2 Chronicles 31 (BOATCB2)

1 Afahyɛ no twaa mu no, Israelfo a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkurow nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera nnua no, yiyii abosonsomfo nsɔree so ne afɔremuka no. Eyi akyi, Israelfo no san kɔɔ wɔn nkurow so ne wɔn afi mu. 2 Hesekia kyekyɛɛ asɔfo no ne Lewifo no mu akuwakuw, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma AWURADE wɔ Asɔredan no apon ano. 3 Ɔhene no ankasa fii nea ɔwɔ mu maa anɔpa ne anwummere, nnaawɔtwe homeda afahyɛ ne Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne afirihyia afɔre a aka no ɔhyew afɔrebɔde, sɛnea wɔakyerɛw wɔ AWURADE Mmara no mu no. 4 Ɔhyɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no mfa nea wonya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfo no ne Lewifo no, sɛnea ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ AWURADE Mmara no mu. 5 Nnipa no tiee no aso pa mu, na wofi koma pa mu de atoko, nsa foforo, ngo, ɛwo ne wɔn nnɔbae nkae mu nea edi kan nyinaa bae. Wɔde wɔn ahode biara mu ntotoso du du bae. 6 Nnipa a wotu fii Israel baa Yuda no ne Yudafo no ankasa de wɔn anantwi ne wɔn nguan so ntotoso du du ne nneɛma a wɔahyira so ama AWURADE, wɔn Nyankopɔn no so ntotoso du du bae. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuw akɛseakɛse. 7 Wɔde saa ntotoso du du a edi kan no baa ɔsram a ɛto so abiɛsa no awiei mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kosii ɔsram a ɛto so ason no mfiase mu. 8 Bere a Hesekia ne ne mpanyimfo behuu nneɛma no dodow no, wɔdaa AWURADE ne ne nkurɔfo Israel ase. 9 Hesekia bisaa asɔfo no ne Lewifo no se, “Ɛhe na eyinom nyinaa fi bae?” 10 Na ɔsɔfopanyin Asaria a ofi Sadok abusua mu buae se, “Efi bere a ɔmanfo fii ase sɛ wɔde akyɛde reba AWURADE Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yebedi ama bi aka, efisɛ AWURADE ahyira ne nkurɔfo.” 11 Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ obenya adekoradan wɔ AWURADE Asɔredan no mu, na wɔyɛe. 12 Na wodii nokware de akyɛde no ne ntotoso du du no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne boafo. 13 Na Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia yɛ wɔn a wɔhwɛ hɔ no aboafo. Ɔhene Hesekia ne Asaria a na ɔyɛ wɔn a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu so panyin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahorow yi. 14 Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apuei Pon ano hwɛfo no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamye afɔrebɔde a ɛyɛ akyɛde ne nneɛma a wɔde ama AWURADE no. 15 Nʼaboafo nokwafo no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfo mmusua a wɔwɔ wɔn nkurow so sɛnea wɔn nkyekyɛmu te, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmofra ne mpanyin. 16 Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfe abiɛsa rekɔ nyinaa akyɛde no bi a wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu, na da biara wɔkɔ AWURADE Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuw no nsa no. 17 Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu ne Lewifo a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛnea wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu te no. 18 Na wɔmaa abusuafo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ anato nhoma mu a nkokoaa, ɔyerenom ne mmabarima ne mmabea nso ka ho nnuan. Efisɛ na wɔadi nokware adwira wɔn ho. 19 Na asɔfo, Aaron asefo a na wɔtete nkuraa a atwa nkurow no ho ahyia no anaa nkurow no mu no de, woyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu ne Lewifo a wɔakyerɛw wɔn din anato mu no nneɛma no bi. 20 Saa ɔkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ nea ɛfata na ɛsɔ AWURADE, ne Nyankopɔn ani. 21 Nea Hesekia yɛɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ obedi ne mmara ne nʼahyɛde so no, ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ ne Nyankopɔn. Ne saa nti, ɛma onyaa nkɔso bebree.

In Other Versions

2 Chronicles 31 in the ANGEFD

2 Chronicles 31 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 31 in the AS21

2 Chronicles 31 in the BAGH

2 Chronicles 31 in the BBPNG

2 Chronicles 31 in the BBT1E

2 Chronicles 31 in the BDS

2 Chronicles 31 in the BEV

2 Chronicles 31 in the BHAD

2 Chronicles 31 in the BIB

2 Chronicles 31 in the BLPT

2 Chronicles 31 in the BNT

2 Chronicles 31 in the BNTABOOT

2 Chronicles 31 in the BNTLV

2 Chronicles 31 in the BOATCB

2 Chronicles 31 in the BOBCV

2 Chronicles 31 in the BOCNT

2 Chronicles 31 in the BOECS

2 Chronicles 31 in the BOGWICC

2 Chronicles 31 in the BOHCB

2 Chronicles 31 in the BOHCV

2 Chronicles 31 in the BOHLNT

2 Chronicles 31 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 31 in the BOICB

2 Chronicles 31 in the BOILNTAP

2 Chronicles 31 in the BOITCV

2 Chronicles 31 in the BOKCV

2 Chronicles 31 in the BOKCV2

2 Chronicles 31 in the BOKHWOG

2 Chronicles 31 in the BOKSSV

2 Chronicles 31 in the BOLCB

2 Chronicles 31 in the BOLCB2

2 Chronicles 31 in the BOMCV

2 Chronicles 31 in the BONAV

2 Chronicles 31 in the BONCB

2 Chronicles 31 in the BONLT

2 Chronicles 31 in the BONUT2

2 Chronicles 31 in the BOPLNT

2 Chronicles 31 in the BOSCB

2 Chronicles 31 in the BOSNC

2 Chronicles 31 in the BOTLNT

2 Chronicles 31 in the BOVCB

2 Chronicles 31 in the BOYCB

2 Chronicles 31 in the BPBB

2 Chronicles 31 in the BPH

2 Chronicles 31 in the BSB

2 Chronicles 31 in the CCB

2 Chronicles 31 in the CUV

2 Chronicles 31 in the CUVS

2 Chronicles 31 in the DBT

2 Chronicles 31 in the DGDNT

2 Chronicles 31 in the DHNT

2 Chronicles 31 in the DNT

2 Chronicles 31 in the ELBE

2 Chronicles 31 in the EMTV

2 Chronicles 31 in the ESV

2 Chronicles 31 in the FBV

2 Chronicles 31 in the FEB

2 Chronicles 31 in the GGMNT

2 Chronicles 31 in the GNT

2 Chronicles 31 in the HARY

2 Chronicles 31 in the HNT

2 Chronicles 31 in the IRVA

2 Chronicles 31 in the IRVB

2 Chronicles 31 in the IRVG

2 Chronicles 31 in the IRVH

2 Chronicles 31 in the IRVK

2 Chronicles 31 in the IRVM

2 Chronicles 31 in the IRVM2

2 Chronicles 31 in the IRVO

2 Chronicles 31 in the IRVP

2 Chronicles 31 in the IRVT

2 Chronicles 31 in the IRVT2

2 Chronicles 31 in the IRVU

2 Chronicles 31 in the ISVN

2 Chronicles 31 in the JSNT

2 Chronicles 31 in the KAPI

2 Chronicles 31 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 31 in the KBV

2 Chronicles 31 in the KJV

2 Chronicles 31 in the KNFD

2 Chronicles 31 in the LBA

2 Chronicles 31 in the LBLA

2 Chronicles 31 in the LNT

2 Chronicles 31 in the LSV

2 Chronicles 31 in the MAAL

2 Chronicles 31 in the MBV

2 Chronicles 31 in the MBV2

2 Chronicles 31 in the MHNT

2 Chronicles 31 in the MKNFD

2 Chronicles 31 in the MNG

2 Chronicles 31 in the MNT

2 Chronicles 31 in the MNT2

2 Chronicles 31 in the MRS1T

2 Chronicles 31 in the NAA

2 Chronicles 31 in the NASB

2 Chronicles 31 in the NBLA

2 Chronicles 31 in the NBS

2 Chronicles 31 in the NBVTP

2 Chronicles 31 in the NET2

2 Chronicles 31 in the NIV11

2 Chronicles 31 in the NNT

2 Chronicles 31 in the NNT2

2 Chronicles 31 in the NNT3

2 Chronicles 31 in the PDDPT

2 Chronicles 31 in the PFNT

2 Chronicles 31 in the RMNT

2 Chronicles 31 in the SBIAS

2 Chronicles 31 in the SBIBS

2 Chronicles 31 in the SBIBS2

2 Chronicles 31 in the SBICS

2 Chronicles 31 in the SBIDS

2 Chronicles 31 in the SBIGS

2 Chronicles 31 in the SBIHS

2 Chronicles 31 in the SBIIS

2 Chronicles 31 in the SBIIS2

2 Chronicles 31 in the SBIIS3

2 Chronicles 31 in the SBIKS

2 Chronicles 31 in the SBIKS2

2 Chronicles 31 in the SBIMS

2 Chronicles 31 in the SBIOS

2 Chronicles 31 in the SBIPS

2 Chronicles 31 in the SBISS

2 Chronicles 31 in the SBITS

2 Chronicles 31 in the SBITS2

2 Chronicles 31 in the SBITS3

2 Chronicles 31 in the SBITS4

2 Chronicles 31 in the SBIUS

2 Chronicles 31 in the SBIVS

2 Chronicles 31 in the SBT

2 Chronicles 31 in the SBT1E

2 Chronicles 31 in the SCHL

2 Chronicles 31 in the SNT

2 Chronicles 31 in the SUSU

2 Chronicles 31 in the SUSU2

2 Chronicles 31 in the SYNO

2 Chronicles 31 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 31 in the TBT1E

2 Chronicles 31 in the TBT1E2

2 Chronicles 31 in the TFTIP

2 Chronicles 31 in the TFTU

2 Chronicles 31 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 31 in the THAI

2 Chronicles 31 in the TNFD

2 Chronicles 31 in the TNT

2 Chronicles 31 in the TNTIK

2 Chronicles 31 in the TNTIL

2 Chronicles 31 in the TNTIN

2 Chronicles 31 in the TNTIP

2 Chronicles 31 in the TNTIZ

2 Chronicles 31 in the TOMA

2 Chronicles 31 in the TTENT

2 Chronicles 31 in the UBG

2 Chronicles 31 in the UGV

2 Chronicles 31 in the UGV2

2 Chronicles 31 in the UGV3

2 Chronicles 31 in the VBL

2 Chronicles 31 in the VDCC

2 Chronicles 31 in the YALU

2 Chronicles 31 in the YAPE

2 Chronicles 31 in the YBVTP

2 Chronicles 31 in the ZBP