Psalms 29 (BOATCB2)
undefined Dawid dwom. 1 Momfa mma AWURADE no, mo ɔsoro abɔde,momfa anuonyam ne tumi mma AWURADE. 2 Momfa anuonyam a ɛfata AWURADE din mma no;monsɔre AWURADE wɔ nʼanuonyam kronkron mu. 3 AWURADE nne wɔ nsu no so;anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu, AWURADE bobɔ mu wɔ nsu akɛse so. 4 AWURADE nne mu wɔ tumi; AWURADE nne mu wɔ anuonyam. 5 AWURADE nne bubu sida; AWURADE nne bubu Lebanon sida mu nketenkete 6 Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba,na Sirion nso sɛ ɛko ba. 7 AWURADE nne pa ma anyinam gya dɛw. 8 AWURADE nne wosow sare so; AWURADE wosow Kades sare. 9 AWURADE nne kyinkyim adumna ɛma kwae yɛ kwaterekwa.Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se,“Anuonyam nka Onyankopɔn!” 10 AWURADE di hene wɔ nsuyiri so;wɔasi AWURADE hene afebɔɔ. 11 AWURADE ma ne nkurɔfo ahoɔden,na ɔde asomdwoe hyira wɔn.Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano.