2 Samuel 10 (BOATCB)

1 Akyire no, Amonhene Nahas wuiɛ. Ne babarima Hanun na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 2 Dawid kaa sɛ, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ nʼagya yɛɛ me adɔeɛ no.” Nʼagya wuo enti, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden.Ɛberɛ a Dawid abɔfoɔ baa Amonfoɔ asase so no, 3 Amonfoɔ atitire no kɔbisaa wɔn wura Hanun sɛ, “Wogye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfoɔ baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ anidie ampa ara anaa? Wonnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabɛtu agu?” 4 Ɛno enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, yii obiara abɔgyesɛ fa, twitwaa wɔn ntadeɛ to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wɔgyaa wɔn ɛkwan, maa wɔde animguaseɛ kɔeɛ. 5 Ɛberɛ a wɔbɔɔ Dawid amaneɛ no, ɔtuu abɔfoɔ ma wɔkɔhyiaa mmarima no, ɛfiri sɛ, wɔguu wɔn anim ase yie. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena Yeriko kɔsi sɛ mo abɔgyesɛ bɛfu ansa na moasane aba.” 6 Ɛberɛ a Amonfoɔ hunuu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuo no, wɔkɔbɔɔ Aramfoɔ asraafoɔ ɔpeduonu paa firii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem firii ne nkyɛn, na Tob nso wɔnyaa mmarima mpem dumienu. 7 Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko. 8 Amonfoɔ no gyinaa wɔn kuro no ɛpono ano. Saa ɛberɛ no na Aramfoɔ a wɔfiri Soba ne Rehob ne mmarima a wɔfiri Tob ne Maaka no wɔ mfikyire baabiara retwɛn ɔtamfoɔ no. 9 Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɔbɛko akofanu no, ɔyii akodɔm a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfoɔ no wɔ mfikyire hɔ. 10 Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so. 11 Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfoɔ no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo. 12 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. AWURADE pɛ nyɛ hɔ.” 13 Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ no so no, wɔhyɛɛ aseɛ dwaneeɛ. 14 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firii Abisai ho kɔhyɛɛ kuro no mu. Ɔko no guiɛ no, Yoab sane kɔɔ Yerusalem. 15 Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ. Enti, wɔboaa wɔn ho ano bio no. 16 Aram akodɔm foforɔ bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn firii Asubɔnten Eufrate fa nohoa baeɛ. Saa akodɔm yi bɛduruu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a ɔtua Hadadeser akodɔm nyinaa ano nso. 17 Ɛberɛ a Dawid tee deɛ ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii akodɔm no anim, kɔduruu Helam. Ɛhɔ na Aramfoɔ no fifirii wɔn mpasua so to hyɛɛ Dawid so. 18 Nanso, bio, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ ahanson ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho. 19 Hadadeser ne nʼadɔmfoɔ Aramfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfoɔ nkoa.Ɛno akyi, Aramfoɔ suroo sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ.

In Other Versions

2 Samuel 10 in the ANGEFD

2 Samuel 10 in the ANTPNG2D

2 Samuel 10 in the AS21

2 Samuel 10 in the BAGH

2 Samuel 10 in the BBPNG

2 Samuel 10 in the BBT1E

2 Samuel 10 in the BDS

2 Samuel 10 in the BEV

2 Samuel 10 in the BHAD

2 Samuel 10 in the BIB

2 Samuel 10 in the BLPT

2 Samuel 10 in the BNT

2 Samuel 10 in the BNTABOOT

2 Samuel 10 in the BNTLV

2 Samuel 10 in the BOATCB2

2 Samuel 10 in the BOBCV

2 Samuel 10 in the BOCNT

2 Samuel 10 in the BOECS

2 Samuel 10 in the BOGWICC

2 Samuel 10 in the BOHCB

2 Samuel 10 in the BOHCV

2 Samuel 10 in the BOHLNT

2 Samuel 10 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 10 in the BOICB

2 Samuel 10 in the BOILNTAP

2 Samuel 10 in the BOITCV

2 Samuel 10 in the BOKCV

2 Samuel 10 in the BOKCV2

2 Samuel 10 in the BOKHWOG

2 Samuel 10 in the BOKSSV

2 Samuel 10 in the BOLCB

2 Samuel 10 in the BOLCB2

2 Samuel 10 in the BOMCV

2 Samuel 10 in the BONAV

2 Samuel 10 in the BONCB

2 Samuel 10 in the BONLT

2 Samuel 10 in the BONUT2

2 Samuel 10 in the BOPLNT

2 Samuel 10 in the BOSCB

2 Samuel 10 in the BOSNC

2 Samuel 10 in the BOTLNT

2 Samuel 10 in the BOVCB

2 Samuel 10 in the BOYCB

2 Samuel 10 in the BPBB

2 Samuel 10 in the BPH

2 Samuel 10 in the BSB

2 Samuel 10 in the CCB

2 Samuel 10 in the CUV

2 Samuel 10 in the CUVS

2 Samuel 10 in the DBT

2 Samuel 10 in the DGDNT

2 Samuel 10 in the DHNT

2 Samuel 10 in the DNT

2 Samuel 10 in the ELBE

2 Samuel 10 in the EMTV

2 Samuel 10 in the ESV

2 Samuel 10 in the FBV

2 Samuel 10 in the FEB

2 Samuel 10 in the GGMNT

2 Samuel 10 in the GNT

2 Samuel 10 in the HARY

2 Samuel 10 in the HNT

2 Samuel 10 in the IRVA

2 Samuel 10 in the IRVB

2 Samuel 10 in the IRVG

2 Samuel 10 in the IRVH

2 Samuel 10 in the IRVK

2 Samuel 10 in the IRVM

2 Samuel 10 in the IRVM2

2 Samuel 10 in the IRVO

2 Samuel 10 in the IRVP

2 Samuel 10 in the IRVT

2 Samuel 10 in the IRVT2

2 Samuel 10 in the IRVU

2 Samuel 10 in the ISVN

2 Samuel 10 in the JSNT

2 Samuel 10 in the KAPI

2 Samuel 10 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 10 in the KBV

2 Samuel 10 in the KJV

2 Samuel 10 in the KNFD

2 Samuel 10 in the LBA

2 Samuel 10 in the LBLA

2 Samuel 10 in the LNT

2 Samuel 10 in the LSV

2 Samuel 10 in the MAAL

2 Samuel 10 in the MBV

2 Samuel 10 in the MBV2

2 Samuel 10 in the MHNT

2 Samuel 10 in the MKNFD

2 Samuel 10 in the MNG

2 Samuel 10 in the MNT

2 Samuel 10 in the MNT2

2 Samuel 10 in the MRS1T

2 Samuel 10 in the NAA

2 Samuel 10 in the NASB

2 Samuel 10 in the NBLA

2 Samuel 10 in the NBS

2 Samuel 10 in the NBVTP

2 Samuel 10 in the NET2

2 Samuel 10 in the NIV11

2 Samuel 10 in the NNT

2 Samuel 10 in the NNT2

2 Samuel 10 in the NNT3

2 Samuel 10 in the PDDPT

2 Samuel 10 in the PFNT

2 Samuel 10 in the RMNT

2 Samuel 10 in the SBIAS

2 Samuel 10 in the SBIBS

2 Samuel 10 in the SBIBS2

2 Samuel 10 in the SBICS

2 Samuel 10 in the SBIDS

2 Samuel 10 in the SBIGS

2 Samuel 10 in the SBIHS

2 Samuel 10 in the SBIIS

2 Samuel 10 in the SBIIS2

2 Samuel 10 in the SBIIS3

2 Samuel 10 in the SBIKS

2 Samuel 10 in the SBIKS2

2 Samuel 10 in the SBIMS

2 Samuel 10 in the SBIOS

2 Samuel 10 in the SBIPS

2 Samuel 10 in the SBISS

2 Samuel 10 in the SBITS

2 Samuel 10 in the SBITS2

2 Samuel 10 in the SBITS3

2 Samuel 10 in the SBITS4

2 Samuel 10 in the SBIUS

2 Samuel 10 in the SBIVS

2 Samuel 10 in the SBT

2 Samuel 10 in the SBT1E

2 Samuel 10 in the SCHL

2 Samuel 10 in the SNT

2 Samuel 10 in the SUSU

2 Samuel 10 in the SUSU2

2 Samuel 10 in the SYNO

2 Samuel 10 in the TBIAOTANT

2 Samuel 10 in the TBT1E

2 Samuel 10 in the TBT1E2

2 Samuel 10 in the TFTIP

2 Samuel 10 in the TFTU

2 Samuel 10 in the TGNTATF3T

2 Samuel 10 in the THAI

2 Samuel 10 in the TNFD

2 Samuel 10 in the TNT

2 Samuel 10 in the TNTIK

2 Samuel 10 in the TNTIL

2 Samuel 10 in the TNTIN

2 Samuel 10 in the TNTIP

2 Samuel 10 in the TNTIZ

2 Samuel 10 in the TOMA

2 Samuel 10 in the TTENT

2 Samuel 10 in the UBG

2 Samuel 10 in the UGV

2 Samuel 10 in the UGV2

2 Samuel 10 in the UGV3

2 Samuel 10 in the VBL

2 Samuel 10 in the VDCC

2 Samuel 10 in the YALU

2 Samuel 10 in the YAPE

2 Samuel 10 in the YBVTP

2 Samuel 10 in the ZBP