1 Samuel 26 (BOATCB)

1 Sififoɔ kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid akɔhinta ne ho wɔ Hakila bepɔ a ɛkyerɛ Yesimon no mu.” 2 Enti, Saulo yii nʼakodɔm mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif ɛserɛ so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. 3 Saulo bɔɔ nʼatenaeɛ wɔ kwankyɛn wɔ ɛkwan a ɛbɛn Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu, baabi a Dawid akɔhinta hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti 4 ɔsomaa akwansrafoɔ sɛ wɔn tetɛ no. 5 Dawid kɔpuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenaseɛ hɔ anadwo bi. Ɔhunuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ safohene adeda atenaeɛ no mu a asraafoɔ a wɔadeda atwa ne ho ahyia. 6 Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia babarima Abisai, Yoab nua sɛ, “Hwan na ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ?”Abisai buaa sɛ, “Me ne wo bɛkɔ.” 7 Enti, Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenaeɛ no mu a, ɔde ne pea apoma fam wɔ ne tiri ho pɛɛ. Na Abner ne asraafoɔ no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda. 8 Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, Onyankopɔn ayi wo ɔtamfoɔ ahyɛ wo nsa. Enti, ma memfa me pea no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.” 9 Nanso, Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ, “Dabi, nsɛe no. Hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka onipa a AWURADE asra no, na ɔnni ho fɔ? 10 Nokorɛ nie, AWURADE bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ ɔbɛnyini na wawu. 11 AWURADE mma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wonim biribi? Yɛbɛfa ne pea ne ne sukuruwa na yɛakɔ.” 12 Na Dawid faa pea no ne sukuruwa a ɛsi Saulo tiri ho no, na wɔkɔeɛ a obiara anhunu wɔn na wɔn mu biara nso annyane mpo. Na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ, AWURADE de nnahɔɔ too wɔn so. 13 Dawid foroo bepɔ a ɛne atenaeɛm hɔ di nhwɛanimu kɔsii sɛ ɔduruu baabi a bɔne bi ntumi nka no. 14 Ɔteaam frɛɛ Abner ne Saulo sɛ, “Sɔre oo! Abner.”Abner bisaa sɛ, “Hwan nie?” 15 Dawid goroo ne ho sɛ, “Abner, woyɛ onipa kɛseɛ, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfoɔ bi wɔ? Na adɛn enti na woannwɛn wo wura, ɔhene no ɛberɛ a obi baa sɛ ɔrebɛkum no no? 16 Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam wɔ AWURADE din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owuo, ɛfiri sɛ, moantumi ammɔ mo wura, deɛ AWURADE asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no wɔ he?” 17 Saulo tee Dawid nne enti ɔfrɛɛ sɛ, “Wo nie me ba Dawid?”Na Dawid buaa no sɛ, “Nana, ɛyɛ me. 18 Adɛn enti na wotaa me? Ɛdeɛn na mayɛ? Me bɔne ne sɛn? 19 Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne ɔsomfoɔ, Nana. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma ɔnnye mʼafɔdeɛ. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛeɛ a, ɛnneɛ, AWURADE nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛeɛ no. Ɛfiri sɛ, moapam me afiri me fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, merentumi ne AWURADE nkurɔfoɔ ntena, nsom sɛdeɛ ɛsɛ. 20 Menwu wɔ ananafoɔ asase so a ɛhɔ ne AWURADE anim ɛkwan ware anaa? Adɛn enti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ edwie baako pɛ? Adɛn enti na mokɔ me atwee sɛdeɛ ɔbɔfoɔ kɔ ha pɛ akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ so?” 21 Ɛnna Saulo kaa nokorɛ sɛ, “Mayɛ bɔne. Sane bra fie, me ba na merenha wo bio, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Mayɛ nkwaseadeɛ na mafom yie.” 22 Dawid buaa sɛ, “Ao, ɔhene, wo pea nie. Ma wo mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛgye. 23 AWURADE na ɔma papayɛ ne nokorɛdie so akatua. AWURADE de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mɛkum wo, ɛfiri sɛ woyɛ obi a AWURADE asra no. 24 Afei, me kra nsom AWURADE bo, sɛdeɛ wo deɛ asom me bo ɛnnɛ yi. Ɔnnye me mfiri me haw nyinaa mu.” 25 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninneɛ ne nkonimdini kɛseɛ.”Na Dawid kɔeɛ ɛna Saulo nso kɔɔ efie.

In Other Versions

1 Samuel 26 in the ANGEFD

1 Samuel 26 in the ANTPNG2D

1 Samuel 26 in the AS21

1 Samuel 26 in the BAGH

1 Samuel 26 in the BBPNG

1 Samuel 26 in the BBT1E

1 Samuel 26 in the BDS

1 Samuel 26 in the BEV

1 Samuel 26 in the BHAD

1 Samuel 26 in the BIB

1 Samuel 26 in the BLPT

1 Samuel 26 in the BNT

1 Samuel 26 in the BNTABOOT

1 Samuel 26 in the BNTLV

1 Samuel 26 in the BOATCB2

1 Samuel 26 in the BOBCV

1 Samuel 26 in the BOCNT

1 Samuel 26 in the BOECS

1 Samuel 26 in the BOGWICC

1 Samuel 26 in the BOHCB

1 Samuel 26 in the BOHCV

1 Samuel 26 in the BOHLNT

1 Samuel 26 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 26 in the BOICB

1 Samuel 26 in the BOILNTAP

1 Samuel 26 in the BOITCV

1 Samuel 26 in the BOKCV

1 Samuel 26 in the BOKCV2

1 Samuel 26 in the BOKHWOG

1 Samuel 26 in the BOKSSV

1 Samuel 26 in the BOLCB

1 Samuel 26 in the BOLCB2

1 Samuel 26 in the BOMCV

1 Samuel 26 in the BONAV

1 Samuel 26 in the BONCB

1 Samuel 26 in the BONLT

1 Samuel 26 in the BONUT2

1 Samuel 26 in the BOPLNT

1 Samuel 26 in the BOSCB

1 Samuel 26 in the BOSNC

1 Samuel 26 in the BOTLNT

1 Samuel 26 in the BOVCB

1 Samuel 26 in the BOYCB

1 Samuel 26 in the BPBB

1 Samuel 26 in the BPH

1 Samuel 26 in the BSB

1 Samuel 26 in the CCB

1 Samuel 26 in the CUV

1 Samuel 26 in the CUVS

1 Samuel 26 in the DBT

1 Samuel 26 in the DGDNT

1 Samuel 26 in the DHNT

1 Samuel 26 in the DNT

1 Samuel 26 in the ELBE

1 Samuel 26 in the EMTV

1 Samuel 26 in the ESV

1 Samuel 26 in the FBV

1 Samuel 26 in the FEB

1 Samuel 26 in the GGMNT

1 Samuel 26 in the GNT

1 Samuel 26 in the HARY

1 Samuel 26 in the HNT

1 Samuel 26 in the IRVA

1 Samuel 26 in the IRVB

1 Samuel 26 in the IRVG

1 Samuel 26 in the IRVH

1 Samuel 26 in the IRVK

1 Samuel 26 in the IRVM

1 Samuel 26 in the IRVM2

1 Samuel 26 in the IRVO

1 Samuel 26 in the IRVP

1 Samuel 26 in the IRVT

1 Samuel 26 in the IRVT2

1 Samuel 26 in the IRVU

1 Samuel 26 in the ISVN

1 Samuel 26 in the JSNT

1 Samuel 26 in the KAPI

1 Samuel 26 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 26 in the KBV

1 Samuel 26 in the KJV

1 Samuel 26 in the KNFD

1 Samuel 26 in the LBA

1 Samuel 26 in the LBLA

1 Samuel 26 in the LNT

1 Samuel 26 in the LSV

1 Samuel 26 in the MAAL

1 Samuel 26 in the MBV

1 Samuel 26 in the MBV2

1 Samuel 26 in the MHNT

1 Samuel 26 in the MKNFD

1 Samuel 26 in the MNG

1 Samuel 26 in the MNT

1 Samuel 26 in the MNT2

1 Samuel 26 in the MRS1T

1 Samuel 26 in the NAA

1 Samuel 26 in the NASB

1 Samuel 26 in the NBLA

1 Samuel 26 in the NBS

1 Samuel 26 in the NBVTP

1 Samuel 26 in the NET2

1 Samuel 26 in the NIV11

1 Samuel 26 in the NNT

1 Samuel 26 in the NNT2

1 Samuel 26 in the NNT3

1 Samuel 26 in the PDDPT

1 Samuel 26 in the PFNT

1 Samuel 26 in the RMNT

1 Samuel 26 in the SBIAS

1 Samuel 26 in the SBIBS

1 Samuel 26 in the SBIBS2

1 Samuel 26 in the SBICS

1 Samuel 26 in the SBIDS

1 Samuel 26 in the SBIGS

1 Samuel 26 in the SBIHS

1 Samuel 26 in the SBIIS

1 Samuel 26 in the SBIIS2

1 Samuel 26 in the SBIIS3

1 Samuel 26 in the SBIKS

1 Samuel 26 in the SBIKS2

1 Samuel 26 in the SBIMS

1 Samuel 26 in the SBIOS

1 Samuel 26 in the SBIPS

1 Samuel 26 in the SBISS

1 Samuel 26 in the SBITS

1 Samuel 26 in the SBITS2

1 Samuel 26 in the SBITS3

1 Samuel 26 in the SBITS4

1 Samuel 26 in the SBIUS

1 Samuel 26 in the SBIVS

1 Samuel 26 in the SBT

1 Samuel 26 in the SBT1E

1 Samuel 26 in the SCHL

1 Samuel 26 in the SNT

1 Samuel 26 in the SUSU

1 Samuel 26 in the SUSU2

1 Samuel 26 in the SYNO

1 Samuel 26 in the TBIAOTANT

1 Samuel 26 in the TBT1E

1 Samuel 26 in the TBT1E2

1 Samuel 26 in the TFTIP

1 Samuel 26 in the TFTU

1 Samuel 26 in the TGNTATF3T

1 Samuel 26 in the THAI

1 Samuel 26 in the TNFD

1 Samuel 26 in the TNT

1 Samuel 26 in the TNTIK

1 Samuel 26 in the TNTIL

1 Samuel 26 in the TNTIN

1 Samuel 26 in the TNTIP

1 Samuel 26 in the TNTIZ

1 Samuel 26 in the TOMA

1 Samuel 26 in the TTENT

1 Samuel 26 in the UBG

1 Samuel 26 in the UGV

1 Samuel 26 in the UGV2

1 Samuel 26 in the UGV3

1 Samuel 26 in the VBL

1 Samuel 26 in the VDCC

1 Samuel 26 in the YALU

1 Samuel 26 in the YAPE

1 Samuel 26 in the YBVTP

1 Samuel 26 in the ZBP