Genesis 44 (BOATCB2)

1 Afei, Yosef hyɛɛ ne somfo panyin no se, “Fa aduan dodow biara a mmarima no betumi asoa no hyɛ wɔn nkotoku no amaama, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotoku mu ma no. 2 Na fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduan no sika ho, na fa hyɛ ne kotoku no mu.” Na ɔyɛɛ sɛnea Yosef kaa no pɛpɛɛpɛ. 3 Ade kyee anɔpa no, ogyaa anuanom no ne wɔn mfurum no kwan. 4 Wɔannu akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne somfo panyin no se, “Tiw nkurɔfo no ntɛm, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Adɛn nti na moawia me dwetɛ kuruwa? 5 Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhumusɛm no ni? Eyi yɛ bɔne kɛse a moayɛ.’ ” 6 Ɔkɔtoo wɔn no, otii saa asɛm koro yi ara mu kyerɛɛ wɔn. 7 Nanso anuanom no buaa no se, “Adɛn nti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ ade a ɛte saa! 8 Sika a yehuu wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛansan amfa amfi Kanaan ammrɛ mo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ fi wo wura fi? 9 Sɛ wuhu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wukum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa.” 10 Ɔsomfo no buae se, “Eye, na nea owiae no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa; na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.” 11 Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no fii mfurum no so guu fam, sansan wɔn nkotoku no ano. 12 Na ɔsomfo no fii ase, hwehwɛɛ wɔn nkotoku no mu fi ɔpanyin no so kosii akumaa no so. Wohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku no mu. 13 Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuan wɔn ntade mu. Afei, wɔn nyinaa san hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfurum no so, san kɔɔ kurow no mu. 14 Bere a Yuda ne ne nuanom no koduu kurow no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fi hɔ. Enti wɔn nyinaa totow wɔn ho guu fam wɔ nʼanim. 15 Yosef bisaa wɔn se, “Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhumusɛm so betumi ahu biribiara mu ana?” 16 Yuda buae se, “Anoyi bɛn na yebetumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahu sɛ yenni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfo afɔdi yi adi. Yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa.” 17 Nanso Yosef kae se, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Onipa a wohuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no de, monsan nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoe mu.” 18 Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no se, “Ma me a meyɛ wʼakoa no kwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwɔ mu sɛ wo ne Farao yɛ pɛ de, nanso mesrɛ wo, nya ntoboase ma wʼakoa. 19 Me wura bisaa nʼasomfo no se, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’ 20 Na yebuae se, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akwakoraa ne yɛn kaakyiri a ɔwoo no ne nkwakoraabere mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne na ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yiye.’ 21 “Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfo se, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’ 22 Yɛka kyerɛɛ me wura se, ‘Abarimaa no rentumi ntew ne ho mfi nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔtew ne ho fi nʼagya ho a, nʼagya no bewu.’ 23 Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfo se. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim bio.’ 24 Yɛsan kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 25 “Na yɛn agya kae se, ‘Monsan nkɔ bio nkɔtɔ aduan kakra mmra.’ 26 Nanso yɛka kyerɛɛ yɛn agya se, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’ 27 “Wʼakoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Munim sɛ me ne me yere woo mmabarima baanu. 28 Wɔn mu baako fii me nkyɛn kɔe a manhu no bio ma mekae se, “Aboa bi atetew no pasaa.” Efi saa bere no, minhuu no bio. 29 Sɛ mofa oyi fi me nkyɛn, na asiane bi kosiane no wɔ kwan so a, me nso, mede awerɛhow bewu bi.’ 30 “Enti saa bere yi, sɛ yekopue fi wʼakoa, yɛn agya, anim na abofra yi nka yɛn ho, ne sɛnea ne koma da abofra no so fa no, 31 sɛ ohu sɛ abofra no nka yɛn ho a, obewu. Wo nkoa bɛma wɔn agya de ne ti so dwen akɔ asaman awerɛhow mu. 32 Wʼakoa a ɔde ne ho dii abofra no akagyinamu sɛ ɔde no bɛba no kae se, ‘Sɛ mamfa no ansan ammrɛ wo a, ɛho asodi no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’ 33 “Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abofra no anan mu wɔ ha, na ma abofra no ne ne nuabarimanom no nsan nkɔ. 34 Na sɛ abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue wɔ mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”

In Other Versions

Genesis 44 in the ANGEFD

Genesis 44 in the ANTPNG2D

Genesis 44 in the AS21

Genesis 44 in the BAGH

Genesis 44 in the BBPNG

Genesis 44 in the BBT1E

Genesis 44 in the BDS

Genesis 44 in the BEV

Genesis 44 in the BHAD

Genesis 44 in the BIB

Genesis 44 in the BLPT

Genesis 44 in the BNT

Genesis 44 in the BNTABOOT

Genesis 44 in the BNTLV

Genesis 44 in the BOATCB

Genesis 44 in the BOBCV

Genesis 44 in the BOCNT

Genesis 44 in the BOECS

Genesis 44 in the BOGWICC

Genesis 44 in the BOHCB

Genesis 44 in the BOHCV

Genesis 44 in the BOHLNT

Genesis 44 in the BOHNTLTAL

Genesis 44 in the BOICB

Genesis 44 in the BOILNTAP

Genesis 44 in the BOITCV

Genesis 44 in the BOKCV

Genesis 44 in the BOKCV2

Genesis 44 in the BOKHWOG

Genesis 44 in the BOKSSV

Genesis 44 in the BOLCB

Genesis 44 in the BOLCB2

Genesis 44 in the BOMCV

Genesis 44 in the BONAV

Genesis 44 in the BONCB

Genesis 44 in the BONLT

Genesis 44 in the BONUT2

Genesis 44 in the BOPLNT

Genesis 44 in the BOSCB

Genesis 44 in the BOSNC

Genesis 44 in the BOTLNT

Genesis 44 in the BOVCB

Genesis 44 in the BOYCB

Genesis 44 in the BPBB

Genesis 44 in the BPH

Genesis 44 in the BSB

Genesis 44 in the CCB

Genesis 44 in the CUV

Genesis 44 in the CUVS

Genesis 44 in the DBT

Genesis 44 in the DGDNT

Genesis 44 in the DHNT

Genesis 44 in the DNT

Genesis 44 in the ELBE

Genesis 44 in the EMTV

Genesis 44 in the ESV

Genesis 44 in the FBV

Genesis 44 in the FEB

Genesis 44 in the GGMNT

Genesis 44 in the GNT

Genesis 44 in the HARY

Genesis 44 in the HNT

Genesis 44 in the IRVA

Genesis 44 in the IRVB

Genesis 44 in the IRVG

Genesis 44 in the IRVH

Genesis 44 in the IRVK

Genesis 44 in the IRVM

Genesis 44 in the IRVM2

Genesis 44 in the IRVO

Genesis 44 in the IRVP

Genesis 44 in the IRVT

Genesis 44 in the IRVT2

Genesis 44 in the IRVU

Genesis 44 in the ISVN

Genesis 44 in the JSNT

Genesis 44 in the KAPI

Genesis 44 in the KBT1ETNIK

Genesis 44 in the KBV

Genesis 44 in the KJV

Genesis 44 in the KNFD

Genesis 44 in the LBA

Genesis 44 in the LBLA

Genesis 44 in the LNT

Genesis 44 in the LSV

Genesis 44 in the MAAL

Genesis 44 in the MBV

Genesis 44 in the MBV2

Genesis 44 in the MHNT

Genesis 44 in the MKNFD

Genesis 44 in the MNG

Genesis 44 in the MNT

Genesis 44 in the MNT2

Genesis 44 in the MRS1T

Genesis 44 in the NAA

Genesis 44 in the NASB

Genesis 44 in the NBLA

Genesis 44 in the NBS

Genesis 44 in the NBVTP

Genesis 44 in the NET2

Genesis 44 in the NIV11

Genesis 44 in the NNT

Genesis 44 in the NNT2

Genesis 44 in the NNT3

Genesis 44 in the PDDPT

Genesis 44 in the PFNT

Genesis 44 in the RMNT

Genesis 44 in the SBIAS

Genesis 44 in the SBIBS

Genesis 44 in the SBIBS2

Genesis 44 in the SBICS

Genesis 44 in the SBIDS

Genesis 44 in the SBIGS

Genesis 44 in the SBIHS

Genesis 44 in the SBIIS

Genesis 44 in the SBIIS2

Genesis 44 in the SBIIS3

Genesis 44 in the SBIKS

Genesis 44 in the SBIKS2

Genesis 44 in the SBIMS

Genesis 44 in the SBIOS

Genesis 44 in the SBIPS

Genesis 44 in the SBISS

Genesis 44 in the SBITS

Genesis 44 in the SBITS2

Genesis 44 in the SBITS3

Genesis 44 in the SBITS4

Genesis 44 in the SBIUS

Genesis 44 in the SBIVS

Genesis 44 in the SBT

Genesis 44 in the SBT1E

Genesis 44 in the SCHL

Genesis 44 in the SNT

Genesis 44 in the SUSU

Genesis 44 in the SUSU2

Genesis 44 in the SYNO

Genesis 44 in the TBIAOTANT

Genesis 44 in the TBT1E

Genesis 44 in the TBT1E2

Genesis 44 in the TFTIP

Genesis 44 in the TFTU

Genesis 44 in the TGNTATF3T

Genesis 44 in the THAI

Genesis 44 in the TNFD

Genesis 44 in the TNT

Genesis 44 in the TNTIK

Genesis 44 in the TNTIL

Genesis 44 in the TNTIN

Genesis 44 in the TNTIP

Genesis 44 in the TNTIZ

Genesis 44 in the TOMA

Genesis 44 in the TTENT

Genesis 44 in the UBG

Genesis 44 in the UGV

Genesis 44 in the UGV2

Genesis 44 in the UGV3

Genesis 44 in the VBL

Genesis 44 in the VDCC

Genesis 44 in the YALU

Genesis 44 in the YAPE

Genesis 44 in the YBVTP

Genesis 44 in the ZBP