Psalms 54 (BOATCB)
undefined Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.” 1 Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;fa wo tumi di mʼasɛm ma me. 2 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ;tie mʼanom nsɛm. 3 Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so.Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me;nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. 4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ;Awurade ne me hwɛfoɔ. 5 Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so;wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn. 6 Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo;Ao AWURADE, mɛyi wo din ayɛ,ɛfiri sɛ ɛyɛ. 7 Woagye me afiri me haw nyinaa mu,na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.