Leviticus 13 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, 2 “Sɛ obi hu sɛ biribi ahon ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa atape asi no na adidi akɔ ne honam mu a, onhu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfo Aaron anaa ne mmabarima no mu baako 3 na ɔhwɛ kuru no. Sɛ nwi a esi kuru no hɔ dan yɛ fitaa na kuru no atu atɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no da no adi sɛ ɔyarefo no yɛ ɔkwatani. 4 Na sɛ kuru no ntɔɔ ɔhonam no mu na sɛ kuru no hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yi ɔyarefo no fi nnipa mu nnanson. 5 Nnanson no du a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no bio na sɛ kuru no nsakrae na ɛntrɛwee wɔ ɔhonam no ani a, ɔsɔfo no bɛsan atwa no asu nnanson bio. 6 Afei ne nnanson so no, ɔsɔfo no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ohu sɛ ɔyare no ano abrɛ ase a ɛntrɛwee a, ɔsɔfo no bɛka ato gua sɛ, ɔyarefo no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ ntwom bi na eguu no bere tiaa bi mu. Enti sɛ ɔyarefo no horo ne ntama a, wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie. 7 Na sɛ nso ɔyarefo no ba ɔsɔfo no nkyɛn ma ɔhwɛ no na ɔyare no atrɛtrɛw a, ɛsɛ sɛ ɔsan ba ɔsɔfo no nkyɛn bio 8 na ɔhwɛ no na sɛ ɔyare no atrɛtrɛw wɔ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanne kwan so no, ne ho ntew na ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare. 9 “Sɛ obi nya ɔhonam ani nsanyare a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfo na ɔhwɛ no. 10 Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na kuru atɔ saa beae hɔ a, 11 na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de to gua sɛ amanne kwan so no, onipa no ho ntew. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ ɔyare no mu bio, efisɛ ɛda adi pefee sɛ ɔhonam no ayɛ kwata. 12 “Nanso sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa fi ne ti so kosi ne nan ase nyinaa a, 13 ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew, efisɛ ne honam nyinaa adan ayɛ fitaa. 14 Na sɛ akuru no bi pue ne honam no baabi foforo a, wɔbɛpae mu aka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. 15 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka ntɛm ara a ohu kuru wɔ honam no fa baabi, efisɛ akuru no kyerɛ sɛ kwata wɔ ɔhonam no mu. 16 Na sɛ akuru no wu na ɛdan yɛ fitaa sɛ ɔhonam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfo no hɔ bio. 17 Ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ ɔhonam no fa hɔ ayɛ fitaa de a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no. 18 “Sɛ pɔmpɔ si obi na agyae 19 na sɛ baabi a pɔmpɔ no sii no biribi hyerɛnn bi, anaa nea ɛbere kakra hon wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. 20 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ɔyare no adidi kɔ ne honam mu na nwi a ɛwɔ ɔhonam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ɔyarefo no ho ntew, efisɛ kwata apue afi pɔmpɔ no mu. 21 Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ nwi fitaa biara nni baabi a ɔyare no wɔ hɔ no, na ɔyare no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosu no yɛ nsonso a ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson. 22 Saa bere no mu sɛ beae hɔ no trɛtrɛw a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se, onipa no yare kwata. 23 Na sɛ beae a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn no anhon bio na antrɛtrɛw a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew. 24 “Sɛ obi hyehyew na sɛ ɔhyehyew no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a, 25 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ faako a ɔhyehyew no wɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beae a ɛhɔ nnii dɛm biara no dan yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ ade a adidi kɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afi ɔhyehyew no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. 26 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ hu sɛ nwi fitaa nni beae a ɛhɔ yɛ hyerɛnn no, na sɛ hyerɛnn no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na ɔyare no regyae a, ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson 27 na wahwɛ no ne nnanson so bio. Sɛ ɔyare no trɛw fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se kwata ayɛ onipa no. 28 Nanso sɛ ɔhonam no fa hɔ a ayɛ hyerɛnn no antrɛtrɛw ɔhonam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ nea ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ ɔhyehyew twa bi, enti ɔsɔfo no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata. 29 “Sɛ kuru da ɔbarima anaa ɔbea bi tirim anaa nʼafono ho a, 30 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ohu sɛ ɔyare no adidi kɔ ɔhonam no mu na ɔsan hu nwi a ɛte sɛ akokɔsrade wɔ kuru no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka se onipa no yare kwata. 31 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ ɔyare no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na mmom, ɛwɔ ɔhonam no ani a nwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ woyi onipa no fi nnipa mu nnanson, 32 na ne nnanson so no, wɔsan hwɛ no bio. Sɛ ɔyare no ntrɛtrɛwee, na nwi a ɛte sɛ akokɔsrade nnaa ne ho adi wɔ mu na ennidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, 33 ɔbɛtwerɛw nwi a atwa kuru no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ kuru no mu ankasa) na ɔsɔfo no ayi no afi nnipa mu nnanson bio. 34 Ne nnanson so no, ɔbɛsan ahwɛ no, na sɛ ɔyare no ntrɛtrɛw nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se onipa no ho atew na sɛ ɔhoro ne ntama wie a, na afei wadi mu. 35 Na sɛ akyiri no saa ɔyare no trɛtrɛw a, 36 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ no bio a ɔhwɛ sɛ nwi a ɛte sɛ akokɔsrade fra ɔyare no mu na ɔpae mu ka se, onipa no yare kwata. 37 Na sɛ ɔyare no trɛw a ɛtrɛtrɛw no gyae na sɛ nwi tuntum fuw wɔ beae hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se ne ho atew. 38 “Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi honam ani yɛ fitaa hanahana, 39 na akyiri no ɔhonam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ ɔyare foforo bi. 40 “Sɛ obi ti so pa a, ɛwɔ mu sɛ ne ti so apa de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani! 41 Sɛ obi ti so pa fi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata. 42 Na mmom, sɛ nsisii akɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ tipae no so a, na ɛkyerɛ sɛ ebia kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no. 43 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a, 44 na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se, onipa no yare kwata. 45 “Onipa biara a wobehu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, ‘Me ho ntew! Me ho ntew!’ 46 Na nna dodow a ɔyare no nkɔe no de, wɔbɛfa ɔyarefo no sɛ ne ho ntew enti ɛsɛ sɛ ɔtena kurow no akyi baabi. 47 “Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnne bi ka atade, 48 kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, 49 na sɛ nsisii ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfo na ɔhwɛ. 50 Ɔsɔfo no de bɛkɔ akosie nnanson. 51 Nnanson so no, wasan ahwɛ bio. Na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a etumi san nnipa. 52 Ɛsɛ sɛ ɔde ogya hyew ntama, kuntu ne ntadetam ne aboa nwoma no nyinaa, efisɛ, ɛnam eyinom so betumi ama ɔyare no asan nnipa. 53 “Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisii no ntrɛtrɛwee a, 54 ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔahoro nneɛma a wodwen sɛ ɔyare no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson. 55 Sɛ nnanson bio akyi faako a ɔyare no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosu na ɛntrɛwee a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata nti ɛsɛ sɛ wɔhyew ade no, efisɛ ɔyare no adidi kɔ mu ara yiye. 56 Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nneɛmahoro no akyi, nsisii no ano abrɛ ase a, obetwa hɔ afi ntama anaa aboa nwoma a wɔde adi dwuma bi no mu. 57 Na sɛ ɛsan ba bio de a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no. 58 Sɛ wɔhoro na asɛm biara amma ho a, wotumi de di dwuma biara bere a wɔasan ahoro no.” 59 Eyinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntama anaa biribiara a wɔde aboa nhoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekode no mu anaa bi nni mu no ho.

In Other Versions

Leviticus 13 in the ANGEFD

Leviticus 13 in the ANTPNG2D

Leviticus 13 in the AS21

Leviticus 13 in the BAGH

Leviticus 13 in the BBPNG

Leviticus 13 in the BBT1E

Leviticus 13 in the BDS

Leviticus 13 in the BEV

Leviticus 13 in the BHAD

Leviticus 13 in the BIB

Leviticus 13 in the BLPT

Leviticus 13 in the BNT

Leviticus 13 in the BNTABOOT

Leviticus 13 in the BNTLV

Leviticus 13 in the BOATCB

Leviticus 13 in the BOBCV

Leviticus 13 in the BOCNT

Leviticus 13 in the BOECS

Leviticus 13 in the BOGWICC

Leviticus 13 in the BOHCB

Leviticus 13 in the BOHCV

Leviticus 13 in the BOHLNT

Leviticus 13 in the BOHNTLTAL

Leviticus 13 in the BOICB

Leviticus 13 in the BOILNTAP

Leviticus 13 in the BOITCV

Leviticus 13 in the BOKCV

Leviticus 13 in the BOKCV2

Leviticus 13 in the BOKHWOG

Leviticus 13 in the BOKSSV

Leviticus 13 in the BOLCB

Leviticus 13 in the BOLCB2

Leviticus 13 in the BOMCV

Leviticus 13 in the BONAV

Leviticus 13 in the BONCB

Leviticus 13 in the BONLT

Leviticus 13 in the BONUT2

Leviticus 13 in the BOPLNT

Leviticus 13 in the BOSCB

Leviticus 13 in the BOSNC

Leviticus 13 in the BOTLNT

Leviticus 13 in the BOVCB

Leviticus 13 in the BOYCB

Leviticus 13 in the BPBB

Leviticus 13 in the BPH

Leviticus 13 in the BSB

Leviticus 13 in the CCB

Leviticus 13 in the CUV

Leviticus 13 in the CUVS

Leviticus 13 in the DBT

Leviticus 13 in the DGDNT

Leviticus 13 in the DHNT

Leviticus 13 in the DNT

Leviticus 13 in the ELBE

Leviticus 13 in the EMTV

Leviticus 13 in the ESV

Leviticus 13 in the FBV

Leviticus 13 in the FEB

Leviticus 13 in the GGMNT

Leviticus 13 in the GNT

Leviticus 13 in the HARY

Leviticus 13 in the HNT

Leviticus 13 in the IRVA

Leviticus 13 in the IRVB

Leviticus 13 in the IRVG

Leviticus 13 in the IRVH

Leviticus 13 in the IRVK

Leviticus 13 in the IRVM

Leviticus 13 in the IRVM2

Leviticus 13 in the IRVO

Leviticus 13 in the IRVP

Leviticus 13 in the IRVT

Leviticus 13 in the IRVT2

Leviticus 13 in the IRVU

Leviticus 13 in the ISVN

Leviticus 13 in the JSNT

Leviticus 13 in the KAPI

Leviticus 13 in the KBT1ETNIK

Leviticus 13 in the KBV

Leviticus 13 in the KJV

Leviticus 13 in the KNFD

Leviticus 13 in the LBA

Leviticus 13 in the LBLA

Leviticus 13 in the LNT

Leviticus 13 in the LSV

Leviticus 13 in the MAAL

Leviticus 13 in the MBV

Leviticus 13 in the MBV2

Leviticus 13 in the MHNT

Leviticus 13 in the MKNFD

Leviticus 13 in the MNG

Leviticus 13 in the MNT

Leviticus 13 in the MNT2

Leviticus 13 in the MRS1T

Leviticus 13 in the NAA

Leviticus 13 in the NASB

Leviticus 13 in the NBLA

Leviticus 13 in the NBS

Leviticus 13 in the NBVTP

Leviticus 13 in the NET2

Leviticus 13 in the NIV11

Leviticus 13 in the NNT

Leviticus 13 in the NNT2

Leviticus 13 in the NNT3

Leviticus 13 in the PDDPT

Leviticus 13 in the PFNT

Leviticus 13 in the RMNT

Leviticus 13 in the SBIAS

Leviticus 13 in the SBIBS

Leviticus 13 in the SBIBS2

Leviticus 13 in the SBICS

Leviticus 13 in the SBIDS

Leviticus 13 in the SBIGS

Leviticus 13 in the SBIHS

Leviticus 13 in the SBIIS

Leviticus 13 in the SBIIS2

Leviticus 13 in the SBIIS3

Leviticus 13 in the SBIKS

Leviticus 13 in the SBIKS2

Leviticus 13 in the SBIMS

Leviticus 13 in the SBIOS

Leviticus 13 in the SBIPS

Leviticus 13 in the SBISS

Leviticus 13 in the SBITS

Leviticus 13 in the SBITS2

Leviticus 13 in the SBITS3

Leviticus 13 in the SBITS4

Leviticus 13 in the SBIUS

Leviticus 13 in the SBIVS

Leviticus 13 in the SBT

Leviticus 13 in the SBT1E

Leviticus 13 in the SCHL

Leviticus 13 in the SNT

Leviticus 13 in the SUSU

Leviticus 13 in the SUSU2

Leviticus 13 in the SYNO

Leviticus 13 in the TBIAOTANT

Leviticus 13 in the TBT1E

Leviticus 13 in the TBT1E2

Leviticus 13 in the TFTIP

Leviticus 13 in the TFTU

Leviticus 13 in the TGNTATF3T

Leviticus 13 in the THAI

Leviticus 13 in the TNFD

Leviticus 13 in the TNT

Leviticus 13 in the TNTIK

Leviticus 13 in the TNTIL

Leviticus 13 in the TNTIN

Leviticus 13 in the TNTIP

Leviticus 13 in the TNTIZ

Leviticus 13 in the TOMA

Leviticus 13 in the TTENT

Leviticus 13 in the UBG

Leviticus 13 in the UGV

Leviticus 13 in the UGV2

Leviticus 13 in the UGV3

Leviticus 13 in the VBL

Leviticus 13 in the VDCC

Leviticus 13 in the YALU

Leviticus 13 in the YAPE

Leviticus 13 in the YBVTP

Leviticus 13 in the ZBP