1 Samuel 10 (BOATCB)

1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, fee nʼafono ho, kaa sɛ, “Mereyɛ yei de akyerɛ sɛ AWURADE apa wo sɛ ɔkannifoɔ ama ne ɔman Israel. 2 Sɛ wogya me ha ɛnnɛ na worekɔ a, wobɛhyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel ɛda a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hyeɛ no. Wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a motuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti, seesei, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwene. Ɔtaa bisa sɛ, “Obi ahunu me babarima no anaa?” ’ 3 “Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako. 4 Wɔbɛkyea mo, na wɔama mo burodo mua mmienu, na ɛsɛ sɛ mogye firi wɔn nkyɛn. 5 “Na sɛ moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem wɔ hɔ no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm sɛ wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so hɔ resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. 6 Saa ɛberɛ no, AWURADE Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakyera ayɛ onipa foforɔ. 7 Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi akyi no, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. 8 Afei, siane di mʼanim kɔ Gilgal na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na sɛ meduru hɔ a, mɛkyerɛ wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ bio.” 9 Saulo danee ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa nʼakoma, na Samuel nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa baa mu da no. 10 Ɛberɛ a Saulo ne ne ɔsomfoɔ no duruu Gibea no, wɔhunuu sɛ adiyifoɔ no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. 11 Ɛberɛ a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteaam sɛ, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ nkɔmhyɛni?” 12 Nanso, ɛhɔni bi kaa sɛ, “Sɛdeɛ nʼagya te deɛ, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ nkɔmhyɛni.” Enti, ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ sɛ, “Enti, Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni?” 13 Saulo gyaee nkɔmhyɛ no, ɔforo bepɔ no kɔɔ afɔrebukyia no so. 14 Ɔduruu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no sɛ, “Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?”Saulo buaa sɛ, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu a wɔayera no, nanso yɛanhunu wɔn. Ɛno enti, yɛkɔɔ odiyifoɔ Samuel nkyɛn kɔbisaa no baabi a wɔwɔ.” 15 Ne wɔfa no bisaa sɛ, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkaeɛ?” 16 Saulo buaa sɛ, “Ɔkaa sɛ, wɔahunu mfunumu no.” Nanso, Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wɔbɛsi no ɔhene. 17 Samuel frɛɛ Israelfoɔ nyinaa baa AWURADE anim wɔ Mispa, 18 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, ‘Mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ, na megyee mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔdi mo nya no nyinaa ase.’ 19 Nanso, ɛwom sɛ mayɛ bebree ama mo deɛ, nso moapo me aka sɛ, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti, afei, momfa mo mmusuakuo ne mo mmusua mmra AWURADE anim.” 20 Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn. 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa AWURADE anim na wɔyii Matri abusua, ɛnna awieeɛ no wɔyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wɔnhunu baabi a wafa. 22 Enti, wɔbisaa AWURADE sɛ, “Na ɔwɔ he?”Na AWURADE buaa sɛ, “Aane, ɔde ne ho ahinta nneɛma mu.” 23 Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24 Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɔbarima a AWURADE apa no sɛ mo ɔhene nie. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.”Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ɔhene nkwa so!” 25 Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo AWURADE anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfoɔ no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afie. 26 Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no. 27 Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn.

In Other Versions

1 Samuel 10 in the ANGEFD

1 Samuel 10 in the ANTPNG2D

1 Samuel 10 in the AS21

1 Samuel 10 in the BAGH

1 Samuel 10 in the BBPNG

1 Samuel 10 in the BBT1E

1 Samuel 10 in the BDS

1 Samuel 10 in the BEV

1 Samuel 10 in the BHAD

1 Samuel 10 in the BIB

1 Samuel 10 in the BLPT

1 Samuel 10 in the BNT

1 Samuel 10 in the BNTABOOT

1 Samuel 10 in the BNTLV

1 Samuel 10 in the BOATCB2

1 Samuel 10 in the BOBCV

1 Samuel 10 in the BOCNT

1 Samuel 10 in the BOECS

1 Samuel 10 in the BOGWICC

1 Samuel 10 in the BOHCB

1 Samuel 10 in the BOHCV

1 Samuel 10 in the BOHLNT

1 Samuel 10 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 10 in the BOICB

1 Samuel 10 in the BOILNTAP

1 Samuel 10 in the BOITCV

1 Samuel 10 in the BOKCV

1 Samuel 10 in the BOKCV2

1 Samuel 10 in the BOKHWOG

1 Samuel 10 in the BOKSSV

1 Samuel 10 in the BOLCB

1 Samuel 10 in the BOLCB2

1 Samuel 10 in the BOMCV

1 Samuel 10 in the BONAV

1 Samuel 10 in the BONCB

1 Samuel 10 in the BONLT

1 Samuel 10 in the BONUT2

1 Samuel 10 in the BOPLNT

1 Samuel 10 in the BOSCB

1 Samuel 10 in the BOSNC

1 Samuel 10 in the BOTLNT

1 Samuel 10 in the BOVCB

1 Samuel 10 in the BOYCB

1 Samuel 10 in the BPBB

1 Samuel 10 in the BPH

1 Samuel 10 in the BSB

1 Samuel 10 in the CCB

1 Samuel 10 in the CUV

1 Samuel 10 in the CUVS

1 Samuel 10 in the DBT

1 Samuel 10 in the DGDNT

1 Samuel 10 in the DHNT

1 Samuel 10 in the DNT

1 Samuel 10 in the ELBE

1 Samuel 10 in the EMTV

1 Samuel 10 in the ESV

1 Samuel 10 in the FBV

1 Samuel 10 in the FEB

1 Samuel 10 in the GGMNT

1 Samuel 10 in the GNT

1 Samuel 10 in the HARY

1 Samuel 10 in the HNT

1 Samuel 10 in the IRVA

1 Samuel 10 in the IRVB

1 Samuel 10 in the IRVG

1 Samuel 10 in the IRVH

1 Samuel 10 in the IRVK

1 Samuel 10 in the IRVM

1 Samuel 10 in the IRVM2

1 Samuel 10 in the IRVO

1 Samuel 10 in the IRVP

1 Samuel 10 in the IRVT

1 Samuel 10 in the IRVT2

1 Samuel 10 in the IRVU

1 Samuel 10 in the ISVN

1 Samuel 10 in the JSNT

1 Samuel 10 in the KAPI

1 Samuel 10 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 10 in the KBV

1 Samuel 10 in the KJV

1 Samuel 10 in the KNFD

1 Samuel 10 in the LBA

1 Samuel 10 in the LBLA

1 Samuel 10 in the LNT

1 Samuel 10 in the LSV

1 Samuel 10 in the MAAL

1 Samuel 10 in the MBV

1 Samuel 10 in the MBV2

1 Samuel 10 in the MHNT

1 Samuel 10 in the MKNFD

1 Samuel 10 in the MNG

1 Samuel 10 in the MNT

1 Samuel 10 in the MNT2

1 Samuel 10 in the MRS1T

1 Samuel 10 in the NAA

1 Samuel 10 in the NASB

1 Samuel 10 in the NBLA

1 Samuel 10 in the NBS

1 Samuel 10 in the NBVTP

1 Samuel 10 in the NET2

1 Samuel 10 in the NIV11

1 Samuel 10 in the NNT

1 Samuel 10 in the NNT2

1 Samuel 10 in the NNT3

1 Samuel 10 in the PDDPT

1 Samuel 10 in the PFNT

1 Samuel 10 in the RMNT

1 Samuel 10 in the SBIAS

1 Samuel 10 in the SBIBS

1 Samuel 10 in the SBIBS2

1 Samuel 10 in the SBICS

1 Samuel 10 in the SBIDS

1 Samuel 10 in the SBIGS

1 Samuel 10 in the SBIHS

1 Samuel 10 in the SBIIS

1 Samuel 10 in the SBIIS2

1 Samuel 10 in the SBIIS3

1 Samuel 10 in the SBIKS

1 Samuel 10 in the SBIKS2

1 Samuel 10 in the SBIMS

1 Samuel 10 in the SBIOS

1 Samuel 10 in the SBIPS

1 Samuel 10 in the SBISS

1 Samuel 10 in the SBITS

1 Samuel 10 in the SBITS2

1 Samuel 10 in the SBITS3

1 Samuel 10 in the SBITS4

1 Samuel 10 in the SBIUS

1 Samuel 10 in the SBIVS

1 Samuel 10 in the SBT

1 Samuel 10 in the SBT1E

1 Samuel 10 in the SCHL

1 Samuel 10 in the SNT

1 Samuel 10 in the SUSU

1 Samuel 10 in the SUSU2

1 Samuel 10 in the SYNO

1 Samuel 10 in the TBIAOTANT

1 Samuel 10 in the TBT1E

1 Samuel 10 in the TBT1E2

1 Samuel 10 in the TFTIP

1 Samuel 10 in the TFTU

1 Samuel 10 in the TGNTATF3T

1 Samuel 10 in the THAI

1 Samuel 10 in the TNFD

1 Samuel 10 in the TNT

1 Samuel 10 in the TNTIK

1 Samuel 10 in the TNTIL

1 Samuel 10 in the TNTIN

1 Samuel 10 in the TNTIP

1 Samuel 10 in the TNTIZ

1 Samuel 10 in the TOMA

1 Samuel 10 in the TTENT

1 Samuel 10 in the UBG

1 Samuel 10 in the UGV

1 Samuel 10 in the UGV2

1 Samuel 10 in the UGV3

1 Samuel 10 in the VBL

1 Samuel 10 in the VDCC

1 Samuel 10 in the YALU

1 Samuel 10 in the YAPE

1 Samuel 10 in the YBVTP

1 Samuel 10 in the ZBP