Psalms 70 (BOATCB2)
undefined Dawid adesrɛ dwom. 1 Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; AWURADE bra ntɛm bɛboa me. 2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra noanim ngu ase na wɔnyɛ basaa;ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaamfa animguase nsan wɔn akyi. 3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me nonsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti. 4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaansɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!” 5 Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo;Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm.Wo ne me boafo ne me gyefo; AWURADE, ntwentwɛn wʼanan ase.