2 Kings 19 (BOATCB2)

1 Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ AWURADE asɔredan mu. 2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn. 3 Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. 4 Nanso ebia AWURADE, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!” 5 Na ɔhene Hesekia mpanyimfo no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia, 6 na Yesaia buae se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea AWURADE se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo. 7 Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ” 8 Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. 9 Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Etiopiahene Tirhaka adi asraafo anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsan akohyia asraafo no, ɔde saa nkra yi maa sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem. 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’ 11 Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana? 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn ana? 13 Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?” 14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ AWURADE asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ AWURADE anim. 15 Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ AWURADE se, “Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 16 Brɛ wʼaso ase, AWURADE, na tie! Bue wʼani, AWURADE, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no. 17 “AWURADE, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no. 18 Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 19 Afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne tumi ase, na ɛbɛma ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ wo nko ara, AWURADE, na woyɛ Onyankopɔn.” 20 Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti, 21 eyi ne asɛm a AWURADE aka atia no:“ ‘Ɔbabeabun Sion sopa wo,na ɔserew wo.Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw,na ɔwosow ne ti bere a woreguan. 22 Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso?Hena na womaa wo nne so tiaa nona wohwɛɛ no ahantan so?Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! 23 Wonam wʼasomafo soadi AWURADE ho fɛw.Na woaka se,“Me nteaseɛnam dodow ntimaforo mmepɔw atenten.Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no.Matwitwa ne sida dua atenten no,ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam.Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so,ne ne kwaeberentuw mu. 24 Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree sode ne nsu pa no adwudwo me ho.Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten musɛnea mʼakofo betumi atwa!” 25 “ ‘Na Montee ɛ?Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ.Bere bi a atwam no na medwenee ho;afei mama aba mu sɛ,moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔho ban. 26 Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa noho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn.Wɔte sɛ afuw so nnua,ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw.Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifia ɛhyew ansa na anyin. 27 “ ‘Nanso minim nea wotebere a woba ne bere a wokɔne sɛnea wo bo huru tia me. 28 Na esiane sɛ wo bo huru tia mena wʼahantan adu mʼasom nti,mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem,na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom,mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no soasan wʼakyi.’ 29 “Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia:“Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii.Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba.Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa,yɛ bobe nturo na di so aba. 30 Bio, nkae bi a ofi Yuda fibegye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro. 31 Na nkae bi befi Yerusalem aba,na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so.Asafo AWURADE pɛ mu na eyi bɛyɛ. 32 “Eyi ne asɛm a AWURADE ka fa Asiriahene ho:“Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi muna ɔrentow bɛmma wɔ ha.Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyina ɔrensi pie ntua nʼano. 33 Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu. AWURADE ka se,ɔrenwura saa kurow yi mu. 34 Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti,mɛbɔ ho ban.” 35 Saa anadwo no, AWURADE bɔfo kɔɔ Asiria nsraban mu, kokum Asiria asraafo no mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Asiriafo a wɔkae no nyan anɔpa no, wohuu sɛ afunu gugu mmɔnten so baabiara. 36 Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkurow Ninewe mu. 37 Da koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmabarima Adramelek ne Sareser de wɔn afoa kokum no. Woguan fii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforo Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.

In Other Versions

2 Kings 19 in the ANGEFD

2 Kings 19 in the ANTPNG2D

2 Kings 19 in the AS21

2 Kings 19 in the BAGH

2 Kings 19 in the BBPNG

2 Kings 19 in the BBT1E

2 Kings 19 in the BDS

2 Kings 19 in the BEV

2 Kings 19 in the BHAD

2 Kings 19 in the BIB

2 Kings 19 in the BLPT

2 Kings 19 in the BNT

2 Kings 19 in the BNTABOOT

2 Kings 19 in the BNTLV

2 Kings 19 in the BOATCB

2 Kings 19 in the BOBCV

2 Kings 19 in the BOCNT

2 Kings 19 in the BOECS

2 Kings 19 in the BOGWICC

2 Kings 19 in the BOHCB

2 Kings 19 in the BOHCV

2 Kings 19 in the BOHLNT

2 Kings 19 in the BOHNTLTAL

2 Kings 19 in the BOICB

2 Kings 19 in the BOILNTAP

2 Kings 19 in the BOITCV

2 Kings 19 in the BOKCV

2 Kings 19 in the BOKCV2

2 Kings 19 in the BOKHWOG

2 Kings 19 in the BOKSSV

2 Kings 19 in the BOLCB

2 Kings 19 in the BOLCB2

2 Kings 19 in the BOMCV

2 Kings 19 in the BONAV

2 Kings 19 in the BONCB

2 Kings 19 in the BONLT

2 Kings 19 in the BONUT2

2 Kings 19 in the BOPLNT

2 Kings 19 in the BOSCB

2 Kings 19 in the BOSNC

2 Kings 19 in the BOTLNT

2 Kings 19 in the BOVCB

2 Kings 19 in the BOYCB

2 Kings 19 in the BPBB

2 Kings 19 in the BPH

2 Kings 19 in the BSB

2 Kings 19 in the CCB

2 Kings 19 in the CUV

2 Kings 19 in the CUVS

2 Kings 19 in the DBT

2 Kings 19 in the DGDNT

2 Kings 19 in the DHNT

2 Kings 19 in the DNT

2 Kings 19 in the ELBE

2 Kings 19 in the EMTV

2 Kings 19 in the ESV

2 Kings 19 in the FBV

2 Kings 19 in the FEB

2 Kings 19 in the GGMNT

2 Kings 19 in the GNT

2 Kings 19 in the HARY

2 Kings 19 in the HNT

2 Kings 19 in the IRVA

2 Kings 19 in the IRVB

2 Kings 19 in the IRVG

2 Kings 19 in the IRVH

2 Kings 19 in the IRVK

2 Kings 19 in the IRVM

2 Kings 19 in the IRVM2

2 Kings 19 in the IRVO

2 Kings 19 in the IRVP

2 Kings 19 in the IRVT

2 Kings 19 in the IRVT2

2 Kings 19 in the IRVU

2 Kings 19 in the ISVN

2 Kings 19 in the JSNT

2 Kings 19 in the KAPI

2 Kings 19 in the KBT1ETNIK

2 Kings 19 in the KBV

2 Kings 19 in the KJV

2 Kings 19 in the KNFD

2 Kings 19 in the LBA

2 Kings 19 in the LBLA

2 Kings 19 in the LNT

2 Kings 19 in the LSV

2 Kings 19 in the MAAL

2 Kings 19 in the MBV

2 Kings 19 in the MBV2

2 Kings 19 in the MHNT

2 Kings 19 in the MKNFD

2 Kings 19 in the MNG

2 Kings 19 in the MNT

2 Kings 19 in the MNT2

2 Kings 19 in the MRS1T

2 Kings 19 in the NAA

2 Kings 19 in the NASB

2 Kings 19 in the NBLA

2 Kings 19 in the NBS

2 Kings 19 in the NBVTP

2 Kings 19 in the NET2

2 Kings 19 in the NIV11

2 Kings 19 in the NNT

2 Kings 19 in the NNT2

2 Kings 19 in the NNT3

2 Kings 19 in the PDDPT

2 Kings 19 in the PFNT

2 Kings 19 in the RMNT

2 Kings 19 in the SBIAS

2 Kings 19 in the SBIBS

2 Kings 19 in the SBIBS2

2 Kings 19 in the SBICS

2 Kings 19 in the SBIDS

2 Kings 19 in the SBIGS

2 Kings 19 in the SBIHS

2 Kings 19 in the SBIIS

2 Kings 19 in the SBIIS2

2 Kings 19 in the SBIIS3

2 Kings 19 in the SBIKS

2 Kings 19 in the SBIKS2

2 Kings 19 in the SBIMS

2 Kings 19 in the SBIOS

2 Kings 19 in the SBIPS

2 Kings 19 in the SBISS

2 Kings 19 in the SBITS

2 Kings 19 in the SBITS2

2 Kings 19 in the SBITS3

2 Kings 19 in the SBITS4

2 Kings 19 in the SBIUS

2 Kings 19 in the SBIVS

2 Kings 19 in the SBT

2 Kings 19 in the SBT1E

2 Kings 19 in the SCHL

2 Kings 19 in the SNT

2 Kings 19 in the SUSU

2 Kings 19 in the SUSU2

2 Kings 19 in the SYNO

2 Kings 19 in the TBIAOTANT

2 Kings 19 in the TBT1E

2 Kings 19 in the TBT1E2

2 Kings 19 in the TFTIP

2 Kings 19 in the TFTU

2 Kings 19 in the TGNTATF3T

2 Kings 19 in the THAI

2 Kings 19 in the TNFD

2 Kings 19 in the TNT

2 Kings 19 in the TNTIK

2 Kings 19 in the TNTIL

2 Kings 19 in the TNTIN

2 Kings 19 in the TNTIP

2 Kings 19 in the TNTIZ

2 Kings 19 in the TOMA

2 Kings 19 in the TTENT

2 Kings 19 in the UBG

2 Kings 19 in the UGV

2 Kings 19 in the UGV2

2 Kings 19 in the UGV3

2 Kings 19 in the VBL

2 Kings 19 in the VDCC

2 Kings 19 in the YALU

2 Kings 19 in the YAPE

2 Kings 19 in the YBVTP

2 Kings 19 in the ZBP