 4 in the TOMA

Numbers 4 in the TTENT

Numbers 4 in the UBG

Numbers 4 in the UGV

Numbers 4 in the UGV2

Numbers 4 in the UGV3

Numbers 4 in the VBL

Numbers 4 in the VDCC

Numbers 4 in the YALU

Numbers 4 in the YAPE

Numbers 4 in the YBVTP

Numbers 4 in the ZBP