Ezekiel 16 (BOATCB2)

1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se 2 “Onipa ba, fa akyiwade a Yerusalem yɛ no si nʼanim 3 na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE ka kyerɛ Yerusalem: Wo nkyi ne wʼawo fi Kanaanfo asase so; na wʼagya yɛ Amorini na wo na nso yɛ Hetini. 4 Da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsu anguare wo sɛ wo ho bɛtew nso, wɔamfa nkyene ansra wo, na wɔamfa ntama ankyekyere wo ho. 5 Obiara anhu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ eyinom biara ama wo. Mmom wɔtow wo kyenee wuram, efisɛ da a wɔwoo wo no, wobuu wo animtiaa. 6 “ ‘Mibepuee wo so, na mihuu sɛ worewɔ wʼanan na woda mogya mu, na sɛnea na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo se, “Nya nkwa!” 7 Mehwɛɛ wo ma wunyinii sɛ afifide. Wunyinii, na woyɛɛ nsiforo kɔɔ afikyiri. Wo nufu bobɔe, na wo ho fuw nwi, nanso na woda adagyaw. 8 “ ‘Akyiri yi mibepuee wo so, na mehwɛɛ wo na mihuu sɛ woaso aware no, mede mʼatade fa bi kataa wʼadagyaw so. Misua kyerɛɛ wo na me ne wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfo AWURADE na ose. 9 “ ‘Mede nsu guaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede srade ahorow srasraa wo. 10 Mede atade a wɔanwen ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa were mpaboa. Mede nwera papa furaa wo na mede ntade aboɔden guguu so. 11 Mede agude siesiee wo, mede nkapo guu wo nsa, mede kɔnmuade too wo kɔn mu, 12 na mede kaa hyɛɛ wo hwene mu, asokaa hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotiri a ɛyɛ fɛ. 13 Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo, wʼadurade yɛɛ nwera papa ne ntama a ne bo yɛ den ne nea wɔadi mu adwinni. Wʼaduan yɛɛ esiam papa, ɛwo ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmea. 14 Na wʼahoɔfɛ nti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, efisɛ anuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, AWURADE asɛm ni. 15 “ ‘Nanso wʼahoɔfɛ nti wugyee wo ho dii na wode wo din a ahyeta no bɔɔ aguaman. Wugyaa wo ho maa obiara a ɔretwa mu na woyɛɛ wɔn adɔe. 16 Wode wo ntade no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn; hɔ na wokɔbɔɔ aguaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso. 17 Afei wode wo nnwinne fɛfɛ a mede maa wo no, nea mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛe no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ aguaman. 18 Wode wo ntade a wɔadi mu adwinni hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhuam brɛɛ wɔn. 19 Bio aduan a mede maa wo no, esiam papa, ɛwo ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔde a eyi hua. Saa na esii, Otumfo AWURADE asɛm ni. 20 “ ‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔre sɛ aduan maa ahoni. Wʼaguamammɔ no nnɔɔso ana? 21 Wukum me mma de wɔn bɔɔ afɔre maa ahoni no. 22 Akyiwade a woyɛɛ ne wʼaguamammɔ akyi no, woankae wo mmabun bere a na wo ho da hɔ na worewɔ wʼanan wɔ mogya mu no. 23 “ ‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfo AWURADE na ose. Wʼamumɔyɛ nyinaa akyi no, 24 wusii bammɔ pie maa wo ho, na woyɛɛ abosonnan tenten wɔ aguabɔbea biara. 25 Borɔn so baabiara wusisii abosonnan atenten, na wosɛe wʼahoɔfɛ efisɛ honam akɔnnɔ bɔne nti wode wo ho maa obiara a ɔretwa mu. 26 Wo ne Misraimfo a honam akɔnnɔ ayɛ wɔn ma no bɔɔ aguaman, na wode honam akɔnnɔ bɔne hyɛɛ me abufuw. 27 Enti meteɛɛ me nsa wɔ wo so na metew wʼahye so. Mede wo maa wʼatamfo aniberefo, Filistifo mmabea a wʼahohwi bra no yɛɛ wɔn nwonwa no. 28 Wo ne Asiriafo nso bɔɔ aguaman, efisɛ biribiara mmee wo. Na ɛno akyi koraa woammee ara. 29 Afei wotoaa wo honam akɔnnɔ bɔne no so de Babilonia, a ɛyɛ aguadifo asase kaa ho, nanso eyi ammee wo ara. 30 “ ‘Wunni ahohyɛso koraa, Otumfo AWURADE asɛm ni, sɛ wutumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa te sɛ oguamanfo a nʼani nwu hwee. 31 Wusisii bammɔ pie wɔ mmorɔn so na wusisii abosonnan atenten wɔ aguabɔbea biara, na wonsɛ oguamanfo, efisɛ wopoo akatua. 32 “ ‘Wo, ɔyere waresɛefo, wopɛ ahɔho sen wo ara wo kunu! 33 Oguamanfo biara gye akatua, nanso wo de, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfo nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, womfi baabiara mmra wo nkyɛn. 34 Enti wʼaguamammɔ mu no wo nte sɛ afoforo; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔe. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, efisɛ wutua ka na obiara mma wo hwee. 35 “ ‘Enti, wo oguamanfo, tie AWURADE asɛm! 36 Sɛɛ na Otumfo AWURADE se. Esiane sɛ wuhwie wʼahonya gui, na wodaa wʼadagyaw adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfo nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwade na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no nti, 37 merebɛboaboa wʼadɔfo a wode wɔn gyee wʼani nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a woampɛ wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano atia wo afi wo ho baabiara, na mɛpa wo ho wɔ wɔn anim, na wobehu wʼadagyaw nyinaa. 38 Mede asotwe a wɔde ma mmea aguamammɔfo ne mogyahwiegufo no bɛyɛ wʼatemmu. Mede me mogya aweretɔ a efi mʼabufuwhyew ne me ninkutwe abufuw mu bɛba wo so. 39 Afei mede wo bɛma wʼadɔfo na wobebubu bammɔ pie a woahɔre no, asɛe abosonnan atenten no. Wɔbɛpa wo ho ntama, wɔbɛfa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo hɔ adagyaw mu. 40 Wɔde nnipadɔm a wobesiw wo abo na wɔde wɔn afoa atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so. 41 Wɔbɛhyehyew wʼafi na wɔatwe wʼaso wɔ mmea bebree anim. Metwa wʼaguamammɔ no so na woagyae akatua a wode ma wʼadɔfo no. 42 Afei mʼabufuwhyew ano bedwo na me ninkutwe abufuw no befi wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na me bo remfuw bio. 43 “ ‘Sɛ woankae wo mmabun nna, na wode eyinom nyinaa hyɛɛ me abufuw nti, ɔkwan biara so mɛma nea woayɛ no abɔ wo ti so, Otumfo AWURADE na ose. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwade no ho ana? 44 “ ‘Obiara a obu bɛ no bebu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛnea ɛna te no saa ara na ne babea te.” 45 Woyɛ wo na a ɔsopaa ne kunu ne ne mma no babea kann, na woyɛ wo nuanom mmea a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea ankasa. Wo na yɛ Hetini na wʼagya yɛ Amorini. 46 Na wo nuabea panyin ne Samaria a na ɔne ne mmabea te wʼatifi fam, na wo nuabea kumaa a ɔne ne mmabea te wʼanafo fam, yɛ Sodom. 47 Woannantew wɔn akwan mu, ansua wɔn akyiwadeyɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔwee sen wɔn. 48 Sɛ mete ase yi, Otumfo AWURADE na ose, wo nuabea Sodom ne ne mmabea anyɛ nea wo ne wo mmabea ayɛ no da. 49 “ ‘Eyi ne bɔne a wo nuabea Sodom yɛe: Ɔno ne ne mmabea yɛɛ ahantan, wodidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafo ne mmɔborɔfo. 50 Wɔyɛɛ ahomaso ne akyiwade wɔ mʼanim. Ɛno nti miyii wɔn sii nkyɛn sɛnea woahu no. 51 Samaria anyɛ bɔne a woyɛɛ no mu fa. Woayɛ akyiwade a ɛboro nea wo nuabeanom no yɛe no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuabeanom no te, esiane saa nneɛma a woayɛ no nti. 52 Gye wʼanimguase, efisɛ woama wo nuabeanom adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sen wɔn de, enti ayɛ sɛ wɔteɛ sen wo. Ɛno de, afei gye wʼanimguase na wama ayɛ sɛ wo nuabeanom te. 53 “ ‘Nanso mede Sodom siade ne ne mmabea, Samaria siade ne ne mmabea bɛma wɔn, na mede wo siade bɛka ho, 54 sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye wʼanimguase na wʼani bewu wɔ nea woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho. 55 Na wo nuabeanom Sodom ne ne mmabea, Samaria ne ne mmabea bɛsan akɔ wɔn tebea dedaw mu, na wo ne wo mmabea nso bɛsan akɔ mo dedaw mu. 56 Woremmɔ wo nuabea Sodom din wɔ wʼahohoahoa da no mpo, 57 kosi sɛ wʼamumɔyɛ ho daa hɔ. Ebesi nnɛ Edom mmabea bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia ne Filistifo mmabea; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa. 58 Nea ebefi nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwade mu aba no bɛda wo so, AWURADE asɛm ni. 59 “ ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Me ne wo bedi no sɛnea ɛfata, efisɛ woasɛe mʼapam de abu me ntam animtiaa. 60 Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabun bere mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. 61 Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu bere a wo nsa aka wo nuabeanom; wɔn a wɔanyinyin sen wo ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmabea, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so. 62 Enti me ne wo bɛyɛ apam na wubehu sɛ mene AWURADE. 63 Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ nea woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bewu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase no nti, Otumfo AWURADE asɛm ni.’ ”

In Other Versions

Ezekiel 16 in the ANGEFD

Ezekiel 16 in the ANTPNG2D

Ezekiel 16 in the AS21

Ezekiel 16 in the BAGH

Ezekiel 16 in the BBPNG

Ezekiel 16 in the BBT1E

Ezekiel 16 in the BDS

Ezekiel 16 in the BEV

Ezekiel 16 in the BHAD

Ezekiel 16 in the BIB

Ezekiel 16 in the BLPT

Ezekiel 16 in the BNT

Ezekiel 16 in the BNTABOOT

Ezekiel 16 in the BNTLV

Ezekiel 16 in the BOATCB

Ezekiel 16 in the BOBCV

Ezekiel 16 in the BOCNT

Ezekiel 16 in the BOECS

Ezekiel 16 in the BOGWICC

Ezekiel 16 in the BOHCB

Ezekiel 16 in the BOHCV

Ezekiel 16 in the BOHLNT

Ezekiel 16 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 16 in the BOICB

Ezekiel 16 in the BOILNTAP

Ezekiel 16 in the BOITCV

Ezekiel 16 in the BOKCV

Ezekiel 16 in the BOKCV2

Ezekiel 16 in the BOKHWOG

Ezekiel 16 in the BOKSSV

Ezekiel 16 in the BOLCB

Ezekiel 16 in the BOLCB2

Ezekiel 16 in the BOMCV

Ezekiel 16 in the BONAV

Ezekiel 16 in the BONCB

Ezekiel 16 in the BONLT

Ezekiel 16 in the BONUT2

Ezekiel 16 in the BOPLNT

Ezekiel 16 in the BOSCB

Ezekiel 16 in the BOSNC

Ezekiel 16 in the BOTLNT

Ezekiel 16 in the BOVCB

Ezekiel 16 in the BOYCB

Ezekiel 16 in the BPBB

Ezekiel 16 in the BPH

Ezekiel 16 in the BSB

Ezekiel 16 in the CCB

Ezekiel 16 in the CUV

Ezekiel 16 in the CUVS

Ezekiel 16 in the DBT

Ezekiel 16 in the DGDNT

Ezekiel 16 in the DHNT

Ezekiel 16 in the DNT

Ezekiel 16 in the ELBE

Ezekiel 16 in the EMTV

Ezekiel 16 in the ESV

Ezekiel 16 in the FBV

Ezekiel 16 in the FEB

Ezekiel 16 in the GGMNT

Ezekiel 16 in the GNT

Ezekiel 16 in the HARY

Ezekiel 16 in the HNT

Ezekiel 16 in the IRVA

Ezekiel 16 in the IRVB

Ezekiel 16 in the IRVG

Ezekiel 16 in the IRVH

Ezekiel 16 in the IRVK

Ezekiel 16 in the IRVM

Ezekiel 16 in the IRVM2

Ezekiel 16 in the IRVO

Ezekiel 16 in the IRVP

Ezekiel 16 in the IRVT

Ezekiel 16 in the IRVT2

Ezekiel 16 in the IRVU

Ezekiel 16 in the ISVN

Ezekiel 16 in the JSNT

Ezekiel 16 in the KAPI

Ezekiel 16 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 16 in the KBV

Ezekiel 16 in the KJV

Ezekiel 16 in the KNFD

Ezekiel 16 in the LBA

Ezekiel 16 in the LBLA

Ezekiel 16 in the LNT

Ezekiel 16 in the LSV

Ezekiel 16 in the MAAL

Ezekiel 16 in the MBV

Ezekiel 16 in the MBV2

Ezekiel 16 in the MHNT

Ezekiel 16 in the MKNFD

Ezekiel 16 in the MNG

Ezekiel 16 in the MNT

Ezekiel 16 in the MNT2

Ezekiel 16 in the MRS1T

Ezekiel 16 in the NAA

Ezekiel 16 in the NASB

Ezekiel 16 in the NBLA

Ezekiel 16 in the NBS

Ezekiel 16 in the NBVTP

Ezekiel 16 in the NET2

Ezekiel 16 in the NIV11

Ezekiel 16 in the NNT

Ezekiel 16 in the NNT2

Ezekiel 16 in the NNT3

Ezekiel 16 in the PDDPT

Ezekiel 16 in the PFNT

Ezekiel 16 in the RMNT

Ezekiel 16 in the SBIAS

Ezekiel 16 in the SBIBS

Ezekiel 16 in the SBIBS2

Ezekiel 16 in the SBICS

Ezekiel 16 in the SBIDS

Ezekiel 16 in the SBIGS

Ezekiel 16 in the SBIHS

Ezekiel 16 in the SBIIS

Ezekiel 16 in the SBIIS2

Ezekiel 16 in the SBIIS3

Ezekiel 16 in the SBIKS

Ezekiel 16 in the SBIKS2

Ezekiel 16 in the SBIMS

Ezekiel 16 in the SBIOS

Ezekiel 16 in the SBIPS

Ezekiel 16 in the SBISS

Ezekiel 16 in the SBITS

Ezekiel 16 in the SBITS2

Ezekiel 16 in the SBITS3

Ezekiel 16 in the SBITS4

Ezekiel 16 in the SBIUS

Ezekiel 16 in the SBIVS

Ezekiel 16 in the SBT

Ezekiel 16 in the SBT1E

Ezekiel 16 in the SCHL

Ezekiel 16 in the SNT

Ezekiel 16 in the SUSU

Ezekiel 16 in the SUSU2

Ezekiel 16 in the SYNO

Ezekiel 16 in the TBIAOTANT

Ezekiel 16 in the TBT1E

Ezekiel 16 in the TBT1E2

Ezekiel 16 in the TFTIP

Ezekiel 16 in the TFTU

Ezekiel 16 in the TGNTATF3T

Ezekiel 16 in the THAI

Ezekiel 16 in the TNFD

Ezekiel 16 in the TNT

Ezekiel 16 in the TNTIK

Ezekiel 16 in the TNTIL

Ezekiel 16 in the TNTIN

Ezekiel 16 in the TNTIP

Ezekiel 16 in the TNTIZ

Ezekiel 16 in the TOMA

Ezekiel 16 in the TTENT

Ezekiel 16 in the UBG

Ezekiel 16 in the UGV

Ezekiel 16 in the UGV2

Ezekiel 16 in the UGV3

Ezekiel 16 in the VBL

Ezekiel 16 in the VDCC

Ezekiel 16 in the YALU

Ezekiel 16 in the YAPE

Ezekiel 16 in the YBVTP

Ezekiel 16 in the ZBP