2 Samuel 18 (BOATCB2)

1 Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakofo anim. 2 Yoab na na otua wɔn mu nkyemu abiɛsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na na otua nkyemu abiɛsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyemu abiɛsa mu baako a aka no, Gatni Itai na na otua ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Me ne mo na ɛrekɔ.” 3 Nanso ne mmarima no tiaa mu denneennen se, “Ɛnsɛ se wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae, na yeguan, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennu Absalom asraafo no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu mpem du, enti eye sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.” 4 Ɔhene penee so se, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa de a, mate.”Enti okogyinaa kurow no pon ano, bere a asraafo no rekɔ no. 5 Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai se, “Me nti mo ne abofra Absalom nni no bɔkɔɔ.” Na asraafo no nyinaa tee saa ɔhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no. 6 Enti ɔko no fii ase wɔ Efraim kwae mu. 7 Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel asraafo no pasaa. Ɛyɛ afoa ano kum, na da no, mmarima mpem aduonu na wɔhweree wɔn nkwa. 8 Ɔko no didi kɔɔ nkurow so, na esiane kwae no nti, nnipa pii wuwu sen wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no. 9 Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ oguan wɔ nʼafurumpɔnkɔ so, nanso oguan kɔfaa ɔdɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafurumpɔnkɔ no de, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ogyaw no hɔ a, ɔsensɛn ɔdɔtɔ no mu a ɔretow donko wɔ wim. 10 Dawid mmarima no baako huu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab se, “Mihuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ ɔdɔtɔ mu.” 11 Yoab bisae se, “Asɛm pa ara? Wuhuu no na woankum no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan (114) ne akokoduru nkyekyeremu sɛ siade.” 12 Ɔbarima no buae se, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai se, ‘Me nti, obiara nnyɛ aberante Absalom bɔne.’ 13 Na sɛ mibu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka nea ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ nea ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wubeyi me ama.” 14 Yoab kae se, “Merentwentwɛn me nan ase mma wo wɔ eyi ho.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ abiɛsa de wowɔɔ Absalom koma mu bere a na ɔsensɛn odum no so a na onwui no. 15 Yoab akodekurafo no mu mmerante du twaa Absalom ho hyiae, na wokum no. 16 Na Yoab hyɛn torobɛnto, maa asraafo no gyaee Israel taa. 17 Wɔfaa Absalom amu no tow kyenee amoa donkudonku bi mu wɔ kwae mu hɔ, na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfo no nyinaa guan kɔɔ wɔn afi. 18 Bere a Absalom te ase no, osii nkaedum bi wɔ ɔhene bon mu de kaee ɔno ara ne ho, efisɛ ɔdwenee se, “Minni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkae ade biara de akae me din.” Ɔde nkaedum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaedum de besi nnɛ. 19 Na Sadok babarima Ahimaas kae se, “Momma mintu mmirika nkɔbɔ ɔhene amanneɛ sɛ, AWURADE ayi no afi atamfo nsam.” 20 Na Yoab nso ka kyerɛɛ no se, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wubetumi akɔbɔ saa amanneɛ no da foforo bi, na ɛnyɛ nnɛ.” 21 Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi se, “Kɔ na kɔka nea woahu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na otuu mmirika kɔe. 22 Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab se, “Nea ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ.”Nanso Yoab bisaa no se, “Me ba, adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ? Wunni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔde biara.” 23 Ɔkae se, “Mepene so, nanso ma menkɔ.”Enti Yoab ka kyerɛɛ no se, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tataw no so kɔ kotwaa Kusni no ho. 24 Bere a Dawid te kurow no pon ano no, ne wɛmfo no kɔɔ kurow no pon no atifi wɔ ɔfasu no so. Ɔtoo nʼani no, ohuu sɛ obi de mmirika reba. 25 Ɔwɛmfo no teɛɛ mu ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buae se, “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam de a, ebia, na ɔde asɛm pa nam.”Bere a ɔsomafo no rebɛn no, 26 ɔwɛmfo no huu sɛ ɔbarima foforo nso di so reba, na ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ onipa foforo bi de mmirika reba!”Ɔhene no kae se, “Ebia na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.” 27 Ɔwɛmfo no kae se, “Ɔbarima a odi kan no sɛ Sadok babarima Ahimaas.”Ɔhene no kae se, “Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam.” 28 Na Ahimaas teɛɛ mu, frɛɛ ɔhene no se, “Biribiara ye!” Ɔkotow wɔ ɔhene no anim, de nʼanim butuw fam kae se, “Anuonyam nka AWURADE, wo Nyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ adɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa.” 29 Ɔhene bisae se, “Na aberante, Absalom ho ye ana?” Ahimaas buae se, “Bere a Yoab yɛɛ nʼadwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔsoma ɔhene somfo ne me wo somfo no, mihuu sɛ nneɛma ayɛ basaa a na minhu mu yiye.” 30 Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Gyina nkyɛn ha na twɛn.” Enti ogyinaa nkyɛn twɛnee. 31 Na Kusni no bedu kae se, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Nnɛ, AWURADE ayi wo afi wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.” 32 Na ɔhene bisaa Kusni no se, “Na aberante Absalom ho te dɛn?” Kusni no buae se, “Me wura ɔhene, atamfo nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhu amane sɛ saa aberante no.” 33 Ɔhene ho wosowee. Ɔfaa ɔkwan ano pon no mu kɔɔ ne dan mu kosui, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkae se, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka minwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”

In Other Versions

2 Samuel 18 in the ANGEFD

2 Samuel 18 in the ANTPNG2D

2 Samuel 18 in the AS21

2 Samuel 18 in the BAGH

2 Samuel 18 in the BBPNG

2 Samuel 18 in the BBT1E

2 Samuel 18 in the BDS

2 Samuel 18 in the BEV

2 Samuel 18 in the BHAD

2 Samuel 18 in the BIB

2 Samuel 18 in the BLPT

2 Samuel 18 in the BNT

2 Samuel 18 in the BNTABOOT

2 Samuel 18 in the BNTLV

2 Samuel 18 in the BOATCB

2 Samuel 18 in the BOBCV

2 Samuel 18 in the BOCNT

2 Samuel 18 in the BOECS

2 Samuel 18 in the BOGWICC

2 Samuel 18 in the BOHCB

2 Samuel 18 in the BOHCV

2 Samuel 18 in the BOHLNT

2 Samuel 18 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 18 in the BOICB

2 Samuel 18 in the BOILNTAP

2 Samuel 18 in the BOITCV

2 Samuel 18 in the BOKCV

2 Samuel 18 in the BOKCV2

2 Samuel 18 in the BOKHWOG

2 Samuel 18 in the BOKSSV

2 Samuel 18 in the BOLCB

2 Samuel 18 in the BOLCB2

2 Samuel 18 in the BOMCV

2 Samuel 18 in the BONAV

2 Samuel 18 in the BONCB

2 Samuel 18 in the BONLT

2 Samuel 18 in the BONUT2

2 Samuel 18 in the BOPLNT

2 Samuel 18 in the BOSCB

2 Samuel 18 in the BOSNC

2 Samuel 18 in the BOTLNT

2 Samuel 18 in the BOVCB

2 Samuel 18 in the BOYCB

2 Samuel 18 in the BPBB

2 Samuel 18 in the BPH

2 Samuel 18 in the BSB

2 Samuel 18 in the CCB

2 Samuel 18 in the CUV

2 Samuel 18 in the CUVS

2 Samuel 18 in the DBT

2 Samuel 18 in the DGDNT

2 Samuel 18 in the DHNT

2 Samuel 18 in the DNT

2 Samuel 18 in the ELBE

2 Samuel 18 in the EMTV

2 Samuel 18 in the ESV

2 Samuel 18 in the FBV

2 Samuel 18 in the FEB

2 Samuel 18 in the GGMNT

2 Samuel 18 in the GNT

2 Samuel 18 in the HARY

2 Samuel 18 in the HNT

2 Samuel 18 in the IRVA

2 Samuel 18 in the IRVB

2 Samuel 18 in the IRVG

2 Samuel 18 in the IRVH

2 Samuel 18 in the IRVK

2 Samuel 18 in the IRVM

2 Samuel 18 in the IRVM2

2 Samuel 18 in the IRVO

2 Samuel 18 in the IRVP

2 Samuel 18 in the IRVT

2 Samuel 18 in the IRVT2

2 Samuel 18 in the IRVU

2 Samuel 18 in the ISVN

2 Samuel 18 in the JSNT

2 Samuel 18 in the KAPI

2 Samuel 18 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 18 in the KBV

2 Samuel 18 in the KJV

2 Samuel 18 in the KNFD

2 Samuel 18 in the LBA

2 Samuel 18 in the LBLA

2 Samuel 18 in the LNT

2 Samuel 18 in the LSV

2 Samuel 18 in the MAAL

2 Samuel 18 in the MBV

2 Samuel 18 in the MBV2

2 Samuel 18 in the MHNT

2 Samuel 18 in the MKNFD

2 Samuel 18 in the MNG

2 Samuel 18 in the MNT

2 Samuel 18 in the MNT2

2 Samuel 18 in the MRS1T

2 Samuel 18 in the NAA

2 Samuel 18 in the NASB

2 Samuel 18 in the NBLA

2 Samuel 18 in the NBS

2 Samuel 18 in the NBVTP

2 Samuel 18 in the NET2

2 Samuel 18 in the NIV11

2 Samuel 18 in the NNT

2 Samuel 18 in the NNT2

2 Samuel 18 in the NNT3

2 Samuel 18 in the PDDPT

2 Samuel 18 in the PFNT

2 Samuel 18 in the RMNT

2 Samuel 18 in the SBIAS

2 Samuel 18 in the SBIBS

2 Samuel 18 in the SBIBS2

2 Samuel 18 in the SBICS

2 Samuel 18 in the SBIDS

2 Samuel 18 in the SBIGS

2 Samuel 18 in the SBIHS

2 Samuel 18 in the SBIIS

2 Samuel 18 in the SBIIS2

2 Samuel 18 in the SBIIS3

2 Samuel 18 in the SBIKS

2 Samuel 18 in the SBIKS2

2 Samuel 18 in the SBIMS

2 Samuel 18 in the SBIOS

2 Samuel 18 in the SBIPS

2 Samuel 18 in the SBISS

2 Samuel 18 in the SBITS

2 Samuel 18 in the SBITS2

2 Samuel 18 in the SBITS3

2 Samuel 18 in the SBITS4

2 Samuel 18 in the SBIUS

2 Samuel 18 in the SBIVS

2 Samuel 18 in the SBT

2 Samuel 18 in the SBT1E

2 Samuel 18 in the SCHL

2 Samuel 18 in the SNT

2 Samuel 18 in the SUSU

2 Samuel 18 in the SUSU2

2 Samuel 18 in the SYNO

2 Samuel 18 in the TBIAOTANT

2 Samuel 18 in the TBT1E

2 Samuel 18 in the TBT1E2

2 Samuel 18 in the TFTIP

2 Samuel 18 in the TFTU

2 Samuel 18 in the TGNTATF3T

2 Samuel 18 in the THAI

2 Samuel 18 in the TNFD

2 Samuel 18 in the TNT

2 Samuel 18 in the TNTIK

2 Samuel 18 in the TNTIL

2 Samuel 18 in the TNTIN

2 Samuel 18 in the TNTIP

2 Samuel 18 in the TNTIZ

2 Samuel 18 in the TOMA

2 Samuel 18 in the TTENT

2 Samuel 18 in the UBG

2 Samuel 18 in the UGV

2 Samuel 18 in the UGV2

2 Samuel 18 in the UGV3

2 Samuel 18 in the VBL

2 Samuel 18 in the VDCC

2 Samuel 18 in the YALU

2 Samuel 18 in the YAPE

2 Samuel 18 in the YBVTP

2 Samuel 18 in the ZBP