Nehemiah 11 (BOATCB2)
1 Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara. 2 Na ɔmanfo no kamfoo obiara a ofi ne pɛ mu san kɔtenaa Yerusalem no. 3 Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so, 4 nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem. Yuda abusuakuw mu nnipa no ni:Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu; 5 Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu. 6 Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe (468) a wodi mu no na na wɔte Yerusalem. 7 Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni:Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima; 8 na nʼakyi no na Gabai ne Salai, ne abusuafo ahankron aduonu awotwe (928) ba. 9 Wɔn panyin pa ara no ne Sikri babarima Yoel na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfo abediakyiri babarima Yuda boaa no. 10 Asɔfo no mu nnipa ni:Yoiarib babarima Yedaia; Yakin; 11 ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfo babarima, 12 ne wɔn mfɛfo ahanwɔtwe aduonu abien (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima 13 ne ne mfɛfo ahannu aduanan abien (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofo. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima 14 ne ne mfɛfo atitiriw ɔha aduonu awotwe (128). Wɔn panyin pa ara a otua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel. 15 Lewifo no nso ni:Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima; 16 ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so; 17 Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano;Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima. 18 Na Lewifo a wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu no nyinaa dodow si ahannu aduɔwɔtwe anan (284). 19 Aponanohwɛfo no ni:Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a (172) na wɔwɛn wɔ apon no ano. 20 Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ. 21 Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so. 22 Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no. 23 Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase. 24 Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammui mu. 25 Yudafo no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraa, Dibon ne ne nkuraa ne Yekabseel ne ne nkuraa. 26 Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet, 27 Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa, 28 Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa. 29 Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut, 30 Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuw a ɛbɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa nso. Enti Yudafo no tenatena nsase a efi Beer-Seba kosi Hinom bon no mu. 31 Benyamin nkurɔfo no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa. 32 Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania, 33 Hasor, Rama, Gitaim, 34 Hadid, Seboim, Nebalat, 35 Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso. 36 Wɔmaa Lewifo a na wɔte Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuw no ho, ne wɔn tenae.
In Other Versions
Nehemiah 11 in the ANGEFD
Nehemiah 11 in the ANTPNG2D
Nehemiah 11 in the AS21
Nehemiah 11 in the BAGH
Nehemiah 11 in the BBPNG
Nehemiah 11 in the BBT1E
Nehemiah 11 in the BDS
Nehemiah 11 in the BEV
Nehemiah 11 in the BHAD
Nehemiah 11 in the BIB
Nehemiah 11 in the BLPT
Nehemiah 11 in the BNT
Nehemiah 11 in the BNTABOOT
Nehemiah 11 in the BNTLV
Nehemiah 11 in the BOATCB
Nehemiah 11 in the BOBCV
Nehemiah 11 in the BOCNT
Nehemiah 11 in the BOECS
Nehemiah 11 in the BOGWICC
Nehemiah 11 in the BOHCB
Nehemiah 11 in the BOHCV
Nehemiah 11 in the BOHLNT
Nehemiah 11 in the BOHNTLTAL
Nehemiah 11 in the BOICB
Nehemiah 11 in the BOILNTAP
Nehemiah 11 in the BOITCV
Nehemiah 11 in the BOKCV
Nehemiah 11 in the BOKCV2
Nehemiah 11 in the BOKHWOG
Nehemiah 11 in the BOKSSV
Nehemiah 11 in the BOLCB
Nehemiah 11 in the BOLCB2
Nehemiah 11 in the BOMCV
Nehemiah 11 in the BONAV
Nehemiah 11 in the BONCB
Nehemiah 11 in the BONLT
Nehemiah 11 in the BONUT2
Nehemiah 11 in the BOPLNT
Nehemiah 11 in the BOSCB
Nehemiah 11 in the BOSNC
Nehemiah 11 in the BOTLNT
Nehemiah 11 in the BOVCB
Nehemiah 11 in the BOYCB
Nehemiah 11 in the BPBB
Nehemiah 11 in the BPH
Nehemiah 11 in the BSB
Nehemiah 11 in the CCB
Nehemiah 11 in the CUV
Nehemiah 11 in the CUVS
Nehemiah 11 in the DBT
Nehemiah 11 in the DGDNT
Nehemiah 11 in the DHNT
Nehemiah 11 in the DNT
Nehemiah 11 in the ELBE
Nehemiah 11 in the EMTV
Nehemiah 11 in the ESV
Nehemiah 11 in the FBV
Nehemiah 11 in the FEB
Nehemiah 11 in the GGMNT
Nehemiah 11 in the GNT
Nehemiah 11 in the HARY
Nehemiah 11 in the HNT
Nehemiah 11 in the IRVA
Nehemiah 11 in the IRVB
Nehemiah 11 in the IRVG
Nehemiah 11 in the IRVH
Nehemiah 11 in the IRVK
Nehemiah 11 in the IRVM
Nehemiah 11 in the IRVM2
Nehemiah 11 in the IRVO
Nehemiah 11 in the IRVP
Nehemiah 11 in the IRVT
Nehemiah 11 in the IRVT2
Nehemiah 11 in the IRVU
Nehemiah 11 in the ISVN
Nehemiah 11 in the JSNT
Nehemiah 11 in the KAPI
Nehemiah 11 in the KBT1ETNIK
Nehemiah 11 in the KBV
Nehemiah 11 in the KJV
Nehemiah 11 in the KNFD
Nehemiah 11 in the LBA
Nehemiah 11 in the LBLA
Nehemiah 11 in the LNT
Nehemiah 11 in the LSV
Nehemiah 11 in the MAAL
Nehemiah 11 in the MBV
Nehemiah 11 in the MBV2
Nehemiah 11 in the MHNT
Nehemiah 11 in the MKNFD
Nehemiah 11 in the MNG
Nehemiah 11 in the MNT
Nehemiah 11 in the MNT2
Nehemiah 11 in the MRS1T
Nehemiah 11 in the NAA
Nehemiah 11 in the NASB
Nehemiah 11 in the NBLA
Nehemiah 11 in the NBS
Nehemiah 11 in the NBVTP
Nehemiah 11 in the NET2
Nehemiah 11 in the NIV11
Nehemiah 11 in the NNT
Nehemiah 11 in the NNT2
Nehemiah 11 in the NNT3
Nehemiah 11 in the PDDPT
Nehemiah 11 in the PFNT
Nehemiah 11 in the RMNT
Nehemiah 11 in the SBIAS
Nehemiah 11 in the SBIBS
Nehemiah 11 in the SBIBS2
Nehemiah 11 in the SBICS
Nehemiah 11 in the SBIDS
Nehemiah 11 in the SBIGS
Nehemiah 11 in the SBIHS
Nehemiah 11 in the SBIIS
Nehemiah 11 in the SBIIS2
Nehemiah 11 in the SBIIS3
Nehemiah 11 in the SBIKS
Nehemiah 11 in the SBIKS2
Nehemiah 11 in the SBIMS
Nehemiah 11 in the SBIOS
Nehemiah 11 in the SBIPS
Nehemiah 11 in the SBISS
Nehemiah 11 in the SBITS
Nehemiah 11 in the SBITS2
Nehemiah 11 in the SBITS3
Nehemiah 11 in the SBITS4
Nehemiah 11 in the SBIUS
Nehemiah 11 in the SBIVS
Nehemiah 11 in the SBT
Nehemiah 11 in the SBT1E
Nehemiah 11 in the SCHL
Nehemiah 11 in the SNT
Nehemiah 11 in the SUSU
Nehemiah 11 in the SUSU2
Nehemiah 11 in the SYNO
Nehemiah 11 in the TBIAOTANT
Nehemiah 11 in the TBT1E
Nehemiah 11 in the TBT1E2
Nehemiah 11 in the TFTIP
Nehemiah 11 in the TFTU
Nehemiah 11 in the TGNTATF3T
Nehemiah 11 in the THAI
Nehemiah 11 in the TNFD
Nehemiah 11 in the TNT
Nehemiah 11 in the TNTIK
Nehemiah 11 in the TNTIL
Nehemiah 11 in the TNTIN
Nehemiah 11 in the TNTIP
Nehemiah 11 in the TNTIZ
Nehemiah 11 in the TOMA
Nehemiah 11 in the TTENT
Nehemiah 11 in the UBG
Nehemiah 11 in the UGV
Nehemiah 11 in the UGV2
Nehemiah 11 in the UGV3
Nehemiah 11 in the VBL
Nehemiah 11 in the VDCC
Nehemiah 11 in the YALU
Nehemiah 11 in the YAPE
Nehemiah 11 in the YBVTP
Nehemiah 11 in the ZBP