Nehemiah 13 (BOATCB2)

1 Da no ara, bere a wogu so rekenkan Mose Nhoma no, ɔmanfo no huu asɛm bi a ɛka se, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn aguabɔ ase. 2 Ase ne sɛ, bere a Israelfo fii Misraim no, wɔne wɔn anni no yiye. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no ma ɛyɛɛ nhyira. 3 Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpam ananafo no nyinaa fii aguabɔ no ase. 4 Ansa na saa asɛm yi rebesi no, na ɔsɔfo Eliasib a woyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfo no a na ɔsan yɛ Tobia busuani no, 5 adan adekoradan kɛse no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atoko afɔrebɔde, aduhuam, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atoko ntotoso du du, nsa foforo, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfo. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔde no yɛ Lewifo, nnwontofo ne aponanohwɛfo no de. 6 Saa bere no, na minni Yerusalem. Na masan kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahenni afe a ɛto so aduasa abien so. Akyiri no na ɔmaa me kwan sɛ mensan mmra. 7 Mibeduu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adiwo dan bi ama Tobia no, 8 ɛtɔɔ me so, na miyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa gui. 9 Afei mehyɛe sɛ, wonnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atoko afɔrebɔde ne aduhuam no san beguu mu. 10 Mesan huu sɛ wɔmfaa nea ɛsɛ sɛ Lewifo no nya no mmaa wɔn ɛ, enti na wɔne nnwontofo no a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔsom no so no asan akɔyɛ adwuma wɔ wɔn mfuw mu. 11 Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofo no nkyɛn, kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na moayi mo ani afi Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifo no nyinaa ma wɔsan bae, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano. 12 Na bio, Yudafo nyinaa fii ase de wɔn atoko ntotoso du du, nsa foforo ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu. 13 Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfo Selemia, mmara no kyerɛkyerɛfo Sadok ne Lewifo no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na miyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nena sɛ wɔn boafo. Na saa mmarima yi wɔ din pa, na wɔn adwuma ne sɛ wɔde nokware bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfo Lewifo no. 14 Kae saa ade pa yi yɛ, me Nyankopɔn, na mma wo werɛ mfi nea mifi nokwaredi mu ayɛ nyinaa de ama me Nyankopɔn Asɔredan no. 15 Da koro Homeda bi, mihuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamoa so. Na wɔrehyehyɛ atoko afiafi wɔ wɔn mfurum so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsa, bobe aba, borɔdɔma ne nnɔbae bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn nnɔbae homeda. 16 Na mmarima bi nso fi Tiro a wɔde nsumnam ne aguade ahorow bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafo wɔ Yerusalem fie ankasa! 17 Ɛno nti, mekɔɔ Yuda ntuanofo no so kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi? 18 Munnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no nti na yɛn Nyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so mprempren yi brɛɛ yɛn ne yɛn kurow yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntraso mprempren no bɛma abufuwhyew aba Israelfo so.” 19 Na afei, mehyɛɛ sɛ, efi saa bere no rekɔ, Fida biara anwummere, wɔntoto kurow no apon mu a wommmue ara kosi sɛ Homeda no betwa mu. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfo kɔwɛn apon no, sɛnea wɔrentumi mfa aguade mma homeda no. 20 Aguadifo ne nsaanodwumayɛfo a wɔde aguade ahorow ba no soɛɛ wɔ Yerusalem mfikyiri pɛnkoro anaa mprenu. 21 Nanso mekasa kyerɛɛ wɔn anibere so se, “Dɛn na motete ɔfasu yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Efi hɔ no, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio. 22 Na mehyɛɛ Lewifo no sɛ, wonnwira wɔn ho, na wɔnnwɛn apon no sɛnea Homeda no kronkronyɛ no bɛka hɔ. Kae saa ade pa yi yɛ nso, me Nyankopɔn, na wʼadɔe kɛse a ɛnsa da no nti, hu me mmɔbɔ. 23 Saa bere koro no ara mu, mihuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wofi Asdod, Amon ne Moab. 24 Na nea na enye koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforo bi kasa a na wontumi nka Yudafo kasa no koraa. 25 Enti mekɔɔ wɔn so kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tinwi. Mema wɔkaa ntam wɔ Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nni aware. 26 Mibisae se, “Ɛnyɛ eyi bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so hene toto ne ho a, ɛnyɛ yiye. Onyankopɔn dɔɔ no, na osii no hene wɔ Israel nyinaa so. Nanso ɔno mpo ananafo aware de no kɔɔ bɔne mu. 27 Dɛn na ɛhaw mo ma modwene sɛ mobɛware ananafo mmea, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na munni Onyankopɔn nokware? 28 Esiane sɛ ɔsɔfopanyin Eliasib babarima Yoiada aware Horonni Sanbalat babea nti, mepam no fii mʼanim. 29 Kae wɔn, me Nyankopɔn, efisɛ wɔagu asɔfodwuma, asɔfo ne Lewifo bɔhyɛ ne ntam no ho fi. 30 Enti miguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo nsa, hwɛɛ sɛ obiara nim nʼadwuma. 31 Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔremuka so no nso bɛba mmere a ɛsɛ mu, na afei wobegye otwa a edi kan no mu nnɔbae de abrɛ asɔfo no. Kae eyi na dom me, me Nyankopɔn.

In Other Versions

Nehemiah 13 in the ANGEFD

Nehemiah 13 in the ANTPNG2D

Nehemiah 13 in the AS21

Nehemiah 13 in the BAGH

Nehemiah 13 in the BBPNG

Nehemiah 13 in the BBT1E

Nehemiah 13 in the BDS

Nehemiah 13 in the BEV

Nehemiah 13 in the BHAD

Nehemiah 13 in the BIB

Nehemiah 13 in the BLPT

Nehemiah 13 in the BNT

Nehemiah 13 in the BNTABOOT

Nehemiah 13 in the BNTLV

Nehemiah 13 in the BOATCB

Nehemiah 13 in the BOBCV

Nehemiah 13 in the BOCNT

Nehemiah 13 in the BOECS

Nehemiah 13 in the BOGWICC

Nehemiah 13 in the BOHCB

Nehemiah 13 in the BOHCV

Nehemiah 13 in the BOHLNT

Nehemiah 13 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 13 in the BOICB

Nehemiah 13 in the BOILNTAP

Nehemiah 13 in the BOITCV

Nehemiah 13 in the BOKCV

Nehemiah 13 in the BOKCV2

Nehemiah 13 in the BOKHWOG

Nehemiah 13 in the BOKSSV

Nehemiah 13 in the BOLCB

Nehemiah 13 in the BOLCB2

Nehemiah 13 in the BOMCV

Nehemiah 13 in the BONAV

Nehemiah 13 in the BONCB

Nehemiah 13 in the BONLT

Nehemiah 13 in the BONUT2

Nehemiah 13 in the BOPLNT

Nehemiah 13 in the BOSCB

Nehemiah 13 in the BOSNC

Nehemiah 13 in the BOTLNT

Nehemiah 13 in the BOVCB

Nehemiah 13 in the BOYCB

Nehemiah 13 in the BPBB

Nehemiah 13 in the BPH

Nehemiah 13 in the BSB

Nehemiah 13 in the CCB

Nehemiah 13 in the CUV

Nehemiah 13 in the CUVS

Nehemiah 13 in the DBT

Nehemiah 13 in the DGDNT

Nehemiah 13 in the DHNT

Nehemiah 13 in the DNT

Nehemiah 13 in the ELBE

Nehemiah 13 in the EMTV

Nehemiah 13 in the ESV

Nehemiah 13 in the FBV

Nehemiah 13 in the FEB

Nehemiah 13 in the GGMNT

Nehemiah 13 in the GNT

Nehemiah 13 in the HARY

Nehemiah 13 in the HNT

Nehemiah 13 in the IRVA

Nehemiah 13 in the IRVB

Nehemiah 13 in the IRVG

Nehemiah 13 in the IRVH

Nehemiah 13 in the IRVK

Nehemiah 13 in the IRVM

Nehemiah 13 in the IRVM2

Nehemiah 13 in the IRVO

Nehemiah 13 in the IRVP

Nehemiah 13 in the IRVT

Nehemiah 13 in the IRVT2

Nehemiah 13 in the IRVU

Nehemiah 13 in the ISVN

Nehemiah 13 in the JSNT

Nehemiah 13 in the KAPI

Nehemiah 13 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 13 in the KBV

Nehemiah 13 in the KJV

Nehemiah 13 in the KNFD

Nehemiah 13 in the LBA

Nehemiah 13 in the LBLA

Nehemiah 13 in the LNT

Nehemiah 13 in the LSV

Nehemiah 13 in the MAAL

Nehemiah 13 in the MBV

Nehemiah 13 in the MBV2

Nehemiah 13 in the MHNT

Nehemiah 13 in the MKNFD

Nehemiah 13 in the MNG

Nehemiah 13 in the MNT

Nehemiah 13 in the MNT2

Nehemiah 13 in the MRS1T

Nehemiah 13 in the NAA

Nehemiah 13 in the NASB

Nehemiah 13 in the NBLA

Nehemiah 13 in the NBS

Nehemiah 13 in the NBVTP

Nehemiah 13 in the NET2

Nehemiah 13 in the NIV11

Nehemiah 13 in the NNT

Nehemiah 13 in the NNT2

Nehemiah 13 in the NNT3

Nehemiah 13 in the PDDPT

Nehemiah 13 in the PFNT

Nehemiah 13 in the RMNT

Nehemiah 13 in the SBIAS

Nehemiah 13 in the SBIBS

Nehemiah 13 in the SBIBS2

Nehemiah 13 in the SBICS

Nehemiah 13 in the SBIDS

Nehemiah 13 in the SBIGS

Nehemiah 13 in the SBIHS

Nehemiah 13 in the SBIIS

Nehemiah 13 in the SBIIS2

Nehemiah 13 in the SBIIS3

Nehemiah 13 in the SBIKS

Nehemiah 13 in the SBIKS2

Nehemiah 13 in the SBIMS

Nehemiah 13 in the SBIOS

Nehemiah 13 in the SBIPS

Nehemiah 13 in the SBISS

Nehemiah 13 in the SBITS

Nehemiah 13 in the SBITS2

Nehemiah 13 in the SBITS3

Nehemiah 13 in the SBITS4

Nehemiah 13 in the SBIUS

Nehemiah 13 in the SBIVS

Nehemiah 13 in the SBT

Nehemiah 13 in the SBT1E

Nehemiah 13 in the SCHL

Nehemiah 13 in the SNT

Nehemiah 13 in the SUSU

Nehemiah 13 in the SUSU2

Nehemiah 13 in the SYNO

Nehemiah 13 in the TBIAOTANT

Nehemiah 13 in the TBT1E

Nehemiah 13 in the TBT1E2

Nehemiah 13 in the TFTIP

Nehemiah 13 in the TFTU

Nehemiah 13 in the TGNTATF3T

Nehemiah 13 in the THAI

Nehemiah 13 in the TNFD

Nehemiah 13 in the TNT

Nehemiah 13 in the TNTIK

Nehemiah 13 in the TNTIL

Nehemiah 13 in the TNTIN

Nehemiah 13 in the TNTIP

Nehemiah 13 in the TNTIZ

Nehemiah 13 in the TOMA

Nehemiah 13 in the TTENT

Nehemiah 13 in the UBG

Nehemiah 13 in the UGV

Nehemiah 13 in the UGV2

Nehemiah 13 in the UGV3

Nehemiah 13 in the VBL

Nehemiah 13 in the VDCC

Nehemiah 13 in the YALU

Nehemiah 13 in the YAPE

Nehemiah 13 in the YBVTP

Nehemiah 13 in the ZBP