2 Chronicles 33 (BOATCB2)

1 Bere a Manase dii ade no, na wadi mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. 2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a AWURADE apam afi asase a ɛda Israel anim no so no. 3 Ɔsan sisii nsɔree a nʼagya Hesekia sɛee no no. Osii afɔremuka maa Baal ahoni, sisii Asera nnua. Ɔsan kotow nsoromma a ɛwɔ wim no nyinaa, som wɔn. 4 Mpo, osisii abosonsom afɔremuka wɔ AWURADE Asɔredan mu, baabi a AWURADE aka se, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wodi ne din ni afebɔɔ no. 5 Osisii saa afɔremuka no wɔ AWURADE Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no. 6 Manase de ɔno ankasa mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bon mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ samanfrɛfo ne adunsifo nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, maa AWURADE bo fuwii. 7 Na Manase faa ohoni a wasen, de kosii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kosii beae koro no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wobedi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afi mmusuakuw a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no. 8 Sɛ Israelfo di mʼahyɛde nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so mae no nyinaa so a, merentwa wɔn asu mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so.” 9 Nanso Manase dii ɔmanfo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim maa wɔyɛɛ bɔnetraso sen abosonsom aman a AWURADE sɛee wɔn, bere a Israelfo kɔɔ asase no so no. 10 AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfo no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara. 11 Enti AWURADE maa Asiriafo asraafo bɛfaa Manase yɛɛ no odeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafrae nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia. 12 Na bere a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ AWURADE, ne Nyankopɔn akyi kwan, na ɔde ahobrɛase su frɛɛ nʼagyanom Nyankopɔn. 13 Na bere a ɔbɔɔ mpae no, AWURADE tiee no, na ne sufrɛ no kaa ne koma. Enti AWURADE maa Manase san kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahenni mu. Afei, Manase tee ase sɛ AWURADE nko ara ne Onyankopɔn. 14 Eyi akyi no, Manase san sisii Dawid kuropɔn abɔnten afasu; efi Gihon asuti atɔe fam a ɛwɔ Kidron bon mu, de kɔ Apataa Pon ano, kosi Ofel bepɔw so a wosi ma ɛkɔɔ soro yiye no. Na oduaa nʼasraafo mpanyimfo no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. 15 Manase san tutuu ananafo anyame fii mmepɔw no so. Ɔsan tutuu anyame ne ahoni no fii AWURADE Asɔredan mu. Obubuu afɔremuka a wasisi wɔ bepɔw so, faako a Asɔredan no si, ne afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔtow guu kuropɔn no mfikyiri. 16 Na ɔsan sii AWURADE afɔremuka no, bɔɔ asomdwoe afɔre ne aseda afɔre wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfo no nkuran sɛ, wɔnsom AWURADE, Israel Nyankopɔn no. 17 Nanso na ɔmanfo no da so bɔ afɔre wɔ abosonsom nsɔree so, a na wɔbɔ ma AWURADE wɔn Nyankopɔn no ara. 18 Manase adedi ho nsɛm nkae, ne mpae a ɔbɔɔ srɛɛ Onyankopɔn ne nsɛm a adehufo ka kyerɛɛ no wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔakyerɛw agu Israel ahemfo nhoma mu. 19 Manase mpae, ɔkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atoro a odii nyinaa ho nsɛm, wɔakyerɛw agu adehufo nhoma mu. Faako a osii abosonsom nsɔree so, sisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho. 20 Bere a Manase wui no, wosiee no wɔ nʼahemfi. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a odi hɔ. 21 Bere a Amon dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. 22 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no. Ɔsom ahoni a nʼagya yɛe no nyinaa, bɔɔ afɔre maa wɔn. 23 Nanso wansɛ nʼagya Manase, efisɛ wammrɛ ne ho ase amma AWURADE. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so. 24 Akyiri no, Amon no ara mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ nʼahemfi. 25 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 33 in the ANGEFD

2 Chronicles 33 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 33 in the AS21

2 Chronicles 33 in the BAGH

2 Chronicles 33 in the BBPNG

2 Chronicles 33 in the BBT1E

2 Chronicles 33 in the BDS

2 Chronicles 33 in the BEV

2 Chronicles 33 in the BHAD

2 Chronicles 33 in the BIB

2 Chronicles 33 in the BLPT

2 Chronicles 33 in the BNT

2 Chronicles 33 in the BNTABOOT

2 Chronicles 33 in the BNTLV

2 Chronicles 33 in the BOATCB

2 Chronicles 33 in the BOBCV

2 Chronicles 33 in the BOCNT

2 Chronicles 33 in the BOECS

2 Chronicles 33 in the BOGWICC

2 Chronicles 33 in the BOHCB

2 Chronicles 33 in the BOHCV

2 Chronicles 33 in the BOHLNT

2 Chronicles 33 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 33 in the BOICB

2 Chronicles 33 in the BOILNTAP

2 Chronicles 33 in the BOITCV

2 Chronicles 33 in the BOKCV

2 Chronicles 33 in the BOKCV2

2 Chronicles 33 in the BOKHWOG

2 Chronicles 33 in the BOKSSV

2 Chronicles 33 in the BOLCB

2 Chronicles 33 in the BOLCB2

2 Chronicles 33 in the BOMCV

2 Chronicles 33 in the BONAV

2 Chronicles 33 in the BONCB

2 Chronicles 33 in the BONLT

2 Chronicles 33 in the BONUT2

2 Chronicles 33 in the BOPLNT

2 Chronicles 33 in the BOSCB

2 Chronicles 33 in the BOSNC

2 Chronicles 33 in the BOTLNT

2 Chronicles 33 in the BOVCB

2 Chronicles 33 in the BOYCB

2 Chronicles 33 in the BPBB

2 Chronicles 33 in the BPH

2 Chronicles 33 in the BSB

2 Chronicles 33 in the CCB

2 Chronicles 33 in the CUV

2 Chronicles 33 in the CUVS

2 Chronicles 33 in the DBT

2 Chronicles 33 in the DGDNT

2 Chronicles 33 in the DHNT

2 Chronicles 33 in the DNT

2 Chronicles 33 in the ELBE

2 Chronicles 33 in the EMTV

2 Chronicles 33 in the ESV

2 Chronicles 33 in the FBV

2 Chronicles 33 in the FEB

2 Chronicles 33 in the GGMNT

2 Chronicles 33 in the GNT

2 Chronicles 33 in the HARY

2 Chronicles 33 in the HNT

2 Chronicles 33 in the IRVA

2 Chronicles 33 in the IRVB

2 Chronicles 33 in the IRVG

2 Chronicles 33 in the IRVH

2 Chronicles 33 in the IRVK

2 Chronicles 33 in the IRVM

2 Chronicles 33 in the IRVM2

2 Chronicles 33 in the IRVO

2 Chronicles 33 in the IRVP

2 Chronicles 33 in the IRVT

2 Chronicles 33 in the IRVT2

2 Chronicles 33 in the IRVU

2 Chronicles 33 in the ISVN

2 Chronicles 33 in the JSNT

2 Chronicles 33 in the KAPI

2 Chronicles 33 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 33 in the KBV

2 Chronicles 33 in the KJV

2 Chronicles 33 in the KNFD

2 Chronicles 33 in the LBA

2 Chronicles 33 in the LBLA

2 Chronicles 33 in the LNT

2 Chronicles 33 in the LSV

2 Chronicles 33 in the MAAL

2 Chronicles 33 in the MBV

2 Chronicles 33 in the MBV2

2 Chronicles 33 in the MHNT

2 Chronicles 33 in the MKNFD

2 Chronicles 33 in the MNG

2 Chronicles 33 in the MNT

2 Chronicles 33 in the MNT2

2 Chronicles 33 in the MRS1T

2 Chronicles 33 in the NAA

2 Chronicles 33 in the NASB

2 Chronicles 33 in the NBLA

2 Chronicles 33 in the NBS

2 Chronicles 33 in the NBVTP

2 Chronicles 33 in the NET2

2 Chronicles 33 in the NIV11

2 Chronicles 33 in the NNT

2 Chronicles 33 in the NNT2

2 Chronicles 33 in the NNT3

2 Chronicles 33 in the PDDPT

2 Chronicles 33 in the PFNT

2 Chronicles 33 in the RMNT

2 Chronicles 33 in the SBIAS

2 Chronicles 33 in the SBIBS

2 Chronicles 33 in the SBIBS2

2 Chronicles 33 in the SBICS

2 Chronicles 33 in the SBIDS

2 Chronicles 33 in the SBIGS

2 Chronicles 33 in the SBIHS

2 Chronicles 33 in the SBIIS

2 Chronicles 33 in the SBIIS2

2 Chronicles 33 in the SBIIS3

2 Chronicles 33 in the SBIKS

2 Chronicles 33 in the SBIKS2

2 Chronicles 33 in the SBIMS

2 Chronicles 33 in the SBIOS

2 Chronicles 33 in the SBIPS

2 Chronicles 33 in the SBISS

2 Chronicles 33 in the SBITS

2 Chronicles 33 in the SBITS2

2 Chronicles 33 in the SBITS3

2 Chronicles 33 in the SBITS4

2 Chronicles 33 in the SBIUS

2 Chronicles 33 in the SBIVS

2 Chronicles 33 in the SBT

2 Chronicles 33 in the SBT1E

2 Chronicles 33 in the SCHL

2 Chronicles 33 in the SNT

2 Chronicles 33 in the SUSU

2 Chronicles 33 in the SUSU2

2 Chronicles 33 in the SYNO

2 Chronicles 33 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 33 in the TBT1E

2 Chronicles 33 in the TBT1E2

2 Chronicles 33 in the TFTIP

2 Chronicles 33 in the TFTU

2 Chronicles 33 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 33 in the THAI

2 Chronicles 33 in the TNFD

2 Chronicles 33 in the TNT

2 Chronicles 33 in the TNTIK

2 Chronicles 33 in the TNTIL

2 Chronicles 33 in the TNTIN

2 Chronicles 33 in the TNTIP

2 Chronicles 33 in the TNTIZ

2 Chronicles 33 in the TOMA

2 Chronicles 33 in the TTENT

2 Chronicles 33 in the UBG

2 Chronicles 33 in the UGV

2 Chronicles 33 in the UGV2

2 Chronicles 33 in the UGV3

2 Chronicles 33 in the VBL

2 Chronicles 33 in the VDCC

2 Chronicles 33 in the YALU

2 Chronicles 33 in the YAPE

2 Chronicles 33 in the YBVTP

2 Chronicles 33 in the ZBP