2 Chronicles 26 (BOATCB2)

1 Yuda manfo de Amasia babarima Usia a na wadi mfe dunsia tenaa ahengua so sɛ wɔn hene foforo. 2 Usia agya wu akyi no, ɔsan kyekyeree Elot kurow no, na ɔdan maa Yuda. 3 Usia dii ade no, na wadi mfirihyia dunsia, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na a ofi Yerusalem no din de Yeholia. 4 Na ɔteɛ wɔ AWURADE ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no. 5 Sakaria bere so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan, efisɛ ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na esiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan no nti, Onyankopɔn maa no nkɔso. 6 Otuu Filistifo so sa, na obubuu Gat, Yabne ne Asdod afasu. Na ɔkyekyeree nkurow afoforo wɔ Asdod fam ne mmeaemmeae bi a ɛwɔ Filistia. 7 Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifo koe no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfo a wɔwɔ Gur Baal koe ne Meunifo ko mu nso, ɔboaa no. 8 Meunifo no tuaa sonkahiri maa no, na ne din hyeta koduu Misraim, efisɛ na ɔwɔ tumi a ɛso. 9 Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no. 10 Ɔsan sisii abankɛse wɔ sare so, tutuu mmura bebree, efisɛ na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔw ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfo bebree a wɔhwɛ ne mfuw ne ne bobeturo a ɛwɔ mmepɔw no nsian mu ne obon nsasebere no so. 11 Na Usia wɔ asraafo a wɔyɛ akofo akɛse a wɔwɔ akodi mu ntetewee. Na wɔyɛ akuw akuw a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ asraafodɔm no kyerɛwfo, ne ne boafo Maaseia na wɔboaboa akofo kuw kɛse yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanyimfo no mu baako ase. 12 Mmusua ntuanofo mpenu ahansia na na wɔma saa akofo abenfo yi akwankyerɛ. 13 Na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa ne ason, ahannum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfo biara. 14 Usia maa asraafodɔm no nyinaa nkatabo, mpeaw, nnadekyɛw, agyiraehyɛde, bɛmma ne ahwimmo abo. 15 Afei, abenfo bi yɛɛ mfi de sisii Yerusalem afasu no so a ɛtow agyan ne abo fi abantenten no so ne fasu twɔtwɔw so. Nʼanuonyam hyetae, efisɛ Awurade boaa no yiye kosii sɛ onyaa tumi kɛse. 16 Nanso onyaa tumi kɛse no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so ma ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa AWURADE ne Nyankopɔn, efisɛ ɔkɔɔ AWURADE Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyew nnuhuam wɔ afɔremuka no so. 17 Ɔsɔfopanyin Asaria ne AWURADE asɔfo foforo aduɔwɔtwe, akokodurufo kɔhwehwɛɛ no. 18 Wɔka sii ɔhene Usia anim se, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohyew nnuhuam ma AWURADE. Ɛyɛ asɔfo nko ara, Aaron mmabarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadi no nko ara adwuma. Fi kronkronbea ha kɔ, efisɛ woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo anuonyam wɔ eyi ho.” 19 Usia bo fuw yiye, na wamfa nnuhuamhyew kuruwa a na okura no ansi fam. Ɔne asɔfo no gyina nnuhuam afɔremuka no anim wɔ AWURADE Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. 20 Bere a Asaria ne asɔfo a wɔaka no huu kwata no, wopiapiaa no fii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ofi hɔ ntɛm, efisɛ AWURADE na na wabɔ no. 21 Enti kwata yɛɛ ɔhene Usia kosii sɛ owui. Wɔpam no fi nnipa mu maa ɔno nko ara tenae a wankɔ AWURADE Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfi hɔ ma odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so. 22 Amos babarima Yesaia akyerɛw Usia ahenni ho nsɛm nkae fi mfiase kosi awiei ato hɔ. 23 Usia wui, na esiane sɛ kwata yɛɛ no nti, wosiee no bɛn ahemfo amusiei. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 26 in the ANGEFD

2 Chronicles 26 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 26 in the AS21

2 Chronicles 26 in the BAGH

2 Chronicles 26 in the BBPNG

2 Chronicles 26 in the BBT1E

2 Chronicles 26 in the BDS

2 Chronicles 26 in the BEV

2 Chronicles 26 in the BHAD

2 Chronicles 26 in the BIB

2 Chronicles 26 in the BLPT

2 Chronicles 26 in the BNT

2 Chronicles 26 in the BNTABOOT

2 Chronicles 26 in the BNTLV

2 Chronicles 26 in the BOATCB

2 Chronicles 26 in the BOBCV

2 Chronicles 26 in the BOCNT

2 Chronicles 26 in the BOECS

2 Chronicles 26 in the BOGWICC

2 Chronicles 26 in the BOHCB

2 Chronicles 26 in the BOHCV

2 Chronicles 26 in the BOHLNT

2 Chronicles 26 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 26 in the BOICB

2 Chronicles 26 in the BOILNTAP

2 Chronicles 26 in the BOITCV

2 Chronicles 26 in the BOKCV

2 Chronicles 26 in the BOKCV2

2 Chronicles 26 in the BOKHWOG

2 Chronicles 26 in the BOKSSV

2 Chronicles 26 in the BOLCB

2 Chronicles 26 in the BOLCB2

2 Chronicles 26 in the BOMCV

2 Chronicles 26 in the BONAV

2 Chronicles 26 in the BONCB

2 Chronicles 26 in the BONLT

2 Chronicles 26 in the BONUT2

2 Chronicles 26 in the BOPLNT

2 Chronicles 26 in the BOSCB

2 Chronicles 26 in the BOSNC

2 Chronicles 26 in the BOTLNT

2 Chronicles 26 in the BOVCB

2 Chronicles 26 in the BOYCB

2 Chronicles 26 in the BPBB

2 Chronicles 26 in the BPH

2 Chronicles 26 in the BSB

2 Chronicles 26 in the CCB

2 Chronicles 26 in the CUV

2 Chronicles 26 in the CUVS

2 Chronicles 26 in the DBT

2 Chronicles 26 in the DGDNT

2 Chronicles 26 in the DHNT

2 Chronicles 26 in the DNT

2 Chronicles 26 in the ELBE

2 Chronicles 26 in the EMTV

2 Chronicles 26 in the ESV

2 Chronicles 26 in the FBV

2 Chronicles 26 in the FEB

2 Chronicles 26 in the GGMNT

2 Chronicles 26 in the GNT

2 Chronicles 26 in the HARY

2 Chronicles 26 in the HNT

2 Chronicles 26 in the IRVA

2 Chronicles 26 in the IRVB

2 Chronicles 26 in the IRVG

2 Chronicles 26 in the IRVH

2 Chronicles 26 in the IRVK

2 Chronicles 26 in the IRVM

2 Chronicles 26 in the IRVM2

2 Chronicles 26 in the IRVO

2 Chronicles 26 in the IRVP

2 Chronicles 26 in the IRVT

2 Chronicles 26 in the IRVT2

2 Chronicles 26 in the IRVU

2 Chronicles 26 in the ISVN

2 Chronicles 26 in the JSNT

2 Chronicles 26 in the KAPI

2 Chronicles 26 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 26 in the KBV

2 Chronicles 26 in the KJV

2 Chronicles 26 in the KNFD

2 Chronicles 26 in the LBA

2 Chronicles 26 in the LBLA

2 Chronicles 26 in the LNT

2 Chronicles 26 in the LSV

2 Chronicles 26 in the MAAL

2 Chronicles 26 in the MBV

2 Chronicles 26 in the MBV2

2 Chronicles 26 in the MHNT

2 Chronicles 26 in the MKNFD

2 Chronicles 26 in the MNG

2 Chronicles 26 in the MNT

2 Chronicles 26 in the MNT2

2 Chronicles 26 in the MRS1T

2 Chronicles 26 in the NAA

2 Chronicles 26 in the NASB

2 Chronicles 26 in the NBLA

2 Chronicles 26 in the NBS

2 Chronicles 26 in the NBVTP

2 Chronicles 26 in the NET2

2 Chronicles 26 in the NIV11

2 Chronicles 26 in the NNT

2 Chronicles 26 in the NNT2

2 Chronicles 26 in the NNT3

2 Chronicles 26 in the PDDPT

2 Chronicles 26 in the PFNT

2 Chronicles 26 in the RMNT

2 Chronicles 26 in the SBIAS

2 Chronicles 26 in the SBIBS

2 Chronicles 26 in the SBIBS2

2 Chronicles 26 in the SBICS

2 Chronicles 26 in the SBIDS

2 Chronicles 26 in the SBIGS

2 Chronicles 26 in the SBIHS

2 Chronicles 26 in the SBIIS

2 Chronicles 26 in the SBIIS2

2 Chronicles 26 in the SBIIS3

2 Chronicles 26 in the SBIKS

2 Chronicles 26 in the SBIKS2

2 Chronicles 26 in the SBIMS

2 Chronicles 26 in the SBIOS

2 Chronicles 26 in the SBIPS

2 Chronicles 26 in the SBISS

2 Chronicles 26 in the SBITS

2 Chronicles 26 in the SBITS2

2 Chronicles 26 in the SBITS3

2 Chronicles 26 in the SBITS4

2 Chronicles 26 in the SBIUS

2 Chronicles 26 in the SBIVS

2 Chronicles 26 in the SBT

2 Chronicles 26 in the SBT1E

2 Chronicles 26 in the SCHL

2 Chronicles 26 in the SNT

2 Chronicles 26 in the SUSU

2 Chronicles 26 in the SUSU2

2 Chronicles 26 in the SYNO

2 Chronicles 26 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 26 in the TBT1E

2 Chronicles 26 in the TBT1E2

2 Chronicles 26 in the TFTIP

2 Chronicles 26 in the TFTU

2 Chronicles 26 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 26 in the THAI

2 Chronicles 26 in the TNFD

2 Chronicles 26 in the TNT

2 Chronicles 26 in the TNTIK

2 Chronicles 26 in the TNTIL

2 Chronicles 26 in the TNTIN

2 Chronicles 26 in the TNTIP

2 Chronicles 26 in the TNTIZ

2 Chronicles 26 in the TOMA

2 Chronicles 26 in the TTENT

2 Chronicles 26 in the UBG

2 Chronicles 26 in the UGV

2 Chronicles 26 in the UGV2

2 Chronicles 26 in the UGV3

2 Chronicles 26 in the VBL

2 Chronicles 26 in the VDCC

2 Chronicles 26 in the YALU

2 Chronicles 26 in the YAPE

2 Chronicles 26 in the YBVTP

2 Chronicles 26 in the ZBP