1 Samuel 10 (BOATCB2)
1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, few nʼafono ho, kae se, “Mereyɛ eyi de akyerɛ sɛ AWURADE apaw wo sɛ ɔkannifo ama ne man Israel. 2 Sɛ wugyaw me ha nnɛ na worekɔ a, wubehyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel da a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hye no. Wɔbɛka akyerɛ wo se, ‘Mfurum a mutuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti mprempren, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwen. Ɔtaa bisa se, “Obi ahu me babarima no ana?” ’ 3 “Mudu dua kɛse bi a esi Tabor ho a, mubehyia mmarima baasa bi a wofi Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyi mma abiɛsa, ɔbaako nso so brodo mua abiɛsa, na nea ɔka ho no nso so nsa aboa nhoma kotoku baako. 4 Wobekyia mo, na wɔama mo brodo mua abien, na ɛsɛ sɛ mugye fi wɔn nkyɛn. 5 “Na sɛ mudu Onyankopɔn koko a ɛwɔ Gibea a Filistifo nsraadɔm abɔ pem wɔ hɔ no a, mubehu adiyifo asafodɔm sɛ wofi afɔremuka a ɛwɔ bepɔw no so hɔ resian ba. Ɛhɔ na mubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi bepɔw no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. 6 Saa bere no, Onyankopɔn Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakra ayɛ onipa foforo. 7 Saa nsɛnkyerɛnne yi akyi no, yɛ nea wugye di sɛ eye biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. 8 Afei, sian di mʼanim kɔ Gilgal na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na sɛ midu hɔ a, mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ bio.” 9 Saulo dan ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa ne koma, na Samuel nsɛnkyerɛnne nyinaa baa mu da no. 10 Bere a Saulo ne ne somfo no duu Gibea no, wohuu sɛ adiyifo no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm. 11 Bere a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteɛɛ mu se, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ odiyifo? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ odiyifo?” 12 Nanso ɛhɔni bi kae se, “Sɛnea nʼagya te de, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ odiyifo.” Enti ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ se, “Enti Saulo nso abɛyɛ odiyifo?” 13 Saulo gyaee adiyi no, ɔforoo bepɔw no kɔɔ afɔremuka no so. 14 Oduu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no se, “Ɛhefa na wokɔe a dedaada yenhuu wo yi?”Saulo buae se, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum a wɔayera no, nanso yɛanhu wɔn. Ɛno nti, yɛkɔɔ odiyifo Samuel nkyɛn kobisaa no faako a wɔwɔ.” 15 Ne wɔfa no bisae se, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkae?” 16 Saulo buae se, “Ɔkae se, wɔahu mfurum no.” Nanso Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wobesi no ɔhene. 17 Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa baa AWURADE anim wɔ Mispa, 18 na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni, ‘Mede Israelfo fii Misraim bae, na migyee mo fii Misraim tumi ne wɔn a wodi mo nya no nyinaa ase.’ 19 Nanso ɛwɔ mu sɛ mayɛ bebree ama mo de, nso moapo me aka se, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti afei, momfa mo mmusuakuw ne mo mmusua mmra AWURADE anim.” 20 Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa bae no, Benyamin abusuakuw na woyii wɔn. 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuw no mu afi nyinaa baa AWURADE anim na woyii Matri abusua, na awiei no woyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wonhu baabi a wafa. 22 Enti wobisaa AWURADE se, “Na ɔwɔ he?”Na AWURADE buae se, “Yiw, ɔde ne ho ahintaw nneɛma mu.” 23 Enti wotuu mmirika kɔfaa no bae. Na obegyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24 Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɔbarima a AWURADE apaw no sɛ mo hene ni. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.”Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so se, “Ɔhene nkwa so!” 25 Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahenni no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔkyerɛw guu nhoma mmobɔwee so, de kɔtoo AWURADE anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfo no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afi mu. 26 Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea na nnipakuw bi a Onyankopɔn aka wɔn koma de wɔn ho bɛbɔɔ no. 27 Nanso amumɔyɛfo bi kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wobuu no animtiaa a wɔammrɛ no akyɛde biara. Nanso Saulo ammua wɔn.
In Other Versions
1 Samuel 10 in the ANGEFD
1 Samuel 10 in the ANTPNG2D
1 Samuel 10 in the AS21
1 Samuel 10 in the BAGH
1 Samuel 10 in the BBPNG
1 Samuel 10 in the BBT1E
1 Samuel 10 in the BDS
1 Samuel 10 in the BEV
1 Samuel 10 in the BHAD
1 Samuel 10 in the BIB
1 Samuel 10 in the BLPT
1 Samuel 10 in the BNT
1 Samuel 10 in the BNTABOOT
1 Samuel 10 in the BNTLV
1 Samuel 10 in the BOATCB
1 Samuel 10 in the BOBCV
1 Samuel 10 in the BOCNT
1 Samuel 10 in the BOECS
1 Samuel 10 in the BOGWICC
1 Samuel 10 in the BOHCB
1 Samuel 10 in the BOHCV
1 Samuel 10 in the BOHLNT
1 Samuel 10 in the BOHNTLTAL
1 Samuel 10 in the BOICB
1 Samuel 10 in the BOILNTAP
1 Samuel 10 in the BOITCV
1 Samuel 10 in the BOKCV
1 Samuel 10 in the BOKCV2
1 Samuel 10 in the BOKHWOG
1 Samuel 10 in the BOKSSV
1 Samuel 10 in the BOLCB
1 Samuel 10 in the BOLCB2
1 Samuel 10 in the BOMCV
1 Samuel 10 in the BONAV
1 Samuel 10 in the BONCB
1 Samuel 10 in the BONLT
1 Samuel 10 in the BONUT2
1 Samuel 10 in the BOPLNT
1 Samuel 10 in the BOSCB
1 Samuel 10 in the BOSNC
1 Samuel 10 in the BOTLNT
1 Samuel 10 in the BOVCB
1 Samuel 10 in the BOYCB
1 Samuel 10 in the BPBB
1 Samuel 10 in the BPH
1 Samuel 10 in the BSB
1 Samuel 10 in the CCB
1 Samuel 10 in the CUV
1 Samuel 10 in the CUVS
1 Samuel 10 in the DBT
1 Samuel 10 in the DGDNT
1 Samuel 10 in the DHNT
1 Samuel 10 in the DNT
1 Samuel 10 in the ELBE
1 Samuel 10 in the EMTV
1 Samuel 10 in the ESV
1 Samuel 10 in the FBV
1 Samuel 10 in the FEB
1 Samuel 10 in the GGMNT
1 Samuel 10 in the GNT
1 Samuel 10 in the HARY
1 Samuel 10 in the HNT
1 Samuel 10 in the IRVA
1 Samuel 10 in the IRVB
1 Samuel 10 in the IRVG
1 Samuel 10 in the IRVH
1 Samuel 10 in the IRVK
1 Samuel 10 in the IRVM
1 Samuel 10 in the IRVM2
1 Samuel 10 in the IRVO
1 Samuel 10 in the IRVP
1 Samuel 10 in the IRVT
1 Samuel 10 in the IRVT2
1 Samuel 10 in the IRVU
1 Samuel 10 in the ISVN
1 Samuel 10 in the JSNT
1 Samuel 10 in the KAPI
1 Samuel 10 in the KBT1ETNIK
1 Samuel 10 in the KBV
1 Samuel 10 in the KJV
1 Samuel 10 in the KNFD
1 Samuel 10 in the LBA
1 Samuel 10 in the LBLA
1 Samuel 10 in the LNT
1 Samuel 10 in the LSV
1 Samuel 10 in the MAAL
1 Samuel 10 in the MBV
1 Samuel 10 in the MBV2
1 Samuel 10 in the MHNT
1 Samuel 10 in the MKNFD
1 Samuel 10 in the MNG
1 Samuel 10 in the MNT
1 Samuel 10 in the MNT2
1 Samuel 10 in the MRS1T
1 Samuel 10 in the NAA
1 Samuel 10 in the NASB
1 Samuel 10 in the NBLA
1 Samuel 10 in the NBS
1 Samuel 10 in the NBVTP
1 Samuel 10 in the NET2
1 Samuel 10 in the NIV11
1 Samuel 10 in the NNT
1 Samuel 10 in the NNT2
1 Samuel 10 in the NNT3
1 Samuel 10 in the PDDPT
1 Samuel 10 in the PFNT
1 Samuel 10 in the RMNT
1 Samuel 10 in the SBIAS
1 Samuel 10 in the SBIBS
1 Samuel 10 in the SBIBS2
1 Samuel 10 in the SBICS
1 Samuel 10 in the SBIDS
1 Samuel 10 in the SBIGS
1 Samuel 10 in the SBIHS
1 Samuel 10 in the SBIIS
1 Samuel 10 in the SBIIS2
1 Samuel 10 in the SBIIS3
1 Samuel 10 in the SBIKS
1 Samuel 10 in the SBIKS2
1 Samuel 10 in the SBIMS
1 Samuel 10 in the SBIOS
1 Samuel 10 in the SBIPS
1 Samuel 10 in the SBISS
1 Samuel 10 in the SBITS
1 Samuel 10 in the SBITS2
1 Samuel 10 in the SBITS3
1 Samuel 10 in the SBITS4
1 Samuel 10 in the SBIUS
1 Samuel 10 in the SBIVS
1 Samuel 10 in the SBT
1 Samuel 10 in the SBT1E
1 Samuel 10 in the SCHL
1 Samuel 10 in the SNT
1 Samuel 10 in the SUSU
1 Samuel 10 in the SUSU2
1 Samuel 10 in the SYNO
1 Samuel 10 in the TBIAOTANT
1 Samuel 10 in the TBT1E
1 Samuel 10 in the TBT1E2
1 Samuel 10 in the TFTIP
1 Samuel 10 in the TFTU
1 Samuel 10 in the TGNTATF3T
1 Samuel 10 in the THAI
1 Samuel 10 in the TNFD
1 Samuel 10 in the TNT
1 Samuel 10 in the TNTIK
1 Samuel 10 in the TNTIL
1 Samuel 10 in the TNTIN
1 Samuel 10 in the TNTIP
1 Samuel 10 in the TNTIZ
1 Samuel 10 in the TOMA
1 Samuel 10 in the TTENT
1 Samuel 10 in the UBG
1 Samuel 10 in the UGV
1 Samuel 10 in the UGV2
1 Samuel 10 in the UGV3
1 Samuel 10 in the VBL
1 Samuel 10 in the VDCC
1 Samuel 10 in the YALU
1 Samuel 10 in the YAPE
1 Samuel 10 in the YBVTP
1 Samuel 10 in the ZBP