Numbers 4 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: 2 “Kan Kohatfo no dodow a wɔwɔ Lewifo no abusua mu. 3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi fi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu. 4 “Kohat mma no dwumadi ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronne no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 5 Sɛ wɔretu afi atenae hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wobedi kan akɔ Ahyiae Ntamadan no mu akɔfa nkataanim no de akata adaka no ho. 6 Afei, wɔde abirekyi nhoma bɛkata nkataanim no ho na wɔde ntama tuntum akata abirekyi nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkaa no mu. 7 “Afei, wɔmfa ntama tuntum nsɛw ɔpon a Daa Daa Brodo no da so no so; na wɔmfa mprɛte, nsanka, ne adidi nkankyee ne ɔnom afɔre nkuruwa no; brodo no ngu ntama no so ara. 8 Wɔde ntama kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasan de abirekyi nhoma akata ntama kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɔpon no mu. 9 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntama tuntum kata kaneadua no, akanea no, adabaw no, nkuku apampaa no ne ngo tumpan no ho. 10 Saa nneɛma yi nyinaa nso wɔde abirekyi nhoma a ɛyɛ den bɛkata ho na wɔde nea wɔakyekyere no nyinaa abegu ɔpon no so. 11 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntama tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔremuka no so na wɔsan de abirekyi nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔremuka no mu. 12 “Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntama bibiri kyekyere ho a wɔde abirekyi nhoma asan akyekyere ho na wɔde ato mpata a wɔde soa no so. 13 “Ɛsɛ sɛ wotu nsõ no nyinaa fi afɔremuka no mu gu, na wɔde ntama kɔkɔɔ kyekyere ho. 14 Ɛsɛ sɛ wɔde afɔremuka no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntama no so. Saa nneɛma no ne nkankyee a wɔnoa mu, adinam, sofi, ne nkankyee a wɔde nsu a wɔde pete gu mu. Ɛsɛ sɛ wɔde abirekyi nhoma kata ne nyinaa so na wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde gu. 15 “Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafo bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wonni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho tew no bi. Wɔyɛ saa a, wobewuwu. Ɛsɛ sɛ Kohat mmabarima no soa nneɛma a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no. 16 “Aaron babarima Eleasar a ɔyɛ ɔsɔfo no na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhuam, daa aduan a wɔde bɔ afɔre, ɔsra ngo ne Ahyiae Ntamadan no nyinaa so. Biribiara a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.” 17 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 18 “Monhwɛ sɛ wɔrentwa Kohatfo abusuakuw no mfi Lewifo mu. 19 Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho tew no a, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu ni: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn ade a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa. 20 Ɛnsɛ sɛ Kohatfo no kɔ hɔ kɔhwɛ akronkronne no koraa, na wɔanwuwu.” 21 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 22 “Kan Gerson asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no, 23 fi mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ no so. 24 “Gerson mmusua no dwuma a wobedi ni: 25 Wɔbɛsoa ntama a etwa Ahyiae Ntamadan mu hɔ, Ahyiae Ntamadan no ankasa ne nea ɛkata ho, abirekyi nhoma nkuruso ne ntama a ɛsɛn Ahyiae Ntamadan no ano no. 26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adiwo hɔ fasu no ho no. Wɔbɛsoa ntama a etwa adiwo hɔ kwan no ano ne afɔremuka ne Ahyiae Ntamadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔremuka no, ntampehama ne nea ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ twe eyinom nyinaa. 27 Aaron anaa ne mmabarima no bi tumi ma Gerson asefo no bi dwuma di. 28 Eyi ne Gersonfo no adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɛsɛ sɛ wodi Aaron ba Itamar a ɔyɛ ɔsɔfo no nan ase. 29 “Kan Merari asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no. 30 Kan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum so a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ. 31 Sɛ wɔpagyaw Ahyiae Ntamadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinaso, nnua a esisi mu, ne nsisiso, 32 mpuran a wɔde yɛɛ adiwo hɔ afasu no ne ne nsisiso, nnyinaso, ntampehama ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadi ahorow no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn din no nsa. 33 Merari asefo no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.” 34 Enti Mose ne Aaron ne mpanyimfo no bi kɔkan Kohatfo 35 a mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum nyinaa a wobetumi ayɛ Ahyiae Ntamadan mu adwuma ka ho, 36 na wohuu sɛ wɔn nyinaa dodow yɛ mpem abien ne ahanson aduonum. 37 Eyinom ne Kohat asefo dodow a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu Wɔyɛɛ eyinom nyinaa de dii AWURADE ahyɛde a ɔmaa Mose no so. 38 Wɔkan Gersonfo no mmusua ne wɔn mmusuakuw. 39 Wɔkan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 40 Wɔn nyinaa dodow yɛɛ mpem abien ahansia ne aduasa. 41 Enti na Gersonfo a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no. 42 Merarifo no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuw. 43 Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 44 Wɔn nyinaa dodow yɛɛ mpem abiɛsa ne ahannu. 45 Enti Merarifo a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanyimfo nam Lewifo no mmusua ne wɔn afi so kan wɔn nyinaa. 47 Mmarima a na wɔadi fi mfe aduasa kosi mfe aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no 48 dodow yɛ mpem ahanwɔtwe ahannum ne aduɔwɔtwe. 49 AWURADE hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no nti na wɔnam so kan nnipa no.

In Other Versions

Numbers 4 in the ANGEFD

Numbers 4 in the ANTPNG2D

Numbers 4 in the AS21

Numbers 4 in the BAGH

Numbers 4 in the BBPNG

Numbers 4 in the BBT1E

Numbers 4 in the BDS

Numbers 4 in the BEV

Numbers 4 in the BHAD

Numbers 4 in the BIB

Numbers 4 in the BLPT

Numbers 4 in the BNT

Numbers 4 in the BNTABOOT

Numbers 4 in the BNTLV

Numbers 4 in the BOATCB

Numbers 4 in the BOBCV

Numbers 4 in the BOCNT

Numbers 4 in the BOECS

Numbers 4 in the BOGWICC

Numbers 4 in the BOHCB

Numbers 4 in the BOHCV

Numbers 4 in the BOHLNT

Numbers 4 in the BOHNTLTAL

Numbers 4 in the BOICB

Numbers 4 in the BOILNTAP

Numbers 4 in the BOITCV

Numbers 4 in the BOKCV

Numbers 4 in the BOKCV2

Numbers 4 in the BOKHWOG

Numbers 4 in the BOKSSV

Numbers 4 in the BOLCB

Numbers 4 in the BOLCB2

Numbers 4 in the BOMCV

Numbers 4 in the BONAV

Numbers 4 in the BONCB

Numbers 4 in the BONLT

Numbers 4 in the BONUT2

Numbers 4 in the BOPLNT

Numbers 4 in the BOSCB

Numbers 4 in the BOSNC

Numbers 4 in the BOTLNT

Numbers 4 in the BOVCB

Numbers 4 in the BOYCB

Numbers 4 in the BPBB

Numbers 4 in the BPH

Numbers 4 in the BSB

Numbers 4 in the CCB

Numbers 4 in the CUV

Numbers 4 in the CUVS

Numbers 4 in the DBT

Numbers 4 in the DGDNT

Numbers 4 in the DHNT

Numbers 4 in the DNT

Numbers 4 in the ELBE

Numbers 4 in the EMTV

Numbers 4 in the ESV

Numbers 4 in the FBV

Numbers 4 in the FEB

Numbers 4 in the GGMNT

Numbers 4 in the GNT

Numbers 4 in the HARY

Numbers 4 in the HNT

Numbers 4 in the IRVA

Numbers 4 in the IRVB

Numbers 4 in the IRVG

Numbers 4 in the IRVH

Numbers 4 in the IRVK

Numbers 4 in the IRVM

Numbers 4 in the IRVM2

Numbers 4 in the IRVO

Numbers 4 in the IRVP

Numbers 4 in the IRVT

Numbers 4 in the IRVT2

Numbers 4 in the IRVU

Numbers 4 in the ISVN

Numbers 4 in the JSNT

Numbers 4 in the KAPI

Numbers 4 in the KBT1ETNIK

Numbers 4 in the KBV

Numbers 4 in the KJV

Numbers 4 in the KNFD

Numbers 4 in the LBA

Numbers 4 in the LBLA

Numbers 4 in the LNT

Numbers 4 in the LSV

Numbers 4 in the MAAL

Numbers 4 in the MBV

Numbers 4 in the MBV2

Numbers 4 in the MHNT

Numbers 4 in the MKNFD

Numbers 4 in the MNG

Numbers 4 in the MNT

Numbers 4 in the MNT2

Numbers 4 in the MRS1T

Numbers 4 in the NAA

Numbers 4 in the NASB

Numbers 4 in the NBLA

Numbers 4 in the NBS

Numbers 4 in the NBVTP

Numbers 4 in the NET2

Numbers 4 in the NIV11

Numbers 4 in the NNT

Numbers 4 in the NNT2

Numbers 4 in the NNT3

Numbers 4 in the PDDPT

Numbers 4 in the PFNT

Numbers 4 in the RMNT

Numbers 4 in the SBIAS

Numbers 4 in the SBIBS

Numbers 4 in the SBIBS2

Numbers 4 in the SBICS

Numbers 4 in the SBIDS

Numbers 4 in the SBIGS

Numbers 4 in the SBIHS

Numbers 4 in the SBIIS

Numbers 4 in the SBIIS2

Numbers 4 in the SBIIS3

Numbers 4 in the SBIKS

Numbers 4 in the SBIKS2

Numbers 4 in the SBIMS

Numbers 4 in the SBIOS

Numbers 4 in the SBIPS

Numbers 4 in the SBISS

Numbers 4 in the SBITS

Numbers 4 in the SBITS2

Numbers 4 in the SBITS3

Numbers 4 in the SBITS4

Numbers 4 in the SBIUS

Numbers 4 in the SBIVS

Numbers 4 in the SBT

Numbers 4 in the SBT1E

Numbers 4 in the SCHL

Numbers 4 in the SNT

Numbers 4 in the SUSU

Numbers 4 in the SUSU2

Numbers 4 in the SYNO

Numbers 4 in the TBIAOTANT

Numbers 4 in the TBT1E

Numbers 4 in the TBT1E2

Numbers 4 in the TFTIP

Numbers 4 in the TFTU

Numbers 4 in the TGNTATF3T

Numbers 4 in the THAI

Numbers 4 in the TNFD

Numbers 4 in the TNT

Numbers 4 in the TNTIK

Numbers 4 in the TNTIL

Numbers 4 in the TNTIN

Numbers 4 in the TNTIP

Numbers 4 in the TNTIZ

Numbers 4 in the TOMA

Numbers 4 in the TTENT

Numbers 4 in the UBG

Numbers 4 in the UGV

Numbers 4 in the UGV2

Numbers 4 in the UGV3

Numbers 4 in the VBL

Numbers 4 in the VDCC

Numbers 4 in the YALU

Numbers 4 in the YAPE

Numbers 4 in the YBVTP

Numbers 4 in the ZBP