1 Kings 5 (BOATCB)

1 Na Tirohene Huram yɛ ɔhene Dawid adamfo nokwafoɔ, enti ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra Salomo ngo sɛ ɔhene sɛ ɔnni nʼagya Dawid adeɛ no, ɔsomaa nʼasomafoɔ kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tiri nkwa. 2 Salomo too saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Huram sɛ, 3 “Wo ara wonim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ AWURADE ne Onyankopɔn din animuonyam, ɛsiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no diiɛ enti. Wantumi anyɛ kɔsii sɛ AWURADE de nʼatamfoɔ hyɛɛ ne nan ase. 4 Nanso, seesei, AWURADE, me Onyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, menni ɔtamfoɔ biara na biribiara rekɔ yie. 5 Ne saa enti, mayɛ adwene sɛ mɛsi asɔredan ama AWURADE, me Onyankopɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ mʼagya Dawid sɛ me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahennwa so, asi wʼananmu no bɛsi asɔredan ahyɛ me din animuonyam.’ 6 “Ɛno enti, hyɛ ma wɔnkɔtwa ntweneduro a ɛfiri Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wobɛgye ama wɔn no, mɛtua. Wo ara wonim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfoɔ wɔ nnuabuo mu.” 7 Ɛberɛ a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yie kaa sɛ, “Ayɛyie nka AWURADE ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, wama Dawid ɔba nyansafoɔ sɛ ɔmmɛdi saa ɔman kɛseɛ Israel yi so.” 8 Enti, Huram soma maa wɔde saa nkra yi kɔmaa Salomo sɛ,“Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisadeɛ a ɛfa nnua no ho no. Mɛtumi de ntweneduro nnua ne pepeaa nnua abrɛ wo. 9 Mʼasomfoɔ de nnua no bɛfiri Lebanon mmepɔ so aba Po Kɛseɛ so, na wɔakyekyere abobɔ mu sɛ mpata. Afei wɔde bɛfa nsuo no ani de akɔ baabiara wobɛkyerɛ. Ɛno akyi yɛbɛsane mu, na yɛde nnua no abrɛ wo. Wode aduane a me fiefoɔ bɛdi bɛtua me ka.” 10 Enti, Huram maa Salomo ntweneduro ne pepeaa nnua sɛdeɛ ɔpɛ. 11 Na Salomo maa Huram atokoɔ afeduane akatua tɔno 3,600 de maa ne fidua ne ngo kronkron galɔn 120,000. 12 Na AWURADE maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoeɛ apam. 13 Na ɔhene Salomo twerɛɛ adwumayɛfoɔ ɔpeduasa a wɔfiri Israel nyinaa din. 14 Ɔsomaa wɔn akuakuo kɔɔ Lebanon, bosome biara mu, nnipa ɔpedu kɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bɛdi bosome baako wɔ Lebanon, na wadi abosome mmienu wɔ efie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfoɔ yi so. 15 Salomo nso faa nnesoasoafoɔ ɔpeduɔson; faa abopaefoɔ ɔpeduɔwɔtwe firii bepɔ asase no so 16 ne wɔn so sohwɛfoɔ mpem ahasa ne ahansia a, wɔbɛhwɛ adwuma no so. 17 Ɔhene no hyɛeɛ ma abotwafoɔ no paeeɛ, twaa aboɔdenboɔ no, yiyii ho sɛdeɛ wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem. 18 Mmarima a wɔfiri Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifoɔ no, ma wɔsiesiee nnua ne aboɔ no maa Asɔredan no sie.

In Other Versions

1 Kings 5 in the ANGEFD

1 Kings 5 in the ANTPNG2D

1 Kings 5 in the AS21

1 Kings 5 in the BAGH

1 Kings 5 in the BBPNG

1 Kings 5 in the BBT1E

1 Kings 5 in the BDS

1 Kings 5 in the BEV

1 Kings 5 in the BHAD

1 Kings 5 in the BIB

1 Kings 5 in the BLPT

1 Kings 5 in the BNT

1 Kings 5 in the BNTABOOT

1 Kings 5 in the BNTLV

1 Kings 5 in the BOATCB2

1 Kings 5 in the BOBCV

1 Kings 5 in the BOCNT

1 Kings 5 in the BOECS

1 Kings 5 in the BOGWICC

1 Kings 5 in the BOHCB

1 Kings 5 in the BOHCV

1 Kings 5 in the BOHLNT

1 Kings 5 in the BOHNTLTAL

1 Kings 5 in the BOICB

1 Kings 5 in the BOILNTAP

1 Kings 5 in the BOITCV

1 Kings 5 in the BOKCV

1 Kings 5 in the BOKCV2

1 Kings 5 in the BOKHWOG

1 Kings 5 in the BOKSSV

1 Kings 5 in the BOLCB

1 Kings 5 in the BOLCB2

1 Kings 5 in the BOMCV

1 Kings 5 in the BONAV

1 Kings 5 in the BONCB

1 Kings 5 in the BONLT

1 Kings 5 in the BONUT2

1 Kings 5 in the BOPLNT

1 Kings 5 in the BOSCB

1 Kings 5 in the BOSNC

1 Kings 5 in the BOTLNT

1 Kings 5 in the BOVCB

1 Kings 5 in the BOYCB

1 Kings 5 in the BPBB

1 Kings 5 in the BPH

1 Kings 5 in the BSB

1 Kings 5 in the CCB

1 Kings 5 in the CUV

1 Kings 5 in the CUVS

1 Kings 5 in the DBT

1 Kings 5 in the DGDNT

1 Kings 5 in the DHNT

1 Kings 5 in the DNT

1 Kings 5 in the ELBE

1 Kings 5 in the EMTV

1 Kings 5 in the ESV

1 Kings 5 in the FBV

1 Kings 5 in the FEB

1 Kings 5 in the GGMNT

1 Kings 5 in the GNT

1 Kings 5 in the HARY

1 Kings 5 in the HNT

1 Kings 5 in the IRVA

1 Kings 5 in the IRVB

1 Kings 5 in the IRVG

1 Kings 5 in the IRVH

1 Kings 5 in the IRVK

1 Kings 5 in the IRVM

1 Kings 5 in the IRVM2

1 Kings 5 in the IRVO

1 Kings 5 in the IRVP

1 Kings 5 in the IRVT

1 Kings 5 in the IRVT2

1 Kings 5 in the IRVU

1 Kings 5 in the ISVN

1 Kings 5 in the JSNT

1 Kings 5 in the KAPI

1 Kings 5 in the KBT1ETNIK

1 Kings 5 in the KBV

1 Kings 5 in the KJV

1 Kings 5 in the KNFD

1 Kings 5 in the LBA

1 Kings 5 in the LBLA

1 Kings 5 in the LNT

1 Kings 5 in the LSV

1 Kings 5 in the MAAL

1 Kings 5 in the MBV

1 Kings 5 in the MBV2

1 Kings 5 in the MHNT

1 Kings 5 in the MKNFD

1 Kings 5 in the MNG

1 Kings 5 in the MNT

1 Kings 5 in the MNT2

1 Kings 5 in the MRS1T

1 Kings 5 in the NAA

1 Kings 5 in the NASB

1 Kings 5 in the NBLA

1 Kings 5 in the NBS

1 Kings 5 in the NBVTP

1 Kings 5 in the NET2

1 Kings 5 in the NIV11

1 Kings 5 in the NNT

1 Kings 5 in the NNT2

1 Kings 5 in the NNT3

1 Kings 5 in the PDDPT

1 Kings 5 in the PFNT

1 Kings 5 in the RMNT

1 Kings 5 in the SBIAS

1 Kings 5 in the SBIBS

1 Kings 5 in the SBIBS2

1 Kings 5 in the SBICS

1 Kings 5 in the SBIDS

1 Kings 5 in the SBIGS

1 Kings 5 in the SBIHS

1 Kings 5 in the SBIIS

1 Kings 5 in the SBIIS2

1 Kings 5 in the SBIIS3

1 Kings 5 in the SBIKS

1 Kings 5 in the SBIKS2

1 Kings 5 in the SBIMS

1 Kings 5 in the SBIOS

1 Kings 5 in the SBIPS

1 Kings 5 in the SBISS

1 Kings 5 in the SBITS

1 Kings 5 in the SBITS2

1 Kings 5 in the SBITS3

1 Kings 5 in the SBITS4

1 Kings 5 in the SBIUS

1 Kings 5 in the SBIVS

1 Kings 5 in the SBT

1 Kings 5 in the SBT1E

1 Kings 5 in the SCHL

1 Kings 5 in the SNT

1 Kings 5 in the SUSU

1 Kings 5 in the SUSU2

1 Kings 5 in the SYNO

1 Kings 5 in the TBIAOTANT

1 Kings 5 in the TBT1E

1 Kings 5 in the TBT1E2

1 Kings 5 in the TFTIP

1 Kings 5 in the TFTU

1 Kings 5 in the TGNTATF3T

1 Kings 5 in the THAI

1 Kings 5 in the TNFD

1 Kings 5 in the TNT

1 Kings 5 in the TNTIK

1 Kings 5 in the TNTIL

1 Kings 5 in the TNTIN

1 Kings 5 in the TNTIP

1 Kings 5 in the TNTIZ

1 Kings 5 in the TOMA

1 Kings 5 in the TTENT

1 Kings 5 in the UBG

1 Kings 5 in the UGV

1 Kings 5 in the UGV2

1 Kings 5 in the UGV3

1 Kings 5 in the VBL

1 Kings 5 in the VDCC

1 Kings 5 in the YALU

1 Kings 5 in the YAPE

1 Kings 5 in the YBVTP

1 Kings 5 in the ZBP