Exodus 27 (BOATCB2)
1 “Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ma enyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa. 2 Yɛ mmɛn anan tuatua afɔremuka no ntwea anan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Ɔkanto a wode bɛyɛ afɔremuka no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no. 3 Bokiti a nsõ begu mu, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nsramma nkankye nyinaa, kɔbere na fa yɛ. 4 Fa kɔbere yɛ ntwitae na fa dade nkaa hyehyɛ ne ntwea anan no so. 5 Fa ntwitae no hyɛ nsramma kuruwa no mu na fa si afɔremuka no basa a wɔayɛ no so. 6 Fa ɔkanto sen nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔremuka no. 7 Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkaa a mode atuatua afɔremuka no ho no mu. 8 Ntaaboo na momfa nyɛ afɔremuka no. Momma emu nna kwan sɛnea mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so no. 9 “Twa adiwo ma Ahyiae Ntamadan no na fa ntama a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nkataano a ɛsɛn anafo no tenten no nyɛ anammɔn ɔha aduonum 10 a kɔbere nnua aduonu a esisi kɔbere nnyinaso aduonu mu no suso mu. Dwetɛ nkɔtɔkoro ne dwetɛ ntwea a ɛtetare dwetɛ afadum no ho no na ebesuso nsɛnanim no mu. 11 Adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanim a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinaso mu a dwetɛ nkɔtɔkoro ne ne ntwea tetare ho na ebegyina no. 12 “Adiwo no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no trɛw bɛyɛ anammɔn aduɔson anum a ekura nnua du a ntokuru du deda mu. 13 Apuei fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson anum saa ara. 14 Baabi a ne kwan da nʼapuei fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu suso mu no nsɛn ano. 15 Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔe fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa nsɛn ano. Nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu na ebesuso nsɛnanotam no mu. 16 “Adiwo hɔ no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu. 17 Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adiwo hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntwea a dwetɛ suso mu, na nʼase no nso wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinaso apipiripi mu. 18 Enti adiwo hɔ tenten mu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso ayɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nkataano a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasu, a ne sorokɔ nso bɛyɛ anammɔn ason ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adiwo hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinaso no mu. 19 Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ nkankye a wɔde nneɛma gu mu, ne nnyinaso a wɔde nkankyee bɛsensɛn so wɔ ɔfasu ho no wɔ hɔ. 20 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa ngo kronkron a wɔde begu akanea a daa nyinaa ebesi so no mmrɛ wo. 21 Aaron ne ne mmabarima na wɔde akanea a ennum da no besi Ahyiae Ntamadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennum. Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfo di so daa.
In Other Versions
Exodus 27 in the ANGEFD
Exodus 27 in the ANTPNG2D
Exodus 27 in the AS21
Exodus 27 in the BAGH
Exodus 27 in the BBPNG
Exodus 27 in the BBT1E
Exodus 27 in the BDS
Exodus 27 in the BEV
Exodus 27 in the BHAD
Exodus 27 in the BIB
Exodus 27 in the BLPT
Exodus 27 in the BNT
Exodus 27 in the BNTABOOT
Exodus 27 in the BNTLV
Exodus 27 in the BOATCB
Exodus 27 in the BOBCV
Exodus 27 in the BOCNT
Exodus 27 in the BOECS
Exodus 27 in the BOGWICC
Exodus 27 in the BOHCB
Exodus 27 in the BOHCV
Exodus 27 in the BOHLNT
Exodus 27 in the BOHNTLTAL
Exodus 27 in the BOICB
Exodus 27 in the BOILNTAP
Exodus 27 in the BOITCV
Exodus 27 in the BOKCV
Exodus 27 in the BOKCV2
Exodus 27 in the BOKHWOG
Exodus 27 in the BOKSSV
Exodus 27 in the BOLCB
Exodus 27 in the BOLCB2
Exodus 27 in the BOMCV
Exodus 27 in the BONAV
Exodus 27 in the BONCB
Exodus 27 in the BONLT
Exodus 27 in the BONUT2
Exodus 27 in the BOPLNT
Exodus 27 in the BOSCB
Exodus 27 in the BOSNC
Exodus 27 in the BOTLNT
Exodus 27 in the BOVCB
Exodus 27 in the BOYCB
Exodus 27 in the BPBB
Exodus 27 in the BPH
Exodus 27 in the BSB
Exodus 27 in the CCB
Exodus 27 in the CUV
Exodus 27 in the CUVS
Exodus 27 in the DBT
Exodus 27 in the DGDNT
Exodus 27 in the DHNT
Exodus 27 in the DNT
Exodus 27 in the ELBE
Exodus 27 in the EMTV
Exodus 27 in the ESV
Exodus 27 in the FBV
Exodus 27 in the FEB
Exodus 27 in the GGMNT
Exodus 27 in the GNT
Exodus 27 in the HARY
Exodus 27 in the HNT
Exodus 27 in the IRVA
Exodus 27 in the IRVB
Exodus 27 in the IRVG
Exodus 27 in the IRVH
Exodus 27 in the IRVK
Exodus 27 in the IRVM
Exodus 27 in the IRVM2
Exodus 27 in the IRVO
Exodus 27 in the IRVP
Exodus 27 in the IRVT
Exodus 27 in the IRVT2
Exodus 27 in the IRVU
Exodus 27 in the ISVN
Exodus 27 in the JSNT
Exodus 27 in the KAPI
Exodus 27 in the KBT1ETNIK
Exodus 27 in the KBV
Exodus 27 in the KJV
Exodus 27 in the KNFD
Exodus 27 in the LBA
Exodus 27 in the LBLA
Exodus 27 in the LNT
Exodus 27 in the LSV
Exodus 27 in the MAAL
Exodus 27 in the MBV
Exodus 27 in the MBV2
Exodus 27 in the MHNT
Exodus 27 in the MKNFD
Exodus 27 in the MNG
Exodus 27 in the MNT
Exodus 27 in the MNT2
Exodus 27 in the MRS1T
Exodus 27 in the NAA
Exodus 27 in the NASB
Exodus 27 in the NBLA
Exodus 27 in the NBS
Exodus 27 in the NBVTP
Exodus 27 in the NET2
Exodus 27 in the NIV11
Exodus 27 in the NNT
Exodus 27 in the NNT2
Exodus 27 in the NNT3
Exodus 27 in the PDDPT
Exodus 27 in the PFNT
Exodus 27 in the RMNT
Exodus 27 in the SBIAS
Exodus 27 in the SBIBS
Exodus 27 in the SBIBS2
Exodus 27 in the SBICS
Exodus 27 in the SBIDS
Exodus 27 in the SBIGS
Exodus 27 in the SBIHS
Exodus 27 in the SBIIS
Exodus 27 in the SBIIS2
Exodus 27 in the SBIIS3
Exodus 27 in the SBIKS
Exodus 27 in the SBIKS2
Exodus 27 in the SBIMS
Exodus 27 in the SBIOS
Exodus 27 in the SBIPS
Exodus 27 in the SBISS
Exodus 27 in the SBITS
Exodus 27 in the SBITS2
Exodus 27 in the SBITS3
Exodus 27 in the SBITS4
Exodus 27 in the SBIUS
Exodus 27 in the SBIVS
Exodus 27 in the SBT
Exodus 27 in the SBT1E
Exodus 27 in the SCHL
Exodus 27 in the SNT
Exodus 27 in the SUSU
Exodus 27 in the SUSU2
Exodus 27 in the SYNO
Exodus 27 in the TBIAOTANT
Exodus 27 in the TBT1E
Exodus 27 in the TBT1E2
Exodus 27 in the TFTIP
Exodus 27 in the TFTU
Exodus 27 in the TGNTATF3T
Exodus 27 in the THAI
Exodus 27 in the TNFD
Exodus 27 in the TNT
Exodus 27 in the TNTIK
Exodus 27 in the TNTIL
Exodus 27 in the TNTIN
Exodus 27 in the TNTIP
Exodus 27 in the TNTIZ
Exodus 27 in the TOMA
Exodus 27 in the TTENT
Exodus 27 in the UBG
Exodus 27 in the UGV
Exodus 27 in the UGV2
Exodus 27 in the UGV3
Exodus 27 in the VBL
Exodus 27 in the VDCC
Exodus 27 in the YALU
Exodus 27 in the YAPE
Exodus 27 in the YBVTP
Exodus 27 in the ZBP