2 Chronicles 36 (BOATCB)

1 Afei, nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas ɔhene wɔ Yerusalem. 2 Ɛberɛ a Yehoahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa nanso, ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa pɛ. 3 Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan afiri Yuda no na ɔtuu no adeɛ so. 4 Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforɔ a ɔbɛdi Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas sɛ ɔdeduani de no kɔɔ Misraim. 5 Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia dubaako. Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ne Onyankopɔn ani so. 6 Afei, Babiloniahene Nebukadnessar kɔɔ Yerusalem, kɔko faeɛ. Ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yehoiakim de no kɔɔ Babilonia. 7 Nebukadnessar faa ademudeɛ a ɛwɔ AWURADE Asɔredan no mu bi, de kɔguu nʼahemfie wɔ Babilonia. 8 Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ, bɔne ahodoɔ a ɔyɛeɛ ne biribiara a wɔhunu tiaa no no wɔatwerɛ, agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 9 Yehoiakyin bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, nanso ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem abosome mmiɛnsa ne dadu pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. 10 Afe a ɛdi ɛkan wɔ bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii AWURADE Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ ɔnni ɔhene wɔ Yuda ne Yerusalem. 11 Ɛberɛ a Sedekia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. 12 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE, ne Onyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa ma AWURADE no anim. 13 Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar wɔ ɛberɛ a na waka ntam adi nse wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia yɛ kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata AWURADE, Israel Onyankopɔn ho. 14 Asɔfoɔ no ntuanofoɔ nyinaa ne ɔmanfoɔ no kɔɔ so yɛɛ mmaratofoɔ. Wɔyɛɛ abosonsomfoɔ a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛeɛ no bi, na wɔguu AWURADE Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi. 15 AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn, somaa nʼadiyifoɔ sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahummɔborɔ ma ne nkurɔfoɔ ne nʼAsɔredan no. 16 Nanso, nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛ, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wɔdii adiyifoɔ no ho fɛ ara kɔsii sɛ AWURADE abufuhyeɛ turiiɛ a biribiara antumi annwodwo ano. 17 Enti, AWURADE de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafoɔ no kunkumm Yuda mmabunu maa mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu. Na wɔannya ahummɔborɔ amma nnipa no. Wɔkunkumm mmɔfra ne mpanin, mmarima ne mmaa, ahoɔdenfoɔ ne ayarefoɔ. Onyankopɔn de wɔn nyinaa maa Nebukadnessar. 18 Ɔhene no sane sesaa nneɛma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademudeɛ a na ɛwɔ AWURADE Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔeɛ. 19 Afei, nʼakodɔm no too Onyankopɔn Asɔredan no mu ogya, bubuu Yerusalem afasuo no, hyee ahemfie no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ boɔ no. 20 Nnipa kakra a wɔkaeɛ no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, maa wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmammarima asomfoɔ kɔsii sɛ Persia ahennie bɛdii tumi. 21 Enti, AWURADE asɛm a wɔfaa Yeremia so kaeɛ no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegyeɛ, ɛdaa mpan mfirinhyia aduɔson sɛdeɛ odiyifoɔ no kaeɛ no. 22 Persiahene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu no, AWURADE maa odiyifoɔ Yeremia nkɔmhyɛ baa mu. Ɔkaa Kores akoma ma ɔtwerɛ bɔɔ no dawuro wɔ nʼahennie nyinaa mu sɛ, 23 “Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie:“ ‘AWURADE, ɔsorosoro Onyankopɔn de ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ AWURADE nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Israel nkɔdi saa dwuma yi. AWURADE, mo Onyankopɔn nka mo ho.’ ”

In Other Versions

2 Chronicles 36 in the ANGEFD

2 Chronicles 36 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 36 in the AS21

2 Chronicles 36 in the BAGH

2 Chronicles 36 in the BBPNG

2 Chronicles 36 in the BBT1E

2 Chronicles 36 in the BDS

2 Chronicles 36 in the BEV

2 Chronicles 36 in the BHAD

2 Chronicles 36 in the BIB

2 Chronicles 36 in the BLPT

2 Chronicles 36 in the BNT

2 Chronicles 36 in the BNTABOOT

2 Chronicles 36 in the BNTLV

2 Chronicles 36 in the BOATCB2

2 Chronicles 36 in the BOBCV

2 Chronicles 36 in the BOCNT

2 Chronicles 36 in the BOECS

2 Chronicles 36 in the BOGWICC

2 Chronicles 36 in the BOHCB

2 Chronicles 36 in the BOHCV

2 Chronicles 36 in the BOHLNT

2 Chronicles 36 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 36 in the BOICB

2 Chronicles 36 in the BOILNTAP

2 Chronicles 36 in the BOITCV

2 Chronicles 36 in the BOKCV

2 Chronicles 36 in the BOKCV2

2 Chronicles 36 in the BOKHWOG

2 Chronicles 36 in the BOKSSV

2 Chronicles 36 in the BOLCB

2 Chronicles 36 in the BOLCB2

2 Chronicles 36 in the BOMCV

2 Chronicles 36 in the BONAV

2 Chronicles 36 in the BONCB

2 Chronicles 36 in the BONLT

2 Chronicles 36 in the BONUT2

2 Chronicles 36 in the BOPLNT

2 Chronicles 36 in the BOSCB

2 Chronicles 36 in the BOSNC

2 Chronicles 36 in the BOTLNT

2 Chronicles 36 in the BOVCB

2 Chronicles 36 in the BOYCB

2 Chronicles 36 in the BPBB

2 Chronicles 36 in the BPH

2 Chronicles 36 in the BSB

2 Chronicles 36 in the CCB

2 Chronicles 36 in the CUV

2 Chronicles 36 in the CUVS

2 Chronicles 36 in the DBT

2 Chronicles 36 in the DGDNT

2 Chronicles 36 in the DHNT

2 Chronicles 36 in the DNT

2 Chronicles 36 in the ELBE

2 Chronicles 36 in the EMTV

2 Chronicles 36 in the ESV

2 Chronicles 36 in the FBV

2 Chronicles 36 in the FEB

2 Chronicles 36 in the GGMNT

2 Chronicles 36 in the GNT

2 Chronicles 36 in the HARY

2 Chronicles 36 in the HNT

2 Chronicles 36 in the IRVA

2 Chronicles 36 in the IRVB

2 Chronicles 36 in the IRVG

2 Chronicles 36 in the IRVH

2 Chronicles 36 in the IRVK

2 Chronicles 36 in the IRVM

2 Chronicles 36 in the IRVM2

2 Chronicles 36 in the IRVO

2 Chronicles 36 in the IRVP

2 Chronicles 36 in the IRVT

2 Chronicles 36 in the IRVT2

2 Chronicles 36 in the IRVU

2 Chronicles 36 in the ISVN

2 Chronicles 36 in the JSNT

2 Chronicles 36 in the KAPI

2 Chronicles 36 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 36 in the KBV

2 Chronicles 36 in the KJV

2 Chronicles 36 in the KNFD

2 Chronicles 36 in the LBA

2 Chronicles 36 in the LBLA

2 Chronicles 36 in the LNT

2 Chronicles 36 in the LSV

2 Chronicles 36 in the MAAL

2 Chronicles 36 in the MBV

2 Chronicles 36 in the MBV2

2 Chronicles 36 in the MHNT

2 Chronicles 36 in the MKNFD

2 Chronicles 36 in the MNG

2 Chronicles 36 in the MNT

2 Chronicles 36 in the MNT2

2 Chronicles 36 in the MRS1T

2 Chronicles 36 in the NAA

2 Chronicles 36 in the NASB

2 Chronicles 36 in the NBLA

2 Chronicles 36 in the NBS

2 Chronicles 36 in the NBVTP

2 Chronicles 36 in the NET2

2 Chronicles 36 in the NIV11

2 Chronicles 36 in the NNT

2 Chronicles 36 in the NNT2

2 Chronicles 36 in the NNT3

2 Chronicles 36 in the PDDPT

2 Chronicles 36 in the PFNT

2 Chronicles 36 in the RMNT

2 Chronicles 36 in the SBIAS

2 Chronicles 36 in the SBIBS

2 Chronicles 36 in the SBIBS2

2 Chronicles 36 in the SBICS

2 Chronicles 36 in the SBIDS

2 Chronicles 36 in the SBIGS

2 Chronicles 36 in the SBIHS

2 Chronicles 36 in the SBIIS

2 Chronicles 36 in the SBIIS2

2 Chronicles 36 in the SBIIS3

2 Chronicles 36 in the SBIKS

2 Chronicles 36 in the SBIKS2

2 Chronicles 36 in the SBIMS

2 Chronicles 36 in the SBIOS

2 Chronicles 36 in the SBIPS

2 Chronicles 36 in the SBISS

2 Chronicles 36 in the SBITS

2 Chronicles 36 in the SBITS2

2 Chronicles 36 in the SBITS3

2 Chronicles 36 in the SBITS4

2 Chronicles 36 in the SBIUS

2 Chronicles 36 in the SBIVS

2 Chronicles 36 in the SBT

2 Chronicles 36 in the SBT1E

2 Chronicles 36 in the SCHL

2 Chronicles 36 in the SNT

2 Chronicles 36 in the SUSU

2 Chronicles 36 in the SUSU2

2 Chronicles 36 in the SYNO

2 Chronicles 36 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 36 in the TBT1E

2 Chronicles 36 in the TBT1E2

2 Chronicles 36 in the TFTIP

2 Chronicles 36 in the TFTU

2 Chronicles 36 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 36 in the THAI

2 Chronicles 36 in the TNFD

2 Chronicles 36 in the TNT

2 Chronicles 36 in the TNTIK

2 Chronicles 36 in the TNTIL

2 Chronicles 36 in the TNTIN

2 Chronicles 36 in the TNTIP

2 Chronicles 36 in the TNTIZ

2 Chronicles 36 in the TOMA

2 Chronicles 36 in the TTENT

2 Chronicles 36 in the UBG

2 Chronicles 36 in the UGV

2 Chronicles 36 in the UGV2

2 Chronicles 36 in the UGV3

2 Chronicles 36 in the VBL

2 Chronicles 36 in the VDCC

2 Chronicles 36 in the YALU

2 Chronicles 36 in the YAPE

2 Chronicles 36 in the YBVTP

2 Chronicles 36 in the ZBP