Leviticus 26 (BOATCB2)

1 “ ‘Monnyɛ abosom. Munnsisi ahoni anaa abo mma mo ho. Mommfa abo a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkotow wɔn. Mene AWURADE mo Nyankopɔn no. 2 “ ‘Ɛsɛ sɛ mudi me Homeda, na mode nidi ma me kronkronbea. Mene AWURADE. 3 “ ‘Sɛ mudi me mmara no nyinaa so a, 4 daa mɛtɔ osu ama mo ama mo nnɔbae ayɛ yiye abu so, na mo nnua nso bɛsow aba a ɛbɛkyɛ wɔ nnua no so. 5 Na sɛ edu odua bere so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mubedidi amee na moatena asase no so asomdwoe mu. 6 “ ‘Mɛma mo asomdwoe, na mɛma mo ada a munnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afi mo ho. 7 Mobɛtaa mo atamfo; na wobewuwu wɔ mo afoa ano. 8 Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka mpem du agu! Mo atamfo bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ mo anim. 9 “ ‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔ, na madi apam a me ne mo pamee no so. 10 Mo nnɔbae bebu so a sɛ otwabere foforo du so a, morenhu nea mode bɛyɛ. 11 Na mɛtena mo mu, na merenkyi mo. 12 Me ne mo bɛnantew, na mayɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo. 13 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a ɔde mo fi Misraim asase so bae sɛnea morenyɛ Misraimfo nkoa bio no. Mibubuu mo konnua nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛma mo anantew anuonyam so. 14 “ ‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so, 15 na mopo mʼahyɛde ne me mmara na moanni so, bu mʼapam so a, 16 nea mɛyɛ mo ni: Mɛma mo koma atutu na mama nsamanwaw ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani betutu, na mo nkwa so ahuan. Mubedua nnɔbae agu kwa, efisɛ mo atamfo na wobedi. 17 Meyi mʼani afi mo so, na moaguan afi mo atamfo anim. Wɔn a wɔtan mo no bedi mo so. Mubeguan bere a obiara ntaa mo mpo. 18 “ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo bɔne no so aso mmɔho ason. 19 Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dade ne mo fam sɛ kɔbere. 20 Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase rennya nnɔbae biara, na ɛso nnua nso rensow aba. 21 “ ‘Na sɛ tie ara na morentie me a, mo bɔne nti, mede ɔyaredɔm mmɔho ason a ɛfata mo bɔne no begu mo so. 22 Mɛma nkekaboa abekunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwi, na matew mo dodow so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio. 23 “ ‘Na sɛ eyi antumi ansakra mo, na mokɔ so tia mʼapɛde a, 24 me nso, metia mo apɛde, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mpɛn ason wɔ mo bɔne ho. 25 Menam ɔko so bebu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mubeguan akɔ mo nkurow mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfo bedi mo so. 26 Mɛsɛe mo nnuan a mubenya nyinaa akosi sɛ mpo, fononoo baako brodo a ɛbɛto no na mmusuakuw du bedi. Aduan kakra a mubedi no akyi, ɔkɔm bɛde mo. 27 “ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, 28 mo bɔne nti, me bo befuw mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho ason. 29 Mobɛwe mo mmabarima ne mo mmabea nam. 30 Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Metwitwa mo aduhuam afɔremuka agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a enni nkwa no so; na mɛpo mo. 31 Mɛma mo nkurow ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohuam afɔrebɔ no. 32 Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfo atena so, na nea mɛyɛ mo no ayɛ mo nwonwa. 33 Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa so, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkurow. 34 Akyiri no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfe dodow a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmere a mowɔ atamfo nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso. 35 Bere a asase no da mpan nyinaa, ebenya home a moamma annya wɔ Homeda dodow a motenaa so no. 36 “ ‘Wɔn a wogyaw wɔn hɔ a wonwui no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafo ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahaban koraa a, wobeguan te sɛ nea obi a okura afoa repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ bere a obi ntaa wɔn. 37 Obiara rentaa wɔn nanso ehu nti, wobehintihintiw wɔn ho wɔn ho te sɛnea wɔreguan afi akono a wonni tumi biara a wɔde begyina wɔn atamfo anim no. 38 Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfo asɛe mo. 39 Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne nti, wɔn ho bɛyeraw wɔn wɔ atamfo nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛe no nti. 40 “ ‘Nanso akyiri no, me nkurɔfo bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛnea wodii me huammɔ na wotiaa me no. 41 Sɛ me nso mitia wɔn sɛ nea ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfo asase so a, afei, wɔn komaden no ano bɛbrɛ ase, na wobetua wɔn bɔne so ka. 42 Afei, mɛkae apam a mene Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no. 43 Asase no da hɔ dinn no, ebedi ne homeda. Nanso akyiri no, wobenya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛe so na wɔpoo mʼahyɛde. 44 Na nea wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔn ne mʼapam no korakora, efisɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn. 45 Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim, bere a amanaman nyinaa rehwɛ no yɛe no. Me AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.’ ” 46 Eyinom ne mmara ne ahyɛde a AWURADE nam Mose so de maa Israelfo no wɔ Sinai Bepɔw so no.

In Other Versions

Leviticus 26 in the ANGEFD

Leviticus 26 in the ANTPNG2D

Leviticus 26 in the AS21

Leviticus 26 in the BAGH

Leviticus 26 in the BBPNG

Leviticus 26 in the BBT1E

Leviticus 26 in the BDS

Leviticus 26 in the BEV

Leviticus 26 in the BHAD

Leviticus 26 in the BIB

Leviticus 26 in the BLPT

Leviticus 26 in the BNT

Leviticus 26 in the BNTABOOT

Leviticus 26 in the BNTLV

Leviticus 26 in the BOATCB

Leviticus 26 in the BOBCV

Leviticus 26 in the BOCNT

Leviticus 26 in the BOECS

Leviticus 26 in the BOGWICC

Leviticus 26 in the BOHCB

Leviticus 26 in the BOHCV

Leviticus 26 in the BOHLNT

Leviticus 26 in the BOHNTLTAL

Leviticus 26 in the BOICB

Leviticus 26 in the BOILNTAP

Leviticus 26 in the BOITCV

Leviticus 26 in the BOKCV

Leviticus 26 in the BOKCV2

Leviticus 26 in the BOKHWOG

Leviticus 26 in the BOKSSV

Leviticus 26 in the BOLCB

Leviticus 26 in the BOLCB2

Leviticus 26 in the BOMCV

Leviticus 26 in the BONAV

Leviticus 26 in the BONCB

Leviticus 26 in the BONLT

Leviticus 26 in the BONUT2

Leviticus 26 in the BOPLNT

Leviticus 26 in the BOSCB

Leviticus 26 in the BOSNC

Leviticus 26 in the BOTLNT

Leviticus 26 in the BOVCB

Leviticus 26 in the BOYCB

Leviticus 26 in the BPBB

Leviticus 26 in the BPH

Leviticus 26 in the BSB

Leviticus 26 in the CCB

Leviticus 26 in the CUV

Leviticus 26 in the CUVS

Leviticus 26 in the DBT

Leviticus 26 in the DGDNT

Leviticus 26 in the DHNT

Leviticus 26 in the DNT

Leviticus 26 in the ELBE

Leviticus 26 in the EMTV

Leviticus 26 in the ESV

Leviticus 26 in the FBV

Leviticus 26 in the FEB

Leviticus 26 in the GGMNT

Leviticus 26 in the GNT

Leviticus 26 in the HARY

Leviticus 26 in the HNT

Leviticus 26 in the IRVA

Leviticus 26 in the IRVB

Leviticus 26 in the IRVG

Leviticus 26 in the IRVH

Leviticus 26 in the IRVK

Leviticus 26 in the IRVM

Leviticus 26 in the IRVM2

Leviticus 26 in the IRVO

Leviticus 26 in the IRVP

Leviticus 26 in the IRVT

Leviticus 26 in the IRVT2

Leviticus 26 in the IRVU

Leviticus 26 in the ISVN

Leviticus 26 in the JSNT

Leviticus 26 in the KAPI

Leviticus 26 in the KBT1ETNIK

Leviticus 26 in the KBV

Leviticus 26 in the KJV

Leviticus 26 in the KNFD

Leviticus 26 in the LBA

Leviticus 26 in the LBLA

Leviticus 26 in the LNT

Leviticus 26 in the LSV

Leviticus 26 in the MAAL

Leviticus 26 in the MBV

Leviticus 26 in the MBV2

Leviticus 26 in the MHNT

Leviticus 26 in the MKNFD

Leviticus 26 in the MNG

Leviticus 26 in the MNT

Leviticus 26 in the MNT2

Leviticus 26 in the MRS1T

Leviticus 26 in the NAA

Leviticus 26 in the NASB

Leviticus 26 in the NBLA

Leviticus 26 in the NBS

Leviticus 26 in the NBVTP

Leviticus 26 in the NET2

Leviticus 26 in the NIV11

Leviticus 26 in the NNT

Leviticus 26 in the NNT2

Leviticus 26 in the NNT3

Leviticus 26 in the PDDPT

Leviticus 26 in the PFNT

Leviticus 26 in the RMNT

Leviticus 26 in the SBIAS

Leviticus 26 in the SBIBS

Leviticus 26 in the SBIBS2

Leviticus 26 in the SBICS

Leviticus 26 in the SBIDS

Leviticus 26 in the SBIGS

Leviticus 26 in the SBIHS

Leviticus 26 in the SBIIS

Leviticus 26 in the SBIIS2

Leviticus 26 in the SBIIS3

Leviticus 26 in the SBIKS

Leviticus 26 in the SBIKS2

Leviticus 26 in the SBIMS

Leviticus 26 in the SBIOS

Leviticus 26 in the SBIPS

Leviticus 26 in the SBISS

Leviticus 26 in the SBITS

Leviticus 26 in the SBITS2

Leviticus 26 in the SBITS3

Leviticus 26 in the SBITS4

Leviticus 26 in the SBIUS

Leviticus 26 in the SBIVS

Leviticus 26 in the SBT

Leviticus 26 in the SBT1E

Leviticus 26 in the SCHL

Leviticus 26 in the SNT

Leviticus 26 in the SUSU

Leviticus 26 in the SUSU2

Leviticus 26 in the SYNO

Leviticus 26 in the TBIAOTANT

Leviticus 26 in the TBT1E

Leviticus 26 in the TBT1E2

Leviticus 26 in the TFTIP

Leviticus 26 in the TFTU

Leviticus 26 in the TGNTATF3T

Leviticus 26 in the THAI

Leviticus 26 in the TNFD

Leviticus 26 in the TNT

Leviticus 26 in the TNTIK

Leviticus 26 in the TNTIL

Leviticus 26 in the TNTIN

Leviticus 26 in the TNTIP

Leviticus 26 in the TNTIZ

Leviticus 26 in the TOMA

Leviticus 26 in the TTENT

Leviticus 26 in the UBG

Leviticus 26 in the UGV

Leviticus 26 in the UGV2

Leviticus 26 in the UGV3

Leviticus 26 in the VBL

Leviticus 26 in the VDCC

Leviticus 26 in the YALU

Leviticus 26 in the YAPE

Leviticus 26 in the YBVTP

Leviticus 26 in the ZBP