1 Samuel 18 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a Dawid ne Saulo kasa wieeɛ no, ɔhyiaa ɔhene babarima Yonatan. Wɔn baanu no dodɔɔ wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara. 2 Ɛfiri saa ɛda no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfie hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ ne fie. 3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo. 4 Na Yonatan de ne batakari, nhyɛaseɛ, akofena, agyan ne abɔwomu maa Dawid de sɔɔ apam no ano. 5 Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti, Saulo yɛɛ no nʼasraafoɔ so ɔsahene, maa nʼakofoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa de anigyeɛ penee so. 6 Nanso, ɛberɛ a Israelfoɔ nkonimdifoɔ rekɔ fie, na Dawid akum Goliat no, asɛm bi siiɛ. Mmaa fifiri nkuro a ɛbemmɛn ɛkwan no ho no bɛtwee mmomone maa ɔhene Saulo. Wɔtoo nnwom, saa ano, bɔɔ akasaeɛ ne kyankyan. 7 Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie:Saulo akum ne mpempem,na Dawid deɛ, ɔpedupedu! 8 Yei maa Saulo bo fuu yie. Ɔkaa sɛ, “Yei ase ne sɛn? Wɔde ɔpedu ɔpedu abata Dawid din ho, na me deɛ, wɔde mpempem. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, wɔbɛsi no ɔhene.” 9 Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so. 10 Adeɛ kyeeɛ no, nokorɛm, Onyankopɔn honhommɔne sii Saulo so ma ɔhyɛɛ aseɛ kasakasaa ɔhyew so sɛ ɔbɔdamfoɔ. Dawid hyɛɛ aseɛ bɔɔ ne sankuo sɛdeɛ saa asɛm yi si a, ɔyɛ no. Nanso, Saulo a na ɔkura pea no, 11 too pea no prɛko pɛ kyerɛɛ Dawid so sɛ anka ɔde rewɔ no aka no atare fasuo. Nanso, Dawid huri sii nkyɛn na ɔdwaneeɛ. Saa asɛm korɔ yi ara sii bio, 12 ɛfiri sɛ na Saulo suro Dawid, na nʼani bere no nso sɛ, AWURADE agya no akɔ Dawid afa. 13 Ne korakora ne sɛ, Saulo pamoo no firi nʼanim na ɔma ɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafoɔ apem pɛ so. Nanso, Dawid de adwenemuteɛ dii saa akodɔm no anim de wɔn kɔɔ sa. 14 Biribiara a Dawid yɛeɛ no, ɔdii nkonim wɔ mu, ɛfiri sɛ, na AWURADE ka ne ho. 15 Ɛberɛ a Saulo hunuu yei no, ɛmaa ɔsuroo no mmorosoɔ. 16 Nanso, Israel nyinaa ne Yuda dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi nʼakodɔm anim kɔ sa a, ɔdi nkonim. 17 Ɛda bi Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mepɛ sɛ mede me babaa panin Merab ma wo awadeɛ. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wobɛko AWURADE ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Merentene me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifoɔ no na wɔakum no.” 18 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me sɛɛ ne hwan a mɛyɛ ɔhene ase? Me fie, me mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?” 19 Enti, berɛ no duruu sɛ wɔde Saulo babaa Merab ma Dawid awadeɛ no, wɔde no maa Adriel a ɔfiri Meholat awadeɛ. 20 Na Saulo babaa Mikal dɔ Dawid, enti ɛberɛ a Saulo teeɛ no, ɛyɛɛ no anigye. 21 Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase.” 22 Na Saulo hyɛɛ ne nkoa sɛ, “Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ” 23 Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa sɛ, “Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?” 24 Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no, 25 Saulo kaa sɛ, “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara sɛ Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wɔbɛkum Dawid wɔ akono. 26 Dawid de anigyeɛ penee adebisa no so. Enti ansa na berɛ no bɛduru no, 27 Dawid ne ne mmarima kɔeɛ kɔkumm Filistifoɔ no ahanu. Ɔde wɔn mmarima ano wedeɛ brɛɛ ɔhene. Enti, Saulo de ne babaa Mikal maa Dawid awadeɛ. 28 Saulo hunuu sɛ AWURADE ka Dawid ho, na ne babaa Mikal nso dɔ Dawid no, 29 Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo ɔtamfoɔ. 30 Ɛberɛ biara a Filistifoɔ akodɔm to hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sene Saulo asahene a wɔaka no. Yei maa Dawid gyee edin asase no so nyinaa.

In Other Versions

1 Samuel 18 in the ANGEFD

1 Samuel 18 in the ANTPNG2D

1 Samuel 18 in the AS21

1 Samuel 18 in the BAGH

1 Samuel 18 in the BBPNG

1 Samuel 18 in the BBT1E

1 Samuel 18 in the BDS

1 Samuel 18 in the BEV

1 Samuel 18 in the BHAD

1 Samuel 18 in the BIB

1 Samuel 18 in the BLPT

1 Samuel 18 in the BNT

1 Samuel 18 in the BNTABOOT

1 Samuel 18 in the BNTLV

1 Samuel 18 in the BOATCB2

1 Samuel 18 in the BOBCV

1 Samuel 18 in the BOCNT

1 Samuel 18 in the BOECS

1 Samuel 18 in the BOGWICC

1 Samuel 18 in the BOHCB

1 Samuel 18 in the BOHCV

1 Samuel 18 in the BOHLNT

1 Samuel 18 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 18 in the BOICB

1 Samuel 18 in the BOILNTAP

1 Samuel 18 in the BOITCV

1 Samuel 18 in the BOKCV

1 Samuel 18 in the BOKCV2

1 Samuel 18 in the BOKHWOG

1 Samuel 18 in the BOKSSV

1 Samuel 18 in the BOLCB

1 Samuel 18 in the BOLCB2

1 Samuel 18 in the BOMCV

1 Samuel 18 in the BONAV

1 Samuel 18 in the BONCB

1 Samuel 18 in the BONLT

1 Samuel 18 in the BONUT2

1 Samuel 18 in the BOPLNT

1 Samuel 18 in the BOSCB

1 Samuel 18 in the BOSNC

1 Samuel 18 in the BOTLNT

1 Samuel 18 in the BOVCB

1 Samuel 18 in the BOYCB

1 Samuel 18 in the BPBB

1 Samuel 18 in the BPH

1 Samuel 18 in the BSB

1 Samuel 18 in the CCB

1 Samuel 18 in the CUV

1 Samuel 18 in the CUVS

1 Samuel 18 in the DBT

1 Samuel 18 in the DGDNT

1 Samuel 18 in the DHNT

1 Samuel 18 in the DNT

1 Samuel 18 in the ELBE

1 Samuel 18 in the EMTV

1 Samuel 18 in the ESV

1 Samuel 18 in the FBV

1 Samuel 18 in the FEB

1 Samuel 18 in the GGMNT

1 Samuel 18 in the GNT

1 Samuel 18 in the HARY

1 Samuel 18 in the HNT

1 Samuel 18 in the IRVA

1 Samuel 18 in the IRVB

1 Samuel 18 in the IRVG

1 Samuel 18 in the IRVH

1 Samuel 18 in the IRVK

1 Samuel 18 in the IRVM

1 Samuel 18 in the IRVM2

1 Samuel 18 in the IRVO

1 Samuel 18 in the IRVP

1 Samuel 18 in the IRVT

1 Samuel 18 in the IRVT2

1 Samuel 18 in the IRVU

1 Samuel 18 in the ISVN

1 Samuel 18 in the JSNT

1 Samuel 18 in the KAPI

1 Samuel 18 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 18 in the KBV

1 Samuel 18 in the KJV

1 Samuel 18 in the KNFD

1 Samuel 18 in the LBA

1 Samuel 18 in the LBLA

1 Samuel 18 in the LNT

1 Samuel 18 in the LSV

1 Samuel 18 in the MAAL

1 Samuel 18 in the MBV

1 Samuel 18 in the MBV2

1 Samuel 18 in the MHNT

1 Samuel 18 in the MKNFD

1 Samuel 18 in the MNG

1 Samuel 18 in the MNT

1 Samuel 18 in the MNT2

1 Samuel 18 in the MRS1T

1 Samuel 18 in the NAA

1 Samuel 18 in the NASB

1 Samuel 18 in the NBLA

1 Samuel 18 in the NBS

1 Samuel 18 in the NBVTP

1 Samuel 18 in the NET2

1 Samuel 18 in the NIV11

1 Samuel 18 in the NNT

1 Samuel 18 in the NNT2

1 Samuel 18 in the NNT3

1 Samuel 18 in the PDDPT

1 Samuel 18 in the PFNT

1 Samuel 18 in the RMNT

1 Samuel 18 in the SBIAS

1 Samuel 18 in the SBIBS

1 Samuel 18 in the SBIBS2

1 Samuel 18 in the SBICS

1 Samuel 18 in the SBIDS

1 Samuel 18 in the SBIGS

1 Samuel 18 in the SBIHS

1 Samuel 18 in the SBIIS

1 Samuel 18 in the SBIIS2

1 Samuel 18 in the SBIIS3

1 Samuel 18 in the SBIKS

1 Samuel 18 in the SBIKS2

1 Samuel 18 in the SBIMS

1 Samuel 18 in the SBIOS

1 Samuel 18 in the SBIPS

1 Samuel 18 in the SBISS

1 Samuel 18 in the SBITS

1 Samuel 18 in the SBITS2

1 Samuel 18 in the SBITS3

1 Samuel 18 in the SBITS4

1 Samuel 18 in the SBIUS

1 Samuel 18 in the SBIVS

1 Samuel 18 in the SBT

1 Samuel 18 in the SBT1E

1 Samuel 18 in the SCHL

1 Samuel 18 in the SNT

1 Samuel 18 in the SUSU

1 Samuel 18 in the SUSU2

1 Samuel 18 in the SYNO

1 Samuel 18 in the TBIAOTANT

1 Samuel 18 in the TBT1E

1 Samuel 18 in the TBT1E2

1 Samuel 18 in the TFTIP

1 Samuel 18 in the TFTU

1 Samuel 18 in the TGNTATF3T

1 Samuel 18 in the THAI

1 Samuel 18 in the TNFD

1 Samuel 18 in the TNT

1 Samuel 18 in the TNTIK

1 Samuel 18 in the TNTIL

1 Samuel 18 in the TNTIN

1 Samuel 18 in the TNTIP

1 Samuel 18 in the TNTIZ

1 Samuel 18 in the TOMA

1 Samuel 18 in the TTENT

1 Samuel 18 in the UBG

1 Samuel 18 in the UGV

1 Samuel 18 in the UGV2

1 Samuel 18 in the UGV3

1 Samuel 18 in the VBL

1 Samuel 18 in the VDCC

1 Samuel 18 in the YALU

1 Samuel 18 in the YAPE

1 Samuel 18 in the YBVTP

1 Samuel 18 in the ZBP