Psalms 15 (BOATCB2)
undefined Dawid dwom. 1 AWURADE, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu?Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so? 2 Nea ne ho nni asɛmna ɔyɛ nea ɛteɛ,nea ɔka nokware a efi ne koma mu 3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipanea ɔnyɛ ne yɔnko bɔnena ommu ne yɔnko nipa abomfiaa, 4 nea obu afideyɛni animtiaana ɔde nidi ma wɔn a wosuro AWURADE,nea odi ne ntam so,bere a etia no mpo, 5 nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsihona onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom norenhinhim da.