Psalms 45 (BOATCB)
undefined Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom. 1 Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakomaɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no;me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua. 2 Wodi mu wɔ mmarima muna wɔde adom bi asra wʼano,ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti. 3 Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ;fa animuonyam ne kɛseyɛ fira. 4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie sowɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu;ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi. 5 Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu;na ma amanaman nhwe wo nan ase. 6 Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa;tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma. 7 Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne.Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,na ɔde anigyeɛ ngo asra wo. 8 Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa;sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho muma wʼani gye. 9 Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho;wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. 10 Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie;ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie. 11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani;di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura. 12 Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba;mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo. 13 Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔwɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu. 14 Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene;ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyina wɔde wɔn nyinaa brɛ wo. 15 Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu;wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie. 16 Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmuwobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa. 17 Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu;ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.