1 Samuel 15 (BOATCB2)

1 Da bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a efi AWURADE nkyɛn no. 2 Asɛm a Asafo AWURADE se ni, ‘Me ne Amalekfo bedi wɔ nea wɔyɛ de tiaa Israelfo bere a na wofi Misraim reba no ho. 3 Enti kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.’ ” 4 Enti Saulo frɛɛ nʼakofo boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodow yɛ mpem ahannu ne mpem du nso a wofi Yuda. 5 Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛw obon no mu. 6 Na ɔkraa Kenifo no se, “Mumfi nea Amalekfo no te hɔ na mansɛe mo ne wɔn, efisɛ Israelfo no fi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yiye.” Enti Kenifo no twee wɔn ho fi Amalekfo no ho. 7 Na Saulo kunkum Amalekfo no fii Hawila kosii Sur wɔ Misraim apuei fam. 8 Ɔkyeree Amalekfo hene Agag anikann, nanso okunkum nnipa no nyinaa. 9 Na Saulo ne nʼakofo no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nguan pa, anantwi pa ne anantwi ne nguamma a wɔadodɔ srade ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee nea so nni wɔn mfaso na enni mu nyinaa. 10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel se, 11 “Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, efisɛ wanni me nokware, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haw Samuel, na osu frɛɛ AWURADE anadwo mu no nyinaa. 12 Ade kyee no, Samuel sɔree ntɛm kohyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no se, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekosi nkaedum de ahyɛ ne ho anuonyam, na ofii hɔ kɔɔ Gilgal.” 13 Samuel kɔtoo no no, Saulo kyiaa no anigye so se, “AWURADE nhyira wo. Madi AWURADE ahyɛde no so.” 14 Samuel bisae se, “Na dɛn ne nguan ne anantwi su a mete yi?” 15 Saulo gye too mu se, “Ɛyɛ nokware sɛ asraafo no amfa wɔn nsa anka nguan pa ne anantwi pa no. Nanso wɔde eyi rebɛbɔ afɔre ama AWURADE, wo Nyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no de, yɛasɛe no.” 16 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Gyae! Tie asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu yi.”Saulo bisaa se, “Dɛn asɛm?” 17 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Ebia wubu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wudii Israel mmusuakuw nyinaa so no? AWURADE asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. 18 Na ɔsomaa wo sɛ kodi dwuma bi ma no, na osee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumɔyɛfo a ɛyɛ Amalekfo no pasapasa, kosi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dwerɛbee.’ 19 Adɛn nti na woantie AWURADE? Adɛn nti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ nea AWURADE kaa se monnyɛ?” 20 Saulo nso kaa no denneennen se, “Mitiee AWURADE. Nea ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛe. Mede ɔhene Agag san bae. Na wɔn a aka no de, mesɛee wɔn nyinaa. 21 Na mʼakofo no nso de nguan pa, anantwi pa ne asade bae sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama AWURADE, wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.” 22 Na Samuel buae se,“Nea ɛwɔ he na ɛsɔ AWURADE ani:sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre,anaasɛ wobɛyɛ osetie ama AWURADE nne?Osetie ye sen afɔrebɔ.Sɛ wubetie no no ye sen sɛ wode adwennini akɛse srade bɛma. 23 Atuatew te sɛ bayi,na asoɔden nso te sɛ ahonisom.Esiane sɛ woapo AWURADE asɛm no nti,ɔno nso apo wʼahenni.” 24 Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel se, “Mayɛ bɔne. Manni AWURADE ahyɛde ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na misuro nnipa no nti na meyɛɛ wɔn apɛde maa wɔn no. 25 Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom AWURADE.” 26 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Merensan ne wo nkɔ. Woapo AWURADE ahyɛde enti AWURADE nso apo wʼahenni!” 27 Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo soo nʼatade mu pɛɛ sɛ ɔsan no, na atade no mu suanee. 28 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ efi nnɛ, AWURADE atew Israel ahemman mu afi wo ho de ama obi foforo a oye sen wo. 29 Nea ɔyɛ Israel Anuonyam no nni atoro na ɔnsesa nʼadwene; efisɛ ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.” 30 Saulo srɛɛ bio se, “Minim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me anuonyam wɔ me mpanyimfo ne me nkurɔfo anim; wo ne me nkɔsom AWURADE, wo Nyankopɔn.” 31 Enti Samuel pene ne Saulo san kɔe, na Saulo som AWURADE. 32 Afei, Samuel kaa se, “Fa ɔhene Agag brɛ me.”Agag baa ne nkyɛn gyidi mu, susuw sɛ ɛhɔ a wakɔ no de, owu apare no. 33 Nanso Samuel kae se,“Sɛnea wʼafoa akum mmea bi mmabarima no,wo nso wo na bɛyɛ ɔbea a onni ba.”Enti Samuel twitwaa Agag mu nketenkete AWURADE anim wɔ Gilgal. 34 Na Samuel fi hɔ kɔɔ Rama na Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea. 35 Samuel anhyia Saulo bio nanso odii ne ho yaw bebree. Na Awurade nuu ne ho sɛ osii Saulo hene wɔ Israel so.

In Other Versions

1 Samuel 15 in the ANGEFD

1 Samuel 15 in the ANTPNG2D

1 Samuel 15 in the AS21

1 Samuel 15 in the BAGH

1 Samuel 15 in the BBPNG

1 Samuel 15 in the BBT1E

1 Samuel 15 in the BDS

1 Samuel 15 in the BEV

1 Samuel 15 in the BHAD

1 Samuel 15 in the BIB

1 Samuel 15 in the BLPT

1 Samuel 15 in the BNT

1 Samuel 15 in the BNTABOOT

1 Samuel 15 in the BNTLV

1 Samuel 15 in the BOATCB

1 Samuel 15 in the BOBCV

1 Samuel 15 in the BOCNT

1 Samuel 15 in the BOECS

1 Samuel 15 in the BOGWICC

1 Samuel 15 in the BOHCB

1 Samuel 15 in the BOHCV

1 Samuel 15 in the BOHLNT

1 Samuel 15 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 15 in the BOICB

1 Samuel 15 in the BOILNTAP

1 Samuel 15 in the BOITCV

1 Samuel 15 in the BOKCV

1 Samuel 15 in the BOKCV2

1 Samuel 15 in the BOKHWOG

1 Samuel 15 in the BOKSSV

1 Samuel 15 in the BOLCB

1 Samuel 15 in the BOLCB2

1 Samuel 15 in the BOMCV

1 Samuel 15 in the BONAV

1 Samuel 15 in the BONCB

1 Samuel 15 in the BONLT

1 Samuel 15 in the BONUT2

1 Samuel 15 in the BOPLNT

1 Samuel 15 in the BOSCB

1 Samuel 15 in the BOSNC

1 Samuel 15 in the BOTLNT

1 Samuel 15 in the BOVCB

1 Samuel 15 in the BOYCB

1 Samuel 15 in the BPBB

1 Samuel 15 in the BPH

1 Samuel 15 in the BSB

1 Samuel 15 in the CCB

1 Samuel 15 in the CUV

1 Samuel 15 in the CUVS

1 Samuel 15 in the DBT

1 Samuel 15 in the DGDNT

1 Samuel 15 in the DHNT

1 Samuel 15 in the DNT

1 Samuel 15 in the ELBE

1 Samuel 15 in the EMTV

1 Samuel 15 in the ESV

1 Samuel 15 in the FBV

1 Samuel 15 in the FEB

1 Samuel 15 in the GGMNT

1 Samuel 15 in the GNT

1 Samuel 15 in the HARY

1 Samuel 15 in the HNT

1 Samuel 15 in the IRVA

1 Samuel 15 in the IRVB

1 Samuel 15 in the IRVG

1 Samuel 15 in the IRVH

1 Samuel 15 in the IRVK

1 Samuel 15 in the IRVM

1 Samuel 15 in the IRVM2

1 Samuel 15 in the IRVO

1 Samuel 15 in the IRVP

1 Samuel 15 in the IRVT

1 Samuel 15 in the IRVT2

1 Samuel 15 in the IRVU

1 Samuel 15 in the ISVN

1 Samuel 15 in the JSNT

1 Samuel 15 in the KAPI

1 Samuel 15 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 15 in the KBV

1 Samuel 15 in the KJV

1 Samuel 15 in the KNFD

1 Samuel 15 in the LBA

1 Samuel 15 in the LBLA

1 Samuel 15 in the LNT

1 Samuel 15 in the LSV

1 Samuel 15 in the MAAL

1 Samuel 15 in the MBV

1 Samuel 15 in the MBV2

1 Samuel 15 in the MHNT

1 Samuel 15 in the MKNFD

1 Samuel 15 in the MNG

1 Samuel 15 in the MNT

1 Samuel 15 in the MNT2

1 Samuel 15 in the MRS1T

1 Samuel 15 in the NAA

1 Samuel 15 in the NASB

1 Samuel 15 in the NBLA

1 Samuel 15 in the NBS

1 Samuel 15 in the NBVTP

1 Samuel 15 in the NET2

1 Samuel 15 in the NIV11

1 Samuel 15 in the NNT

1 Samuel 15 in the NNT2

1 Samuel 15 in the NNT3

1 Samuel 15 in the PDDPT

1 Samuel 15 in the PFNT

1 Samuel 15 in the RMNT

1 Samuel 15 in the SBIAS

1 Samuel 15 in the SBIBS

1 Samuel 15 in the SBIBS2

1 Samuel 15 in the SBICS

1 Samuel 15 in the SBIDS

1 Samuel 15 in the SBIGS

1 Samuel 15 in the SBIHS

1 Samuel 15 in the SBIIS

1 Samuel 15 in the SBIIS2

1 Samuel 15 in the SBIIS3

1 Samuel 15 in the SBIKS

1 Samuel 15 in the SBIKS2

1 Samuel 15 in the SBIMS

1 Samuel 15 in the SBIOS

1 Samuel 15 in the SBIPS

1 Samuel 15 in the SBISS

1 Samuel 15 in the SBITS

1 Samuel 15 in the SBITS2

1 Samuel 15 in the SBITS3

1 Samuel 15 in the SBITS4

1 Samuel 15 in the SBIUS

1 Samuel 15 in the SBIVS

1 Samuel 15 in the SBT

1 Samuel 15 in the SBT1E

1 Samuel 15 in the SCHL

1 Samuel 15 in the SNT

1 Samuel 15 in the SUSU

1 Samuel 15 in the SUSU2

1 Samuel 15 in the SYNO

1 Samuel 15 in the TBIAOTANT

1 Samuel 15 in the TBT1E

1 Samuel 15 in the TBT1E2

1 Samuel 15 in the TFTIP

1 Samuel 15 in the TFTU

1 Samuel 15 in the TGNTATF3T

1 Samuel 15 in the THAI

1 Samuel 15 in the TNFD

1 Samuel 15 in the TNT

1 Samuel 15 in the TNTIK

1 Samuel 15 in the TNTIL

1 Samuel 15 in the TNTIN

1 Samuel 15 in the TNTIP

1 Samuel 15 in the TNTIZ

1 Samuel 15 in the TOMA

1 Samuel 15 in the TTENT

1 Samuel 15 in the UBG

1 Samuel 15 in the UGV

1 Samuel 15 in the UGV2

1 Samuel 15 in the UGV3

1 Samuel 15 in the VBL

1 Samuel 15 in the VDCC

1 Samuel 15 in the YALU

1 Samuel 15 in the YAPE

1 Samuel 15 in the YBVTP

1 Samuel 15 in the ZBP