2 Chronicles 26 (BOATCB)

1 Yuda manfoɔ de Amasia babarima Usia a na wadi mfeɛ dunsia tenaa ahennwa so sɛ wɔn ɔhene foforɔ. 2 Usia agya wuo akyi no, ɔsane kyekyeree Elot kuro no, na ɔdane maa Yuda. 3 Usia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunsia, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Ne maame a ɔfiri Yerusalem no din de Yeholia. 4 Na ɔtene wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no. 5 Sakaria berɛ so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyiri ɛkwan, ɛfiri sɛ, ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na ɛsiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan no enti, Onyankopɔn maa no nkɔsoɔ. 6 Ɔtuu Filistifoɔ so sa, na ɔbubuu Gat, Yabne ne Asdod afasuo. Na ɔkyekyeree nkuro afoforɔ wɔ Asdod fam ne mmeammea bi a ɛwɔ Filistia. 7 Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifoɔ koeɛ no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfoɔ a wɔwɔ Gur Baal koeɛ ne Meunifoɔ ko mu nso, ɔboaa no. 8 Meunifoɔ no tuaa apeatoɔ maa no, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ tumi a ɛso. 9 Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so. 10 Ɔsane sisii abankɛseɛ wɔ ɛserɛ so, tutuu nsubura bebree, ɛfiri sɛ, na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔ ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfoɔ bebree a wɔhwɛ ne mfuo ne ne bobefuo a ɛwɔ mmepɔ no nsianeɛ mu ne bɔnhwa nsase bereɛ no so. 11 Na Usia wɔ asraafoɔ a wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ akodie mu nteteeɛ. Na wɔyɛ akuakuo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ akodɔm no twerɛfoɔ ne ne ɔboafoɔ Maaseia na wɔboaboa akofoɔ kɛseɛ yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanimfoɔ no mu baako ase. 12 Mmusua ntuanofoɔ mpenu ahansia na na wɔma saa akofoɔ abenfoɔ yi akwankyerɛ. 13 Na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa ne nson ne ahanum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfoɔ biara. 14 Usia maa akodɔm no nyinaa akokyɛm, mpea, nnadeɛ kyɛ, nkataboɔ, bɛmma ne ahwimmoɔ aboɔ. 15 Afei, abenfoɔ bi yɛɛ mfidie de sisii Yerusalem afasuo no so a ɛto agyan ne aboɔ firi abantenten no so ne ɔfasuo twɛtwɛwa so. Nʼanimuonyam hyetaeɛ, ɛfiri sɛ, Awurade boaa no yie kɔsii sɛ ɔnyaa tumi kɛseɛ. 16 Nanso, ɔnyaa tumi kɛseɛ no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so maa ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa AWURADE ne Onyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔkɔɔ AWURADE Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyee nnuhwam wɔ afɔrebukyia no so. 17 Ɔsɔfopanin Asaria ne AWURADE asɔfoɔ foforɔ aduɔwɔtwe, akokoɔdurufoɔ kɔhwehwɛɛ no. 18 Wɔka sii ɔhene Usia anim sɛ, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohye nnuhwam ma AWURADE. Ɛyɛ asɔfoɔ nko ara, Aaron mmammarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadie no nko ara adwuma. Firi kronkronbea ha kɔ, ɛfiri sɛ, woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo animuonyam wɔ yei ho.” 19 Usia bo fuu yie, na wamfa nnuhwamhyeɛ kuruwa a na ɛkura no no ansi fam. Ɔne asɔfoɔ no gyina nnuhwam afɔrebukyia no anim wɔ AWURADE Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. 20 Ɛberɛ a Asaria ne asɔfoɔ a aka no hunuu kwata no, wɔpiapiaa no firii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, AWURADE na wabɔ no. 21 Enti, kwata yɛɛ ɔhene Usia kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Wɔpamoo no firii nnipa mu maa ɔno nko ara tenaeɛ a wankɔ AWURADE Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfie hɔ ma ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so. 22 Amos babarima Yesaia atwerɛ Usia ahennie ho nsɛm nkaeɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ ato hɔ. 23 Usia wuiɛ, na ɛsiane sɛ kwata yɛɛ no enti, wɔsiee no bɛn ahemfo amusieeɛ. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 26 in the ANGEFD

2 Chronicles 26 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 26 in the AS21

2 Chronicles 26 in the BAGH

2 Chronicles 26 in the BBPNG

2 Chronicles 26 in the BBT1E

2 Chronicles 26 in the BDS

2 Chronicles 26 in the BEV

2 Chronicles 26 in the BHAD

2 Chronicles 26 in the BIB

2 Chronicles 26 in the BLPT

2 Chronicles 26 in the BNT

2 Chronicles 26 in the BNTABOOT

2 Chronicles 26 in the BNTLV

2 Chronicles 26 in the BOATCB2

2 Chronicles 26 in the BOBCV

2 Chronicles 26 in the BOCNT

2 Chronicles 26 in the BOECS

2 Chronicles 26 in the BOGWICC

2 Chronicles 26 in the BOHCB

2 Chronicles 26 in the BOHCV

2 Chronicles 26 in the BOHLNT

2 Chronicles 26 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 26 in the BOICB

2 Chronicles 26 in the BOILNTAP

2 Chronicles 26 in the BOITCV

2 Chronicles 26 in the BOKCV

2 Chronicles 26 in the BOKCV2

2 Chronicles 26 in the BOKHWOG

2 Chronicles 26 in the BOKSSV

2 Chronicles 26 in the BOLCB

2 Chronicles 26 in the BOLCB2

2 Chronicles 26 in the BOMCV

2 Chronicles 26 in the BONAV

2 Chronicles 26 in the BONCB

2 Chronicles 26 in the BONLT

2 Chronicles 26 in the BONUT2

2 Chronicles 26 in the BOPLNT

2 Chronicles 26 in the BOSCB

2 Chronicles 26 in the BOSNC

2 Chronicles 26 in the BOTLNT

2 Chronicles 26 in the BOVCB

2 Chronicles 26 in the BOYCB

2 Chronicles 26 in the BPBB

2 Chronicles 26 in the BPH

2 Chronicles 26 in the BSB

2 Chronicles 26 in the CCB

2 Chronicles 26 in the CUV

2 Chronicles 26 in the CUVS

2 Chronicles 26 in the DBT

2 Chronicles 26 in the DGDNT

2 Chronicles 26 in the DHNT

2 Chronicles 26 in the DNT

2 Chronicles 26 in the ELBE

2 Chronicles 26 in the EMTV

2 Chronicles 26 in the ESV

2 Chronicles 26 in the FBV

2 Chronicles 26 in the FEB

2 Chronicles 26 in the GGMNT

2 Chronicles 26 in the GNT

2 Chronicles 26 in the HARY

2 Chronicles 26 in the HNT

2 Chronicles 26 in the IRVA

2 Chronicles 26 in the IRVB

2 Chronicles 26 in the IRVG

2 Chronicles 26 in the IRVH

2 Chronicles 26 in the IRVK

2 Chronicles 26 in the IRVM

2 Chronicles 26 in the IRVM2

2 Chronicles 26 in the IRVO

2 Chronicles 26 in the IRVP

2 Chronicles 26 in the IRVT

2 Chronicles 26 in the IRVT2

2 Chronicles 26 in the IRVU

2 Chronicles 26 in the ISVN

2 Chronicles 26 in the JSNT

2 Chronicles 26 in the KAPI

2 Chronicles 26 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 26 in the KBV

2 Chronicles 26 in the KJV

2 Chronicles 26 in the KNFD

2 Chronicles 26 in the LBA

2 Chronicles 26 in the LBLA

2 Chronicles 26 in the LNT

2 Chronicles 26 in the LSV

2 Chronicles 26 in the MAAL

2 Chronicles 26 in the MBV

2 Chronicles 26 in the MBV2

2 Chronicles 26 in the MHNT

2 Chronicles 26 in the MKNFD

2 Chronicles 26 in the MNG

2 Chronicles 26 in the MNT

2 Chronicles 26 in the MNT2

2 Chronicles 26 in the MRS1T

2 Chronicles 26 in the NAA

2 Chronicles 26 in the NASB

2 Chronicles 26 in the NBLA

2 Chronicles 26 in the NBS

2 Chronicles 26 in the NBVTP

2 Chronicles 26 in the NET2

2 Chronicles 26 in the NIV11

2 Chronicles 26 in the NNT

2 Chronicles 26 in the NNT2

2 Chronicles 26 in the NNT3

2 Chronicles 26 in the PDDPT

2 Chronicles 26 in the PFNT

2 Chronicles 26 in the RMNT

2 Chronicles 26 in the SBIAS

2 Chronicles 26 in the SBIBS

2 Chronicles 26 in the SBIBS2

2 Chronicles 26 in the SBICS

2 Chronicles 26 in the SBIDS

2 Chronicles 26 in the SBIGS

2 Chronicles 26 in the SBIHS

2 Chronicles 26 in the SBIIS

2 Chronicles 26 in the SBIIS2

2 Chronicles 26 in the SBIIS3

2 Chronicles 26 in the SBIKS

2 Chronicles 26 in the SBIKS2

2 Chronicles 26 in the SBIMS

2 Chronicles 26 in the SBIOS

2 Chronicles 26 in the SBIPS

2 Chronicles 26 in the SBISS

2 Chronicles 26 in the SBITS

2 Chronicles 26 in the SBITS2

2 Chronicles 26 in the SBITS3

2 Chronicles 26 in the SBITS4

2 Chronicles 26 in the SBIUS

2 Chronicles 26 in the SBIVS

2 Chronicles 26 in the SBT

2 Chronicles 26 in the SBT1E

2 Chronicles 26 in the SCHL

2 Chronicles 26 in the SNT

2 Chronicles 26 in the SUSU

2 Chronicles 26 in the SUSU2

2 Chronicles 26 in the SYNO

2 Chronicles 26 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 26 in the TBT1E

2 Chronicles 26 in the TBT1E2

2 Chronicles 26 in the TFTIP

2 Chronicles 26 in the TFTU

2 Chronicles 26 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 26 in the THAI

2 Chronicles 26 in the TNFD

2 Chronicles 26 in the TNT

2 Chronicles 26 in the TNTIK

2 Chronicles 26 in the TNTIL

2 Chronicles 26 in the TNTIN

2 Chronicles 26 in the TNTIP

2 Chronicles 26 in the TNTIZ

2 Chronicles 26 in the TOMA

2 Chronicles 26 in the TTENT

2 Chronicles 26 in the UBG

2 Chronicles 26 in the UGV

2 Chronicles 26 in the UGV2

2 Chronicles 26 in the UGV3

2 Chronicles 26 in the VBL

2 Chronicles 26 in the VDCC

2 Chronicles 26 in the YALU

2 Chronicles 26 in the YAPE

2 Chronicles 26 in the YBVTP

2 Chronicles 26 in the ZBP