2 Kings 19 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ AWURADE asɔredan mu. 2 Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn. 3 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. 4 Nanso, ebia AWURADE, mo Onyankopɔn ate sɛ Asiria ɔnanmusini no regu Onyankopɔn teasefoɔ no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti mommɔ mpaeɛ mma nkaeɛfoɔ a wɔte nkwa mu no.” 5 Na ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia, 6 na Yesaia buaa sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo. 7 Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu, na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ” 8 Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. 9 Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Etiopiahene Tirhaka adi akodɔm anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsane akohyia akodɔm no, ɔtoo saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem. 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’ 11 Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa? 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nananom sɛee wɔn no, aman te sɛ Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn anaa? 13 Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene, kuropɔn Sefarwaim anaa Hena anaa Iwa ahemfo no wɔ?” 14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ AWURADE asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ AWURADE anim. 15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ AWURADE sɛ: “Ao, AWURADE, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 16 Brɛ wʼaso ase, Ao AWURADE, na tie! Bue wʼani, Ao AWURADE, na hwɛ! Tie Sanaherib nsɛm a ɔka de bu Onyankopɔn teasefoɔ no animtiaa. 17 “AWURADE, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛdeɛ nkra no ka no. 18 Na wɔato aman yi anyame agu ogya mu, ahye wɔn. Asiriafoɔ no tumi sɛe wɔn ɛfiri sɛ na wɔnyɛ anyame koraa. Na wɔyɛ nnua ne aboɔ ahoni a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 19 Afei, Ao AWURADE, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne tumi ase, na ɛbɛma ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ wo nko ara, Ao AWURADE, na woyɛ Onyankopɔn.” 20 Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: ‘Mate wo mpaeɛbɔ a ɛfa Asiriahene Sanaherib ho no. 21 Yei ne asɛm a AWURADE aka atia no:“ ‘Ɔbabaabunu Sion sopa wo,na ɔsere wo.Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ,na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane. 22 Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi?Hwan na woama wo nne so atia nona wohwɛɛ no ahantan so?Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! 23 Wonam wʼasomafoɔ soadi AWURADE ho fɛw.Na woaka sɛ,“Mede me nteaseɛnam bebrebe noadi bepɔ tentene pa ara so,aane, Lebanon nkokoɔ a ɛwɔ akyirikyiri no.Matwitwa ntweneduro atentene pa arane ne pepeaa a ɛdi mu no nso agu fam.Maduru ne twetwɛwa so akyirikyirina manantenante ne kwaeɛbirentuo mu. 24 Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree sode ne nsu pa no adwodwo me ho.Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene musɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!” 25 “ ‘Na Monteeɛ?Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ.Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho;afei mama aba mu sɛ,moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔma wɔdane aboɔ asie. 26 Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa noho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn.Wɔte sɛ afuo so nnua,ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ;wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifia owia tumi hye so sɛe no. 27 “ ‘Nanso, menim deɛ woteɛɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔne sɛdeɛ wo bo huru tia me. 28 Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me,na mʼankasa mate no enti,mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu,na mede nnareka ato mo ano,na mama mo afa ɛkwana mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.’ 29 “Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia:“Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie,afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba.Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa.Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no. 30 Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no,mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre. 31 Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so.Asafo AWURADE di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu. 32 “Yei ne asɛm a AWURADE ka fa Asiriahene ho:“Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi muna ɔrento bɛmma wɔ ha.Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyina ɔrensi otua pie ntia no. 33 Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu. AWURADE ka sɛ,ɔrenwura saa kuro yi mu. 34 Esiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti,mɛbɔ ho ban.” 35 Saa anadwo no, AWURADE ɔbɔfoɔ kɔɔ Asiria sraban mu, kɔkumm Asiria akodɔm no mpem ɔha aduɔwɔtwe enum. Asiriafoɔ a wɔkaeɛ no nyanee anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunu gugu mmɔntene so baabiara. 36 Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkuro Ninewe mu. 37 Ɛda koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmammarima Adramelek ne Sareser de wɔn akofena kɔkumm no. Wɔdwane firii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforɔ Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene.

In Other Versions

2 Kings 19 in the ANGEFD

2 Kings 19 in the ANTPNG2D

2 Kings 19 in the AS21

2 Kings 19 in the BAGH

2 Kings 19 in the BBPNG

2 Kings 19 in the BBT1E

2 Kings 19 in the BDS

2 Kings 19 in the BEV

2 Kings 19 in the BHAD

2 Kings 19 in the BIB

2 Kings 19 in the BLPT

2 Kings 19 in the BNT

2 Kings 19 in the BNTABOOT

2 Kings 19 in the BNTLV

2 Kings 19 in the BOATCB2

2 Kings 19 in the BOBCV

2 Kings 19 in the BOCNT

2 Kings 19 in the BOECS

2 Kings 19 in the BOGWICC

2 Kings 19 in the BOHCB

2 Kings 19 in the BOHCV

2 Kings 19 in the BOHLNT

2 Kings 19 in the BOHNTLTAL

2 Kings 19 in the BOICB

2 Kings 19 in the BOILNTAP

2 Kings 19 in the BOITCV

2 Kings 19 in the BOKCV

2 Kings 19 in the BOKCV2

2 Kings 19 in the BOKHWOG

2 Kings 19 in the BOKSSV

2 Kings 19 in the BOLCB

2 Kings 19 in the BOLCB2

2 Kings 19 in the BOMCV

2 Kings 19 in the BONAV

2 Kings 19 in the BONCB

2 Kings 19 in the BONLT

2 Kings 19 in the BONUT2

2 Kings 19 in the BOPLNT

2 Kings 19 in the BOSCB

2 Kings 19 in the BOSNC

2 Kings 19 in the BOTLNT

2 Kings 19 in the BOVCB

2 Kings 19 in the BOYCB

2 Kings 19 in the BPBB

2 Kings 19 in the BPH

2 Kings 19 in the BSB

2 Kings 19 in the CCB

2 Kings 19 in the CUV

2 Kings 19 in the CUVS

2 Kings 19 in the DBT

2 Kings 19 in the DGDNT

2 Kings 19 in the DHNT

2 Kings 19 in the DNT

2 Kings 19 in the ELBE

2 Kings 19 in the EMTV

2 Kings 19 in the ESV

2 Kings 19 in the FBV

2 Kings 19 in the FEB

2 Kings 19 in the GGMNT

2 Kings 19 in the GNT

2 Kings 19 in the HARY

2 Kings 19 in the HNT

2 Kings 19 in the IRVA

2 Kings 19 in the IRVB

2 Kings 19 in the IRVG

2 Kings 19 in the IRVH

2 Kings 19 in the IRVK

2 Kings 19 in the IRVM

2 Kings 19 in the IRVM2

2 Kings 19 in the IRVO

2 Kings 19 in the IRVP

2 Kings 19 in the IRVT

2 Kings 19 in the IRVT2

2 Kings 19 in the IRVU

2 Kings 19 in the ISVN

2 Kings 19 in the JSNT

2 Kings 19 in the KAPI

2 Kings 19 in the KBT1ETNIK

2 Kings 19 in the KBV

2 Kings 19 in the KJV

2 Kings 19 in the KNFD

2 Kings 19 in the LBA

2 Kings 19 in the LBLA

2 Kings 19 in the LNT

2 Kings 19 in the LSV

2 Kings 19 in the MAAL

2 Kings 19 in the MBV

2 Kings 19 in the MBV2

2 Kings 19 in the MHNT

2 Kings 19 in the MKNFD

2 Kings 19 in the MNG

2 Kings 19 in the MNT

2 Kings 19 in the MNT2

2 Kings 19 in the MRS1T

2 Kings 19 in the NAA

2 Kings 19 in the NASB

2 Kings 19 in the NBLA

2 Kings 19 in the NBS

2 Kings 19 in the NBVTP

2 Kings 19 in the NET2

2 Kings 19 in the NIV11

2 Kings 19 in the NNT

2 Kings 19 in the NNT2

2 Kings 19 in the NNT3

2 Kings 19 in the PDDPT

2 Kings 19 in the PFNT

2 Kings 19 in the RMNT

2 Kings 19 in the SBIAS

2 Kings 19 in the SBIBS

2 Kings 19 in the SBIBS2

2 Kings 19 in the SBICS

2 Kings 19 in the SBIDS

2 Kings 19 in the SBIGS

2 Kings 19 in the SBIHS

2 Kings 19 in the SBIIS

2 Kings 19 in the SBIIS2

2 Kings 19 in the SBIIS3

2 Kings 19 in the SBIKS

2 Kings 19 in the SBIKS2

2 Kings 19 in the SBIMS

2 Kings 19 in the SBIOS

2 Kings 19 in the SBIPS

2 Kings 19 in the SBISS

2 Kings 19 in the SBITS

2 Kings 19 in the SBITS2

2 Kings 19 in the SBITS3

2 Kings 19 in the SBITS4

2 Kings 19 in the SBIUS

2 Kings 19 in the SBIVS

2 Kings 19 in the SBT

2 Kings 19 in the SBT1E

2 Kings 19 in the SCHL

2 Kings 19 in the SNT

2 Kings 19 in the SUSU

2 Kings 19 in the SUSU2

2 Kings 19 in the SYNO

2 Kings 19 in the TBIAOTANT

2 Kings 19 in the TBT1E

2 Kings 19 in the TBT1E2

2 Kings 19 in the TFTIP

2 Kings 19 in the TFTU

2 Kings 19 in the TGNTATF3T

2 Kings 19 in the THAI

2 Kings 19 in the TNFD

2 Kings 19 in the TNT

2 Kings 19 in the TNTIK

2 Kings 19 in the TNTIL

2 Kings 19 in the TNTIN

2 Kings 19 in the TNTIP

2 Kings 19 in the TNTIZ

2 Kings 19 in the TOMA

2 Kings 19 in the TTENT

2 Kings 19 in the UBG

2 Kings 19 in the UGV

2 Kings 19 in the UGV2

2 Kings 19 in the UGV3

2 Kings 19 in the VBL

2 Kings 19 in the VDCC

2 Kings 19 in the YALU

2 Kings 19 in the YAPE

2 Kings 19 in the YBVTP

2 Kings 19 in the ZBP