2 Chronicles 31 (BOATCB)

1 Afei, ɛberɛ a afahyɛ no twaam no, Israelfoɔ a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkuro nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera afɔrebukyia no, yiyii abosonsomfoɔ asɔreeɛ ne afɔrebukyia no. Yei akyi, Israelfoɔ no sane kɔɔ wɔn nkuro so ne wɔn afie mu. 2 Afei, Hesekia kyekyɛɛ asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no mu akuakuo, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma AWURADE wɔ Asɔredan no apono ano. 3 Ɔhene no ankasa maa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔyɛ mmoa ma anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnawɔtwe homeda afahyɛ ne bosome Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne afirinhyia afɔdeɛ a aka no, sɛdeɛ AWURADE mmara kyerɛ no. 4 Ɛno akyi, ɔhwɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no de deɛ wɔnya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ AWURADE mmara no mu. 5 Nnipa no tiee no aso pa mu, na wɔfiri akoma pa mu de nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ, ngo, ɛwoɔ ne wɔn mfudeɛ nyinaa baeɛ. Wɔde wɔn ahodeɛ biara mu ntotosoɔ dudu baeɛ. 6 Nnipa a wɔtu firii Israel baa Yuda no ne Yudafoɔ no ankasa de wɔn anantwie ne wɔn nnwan so ntotosoɔ dudu ne nneɛma a wɔahyira so ama AWURADE, wɔn Onyankopɔn no so ntotosoɔ dudu baeɛ. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuakuo akɛseakɛseɛ. 7 Wɔde saa ntotosoɔ dudu a ɛdi ɛkan no baa bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no awieeɛ mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kɔsii bosome a ɛtɔ so nson no ahyɛaseɛ mu. 8 Ɛberɛ a Hesekia ne ne mpanimfoɔ bɛhunuu nneɛma dodoɔ no, wɔdaa AWURADE ne ne nkurɔfoɔ Israel ase. 9 Hesekia bisaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no sɛ, “Ɛhe na yeinom nyinaa firi baeɛ?” 10 Na ɔsɔfopanin Asaria a ɔfiri Sadok abusua mu buaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a ɔmanfoɔ firii aseɛ sɛ wɔde akyɛdeɛ reba AWURADE Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yɛbɛdi ama ebi aka, ɛfiri sɛ, AWURADE ahyira ne nkurɔfoɔ.” 11 Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛnya adekoradan wɔ AWURADE Asɔredan no mu, na wɔyɛeɛ. 12 Na wɔdii nokorɛ de akyɛdeɛ no ne ntotosoɔ dudu no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne ɔboafoɔ. 13 Sohwɛfoɔ a na wɔhyɛ wɔn ase no ne Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia. Ɔhene Hesekia ne Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu sohwɛfoɔ panin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahodoɔ yi. 14 Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apueeɛ Ɛpono ano hwɛfoɔ no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ, ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ akyɛdeɛ ne nneɛma a wɔde ama AWURADE no. 15 Nʼaboafoɔ nokwafoɔ no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ mmusua a wɔwɔ wɔn nkuro so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmɔfra ne mpanin. 16 Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa rekɔ nyinaa akyɛdeɛ no bi a wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu, a nso da biara wɔkɔ AWURADE Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn ekuo no nsa. 17 Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn abusuadua nwoma mu ne Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu teɛ. 18 Na wɔmaa mmusuafoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua nwoma mu a mmadoma, ɔyerenom ne mmammarima ne mmammaa nso ka ho nnuane, sɛ wɔn kyɛfa. Ɛfiri sɛ na wɔadi nokorɛ adwira wɔn ho. 19 Na asɔfoɔ, Aaron asefoɔ a na wɔtete nkuraa a atwa nkuro no ho ahyia no, wɔyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu ne Lewifoɔ a wɔatwerɛ wɔn din wɔ abusuadua mu no nneɛma no bi. 20 Saa ɛkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ deɛ ɛfata na ɛsɔ AWURADE, ne Onyankopɔn ani. 21 Deɛ Hesekia yɛeɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ ɔbɛdi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so no, ɔde nʼakoma nyinaa hwehwɛɛ ne Onyankopɔn. Ne saa enti, ɛmaa ɔnyaa nkɔsoɔ bebree.

In Other Versions

2 Chronicles 31 in the ANGEFD

2 Chronicles 31 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 31 in the AS21

2 Chronicles 31 in the BAGH

2 Chronicles 31 in the BBPNG

2 Chronicles 31 in the BBT1E

2 Chronicles 31 in the BDS

2 Chronicles 31 in the BEV

2 Chronicles 31 in the BHAD

2 Chronicles 31 in the BIB

2 Chronicles 31 in the BLPT

2 Chronicles 31 in the BNT

2 Chronicles 31 in the BNTABOOT

2 Chronicles 31 in the BNTLV

2 Chronicles 31 in the BOATCB2

2 Chronicles 31 in the BOBCV

2 Chronicles 31 in the BOCNT

2 Chronicles 31 in the BOECS

2 Chronicles 31 in the BOGWICC

2 Chronicles 31 in the BOHCB

2 Chronicles 31 in the BOHCV

2 Chronicles 31 in the BOHLNT

2 Chronicles 31 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 31 in the BOICB

2 Chronicles 31 in the BOILNTAP

2 Chronicles 31 in the BOITCV

2 Chronicles 31 in the BOKCV

2 Chronicles 31 in the BOKCV2

2 Chronicles 31 in the BOKHWOG

2 Chronicles 31 in the BOKSSV

2 Chronicles 31 in the BOLCB

2 Chronicles 31 in the BOLCB2

2 Chronicles 31 in the BOMCV

2 Chronicles 31 in the BONAV

2 Chronicles 31 in the BONCB

2 Chronicles 31 in the BONLT

2 Chronicles 31 in the BONUT2

2 Chronicles 31 in the BOPLNT

2 Chronicles 31 in the BOSCB

2 Chronicles 31 in the BOSNC

2 Chronicles 31 in the BOTLNT

2 Chronicles 31 in the BOVCB

2 Chronicles 31 in the BOYCB

2 Chronicles 31 in the BPBB

2 Chronicles 31 in the BPH

2 Chronicles 31 in the BSB

2 Chronicles 31 in the CCB

2 Chronicles 31 in the CUV

2 Chronicles 31 in the CUVS

2 Chronicles 31 in the DBT

2 Chronicles 31 in the DGDNT

2 Chronicles 31 in the DHNT

2 Chronicles 31 in the DNT

2 Chronicles 31 in the ELBE

2 Chronicles 31 in the EMTV

2 Chronicles 31 in the ESV

2 Chronicles 31 in the FBV

2 Chronicles 31 in the FEB

2 Chronicles 31 in the GGMNT

2 Chronicles 31 in the GNT

2 Chronicles 31 in the HARY

2 Chronicles 31 in the HNT

2 Chronicles 31 in the IRVA

2 Chronicles 31 in the IRVB

2 Chronicles 31 in the IRVG

2 Chronicles 31 in the IRVH

2 Chronicles 31 in the IRVK

2 Chronicles 31 in the IRVM

2 Chronicles 31 in the IRVM2

2 Chronicles 31 in the IRVO

2 Chronicles 31 in the IRVP

2 Chronicles 31 in the IRVT

2 Chronicles 31 in the IRVT2

2 Chronicles 31 in the IRVU

2 Chronicles 31 in the ISVN

2 Chronicles 31 in the JSNT

2 Chronicles 31 in the KAPI

2 Chronicles 31 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 31 in the KBV

2 Chronicles 31 in the KJV

2 Chronicles 31 in the KNFD

2 Chronicles 31 in the LBA

2 Chronicles 31 in the LBLA

2 Chronicles 31 in the LNT

2 Chronicles 31 in the LSV

2 Chronicles 31 in the MAAL

2 Chronicles 31 in the MBV

2 Chronicles 31 in the MBV2

2 Chronicles 31 in the MHNT

2 Chronicles 31 in the MKNFD

2 Chronicles 31 in the MNG

2 Chronicles 31 in the MNT

2 Chronicles 31 in the MNT2

2 Chronicles 31 in the MRS1T

2 Chronicles 31 in the NAA

2 Chronicles 31 in the NASB

2 Chronicles 31 in the NBLA

2 Chronicles 31 in the NBS

2 Chronicles 31 in the NBVTP

2 Chronicles 31 in the NET2

2 Chronicles 31 in the NIV11

2 Chronicles 31 in the NNT

2 Chronicles 31 in the NNT2

2 Chronicles 31 in the NNT3

2 Chronicles 31 in the PDDPT

2 Chronicles 31 in the PFNT

2 Chronicles 31 in the RMNT

2 Chronicles 31 in the SBIAS

2 Chronicles 31 in the SBIBS

2 Chronicles 31 in the SBIBS2

2 Chronicles 31 in the SBICS

2 Chronicles 31 in the SBIDS

2 Chronicles 31 in the SBIGS

2 Chronicles 31 in the SBIHS

2 Chronicles 31 in the SBIIS

2 Chronicles 31 in the SBIIS2

2 Chronicles 31 in the SBIIS3

2 Chronicles 31 in the SBIKS

2 Chronicles 31 in the SBIKS2

2 Chronicles 31 in the SBIMS

2 Chronicles 31 in the SBIOS

2 Chronicles 31 in the SBIPS

2 Chronicles 31 in the SBISS

2 Chronicles 31 in the SBITS

2 Chronicles 31 in the SBITS2

2 Chronicles 31 in the SBITS3

2 Chronicles 31 in the SBITS4

2 Chronicles 31 in the SBIUS

2 Chronicles 31 in the SBIVS

2 Chronicles 31 in the SBT

2 Chronicles 31 in the SBT1E

2 Chronicles 31 in the SCHL

2 Chronicles 31 in the SNT

2 Chronicles 31 in the SUSU

2 Chronicles 31 in the SUSU2

2 Chronicles 31 in the SYNO

2 Chronicles 31 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 31 in the TBT1E

2 Chronicles 31 in the TBT1E2

2 Chronicles 31 in the TFTIP

2 Chronicles 31 in the TFTU

2 Chronicles 31 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 31 in the THAI

2 Chronicles 31 in the TNFD

2 Chronicles 31 in the TNT

2 Chronicles 31 in the TNTIK

2 Chronicles 31 in the TNTIL

2 Chronicles 31 in the TNTIN

2 Chronicles 31 in the TNTIP

2 Chronicles 31 in the TNTIZ

2 Chronicles 31 in the TOMA

2 Chronicles 31 in the TTENT

2 Chronicles 31 in the UBG

2 Chronicles 31 in the UGV

2 Chronicles 31 in the UGV2

2 Chronicles 31 in the UGV3

2 Chronicles 31 in the VBL

2 Chronicles 31 in the VDCC

2 Chronicles 31 in the YALU

2 Chronicles 31 in the YAPE

2 Chronicles 31 in the YBVTP

2 Chronicles 31 in the ZBP