2 Kings 15 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di adeɛ wɔ Israel no, ne mfeɛ aduonu nson so na Amasia babarima Asaria hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda. 2 Ɔbɛdii ɔhene no, na wadi mfeɛ dunsia. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Na ne maame din de Yekolia a ɔfiri Yerusalem. 3 Na ɔtene wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no. 4 Wammubu abosonnan no enti, na ne nkurɔfoɔ no kɔ hɔ kɔbɔ afɔdeɛ, hye nnuhwam. 5 AWURADE maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ. Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so. 6 Na Asaria adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 7 Asaria wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 8 Yudahene Asaria dii adeɛ ne mfeɛ aduasa nwɔtwe mu no na Yeroboam a ɔtɔ so mmienu babarima Sakaria nso dii adeɛ Israel wɔ Samaria. Ɔdii adeɛ abosome nsia. 9 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no. Wamfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfoɔ someeɛ no ho. 10 Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔ, de tiaa Sakaria, kumm no wɔ badwam, dii akonnwa no. 11 Sakaria dwuma a ɔdiiɛ nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 12 Enti, AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu sɛ, “Wʼasefoɔ na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akɔsi awontoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan” mu no, baa mu. 13 Yabes babarima Salum bɛdii Israel so ɔhene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedie mfeɛ aduasa nkron mu. Salum dii adeɛ Samaria bosome baako pɛ. 14 Afei, Gadi babarima Menahem firii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔto hyɛɛ Yabes babarima Salum so kumm no, na ɔtenaa akonnwa no so. 15 Salum ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 16 Saa ɛberɛ no mu, Menahem firii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurotoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔfoɔ no ampene so sɛ wɔde kuro no bɛma. Ɔkunkumm kuro no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfoɔ nyinaa yafunu mu. 17 Gadi babarima Menahem hyɛɛ aseɛ dii Israelhene ɛberɛ a na Usia adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nkron so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfirinhyia edu. 18 Nanso, Menahem yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Nʼahennie mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfoɔ anim de wɔn asom no. 19 Afei, Asiriahene Pul bɛdii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkariboɔ tɔno aduasa nson no sɛdeɛ ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahennie no atim. 20 Menahem nam apoobɔ so gyegyee Israel asikafoɔ no mu biara nkyɛn dwetɛ gram ahanum aduɔson (570) sɛ akwabrantoɔ. Ɛno enti, Asiriahene ankɔto anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso. 21 Na Menahem adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 22 Ɛberɛ a Menahem wuiɛ no, ne babarima Pekahia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 23 Menahem babarima Pekahia hyɛɛ aseɛ dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahennie ne mfeɛ aduonum so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ mmienu. 24 Nanso, Pekahia yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔsomeeɛ no ho. 25 Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraadɔm sahene no bɔɔ pɔ tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum firii Gilead, kaa ne ho, kɔkumm ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfie abankɛsewa mu. Peka na afei ɔbɛdii ɔhene wɔ Israel. 26 Pekahia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 27 Remalia babarima Peka bɛdii ɔhene Israel wɔ ɛberɛ a na Usia adi ɔhene wɔ Yuda mfeɛ aduonum mmienu. Ɔdii adeɛ Samaria mfirinhyia aduonu. 28 Nanso, Peka yɛɛ bɔne AWURADE ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim, ma wɔsomeeɛ no ho. 29 Peka ahennie so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtuaa Israelfoɔ bio, faa nkuro Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria. 30 Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔ tiaa Peka, na ɔkumm no. Ɔhyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na Usia babarima Yotam nso adi adeɛ mfeɛ aduonu wɔ Yuda. 31 Peka adedie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 32 Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu. 33 Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa. 34 Yotam yɛɛ deɛ ɛsɔ AWURADE ani, sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no ara pɛ. 35 Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa no bɔ afɔdeɛ hye nnuhwam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsane sii AWURADE Asɔredan no atifi ɛpono. 36 Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 37 Saa mmerɛ no mu, AWURADE hyɛɛ aseɛ somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yuda so. 38 Ɛberɛ a Yotam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Ahas bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Kings 15 in the ANGEFD

2 Kings 15 in the ANTPNG2D

2 Kings 15 in the AS21

2 Kings 15 in the BAGH

2 Kings 15 in the BBPNG

2 Kings 15 in the BBT1E

2 Kings 15 in the BDS

2 Kings 15 in the BEV

2 Kings 15 in the BHAD

2 Kings 15 in the BIB

2 Kings 15 in the BLPT

2 Kings 15 in the BNT

2 Kings 15 in the BNTABOOT

2 Kings 15 in the BNTLV

2 Kings 15 in the BOATCB2

2 Kings 15 in the BOBCV

2 Kings 15 in the BOCNT

2 Kings 15 in the BOECS

2 Kings 15 in the BOGWICC

2 Kings 15 in the BOHCB

2 Kings 15 in the BOHCV

2 Kings 15 in the BOHLNT

2 Kings 15 in the BOHNTLTAL

2 Kings 15 in the BOICB

2 Kings 15 in the BOILNTAP

2 Kings 15 in the BOITCV

2 Kings 15 in the BOKCV

2 Kings 15 in the BOKCV2

2 Kings 15 in the BOKHWOG

2 Kings 15 in the BOKSSV

2 Kings 15 in the BOLCB

2 Kings 15 in the BOLCB2

2 Kings 15 in the BOMCV

2 Kings 15 in the BONAV

2 Kings 15 in the BONCB

2 Kings 15 in the BONLT

2 Kings 15 in the BONUT2

2 Kings 15 in the BOPLNT

2 Kings 15 in the BOSCB

2 Kings 15 in the BOSNC

2 Kings 15 in the BOTLNT

2 Kings 15 in the BOVCB

2 Kings 15 in the BOYCB

2 Kings 15 in the BPBB

2 Kings 15 in the BPH

2 Kings 15 in the BSB

2 Kings 15 in the CCB

2 Kings 15 in the CUV

2 Kings 15 in the CUVS

2 Kings 15 in the DBT

2 Kings 15 in the DGDNT

2 Kings 15 in the DHNT

2 Kings 15 in the DNT

2 Kings 15 in the ELBE

2 Kings 15 in the EMTV

2 Kings 15 in the ESV

2 Kings 15 in the FBV

2 Kings 15 in the FEB

2 Kings 15 in the GGMNT

2 Kings 15 in the GNT

2 Kings 15 in the HARY

2 Kings 15 in the HNT

2 Kings 15 in the IRVA

2 Kings 15 in the IRVB

2 Kings 15 in the IRVG

2 Kings 15 in the IRVH

2 Kings 15 in the IRVK

2 Kings 15 in the IRVM

2 Kings 15 in the IRVM2

2 Kings 15 in the IRVO

2 Kings 15 in the IRVP

2 Kings 15 in the IRVT

2 Kings 15 in the IRVT2

2 Kings 15 in the IRVU

2 Kings 15 in the ISVN

2 Kings 15 in the JSNT

2 Kings 15 in the KAPI

2 Kings 15 in the KBT1ETNIK

2 Kings 15 in the KBV

2 Kings 15 in the KJV

2 Kings 15 in the KNFD

2 Kings 15 in the LBA

2 Kings 15 in the LBLA

2 Kings 15 in the LNT

2 Kings 15 in the LSV

2 Kings 15 in the MAAL

2 Kings 15 in the MBV

2 Kings 15 in the MBV2

2 Kings 15 in the MHNT

2 Kings 15 in the MKNFD

2 Kings 15 in the MNG

2 Kings 15 in the MNT

2 Kings 15 in the MNT2

2 Kings 15 in the MRS1T

2 Kings 15 in the NAA

2 Kings 15 in the NASB

2 Kings 15 in the NBLA

2 Kings 15 in the NBS

2 Kings 15 in the NBVTP

2 Kings 15 in the NET2

2 Kings 15 in the NIV11

2 Kings 15 in the NNT

2 Kings 15 in the NNT2

2 Kings 15 in the NNT3

2 Kings 15 in the PDDPT

2 Kings 15 in the PFNT

2 Kings 15 in the RMNT

2 Kings 15 in the SBIAS

2 Kings 15 in the SBIBS

2 Kings 15 in the SBIBS2

2 Kings 15 in the SBICS

2 Kings 15 in the SBIDS

2 Kings 15 in the SBIGS

2 Kings 15 in the SBIHS

2 Kings 15 in the SBIIS

2 Kings 15 in the SBIIS2

2 Kings 15 in the SBIIS3

2 Kings 15 in the SBIKS

2 Kings 15 in the SBIKS2

2 Kings 15 in the SBIMS

2 Kings 15 in the SBIOS

2 Kings 15 in the SBIPS

2 Kings 15 in the SBISS

2 Kings 15 in the SBITS

2 Kings 15 in the SBITS2

2 Kings 15 in the SBITS3

2 Kings 15 in the SBITS4

2 Kings 15 in the SBIUS

2 Kings 15 in the SBIVS

2 Kings 15 in the SBT

2 Kings 15 in the SBT1E

2 Kings 15 in the SCHL

2 Kings 15 in the SNT

2 Kings 15 in the SUSU

2 Kings 15 in the SUSU2

2 Kings 15 in the SYNO

2 Kings 15 in the TBIAOTANT

2 Kings 15 in the TBT1E

2 Kings 15 in the TBT1E2

2 Kings 15 in the TFTIP

2 Kings 15 in the TFTU

2 Kings 15 in the TGNTATF3T

2 Kings 15 in the THAI

2 Kings 15 in the TNFD

2 Kings 15 in the TNT

2 Kings 15 in the TNTIK

2 Kings 15 in the TNTIL

2 Kings 15 in the TNTIN

2 Kings 15 in the TNTIP

2 Kings 15 in the TNTIZ

2 Kings 15 in the TOMA

2 Kings 15 in the TTENT

2 Kings 15 in the UBG

2 Kings 15 in the UGV

2 Kings 15 in the UGV2

2 Kings 15 in the UGV3

2 Kings 15 in the VBL

2 Kings 15 in the VDCC

2 Kings 15 in the YALU

2 Kings 15 in the YAPE

2 Kings 15 in the YBVTP

2 Kings 15 in the ZBP