2 Chronicles 36 (BOATCB2)

1 Nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas hene wɔ Yerusalem. 2 Bere a Yehoahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, nanso odii ade asram abiɛsa pɛ. 3 Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan afi Yuda no na otuu no ade so. 4 Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforo ma odii Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas dommum de no kɔɔ Misraim. 5 Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE, ne Nyankopɔn, ani so. 6 Babiloniahene Nebukadnessar kɔtoaa no, kyeree no de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilonia. 7 Nebukadnessar faa ademude a ɛwɔ AWURADE Asɔredan no mu bi, de koguu nʼahemfi wɔ Babilonia. 8 Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae, bɔne ahorow a ɔyɛe ne biribiara a wohu tiaa no no, wɔkyerɛw guu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bedii nʼade sɛ ɔhene. 9 Yehoiakyin bedii ade no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, nanso odii ade Yerusalem asram abiɛsa ne nnafua du pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. 10 Afe a edi kan wɔ ɔsram a edi kan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademude bebree fii AWURADE Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa bere no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ onni hene wɔ Yuda ne Yerusalem. 11 Bere a Sedekia bedii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. 12 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE, ne Nyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifo Yeremia a na ɔkasa ma AWURADE no anim. 13 Ɔtew ɔhene Nebukadnessar anim atua wɔ bere a na waka ntam adi nsew wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, obedi no nokware. Na Sedekia yɛ kyenkyenee na opirim ne koma na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata AWURADE, Israel Nyankopɔn ho. 14 Asɔfo no ntuanofo nyinaa ne ɔmanfo no kɔɔ so yɛɛ mmaratofo. Wɔyɛɛ abosonsomfo a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛe no bi, na woguu AWURADE Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi. 15 AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn, somaa nʼadiyifo sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, efisɛ na ɔwɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo ne nʼAsɔredan no. 16 Nanso nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wodii adiyifo no ho fɛw ara kosii sɛ AWURADE abufuwhyew turuwii a biribiara antumi annwudwo ano. 17 Enti AWURADE de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafo no kunkum Yuda mmea a wɔyɛ mmabun mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu a wɔannya ahummɔbɔ amma wɔn. Wokunkum mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea, ahoɔdenfo ne ayarefo. Onyankopɔn de wɔn nyinaa hyɛɛ Nebukadnessar nsa. 18 Ɔhene no san sesaw nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademude a na ɛwɔ AWURADE Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔe. 19 Wɔtoo Onyankopɔn Asɔredan no mu gya, bubuu Yerusalem afasu no, hyew ahemfi no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ bo no. 20 Nnipa kakra a wɔkae no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, ma wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmabarima asomfo kosii sɛ Persia ahenni bedii tumi. 21 Enti AWURADE asɛm a wɔfaa Yeremia so kae no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegye, ɛdaa mpan mfirihyia aduɔson sɛnea odiyifo no kae no. 22 Persiahene Kores adedi afe a edi kan mu no, AWURADE maa odiyifo Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. Ɔkaa Kores koma ma ɔkyerɛw bɔɔ no dawuru wɔ nʼahenni nyinaa mu se, 23 “Sɛnea Persiahene Kores ka ni:“ ‘AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ AWURADE nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Israel nkodi saa dwuma yi. AWURADE, mo Nyankopɔn nka mo ho.’ ”

In Other Versions

2 Chronicles 36 in the ANGEFD

2 Chronicles 36 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 36 in the AS21

2 Chronicles 36 in the BAGH

2 Chronicles 36 in the BBPNG

2 Chronicles 36 in the BBT1E

2 Chronicles 36 in the BDS

2 Chronicles 36 in the BEV

2 Chronicles 36 in the BHAD

2 Chronicles 36 in the BIB

2 Chronicles 36 in the BLPT

2 Chronicles 36 in the BNT

2 Chronicles 36 in the BNTABOOT

2 Chronicles 36 in the BNTLV

2 Chronicles 36 in the BOATCB

2 Chronicles 36 in the BOBCV

2 Chronicles 36 in the BOCNT

2 Chronicles 36 in the BOECS

2 Chronicles 36 in the BOGWICC

2 Chronicles 36 in the BOHCB

2 Chronicles 36 in the BOHCV

2 Chronicles 36 in the BOHLNT

2 Chronicles 36 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 36 in the BOICB

2 Chronicles 36 in the BOILNTAP

2 Chronicles 36 in the BOITCV

2 Chronicles 36 in the BOKCV

2 Chronicles 36 in the BOKCV2

2 Chronicles 36 in the BOKHWOG

2 Chronicles 36 in the BOKSSV

2 Chronicles 36 in the BOLCB

2 Chronicles 36 in the BOLCB2

2 Chronicles 36 in the BOMCV

2 Chronicles 36 in the BONAV

2 Chronicles 36 in the BONCB

2 Chronicles 36 in the BONLT

2 Chronicles 36 in the BONUT2

2 Chronicles 36 in the BOPLNT

2 Chronicles 36 in the BOSCB

2 Chronicles 36 in the BOSNC

2 Chronicles 36 in the BOTLNT

2 Chronicles 36 in the BOVCB

2 Chronicles 36 in the BOYCB

2 Chronicles 36 in the BPBB

2 Chronicles 36 in the BPH

2 Chronicles 36 in the BSB

2 Chronicles 36 in the CCB

2 Chronicles 36 in the CUV

2 Chronicles 36 in the CUVS

2 Chronicles 36 in the DBT

2 Chronicles 36 in the DGDNT

2 Chronicles 36 in the DHNT

2 Chronicles 36 in the DNT

2 Chronicles 36 in the ELBE

2 Chronicles 36 in the EMTV

2 Chronicles 36 in the ESV

2 Chronicles 36 in the FBV

2 Chronicles 36 in the FEB

2 Chronicles 36 in the GGMNT

2 Chronicles 36 in the GNT

2 Chronicles 36 in the HARY

2 Chronicles 36 in the HNT

2 Chronicles 36 in the IRVA

2 Chronicles 36 in the IRVB

2 Chronicles 36 in the IRVG

2 Chronicles 36 in the IRVH

2 Chronicles 36 in the IRVK

2 Chronicles 36 in the IRVM

2 Chronicles 36 in the IRVM2

2 Chronicles 36 in the IRVO

2 Chronicles 36 in the IRVP

2 Chronicles 36 in the IRVT

2 Chronicles 36 in the IRVT2

2 Chronicles 36 in the IRVU

2 Chronicles 36 in the ISVN

2 Chronicles 36 in the JSNT

2 Chronicles 36 in the KAPI

2 Chronicles 36 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 36 in the KBV

2 Chronicles 36 in the KJV

2 Chronicles 36 in the KNFD

2 Chronicles 36 in the LBA

2 Chronicles 36 in the LBLA

2 Chronicles 36 in the LNT

2 Chronicles 36 in the LSV

2 Chronicles 36 in the MAAL

2 Chronicles 36 in the MBV

2 Chronicles 36 in the MBV2

2 Chronicles 36 in the MHNT

2 Chronicles 36 in the MKNFD

2 Chronicles 36 in the MNG

2 Chronicles 36 in the MNT

2 Chronicles 36 in the MNT2

2 Chronicles 36 in the MRS1T

2 Chronicles 36 in the NAA

2 Chronicles 36 in the NASB

2 Chronicles 36 in the NBLA

2 Chronicles 36 in the NBS

2 Chronicles 36 in the NBVTP

2 Chronicles 36 in the NET2

2 Chronicles 36 in the NIV11

2 Chronicles 36 in the NNT

2 Chronicles 36 in the NNT2

2 Chronicles 36 in the NNT3

2 Chronicles 36 in the PDDPT

2 Chronicles 36 in the PFNT

2 Chronicles 36 in the RMNT

2 Chronicles 36 in the SBIAS

2 Chronicles 36 in the SBIBS

2 Chronicles 36 in the SBIBS2

2 Chronicles 36 in the SBICS

2 Chronicles 36 in the SBIDS

2 Chronicles 36 in the SBIGS

2 Chronicles 36 in the SBIHS

2 Chronicles 36 in the SBIIS

2 Chronicles 36 in the SBIIS2

2 Chronicles 36 in the SBIIS3

2 Chronicles 36 in the SBIKS

2 Chronicles 36 in the SBIKS2

2 Chronicles 36 in the SBIMS

2 Chronicles 36 in the SBIOS

2 Chronicles 36 in the SBIPS

2 Chronicles 36 in the SBISS

2 Chronicles 36 in the SBITS

2 Chronicles 36 in the SBITS2

2 Chronicles 36 in the SBITS3

2 Chronicles 36 in the SBITS4

2 Chronicles 36 in the SBIUS

2 Chronicles 36 in the SBIVS

2 Chronicles 36 in the SBT

2 Chronicles 36 in the SBT1E

2 Chronicles 36 in the SCHL

2 Chronicles 36 in the SNT

2 Chronicles 36 in the SUSU

2 Chronicles 36 in the SUSU2

2 Chronicles 36 in the SYNO

2 Chronicles 36 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 36 in the TBT1E

2 Chronicles 36 in the TBT1E2

2 Chronicles 36 in the TFTIP

2 Chronicles 36 in the TFTU

2 Chronicles 36 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 36 in the THAI

2 Chronicles 36 in the TNFD

2 Chronicles 36 in the TNT

2 Chronicles 36 in the TNTIK

2 Chronicles 36 in the TNTIL

2 Chronicles 36 in the TNTIN

2 Chronicles 36 in the TNTIP

2 Chronicles 36 in the TNTIZ

2 Chronicles 36 in the TOMA

2 Chronicles 36 in the TTENT

2 Chronicles 36 in the UBG

2 Chronicles 36 in the UGV

2 Chronicles 36 in the UGV2

2 Chronicles 36 in the UGV3

2 Chronicles 36 in the VBL

2 Chronicles 36 in the VDCC

2 Chronicles 36 in the YALU

2 Chronicles 36 in the YAPE

2 Chronicles 36 in the YBVTP

2 Chronicles 36 in the ZBP