Numbers 3 (BOATCB2)

1 Eyi ne nea ɛfa Aaron ne Mose mmusua ho bere a AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so no. 2 Aaron mmabarima din na edidi so yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasar ne Itamar. 3 Eyinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfo. 4 Nadab ne Abihu de, wowuwuu wɔ AWURADE anim bere a wɔhyew afɔrebɔde wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai sare so no. Na wonni mma nti, Eleasar ne Itamar nko ara na wɔsom sɛ asɔfo, bere a wɔn agya Aaron te ase no. 5 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se: 6 “Frɛ Lewifo no, na fa wɔn ma ɔsɔfo Aaron sɛ nʼaboafo. 7 Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ama ɔsɔfo Aaron ne nnipa no nyinaa. 8 Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiae Ntamadan mu no so de asi Israelfo no anan mu ayɛ asodi a wɔyɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 9 Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mmabarima; wɔn ne Israelfo a wɔde wɔn bɛma no korakora. 10 Ma Aaron ne ne mmabarima no nsom sɛ asɔfo; onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.” 11 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 12 “Mayi Lewifo no afi Israelfo no mu de wɔn asi Israel babea biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifo no yɛ me de, 13 efisɛ abakan biara wɔ me. Bere a mikunkum mmakan wɔ Misraim no, migyaw Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene AWURADE.” 14 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so se, 15 “Kan Lewifo no wɔ wɔn mmusua ne afi mu. Kan ɔbarima biara fi nea wadi ɔsram baako so.” 16 Enti Mose kan wɔn sɛnea AWURADE hyɛɛ no no. 17 Eyinom ne Lewi mmabarima:Gerson, Kohat ne Merari. 18 Gerson asefo ni:Libni ne Simei. 19 Kohat asefo:Amram, Ishar, Hebron ne Usiel. 20 Merari asefo:Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewifo, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te. 21 Gerson asefo no na wɔyɛ mmusua a wofi Libni ne Simei ase. 22 Na Gersonfo mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa a wofi Gerson mmusua mu no dodow yɛ mpem ahanson ne ahannum (7,500). 23 Wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no akyi wɔ atɔe fam. 24 Na Gersonfo no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf. 25 Saa mmusua abien yi na na wɔhwɛ Ahyiae Ntamadan no ne ne nkataho no ne ɔkwan nkataano no so. 26 Afei, na wɔhwɛ adiwo nkataano a etwa Ahyiae Ntamadan no ho ne afɔremuka ne adiwo nkataano nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahorow no nyinaa so. 27 Kohat asefo yɛ mmusua a wofi Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase. 28 Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem awotwe ne ahansia (8,600).Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea no so. 29 Wɔmaa wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam. 30 Na Kohatfo ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan. 31 Saa mmusua anan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɔpon, kaneadua, afɔremuka ahorow, ne nea ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamtam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahorow wɔ hɔ nyinaa no so. 32 Aaron babarima ɔsɔfo Eleasar no na na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Lewifo no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panyin wɔ asɔfo a wɔhwɛ kronkronbea no so. 33 Na Merari asefo no yɛ mmusua a wofi Mahli ne Musi ase. 34 Merarifo mmusua no mu na mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem asia ne ahannu (6,200). 35 Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel,na wɔtenaa Ahyiae Ntamadan no atifi fam. 36 Dwumadi a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuw abien yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no nnyinaso so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpuran, nsisiso ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma no nyinaa, 37 ne mpuran a ɛwɔ adiwo hɔ nyinaa ne ne nsisiso, nnyinaso, ne ntampehama nyinaa, wɔbɛhwɛ so. 38 Ahyiae Ntamadan no apuei fam, nea owia pue fi no, wogyaw maa Mose ne Aaron ne ne mmabarima sɛ wonsisi wɔn ntamadan wɔ hɔ.Saa nnipa yi na na wosi Israelfo no anan mu di Ahyiae Ntamadan no ho dwuma nyinaa.Obi foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no. 39 Lewifo a AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛnea wɔn mmusua te a ɔbarima biara a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa ka ho no dodow yɛ mpem aduonu abien (22,000). 40 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Kan Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no, na kyerɛw wɔn din. 41 Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene AWURADE.” 42 Enti Mose kan Israelfo mmakan nyinaa sɛnea AWURADE hyɛɛ no no. 43 Mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no a ɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonu abien ahannu ne aduɔson abiɛsa (22,273). 44 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 45 “Ma Lewifo nsi Israelfo mmakan anan mu. Na Lewifo nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Lewifo yɛ me dea. Mene AWURADE. 46 Ansa na mubegye Israelfo mmakan ahannu aduɔson abiɛsa no a wɔboro Lewifo no dodow so no, 47 momma wontua ti ade, sɛnea hyiadan mu nnwetɛbona te, a emu duru yɛ gram aduonum nson. 48 Fa ti ade sika no ma Aaron ne ne mma.” 49 Enti Mose gyigyee Israelfo ahannu aduɔson abiɛsa a na wɔboro Lewifo no dodow so no ti ade. 50 Sika a wogyigyee no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa. 51 Na Mose de maa Aaron ne ne mmabarima sɛnea AWURADE hyɛɛ no no.

In Other Versions

Numbers 3 in the ANGEFD

Numbers 3 in the ANTPNG2D

Numbers 3 in the AS21

Numbers 3 in the BAGH

Numbers 3 in the BBPNG

Numbers 3 in the BBT1E

Numbers 3 in the BDS

Numbers 3 in the BEV

Numbers 3 in the BHAD

Numbers 3 in the BIB

Numbers 3 in the BLPT

Numbers 3 in the BNT

Numbers 3 in the BNTABOOT

Numbers 3 in the BNTLV

Numbers 3 in the BOATCB

Numbers 3 in the BOBCV

Numbers 3 in the BOCNT

Numbers 3 in the BOECS

Numbers 3 in the BOGWICC

Numbers 3 in the BOHCB

Numbers 3 in the BOHCV

Numbers 3 in the BOHLNT

Numbers 3 in the BOHNTLTAL

Numbers 3 in the BOICB

Numbers 3 in the BOILNTAP

Numbers 3 in the BOITCV

Numbers 3 in the BOKCV

Numbers 3 in the BOKCV2

Numbers 3 in the BOKHWOG

Numbers 3 in the BOKSSV

Numbers 3 in the BOLCB

Numbers 3 in the BOLCB2

Numbers 3 in the BOMCV

Numbers 3 in the BONAV

Numbers 3 in the BONCB

Numbers 3 in the BONLT

Numbers 3 in the BONUT2

Numbers 3 in the BOPLNT

Numbers 3 in the BOSCB

Numbers 3 in the BOSNC

Numbers 3 in the BOTLNT

Numbers 3 in the BOVCB

Numbers 3 in the BOYCB

Numbers 3 in the BPBB

Numbers 3 in the BPH

Numbers 3 in the BSB

Numbers 3 in the CCB

Numbers 3 in the CUV

Numbers 3 in the CUVS

Numbers 3 in the DBT

Numbers 3 in the DGDNT

Numbers 3 in the DHNT

Numbers 3 in the DNT

Numbers 3 in the ELBE

Numbers 3 in the EMTV

Numbers 3 in the ESV

Numbers 3 in the FBV

Numbers 3 in the FEB

Numbers 3 in the GGMNT

Numbers 3 in the GNT

Numbers 3 in the HARY

Numbers 3 in the HNT

Numbers 3 in the IRVA

Numbers 3 in the IRVB

Numbers 3 in the IRVG

Numbers 3 in the IRVH

Numbers 3 in the IRVK

Numbers 3 in the IRVM

Numbers 3 in the IRVM2

Numbers 3 in the IRVO

Numbers 3 in the IRVP

Numbers 3 in the IRVT

Numbers 3 in the IRVT2

Numbers 3 in the IRVU

Numbers 3 in the ISVN

Numbers 3 in the JSNT

Numbers 3 in the KAPI

Numbers 3 in the KBT1ETNIK

Numbers 3 in the KBV

Numbers 3 in the KJV

Numbers 3 in the KNFD

Numbers 3 in the LBA

Numbers 3 in the LBLA

Numbers 3 in the LNT

Numbers 3 in the LSV

Numbers 3 in the MAAL

Numbers 3 in the MBV

Numbers 3 in the MBV2

Numbers 3 in the MHNT

Numbers 3 in the MKNFD

Numbers 3 in the MNG

Numbers 3 in the MNT

Numbers 3 in the MNT2

Numbers 3 in the MRS1T

Numbers 3 in the NAA

Numbers 3 in the NASB

Numbers 3 in the NBLA

Numbers 3 in the NBS

Numbers 3 in the NBVTP

Numbers 3 in the NET2

Numbers 3 in the NIV11

Numbers 3 in the NNT

Numbers 3 in the NNT2

Numbers 3 in the NNT3

Numbers 3 in the PDDPT

Numbers 3 in the PFNT

Numbers 3 in the RMNT

Numbers 3 in the SBIAS

Numbers 3 in the SBIBS

Numbers 3 in the SBIBS2

Numbers 3 in the SBICS

Numbers 3 in the SBIDS

Numbers 3 in the SBIGS

Numbers 3 in the SBIHS

Numbers 3 in the SBIIS

Numbers 3 in the SBIIS2

Numbers 3 in the SBIIS3

Numbers 3 in the SBIKS

Numbers 3 in the SBIKS2

Numbers 3 in the SBIMS

Numbers 3 in the SBIOS

Numbers 3 in the SBIPS

Numbers 3 in the SBISS

Numbers 3 in the SBITS

Numbers 3 in the SBITS2

Numbers 3 in the SBITS3

Numbers 3 in the SBITS4

Numbers 3 in the SBIUS

Numbers 3 in the SBIVS

Numbers 3 in the SBT

Numbers 3 in the SBT1E

Numbers 3 in the SCHL

Numbers 3 in the SNT

Numbers 3 in the SUSU

Numbers 3 in the SUSU2

Numbers 3 in the SYNO

Numbers 3 in the TBIAOTANT

Numbers 3 in the TBT1E

Numbers 3 in the TBT1E2

Numbers 3 in the TFTIP

Numbers 3 in the TFTU

Numbers 3 in the TGNTATF3T

Numbers 3 in the THAI

Numbers 3 in the TNFD

Numbers 3 in the TNT

Numbers 3 in the TNTIK

Numbers 3 in the TNTIL

Numbers 3 in the TNTIN

Numbers 3 in the TNTIP

Numbers 3 in the TNTIZ

Numbers 3 in the TOMA

Numbers 3 in the TTENT

Numbers 3 in the UBG

Numbers 3 in the UGV

Numbers 3 in the UGV2

Numbers 3 in the UGV3

Numbers 3 in the VBL

Numbers 3 in the VDCC

Numbers 3 in the YALU

Numbers 3 in the YAPE

Numbers 3 in the YBVTP

Numbers 3 in the ZBP