Psalms 61 (BOATCB)
undefined Dawid dwom. 1 Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ;tie me mpaeɛbɔ. 2 Mefiri asase ano frɛ wo,mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha;fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so. 3 Woayɛ me dwanekɔbea,aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no. 4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔna manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. 5 Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn;na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me. 6 To ɔhene nkwa nna mu bebree;na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ. 7 Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa.Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban. 8 Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daana madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.