1 Samuel 26 (BOATCB2)

1 Sififo kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no se, “Dawid akohintaw wɔ Hakila bepɔw a ɛkyerɛ Yesimon no mu.” 2 Enti Saulo yii nʼakofo mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif sare so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. 3 Saulo bɔɔ nʼatenae wɔ ɔkwan a ɛbɛn Hakila bepɔw a ɛne Yesimon di nhwɛanim no nkyɛn, baabi a Dawid akohintaw hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti 4 ɔsomaa akwansrafo sɛ wɔntetɛw no. 5 Dawid kopuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenase hɔ anadwo bi. Ohuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ ɔsafohene adeda atenae no mu a asraafo a wɔadeda atwa ne ho ahyia. 6 Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia babarima Abisai, Yoab nua se, “Hena na ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn wɔ nʼatenae hɔ?”Abisai buae se, “Me ne wo bɛkɔ.” 7 Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenae hɔ a, ɔde ne peaw atim fam wɔ ne ti ho pɛɛ. Na Abner ne asraafo no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda. 8 Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo se, “Nnɛ de, Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma memfa me peaw no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.” 9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Dabi da, nsɛe no. Hena na obetumi de ne nsa aka onipa a AWURADE asra no, na onni ho fɔ? 10 Nokware ni, AWURADE bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ obenyin na wawu. 11 Onyame ma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wunim biribi? Yɛbɛfa ne peaw ne ne sukuruwa na yɛakɔ.” 12 Na Dawid faa peaw no ne sukuruwa a esi Saulo ti ho no, na wɔkɔe a obiara anhu wɔn na wɔn mu biara nso annyan mpo. Na wɔn nyinaa adeda, efisɛ AWURADE de nnahɔɔ too wɔn so. 13 Dawid foroo bepɔw a ɛne atenae hɔ di nhwɛanim kosii sɛ oduu baabi a bɔne bi ntumi nka no. 14 Ɔteɛɛ mu frɛɛ Abner ne Saulo se, “Sɔre oo! Abner.”Abner bisaa se, “Hena ni?” 15 Dawid goruu ne ho se, “Abner, woyɛ onipa kɛse, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfo bi wɔ? Na adɛn nti na woannwɛn wo wura, ɔhene no bere a obi baa sɛ ɔrebekum no no? 16 Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam wɔ AWURADE din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea AWURADE asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no wɔ he?” 17 Saulo tee Dawid nne nti ɔfrɛe se, “Wo ni, me ba Dawid?”Na Dawid buaa no se, “Nana, ɛyɛ me. 18 Adɛn nti na wotaa me? Dɛn na mayɛ? Me bɔne ne dɛn? 19 Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne somfo, Nana. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛno de ma onnye mʼafɔre. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛe a, ɛno de, AWURADE nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛe no. Efisɛ moapam me afi me fi sɛnea ɛbɛyɛ a, merentumi ne AWURADE nkurɔfo ntena, nsom sɛnea ɛsɛ. 20 Minwu wɔ ananafo asase so a ɛhɔ ne AWURADE anim kwan ware ana? Adɛn nti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ sommɔre; sɛnea ɔbɔmmɔfo kɔ ahayɛ kɔpɛ asɛmɛntɛ wɔ mmepɔw so?” 21 Afei Saulo kae se, “Mayɛ bɔne. San bra fie, me ba Dawid. Efisɛ nnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Merenhaw wo bio. Mayɛ nkwaseade na mafom yiye.” 22 Dawid buae se, “Ao, ɔhene, wo peaw ni. Ma wo mmerante no mu baako mmra mmegye. 23 AWURADE na ɔma papayɛ ne nokwaredi so akatua. AWURADE de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mekum wo, efisɛ woyɛ obi a AWURADE asra wo. 24 Afei, me kra nsom AWURADE bo, sɛnea wo de asom me bo nnɛ yi. Onnye me mfi me haw nyinaa mu.” 25 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninne ne nkonimdifo kɛse.”Na Dawid kɔe, na Saulo nso san kɔɔ fie.

In Other Versions

1 Samuel 26 in the ANGEFD

1 Samuel 26 in the ANTPNG2D

1 Samuel 26 in the AS21

1 Samuel 26 in the BAGH

1 Samuel 26 in the BBPNG

1 Samuel 26 in the BBT1E

1 Samuel 26 in the BDS

1 Samuel 26 in the BEV

1 Samuel 26 in the BHAD

1 Samuel 26 in the BIB

1 Samuel 26 in the BLPT

1 Samuel 26 in the BNT

1 Samuel 26 in the BNTABOOT

1 Samuel 26 in the BNTLV

1 Samuel 26 in the BOATCB

1 Samuel 26 in the BOBCV

1 Samuel 26 in the BOCNT

1 Samuel 26 in the BOECS

1 Samuel 26 in the BOGWICC

1 Samuel 26 in the BOHCB

1 Samuel 26 in the BOHCV

1 Samuel 26 in the BOHLNT

1 Samuel 26 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 26 in the BOICB

1 Samuel 26 in the BOILNTAP

1 Samuel 26 in the BOITCV

1 Samuel 26 in the BOKCV

1 Samuel 26 in the BOKCV2

1 Samuel 26 in the BOKHWOG

1 Samuel 26 in the BOKSSV

1 Samuel 26 in the BOLCB

1 Samuel 26 in the BOLCB2

1 Samuel 26 in the BOMCV

1 Samuel 26 in the BONAV

1 Samuel 26 in the BONCB

1 Samuel 26 in the BONLT

1 Samuel 26 in the BONUT2

1 Samuel 26 in the BOPLNT

1 Samuel 26 in the BOSCB

1 Samuel 26 in the BOSNC

1 Samuel 26 in the BOTLNT

1 Samuel 26 in the BOVCB

1 Samuel 26 in the BOYCB

1 Samuel 26 in the BPBB

1 Samuel 26 in the BPH

1 Samuel 26 in the BSB

1 Samuel 26 in the CCB

1 Samuel 26 in the CUV

1 Samuel 26 in the CUVS

1 Samuel 26 in the DBT

1 Samuel 26 in the DGDNT

1 Samuel 26 in the DHNT

1 Samuel 26 in the DNT

1 Samuel 26 in the ELBE

1 Samuel 26 in the EMTV

1 Samuel 26 in the ESV

1 Samuel 26 in the FBV

1 Samuel 26 in the FEB

1 Samuel 26 in the GGMNT

1 Samuel 26 in the GNT

1 Samuel 26 in the HARY

1 Samuel 26 in the HNT

1 Samuel 26 in the IRVA

1 Samuel 26 in the IRVB

1 Samuel 26 in the IRVG

1 Samuel 26 in the IRVH

1 Samuel 26 in the IRVK

1 Samuel 26 in the IRVM

1 Samuel 26 in the IRVM2

1 Samuel 26 in the IRVO

1 Samuel 26 in the IRVP

1 Samuel 26 in the IRVT

1 Samuel 26 in the IRVT2

1 Samuel 26 in the IRVU

1 Samuel 26 in the ISVN

1 Samuel 26 in the JSNT

1 Samuel 26 in the KAPI

1 Samuel 26 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 26 in the KBV

1 Samuel 26 in the KJV

1 Samuel 26 in the KNFD

1 Samuel 26 in the LBA

1 Samuel 26 in the LBLA

1 Samuel 26 in the LNT

1 Samuel 26 in the LSV

1 Samuel 26 in the MAAL

1 Samuel 26 in the MBV

1 Samuel 26 in the MBV2

1 Samuel 26 in the MHNT

1 Samuel 26 in the MKNFD

1 Samuel 26 in the MNG

1 Samuel 26 in the MNT

1 Samuel 26 in the MNT2

1 Samuel 26 in the MRS1T

1 Samuel 26 in the NAA

1 Samuel 26 in the NASB

1 Samuel 26 in the NBLA

1 Samuel 26 in the NBS

1 Samuel 26 in the NBVTP

1 Samuel 26 in the NET2

1 Samuel 26 in the NIV11

1 Samuel 26 in the NNT

1 Samuel 26 in the NNT2

1 Samuel 26 in the NNT3

1 Samuel 26 in the PDDPT

1 Samuel 26 in the PFNT

1 Samuel 26 in the RMNT

1 Samuel 26 in the SBIAS

1 Samuel 26 in the SBIBS

1 Samuel 26 in the SBIBS2

1 Samuel 26 in the SBICS

1 Samuel 26 in the SBIDS

1 Samuel 26 in the SBIGS

1 Samuel 26 in the SBIHS

1 Samuel 26 in the SBIIS

1 Samuel 26 in the SBIIS2

1 Samuel 26 in the SBIIS3

1 Samuel 26 in the SBIKS

1 Samuel 26 in the SBIKS2

1 Samuel 26 in the SBIMS

1 Samuel 26 in the SBIOS

1 Samuel 26 in the SBIPS

1 Samuel 26 in the SBISS

1 Samuel 26 in the SBITS

1 Samuel 26 in the SBITS2

1 Samuel 26 in the SBITS3

1 Samuel 26 in the SBITS4

1 Samuel 26 in the SBIUS

1 Samuel 26 in the SBIVS

1 Samuel 26 in the SBT

1 Samuel 26 in the SBT1E

1 Samuel 26 in the SCHL

1 Samuel 26 in the SNT

1 Samuel 26 in the SUSU

1 Samuel 26 in the SUSU2

1 Samuel 26 in the SYNO

1 Samuel 26 in the TBIAOTANT

1 Samuel 26 in the TBT1E

1 Samuel 26 in the TBT1E2

1 Samuel 26 in the TFTIP

1 Samuel 26 in the TFTU

1 Samuel 26 in the TGNTATF3T

1 Samuel 26 in the THAI

1 Samuel 26 in the TNFD

1 Samuel 26 in the TNT

1 Samuel 26 in the TNTIK

1 Samuel 26 in the TNTIL

1 Samuel 26 in the TNTIN

1 Samuel 26 in the TNTIP

1 Samuel 26 in the TNTIZ

1 Samuel 26 in the TOMA

1 Samuel 26 in the TTENT

1 Samuel 26 in the UBG

1 Samuel 26 in the UGV

1 Samuel 26 in the UGV2

1 Samuel 26 in the UGV3

1 Samuel 26 in the VBL

1 Samuel 26 in the VDCC

1 Samuel 26 in the YALU

1 Samuel 26 in the YAPE

1 Samuel 26 in the YBVTP

1 Samuel 26 in the ZBP