1 Kings 16 (BOATCB2)

1 Na AWURADE asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ, 2 “Mepagyaw wo fii mfutuma mu, de wo tuaa me nkurɔfo Israel ano. Nanso wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfo Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛɛ no hyɛɛ me abufuw. 3 Enti merebɛsɛe Baasa ne ne fi, na mɛyɛ wo fi te sɛ Nebat babarima Yeroboam de. 4 Wɔn a wobewuwu wɔ kurow no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no de, akraman bɛwe wɔn nam. Na wim nnomaa na wɔbɛsosɔw wɔn a wobewuwu wɔ wuram no.” 5 Na Baasa adedi ne ɛho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nkɔso no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 6 Baasa wui no, wosiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼade sɛ ɔhene. 7 Na AWURADE asɛm nam Hanani babarima odiyifo Yehu so baa Baasa ne ne fifo so, esiane bɔne dodow a na wayɛ wɔ AWURADE ani so no nti. Saa nneyɛe no hyɛɛ AWURADE abufuw. Na ɔyɛɛ sɛnea ɔyɛɛ Yeroboam fi no ara pɛ, efisɛ Baasa nso sɛee Yeroboam fi. 8 Baasa babarima Ela fitii ase dii Israel so wɔ Tirsa a saa bere no, na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu asia. Odii hene wɔ Israel mfe abien. 9 Na Simri, a na ɔyɛ ɔsafohene wɔ adehye nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔw sɛ obekum Ela. Da bi, Ela bow nsa wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo no fi wɔ Tirsa. 10 Simri kɔɔ hɔ de ade kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wui. Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no afe a ɛto so aduonu ason mu. Enti Simri bɛyɛɛ ɔhene a odi so. 11 Ɛhɔ ara, Simri kunkum Baasa adehye abusua no mu nnipa nyinaa a wannyaw ɔbarima baako koraa; na wanhwɛ sɛ ɔyɛ obusuani anaa adamfo mpo. 12 Simri sɛee Baasa ahenni nnidiso no, sɛnea na Awurade afa odiyifo Yehu so ahyɛ no. 13 Eyinom sii esiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodow a wodii Israel anim ma wɔyɛɛ no nti. Wɔde wɔn abosom huhuw hyɛɛ Onyankopɔn abufuw. 14 Ela ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 15 Simri tenaa Tirsa dii ade wɔ Israel, bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu ason mu, nanso odii ade nnanson pɛ. Bere a Israel asraafo a na wɔrekɔtow ahyɛ Filistifo kurow Gibeton so no 16 tee sɛ Simri akum ɔhene no, woyii ɔsahene Omri de no dii ade sɛ wɔn hene foforo. 17 Enti Omri dii Israel asraafo anim, fi Gibeton kotuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkurow no. 18 Bere a Simri huu sɛ wɔafa kurow no, ɔkɔɔ ɔhene atenae hɔ wɔ ne fi, na ɔhyew hɔ ne ne ho frae, maa owui wɔ ogyatannaa no mu. 19 Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛe no so. 20 Simri adedi ho nsɛm nkae ne ne pɔw bɔne a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 21 Na afei, na Israelfo no mu akyɛ abien. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so hene, na ɔfa a aka no nso gyinaa Omri akyi. 22 Nanso Omri akyidifo no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifo no so. Enti wokum Tibni, maa Omri dii ɔhene. 23 Omri fi ase dii hene wɔ Israel, bere a ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, odii ade mfe dumien a ɔde emu asia tenaa Tirsa. 24 Na Omri tɔɔ bepɔw bi a mprempren wɔfrɛ no Samaria fii ne wura Semer nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia awotwe. Ɔkyekyeree kurow wɔ so, na ɔtoo kurow no din Samaria, de hyɛɛ Semer anuonyam. 25 Nanso Omri yɛɛ bɔne AWURADE ani so, na mpo, ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no de. 26 Odii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no. Ɔde eyi hyɛɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, abufuw. 27 Omri adedi ho nsɛm nkae no ne nea ne tumi ano kosi ne ne dwuma a odii no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 28 Omri wui no, wosiee no wɔ Samaria. Na ne babarima Ahab na odii nʼade sɛ ɔhene. 29 Omri ba Ahab fii ase dii Israel so hene bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa awotwe mu. Odii ade wɔ Samaria mfe aduonu abien. 30 Nanso Ahab yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Mpo, na ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no nyinaa mu biara de. 31 Na ɔyɛɛ nea Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfohene Etbaal babea, na ofii ase som Baal, sɔree no. 32 Nea edi kan no, osii abosomfi ne afɔremuka maa Baal wɔ Samaria. 33 Afei, osii Asera dua. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn abufuw sen ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa. 34 Ahab ahenni so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ofi Bet-El san kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wui. Na otintim abɔntenpon de wiee no nso, ne kaakyiri Segub nso wui. Eyi nyinaa sisii, sɛnea asɛm a efi AWURADE nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kae no te.

In Other Versions

1 Kings 16 in the ANGEFD

1 Kings 16 in the ANTPNG2D

1 Kings 16 in the AS21

1 Kings 16 in the BAGH

1 Kings 16 in the BBPNG

1 Kings 16 in the BBT1E

1 Kings 16 in the BDS

1 Kings 16 in the BEV

1 Kings 16 in the BHAD

1 Kings 16 in the BIB

1 Kings 16 in the BLPT

1 Kings 16 in the BNT

1 Kings 16 in the BNTABOOT

1 Kings 16 in the BNTLV

1 Kings 16 in the BOATCB

1 Kings 16 in the BOBCV

1 Kings 16 in the BOCNT

1 Kings 16 in the BOECS

1 Kings 16 in the BOGWICC

1 Kings 16 in the BOHCB

1 Kings 16 in the BOHCV

1 Kings 16 in the BOHLNT

1 Kings 16 in the BOHNTLTAL

1 Kings 16 in the BOICB

1 Kings 16 in the BOILNTAP

1 Kings 16 in the BOITCV

1 Kings 16 in the BOKCV

1 Kings 16 in the BOKCV2

1 Kings 16 in the BOKHWOG

1 Kings 16 in the BOKSSV

1 Kings 16 in the BOLCB

1 Kings 16 in the BOLCB2

1 Kings 16 in the BOMCV

1 Kings 16 in the BONAV

1 Kings 16 in the BONCB

1 Kings 16 in the BONLT

1 Kings 16 in the BONUT2

1 Kings 16 in the BOPLNT

1 Kings 16 in the BOSCB

1 Kings 16 in the BOSNC

1 Kings 16 in the BOTLNT

1 Kings 16 in the BOVCB

1 Kings 16 in the BOYCB

1 Kings 16 in the BPBB

1 Kings 16 in the BPH

1 Kings 16 in the BSB

1 Kings 16 in the CCB

1 Kings 16 in the CUV

1 Kings 16 in the CUVS

1 Kings 16 in the DBT

1 Kings 16 in the DGDNT

1 Kings 16 in the DHNT

1 Kings 16 in the DNT

1 Kings 16 in the ELBE

1 Kings 16 in the EMTV

1 Kings 16 in the ESV

1 Kings 16 in the FBV

1 Kings 16 in the FEB

1 Kings 16 in the GGMNT

1 Kings 16 in the GNT

1 Kings 16 in the HARY

1 Kings 16 in the HNT

1 Kings 16 in the IRVA

1 Kings 16 in the IRVB

1 Kings 16 in the IRVG

1 Kings 16 in the IRVH

1 Kings 16 in the IRVK

1 Kings 16 in the IRVM

1 Kings 16 in the IRVM2

1 Kings 16 in the IRVO

1 Kings 16 in the IRVP

1 Kings 16 in the IRVT

1 Kings 16 in the IRVT2

1 Kings 16 in the IRVU

1 Kings 16 in the ISVN

1 Kings 16 in the JSNT

1 Kings 16 in the KAPI

1 Kings 16 in the KBT1ETNIK

1 Kings 16 in the KBV

1 Kings 16 in the KJV

1 Kings 16 in the KNFD

1 Kings 16 in the LBA

1 Kings 16 in the LBLA

1 Kings 16 in the LNT

1 Kings 16 in the LSV

1 Kings 16 in the MAAL

1 Kings 16 in the MBV

1 Kings 16 in the MBV2

1 Kings 16 in the MHNT

1 Kings 16 in the MKNFD

1 Kings 16 in the MNG

1 Kings 16 in the MNT

1 Kings 16 in the MNT2

1 Kings 16 in the MRS1T

1 Kings 16 in the NAA

1 Kings 16 in the NASB

1 Kings 16 in the NBLA

1 Kings 16 in the NBS

1 Kings 16 in the NBVTP

1 Kings 16 in the NET2

1 Kings 16 in the NIV11

1 Kings 16 in the NNT

1 Kings 16 in the NNT2

1 Kings 16 in the NNT3

1 Kings 16 in the PDDPT

1 Kings 16 in the PFNT

1 Kings 16 in the RMNT

1 Kings 16 in the SBIAS

1 Kings 16 in the SBIBS

1 Kings 16 in the SBIBS2

1 Kings 16 in the SBICS

1 Kings 16 in the SBIDS

1 Kings 16 in the SBIGS

1 Kings 16 in the SBIHS

1 Kings 16 in the SBIIS

1 Kings 16 in the SBIIS2

1 Kings 16 in the SBIIS3

1 Kings 16 in the SBIKS

1 Kings 16 in the SBIKS2

1 Kings 16 in the SBIMS

1 Kings 16 in the SBIOS

1 Kings 16 in the SBIPS

1 Kings 16 in the SBISS

1 Kings 16 in the SBITS

1 Kings 16 in the SBITS2

1 Kings 16 in the SBITS3

1 Kings 16 in the SBITS4

1 Kings 16 in the SBIUS

1 Kings 16 in the SBIVS

1 Kings 16 in the SBT

1 Kings 16 in the SBT1E

1 Kings 16 in the SCHL

1 Kings 16 in the SNT

1 Kings 16 in the SUSU

1 Kings 16 in the SUSU2

1 Kings 16 in the SYNO

1 Kings 16 in the TBIAOTANT

1 Kings 16 in the TBT1E

1 Kings 16 in the TBT1E2

1 Kings 16 in the TFTIP

1 Kings 16 in the TFTU

1 Kings 16 in the TGNTATF3T

1 Kings 16 in the THAI

1 Kings 16 in the TNFD

1 Kings 16 in the TNT

1 Kings 16 in the TNTIK

1 Kings 16 in the TNTIL

1 Kings 16 in the TNTIN

1 Kings 16 in the TNTIP

1 Kings 16 in the TNTIZ

1 Kings 16 in the TOMA

1 Kings 16 in the TTENT

1 Kings 16 in the UBG

1 Kings 16 in the UGV

1 Kings 16 in the UGV2

1 Kings 16 in the UGV3

1 Kings 16 in the VBL

1 Kings 16 in the VDCC

1 Kings 16 in the YALU

1 Kings 16 in the YAPE

1 Kings 16 in the YBVTP

1 Kings 16 in the ZBP