2 Corinthians 12 (BOATCB2)

1 Ɛwɔ mu sɛ ahohoahoa so nni mfaso biara de, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso afei mɛka anisoadehu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no. 2 Minim Okristoni bi a mfe dunan ni biribi hwim no de no kɔɔ ɔsoro. Minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim. 3 Miti mu. Minim sɛ wohwim saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio, minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim. 4 Na hɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yiye, nsɛm a wɔmma kwan mma wɔnka. 5 Enti mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho, gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛw no ho. 6 Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, efisɛ nokware ara na meka. Nanso merenhoahoa me ho, efisɛ mempɛ sɛ obiara bu me otitiriw sen sɛnea wahu na wate afi me nkyɛn no. 7 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwonwaso yi nti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam bɔfo ma ɔde honam mu yaw a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase. 8 Mebɔɔ eyi ho mpae mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma emfi me so nkɔ. 9 Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka. 10 Esiane Kristo nti, mepene mmerɛwyɛ, ɔyaw, amanehunu, ɔtaa ne akwanside so. Efisɛ me mmerɛwyɛ mu no na meyɛ den. 11 Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mugye me to mu. Na sɛ menyɛ hwee a, ɔkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsen “Asomafo” a mubu wɔn no. 12 Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafo. 13 Dwumadi no bi yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. Dɛn na ɛma moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, efisɛ mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo, momfa saa mfomso no nkyɛ me. 14 Afei masiesie me ho sɛ merebɛsra mo nea ɛto so mpɛn abiɛsa, na merenyɛ adesoa mma mo. Mo na mo ho hia me na ɛnyɛ mo ahode. Na mpo mmofra nkora ade mma awofo, awofo mmom na wɔkora ade ma mmofra. 15 Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo nti, mɛhwere nea mewɔ ne mʼadagyew de aboa mo. Sɛ medɔ mo yiye a, mo dɔ a mowɔ ma me no so bɛtew ana? 16 Mobɛte ase sɛ na menyɛ adesoa mma mo. Nanso obi bɛka se, meyɛ ɔdaadaafo a mede nnaadaa na eyii mo. 17 Ɔkwan bɛn so? Menam abɔfo a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo ana? 18 Mesomaa Tito se ɔnkɔ, na mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo ana? So na ɔno ne me nyinaa mfi Honhom koro mu ntu anammɔn koro ana? 19 So mususuw daa sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tetew yɛn ho wɔ mo anim ana? Yɛkasa sɛnea Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de hyɛ mo den. 20 Misuro sɛ midu hɔ a sɛnea anka mepɛ sɛ mihu mo no, merenhu mo saa. Saa ara nso na sɛnea anka mopɛ sɛ muhu me no, morenhu me saa. Minim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibere, abufuw ne pɛsɛmenkominya, ɔyaw ne nseku, ahantan ne basabasayɛ no. 21 Misuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn begu mʼanim ase wɔ mo anim na mesu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dedaw na wonnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne aguamammɔ ho no.

In Other Versions

2 Corinthians 12 in the ANGEFD

2 Corinthians 12 in the ANTPNG2D

2 Corinthians 12 in the AS21

2 Corinthians 12 in the BAGH

2 Corinthians 12 in the BBPNG

2 Corinthians 12 in the BBT1E

2 Corinthians 12 in the BDS

2 Corinthians 12 in the BEV

2 Corinthians 12 in the BHAD

2 Corinthians 12 in the BIB

2 Corinthians 12 in the BLPT

2 Corinthians 12 in the BNT

2 Corinthians 12 in the BNTABOOT

2 Corinthians 12 in the BNTLV

2 Corinthians 12 in the BOATCB

2 Corinthians 12 in the BOBCV

2 Corinthians 12 in the BOCNT

2 Corinthians 12 in the BOECS

2 Corinthians 12 in the BOGWICC

2 Corinthians 12 in the BOHCB

2 Corinthians 12 in the BOHCV

2 Corinthians 12 in the BOHLNT

2 Corinthians 12 in the BOHNTLTAL

2 Corinthians 12 in the BOICB

2 Corinthians 12 in the BOILNTAP

2 Corinthians 12 in the BOITCV

2 Corinthians 12 in the BOKCV

2 Corinthians 12 in the BOKCV2

2 Corinthians 12 in the BOKHWOG

2 Corinthians 12 in the BOKSSV

2 Corinthians 12 in the BOLCB

2 Corinthians 12 in the BOLCB2

2 Corinthians 12 in the BOMCV

2 Corinthians 12 in the BONAV

2 Corinthians 12 in the BONCB

2 Corinthians 12 in the BONLT

2 Corinthians 12 in the BONUT2

2 Corinthians 12 in the BOPLNT

2 Corinthians 12 in the BOSCB

2 Corinthians 12 in the BOSNC

2 Corinthians 12 in the BOTLNT

2 Corinthians 12 in the BOVCB

2 Corinthians 12 in the BOYCB

2 Corinthians 12 in the BPBB

2 Corinthians 12 in the BPH

2 Corinthians 12 in the BSB

2 Corinthians 12 in the CCB

2 Corinthians 12 in the CUV

2 Corinthians 12 in the CUVS

2 Corinthians 12 in the DBT

2 Corinthians 12 in the DGDNT

2 Corinthians 12 in the DHNT

2 Corinthians 12 in the DNT

2 Corinthians 12 in the ELBE

2 Corinthians 12 in the EMTV

2 Corinthians 12 in the ESV

2 Corinthians 12 in the FBV

2 Corinthians 12 in the FEB

2 Corinthians 12 in the GGMNT

2 Corinthians 12 in the GNT

2 Corinthians 12 in the HARY

2 Corinthians 12 in the HNT

2 Corinthians 12 in the IRVA

2 Corinthians 12 in the IRVB

2 Corinthians 12 in the IRVG

2 Corinthians 12 in the IRVH

2 Corinthians 12 in the IRVK

2 Corinthians 12 in the IRVM

2 Corinthians 12 in the IRVM2

2 Corinthians 12 in the IRVO

2 Corinthians 12 in the IRVP

2 Corinthians 12 in the IRVT

2 Corinthians 12 in the IRVT2

2 Corinthians 12 in the IRVU

2 Corinthians 12 in the ISVN

2 Corinthians 12 in the JSNT

2 Corinthians 12 in the KAPI

2 Corinthians 12 in the KBT1ETNIK

2 Corinthians 12 in the KBV

2 Corinthians 12 in the KJV

2 Corinthians 12 in the KNFD

2 Corinthians 12 in the LBA

2 Corinthians 12 in the LBLA

2 Corinthians 12 in the LNT

2 Corinthians 12 in the LSV

2 Corinthians 12 in the MAAL

2 Corinthians 12 in the MBV

2 Corinthians 12 in the MBV2

2 Corinthians 12 in the MHNT

2 Corinthians 12 in the MKNFD

2 Corinthians 12 in the MNG

2 Corinthians 12 in the MNT

2 Corinthians 12 in the MNT2

2 Corinthians 12 in the MRS1T

2 Corinthians 12 in the NAA

2 Corinthians 12 in the NASB

2 Corinthians 12 in the NBLA

2 Corinthians 12 in the NBS

2 Corinthians 12 in the NBVTP

2 Corinthians 12 in the NET2

2 Corinthians 12 in the NIV11

2 Corinthians 12 in the NNT

2 Corinthians 12 in the NNT2

2 Corinthians 12 in the NNT3

2 Corinthians 12 in the PDDPT

2 Corinthians 12 in the PFNT

2 Corinthians 12 in the RMNT

2 Corinthians 12 in the SBIAS

2 Corinthians 12 in the SBIBS

2 Corinthians 12 in the SBIBS2

2 Corinthians 12 in the SBICS

2 Corinthians 12 in the SBIDS

2 Corinthians 12 in the SBIGS

2 Corinthians 12 in the SBIHS

2 Corinthians 12 in the SBIIS

2 Corinthians 12 in the SBIIS2

2 Corinthians 12 in the SBIIS3

2 Corinthians 12 in the SBIKS

2 Corinthians 12 in the SBIKS2

2 Corinthians 12 in the SBIMS

2 Corinthians 12 in the SBIOS

2 Corinthians 12 in the SBIPS

2 Corinthians 12 in the SBISS

2 Corinthians 12 in the SBITS

2 Corinthians 12 in the SBITS2

2 Corinthians 12 in the SBITS3

2 Corinthians 12 in the SBITS4

2 Corinthians 12 in the SBIUS

2 Corinthians 12 in the SBIVS

2 Corinthians 12 in the SBT

2 Corinthians 12 in the SBT1E

2 Corinthians 12 in the SCHL

2 Corinthians 12 in the SNT

2 Corinthians 12 in the SUSU

2 Corinthians 12 in the SUSU2

2 Corinthians 12 in the SYNO

2 Corinthians 12 in the TBIAOTANT

2 Corinthians 12 in the TBT1E

2 Corinthians 12 in the TBT1E2

2 Corinthians 12 in the TFTIP

2 Corinthians 12 in the TFTU

2 Corinthians 12 in the TGNTATF3T

2 Corinthians 12 in the THAI

2 Corinthians 12 in the TNFD

2 Corinthians 12 in the TNT

2 Corinthians 12 in the TNTIK

2 Corinthians 12 in the TNTIL

2 Corinthians 12 in the TNTIN

2 Corinthians 12 in the TNTIP

2 Corinthians 12 in the TNTIZ

2 Corinthians 12 in the TOMA

2 Corinthians 12 in the TTENT

2 Corinthians 12 in the UBG

2 Corinthians 12 in the UGV

2 Corinthians 12 in the UGV2

2 Corinthians 12 in the UGV3

2 Corinthians 12 in the VBL

2 Corinthians 12 in the VDCC

2 Corinthians 12 in the YALU

2 Corinthians 12 in the YAPE

2 Corinthians 12 in the YBVTP

2 Corinthians 12 in the ZBP