Luke 9 (BOATCB2)

1 Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyia maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso. 2 Afei ɔsomaa wɔn se wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm na wɔnsa nyarewa. 3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo akwantu yi mu, mommfa biribiara nnkɔ, sɛ ɛyɛ pema anaa akwantukotoku, anaa aduan biara, anaa sika, anaa ntade abien abien. 4 Na sɛ mokɔ kurow bi mu a, ofi biara a mobɛsoɛ wɔ mu no, ɛhɔ ara na montena nkosi sɛ mubefi kurow no mu. 5 Sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo, na morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo anan ase mfutuma mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.” 6 Wofii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraase nkuraase kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso. 7 Ɔmansinhene Herode tee nea Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaw no yiye, efisɛ na ebinom keka se Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu, 8 na afoforo nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifo no mu baako na wasɔre afi awufo mu aba. 9 Herode kae se, “Yohane de, matwa ne ti, na hena koraa ne saa onipa yi a mete anwonwasɛm a ɛte sɛɛ fa ne ho yi?” Eyi nti ɔpɛɛ sɛ ohu no. 10 Asomafo no fii wɔn akwantu mu bae no, wɔbɔɔ nsɛm a esisii wɔ hɔ nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. Eyi akyi na Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. 11 Nnipadɔm no huu nea Yesu ne nʼasomafo no wɔ no, wotiw wɔn ma ogyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefo yare. 12 Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi yɛ sare so.” 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momma wɔn biribi nni.”Wobuaa no se, “Yɛwɔ brodo anum ne mpataa abien pɛ. Ɛno nti gye sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa.” 14 Na nnipa bɛyɛ mpem anum na wɔahyia wɔ hɔ.Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.” 15 Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no. 16 Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no. 17 Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. 18 Da bi a Yesu hyɛ kokoa mu baabi rebɔ mpae a nʼasuafo ka ne ho no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?” 19 Wobuaa no se, “Ebinom ka se, woyɛ Osuboni Yohane, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforo nso se, woyɛ tete adiyifo no mu baako a wasɔre afi awufo mu aba.” 20 Yesu bisaa wɔn se, “Na mo nso muse mene hena?”Petro buaa no se, “Wone Kristo, nea Onyankopɔn asoma no no.” 21 Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara. 22 Ɔtoaa so se, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane pii; Yudafo mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nso bɛpo no. Akyiri no wobekum no, na ne nnansa so wasɔre.” 23 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasennua na onni mʼakyi. 24 Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sen me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na nea me nti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka. 25 Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, dɛn mfaso na obenya? 26 Na nea nʼani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Onipa Ba no bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfo kronkron no anuonyam mu no, mʼani bewu wɔ ne ho. 27 “Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni no.” 28 Yesu kaa ne nsɛm yi wiee no, ɛbɛyɛ nnaawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpae. 29 Na Yesu gu so rebɔ mpae no, nʼanimdua sesae, na nʼatade nso hyerɛnee. 30 Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia puee wɔ hɔ anuonyam mu ne no bɛkasae. 31 Wɔkasa faa ne wu a obewu a ɛde mahyɛ bɛba Yerusalem so no ho. 32 Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyanyan a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. 33 Na ɛbaa sɛ nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, eye sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no. 34 Ogu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wosuroe. 35 Na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Ba a mayi no. Muntie no!” 36 Kasa yi akyi no, wohuu sɛ aka Yesu nko ara na ogyina hɔ. Na mmere no mu, wɔanka nea wohuu no ankyerɛ obiara. 37 Ade kyee a wosian fii bepɔw no so bae no, nnipakuw bi behyiaa Yesu. 38 Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me; 39 sɛ honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so. 40 Na mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu honhommɔne no nanso wɔantumi.” 41 Yesu kae se, “Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!” Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Fa wo ba no bra ha.” 42 Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. 43 Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn.Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, 44 “Muntie asɛm a merebɛka yi yiye. Wobeyi Kristo no ama.” 45 Nea ɔkaa yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase. 46 Asuafo no gyee akyinnye a ɛfa wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni mu no ho. 47 Na Yesu huu wɔn adwene no, osoo abofra bi mu de no begyinaa ne nkyɛn pɛɛ, 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a obegye saa abofra yi wɔ me din mu no, gye me; na nea ogye me no nso gye nea ɔsomaa me no. Nea ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛse.” 49 Yohane nso ka kyerɛɛ no se, “Awurade, yehuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.” 50 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Munnsiw no kwan, efisɛ nea ontia mo no, na ɔwɔ mo afa.” 51 Na bere a ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ ɔsoro no rebɛn no, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii kan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wonkosiesie baabi mma no. 53 Nanso Samariafo no annye Yesu, efisɛ wohuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. 54 Asuafo no tee nea aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu se, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya fi ɔsoro bɛhyew wɔn pasaa ana?” 55 Yesu dan nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, 56 na wofii hɔ kɔɔ akuraa foforo bi ase. 57 Bere a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi.” 58 Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!” 59 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforo bi nso se, “Bedi mʼakyi.”Nanso ɔbarima no kae se, “Awurade, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa.” 60 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.” 61 Na ɔfoforo nso kae se, “Awurade, medi wʼakyi nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafo nkodi nkra ansa.” 62 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, ɔmfata Onyankopɔn ahenni no.”

In Other Versions

Luke 9 in the ANGEFD

Luke 9 in the ANTPNG2D

Luke 9 in the AS21

Luke 9 in the BAGH

Luke 9 in the BBPNG

Luke 9 in the BBT1E

Luke 9 in the BDS

Luke 9 in the BEV

Luke 9 in the BHAD

Luke 9 in the BIB

Luke 9 in the BLPT

Luke 9 in the BNT

Luke 9 in the BNTABOOT

Luke 9 in the BNTLV

Luke 9 in the BOATCB

Luke 9 in the BOBCV

Luke 9 in the BOCNT

Luke 9 in the BOECS

Luke 9 in the BOGWICC

Luke 9 in the BOHCB

Luke 9 in the BOHCV

Luke 9 in the BOHLNT

Luke 9 in the BOHNTLTAL

Luke 9 in the BOICB

Luke 9 in the BOILNTAP

Luke 9 in the BOITCV

Luke 9 in the BOKCV

Luke 9 in the BOKCV2

Luke 9 in the BOKHWOG

Luke 9 in the BOKSSV

Luke 9 in the BOLCB

Luke 9 in the BOLCB2

Luke 9 in the BOMCV

Luke 9 in the BONAV

Luke 9 in the BONCB

Luke 9 in the BONLT

Luke 9 in the BONUT2

Luke 9 in the BOPLNT

Luke 9 in the BOSCB

Luke 9 in the BOSNC

Luke 9 in the BOTLNT

Luke 9 in the BOVCB

Luke 9 in the BOYCB

Luke 9 in the BPBB

Luke 9 in the BPH

Luke 9 in the BSB

Luke 9 in the CCB

Luke 9 in the CUV

Luke 9 in the CUVS

Luke 9 in the DBT

Luke 9 in the DGDNT

Luke 9 in the DHNT

Luke 9 in the DNT

Luke 9 in the ELBE

Luke 9 in the EMTV

Luke 9 in the ESV

Luke 9 in the FBV

Luke 9 in the FEB

Luke 9 in the GGMNT

Luke 9 in the GNT

Luke 9 in the HARY

Luke 9 in the HNT

Luke 9 in the IRVA

Luke 9 in the IRVB

Luke 9 in the IRVG

Luke 9 in the IRVH

Luke 9 in the IRVK

Luke 9 in the IRVM

Luke 9 in the IRVM2

Luke 9 in the IRVO

Luke 9 in the IRVP

Luke 9 in the IRVT

Luke 9 in the IRVT2

Luke 9 in the IRVU

Luke 9 in the ISVN

Luke 9 in the JSNT

Luke 9 in the KAPI

Luke 9 in the KBT1ETNIK

Luke 9 in the KBV

Luke 9 in the KJV

Luke 9 in the KNFD

Luke 9 in the LBA

Luke 9 in the LBLA

Luke 9 in the LNT

Luke 9 in the LSV

Luke 9 in the MAAL

Luke 9 in the MBV

Luke 9 in the MBV2

Luke 9 in the MHNT

Luke 9 in the MKNFD

Luke 9 in the MNG

Luke 9 in the MNT

Luke 9 in the MNT2

Luke 9 in the MRS1T

Luke 9 in the NAA

Luke 9 in the NASB

Luke 9 in the NBLA

Luke 9 in the NBS

Luke 9 in the NBVTP

Luke 9 in the NET2

Luke 9 in the NIV11

Luke 9 in the NNT

Luke 9 in the NNT2

Luke 9 in the NNT3

Luke 9 in the PDDPT

Luke 9 in the PFNT

Luke 9 in the RMNT

Luke 9 in the SBIAS

Luke 9 in the SBIBS

Luke 9 in the SBIBS2

Luke 9 in the SBICS

Luke 9 in the SBIDS

Luke 9 in the SBIGS

Luke 9 in the SBIHS

Luke 9 in the SBIIS

Luke 9 in the SBIIS2

Luke 9 in the SBIIS3

Luke 9 in the SBIKS

Luke 9 in the SBIKS2

Luke 9 in the SBIMS

Luke 9 in the SBIOS

Luke 9 in the SBIPS

Luke 9 in the SBISS

Luke 9 in the SBITS

Luke 9 in the SBITS2

Luke 9 in the SBITS3

Luke 9 in the SBITS4

Luke 9 in the SBIUS

Luke 9 in the SBIVS

Luke 9 in the SBT

Luke 9 in the SBT1E

Luke 9 in the SCHL

Luke 9 in the SNT

Luke 9 in the SUSU

Luke 9 in the SUSU2

Luke 9 in the SYNO

Luke 9 in the TBIAOTANT

Luke 9 in the TBT1E

Luke 9 in the TBT1E2

Luke 9 in the TFTIP

Luke 9 in the TFTU

Luke 9 in the TGNTATF3T

Luke 9 in the THAI

Luke 9 in the TNFD

Luke 9 in the TNT

Luke 9 in the TNTIK

Luke 9 in the TNTIL

Luke 9 in the TNTIN

Luke 9 in the TNTIP

Luke 9 in the TNTIZ

Luke 9 in the TOMA

Luke 9 in the TTENT

Luke 9 in the UBG

Luke 9 in the UGV

Luke 9 in the UGV2

Luke 9 in the UGV3

Luke 9 in the VBL

Luke 9 in the VDCC

Luke 9 in the YALU

Luke 9 in the YAPE

Luke 9 in the YBVTP

Luke 9 in the ZBP