2 Kings 15 (BOATCB2)

1 Bere a Yeroboam a ɔto so abien di ade wɔ Israel no, ne mfe aduonu ason so na Amasia babarima Asaria fii ase dii ade wɔ Yuda. 2 Obedii hene no, na wadi mfe dunsia. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na din de Yekolia a ofi Yerusalem. 3 Na ɔteɛ wɔ AWURADE ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no. 4 Wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. 5 AWURADE maa kwata yɛɛ ɔhene no, kosii da a owui. Ne saa nti, na ɔno nko te ofi bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfi no so, na odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so. 6 Na Asaria adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 7 Asaria wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene. 8 Yudahene Asaria dii ade no, ne mfe aduasa awotwe mu no na Yeroboam a ɔto so abien babarima Sakaria nso dii ade Israel wɔ Samaria. Odii ade asram asia. 9 Ɔyɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no. Wamfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo som no ho. 10 Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔw de tiaa Sakaria, kum no wɔ bagua mu, dii akongua no. 11 Sakaria dwuma a odii nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 12 Enti, AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu se, “Wʼasefo na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akosi awo ntoatoaso a ɛto so anan” mu no, baa mu. 13 Yabes babarima Salum bedii Israel so hene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedi mfe aduasa akron mu. Salum dii ade wɔ Samaria ɔsram baako pɛ. 14 Afei, Gadi babarima Menahem fii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔtow hyɛɛ Yabes babarima Salum so kum no, na ɔtenaa akongua no so. 15 Salum ahenni ho nsɛm nkae ne pɔw a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu? 16 Saa bere no mu, Menahem fii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurow nyinaa, efisɛ ɛhɔfo no ampene so sɛ wɔde kurow no bɛma. Okunkum kurow no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfo nyinaa yafunu mu. 17 Gadi babarima Menahem fii ase dii Israelhene bere a na Usia adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa akron so. Odii hene wɔ Samaria mfirihyia du. 18 Nanso Menahem yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Nʼahenni mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfo anim de wɔn asom no. 19 Afei, Asiriahene Pul bedii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkaribo tɔn aduasa ason maa no sɛnea ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahenni no atim. 20 Menahem nam apoobɔ so gyigyee Israel asikafo no mu biara nkyɛn dwetɛ a ɛkari gram ahannum aduoson (570) de maa Asiriahene. Ɛno nti, Asiriahene ankɔtow anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso. 21 Na Menahem adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 22 Bere a Menahem wui no, ne babarima Pekahia na odii nʼade sɛ ɔhene. 23 Menahem babarima Pekahia fii ase dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahenni ne mfe aduonum so. Odii hene wɔ Samaria mfe abien. 24 Nanso Pekahia yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔsom no ho. 25 Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraafo so sahene no bɔɔ pɔw tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum fii Gilead, kaa ne ho, kokum ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfi abangua mu. Peka na afei obedii hene wɔ Israel. 26 Pekahia ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 27 Remalia babarima Peka bedii hene wɔ Israel wɔ bere a na Usia adi hene wɔ Yuda mfe aduonum abien. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduonu. 28 Nanso Peka yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔsom no ho. 29 Peka ahenni so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtoaa Israelfo bio, faa nkurow Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria. 30 Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔw, tiaa Peka na okum no. Ofii ase dii Israel so hene bere a na Usia babarima Yotam nso adi ade mfe aduonu wɔ Yuda. 31 Peka adedi mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 32 Usia babarima Yotam dii hene wɔ Yuda bere a na ɔhene Peka adi ade wɔ Israel mfirihyia abien. 33 Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii Yerusalem so hene mfe dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa. 34 Yotam yɛɛ nea ɛsɔ AWURADE ani, sɛnea nʼagya Usia yɛe no ara pɛ. 35 Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsan sii AWURADE Asɔredan no atifi pon. 36 Yotam ahenni ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 37 Saa mmere no mu, AWURADE fii ase somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yuda so. 38 Bere a Yotam wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Ahas bedii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Kings 15 in the ANGEFD

2 Kings 15 in the ANTPNG2D

2 Kings 15 in the AS21

2 Kings 15 in the BAGH

2 Kings 15 in the BBPNG

2 Kings 15 in the BBT1E

2 Kings 15 in the BDS

2 Kings 15 in the BEV

2 Kings 15 in the BHAD

2 Kings 15 in the BIB

2 Kings 15 in the BLPT

2 Kings 15 in the BNT

2 Kings 15 in the BNTABOOT

2 Kings 15 in the BNTLV

2 Kings 15 in the BOATCB

2 Kings 15 in the BOBCV

2 Kings 15 in the BOCNT

2 Kings 15 in the BOECS

2 Kings 15 in the BOGWICC

2 Kings 15 in the BOHCB

2 Kings 15 in the BOHCV

2 Kings 15 in the BOHLNT

2 Kings 15 in the BOHNTLTAL

2 Kings 15 in the BOICB

2 Kings 15 in the BOILNTAP

2 Kings 15 in the BOITCV

2 Kings 15 in the BOKCV

2 Kings 15 in the BOKCV2

2 Kings 15 in the BOKHWOG

2 Kings 15 in the BOKSSV

2 Kings 15 in the BOLCB

2 Kings 15 in the BOLCB2

2 Kings 15 in the BOMCV

2 Kings 15 in the BONAV

2 Kings 15 in the BONCB

2 Kings 15 in the BONLT

2 Kings 15 in the BONUT2

2 Kings 15 in the BOPLNT

2 Kings 15 in the BOSCB

2 Kings 15 in the BOSNC

2 Kings 15 in the BOTLNT

2 Kings 15 in the BOVCB

2 Kings 15 in the BOYCB

2 Kings 15 in the BPBB

2 Kings 15 in the BPH

2 Kings 15 in the BSB

2 Kings 15 in the CCB

2 Kings 15 in the CUV

2 Kings 15 in the CUVS

2 Kings 15 in the DBT

2 Kings 15 in the DGDNT

2 Kings 15 in the DHNT

2 Kings 15 in the DNT

2 Kings 15 in the ELBE

2 Kings 15 in the EMTV

2 Kings 15 in the ESV

2 Kings 15 in the FBV

2 Kings 15 in the FEB

2 Kings 15 in the GGMNT

2 Kings 15 in the GNT

2 Kings 15 in the HARY

2 Kings 15 in the HNT

2 Kings 15 in the IRVA

2 Kings 15 in the IRVB

2 Kings 15 in the IRVG

2 Kings 15 in the IRVH

2 Kings 15 in the IRVK

2 Kings 15 in the IRVM

2 Kings 15 in the IRVM2

2 Kings 15 in the IRVO

2 Kings 15 in the IRVP

2 Kings 15 in the IRVT

2 Kings 15 in the IRVT2

2 Kings 15 in the IRVU

2 Kings 15 in the ISVN

2 Kings 15 in the JSNT

2 Kings 15 in the KAPI

2 Kings 15 in the KBT1ETNIK

2 Kings 15 in the KBV

2 Kings 15 in the KJV

2 Kings 15 in the KNFD

2 Kings 15 in the LBA

2 Kings 15 in the LBLA

2 Kings 15 in the LNT

2 Kings 15 in the LSV

2 Kings 15 in the MAAL

2 Kings 15 in the MBV

2 Kings 15 in the MBV2

2 Kings 15 in the MHNT

2 Kings 15 in the MKNFD

2 Kings 15 in the MNG

2 Kings 15 in the MNT

2 Kings 15 in the MNT2

2 Kings 15 in the MRS1T

2 Kings 15 in the NAA

2 Kings 15 in the NASB

2 Kings 15 in the NBLA

2 Kings 15 in the NBS

2 Kings 15 in the NBVTP

2 Kings 15 in the NET2

2 Kings 15 in the NIV11

2 Kings 15 in the NNT

2 Kings 15 in the NNT2

2 Kings 15 in the NNT3

2 Kings 15 in the PDDPT

2 Kings 15 in the PFNT

2 Kings 15 in the RMNT

2 Kings 15 in the SBIAS

2 Kings 15 in the SBIBS

2 Kings 15 in the SBIBS2

2 Kings 15 in the SBICS

2 Kings 15 in the SBIDS

2 Kings 15 in the SBIGS

2 Kings 15 in the SBIHS

2 Kings 15 in the SBIIS

2 Kings 15 in the SBIIS2

2 Kings 15 in the SBIIS3

2 Kings 15 in the SBIKS

2 Kings 15 in the SBIKS2

2 Kings 15 in the SBIMS

2 Kings 15 in the SBIOS

2 Kings 15 in the SBIPS

2 Kings 15 in the SBISS

2 Kings 15 in the SBITS

2 Kings 15 in the SBITS2

2 Kings 15 in the SBITS3

2 Kings 15 in the SBITS4

2 Kings 15 in the SBIUS

2 Kings 15 in the SBIVS

2 Kings 15 in the SBT

2 Kings 15 in the SBT1E

2 Kings 15 in the SCHL

2 Kings 15 in the SNT

2 Kings 15 in the SUSU

2 Kings 15 in the SUSU2

2 Kings 15 in the SYNO

2 Kings 15 in the TBIAOTANT

2 Kings 15 in the TBT1E

2 Kings 15 in the TBT1E2

2 Kings 15 in the TFTIP

2 Kings 15 in the TFTU

2 Kings 15 in the TGNTATF3T

2 Kings 15 in the THAI

2 Kings 15 in the TNFD

2 Kings 15 in the TNT

2 Kings 15 in the TNTIK

2 Kings 15 in the TNTIL

2 Kings 15 in the TNTIN

2 Kings 15 in the TNTIP

2 Kings 15 in the TNTIZ

2 Kings 15 in the TOMA

2 Kings 15 in the TTENT

2 Kings 15 in the UBG

2 Kings 15 in the UGV

2 Kings 15 in the UGV2

2 Kings 15 in the UGV3

2 Kings 15 in the VBL

2 Kings 15 in the VDCC

2 Kings 15 in the YALU

2 Kings 15 in the YAPE

2 Kings 15 in the YBVTP

2 Kings 15 in the ZBP